Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛbɛma Woanya Anigye

Nea Ɛbɛma Woanya Anigye

Nea Ɛbɛma Woanya Anigye

NNIPA nyinaa wɔ hokwan sɛ “wɔhwehwɛ Anigye.” Ná eyi ne adwene a wɔn a wɔhyehyɛɛ Ahofadi Mpaemuka wɔ United States of America no kura. Ɛsono sɛ wode botae bi besi w’ani so, ɛnna ɛsono sɛ wubedu ho. Ɛwom sɛ mmerante ne mmabaa pii de anigyede ne agodi asi wɔn ani so de, nanso wɔn mu baahe na wɔn nsa aka nea wɔrehwehwɛ no? Odwontofo bi a wagye din na onim sɛnea obi brɛ ansa na wahu dwonto no kae sɛ: “Ebetumi aba sɛ wo nsa renka nea worehwehwɛ no da.”

Sɛ ɛyɛ wo sɛ woahwehwɛ anigye nanso wo nsa nka a, ka wo koma to wo yam. Sɛ wofa ɔkwampa so hwehwɛ anigye a, wo nsa bɛka. Dɛn nti na ɛte saa? Asɛm a edi eyi anim no kaa Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11) Onyankopɔn de akwankyerɛ a ɛbɛma yɛn ani agye na ɛrenni yɛn huammɔ da ama wɔ Bible no mu. Yehowa betumi aboa wo ma woadi nneɛma a ɛde awerɛhow ba no so. Sɛ nhwɛso no, susuw awerɛkyekye a Yehowa de ma bere a wo dɔfo bi awu no ho hwɛ.

Bere a Wo Dɔfo Bi Awu

So yebetumi aka owu ho asɛmpa bi? Owu tetew awofo ne wɔn mma ntam. Ɛtetew nnamfo ntam, na ɛma ehu ka ɔman mũ nyinaa. Sɛ owu si abusua a anigye wom mu a, etumi ma awerɛhow bunkam wɔn so.

Ɛda adi pefee sɛ owu nyɛ ade pa. Nanso nnipa binom nnye saa nokwasɛm yi ntom, na wɔka sɛ owu yɛ mfaso. Susuw nea esii bere a Mframa Gyampantrudu a wɔtoo din Katrina bɔe wɔ Mexico Mpoano wɔ August 2005 mu no ho hwɛ. Bere a wɔreyɛ awufo som ama wɔn a wowuwui no mu baako no, ɔsɔfo no kae sɛ: “Ɛnyɛ Katrina na ekum no. Ɛyɛ Onyankopɔn na afrɛ no.” Bere foforo nso, ayaresabea dwumayɛni bi ka kyerɛɛ abeawa bi a na ɔrekyekye ne werɛ sɛ, onyae su, na Onyankopɔn afa ne maame kɔ soro. Abeawa no buaa no sɛ: “Adɛn nti na wafa me maame kɔ?”

Ɛda adi pefee sɛ, mpɛn pii no awufo ho atosɛm a ɛte saa ntumi nkyekye wɔn a wɔn biribi awu no werɛ. Dɛn ntia? Efisɛ nsusuwii a ɛte saa no ne nokwasɛm a ɛfa owu ho no nhyia. Nea enye koraa ne sɛ wɔma Onyankopɔn yɛ sɛ obi a ne tirim yɛ den a ɔtetew adɔfo, abusuafo ne nnamfo ntam. Enti sɛ obi wu a, sɛ anka wɔbɛka Onyankopɔn ho asɛm a ɛbɛkyekye ɔmanfo werɛ no, wɔma ɔyɛ sɛ owudifo mmom. Nanso Onyankopɔn Asɛm ma yehu owu ho nokwasɛm.

Bible frɛ owu ɔtamfo. Ɛde owu toto ɔhene bi a wadi adesamma so ho. (Romafo 5:17; 1 Korintofo 15:26) Owu yɛ ɔtamfo a onipa biara ntumi nnyina ne tumi ano, na afa yɛn adɔfo pii kɔ dedaw. Bible mu nokwasɛm yi ma yehu nea enti a sɛ obi wu a yɛbɔ abubuw na yɛyɛ yɛn ho hwee a ɛnyɛ yiye no. Esi so dua sɛ sɛnea yɛte nka no fata. Nanso, so Onyankopɔn nam owu a ɔyɛ ɔtamfo no so fa yɛn adɔfo kɔ soro? Yɛmma Bible no mmua asɛmmisa yi.

Ɔsɛnkafo 9:5, 10 ka sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara . . . Na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.” Dɛn ne asaman? Ɛyɛ adesamma nyinaa adamoa, baabi a sɛ obi wu a wɔde no kɔto. Awufo ntumi nyɛ hwee, wɔnkeka wɔn ho, wonni atenka, na wontumi nsusuw biribiara ho wɔ ɔdamoa mu. Wɔn tebea no te sɛ nea wɔada hatee. * Enti Bible kyerɛkyerɛ mu pefee sɛ, Onyankopɔn mfa yɛn adɔfo a wɔawuwu no nkɔ ne nkyɛn wɔ soro. Sɛ nnipa wu a, wɔkɔda adamoa mu dinn a wɔnte nea ɛrekɔ so biara.

Yesu foaa nokwasɛm yi so bere a n’adamfo Lasaro wui no. Yesu de owu totoo nna ho. Sɛ na Lasaro kɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no nkyɛn wɔ soro a, anka asase so a Yesu bɛsan de no aba no renkyerɛ ayamye. Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ, bere a Yesu duu amusiei hɔ no, ɔteɛɛm sɛ: “Lasaro, fi bra!” Bible no toa so sɛ: “Ɔbarima a wawu no pue bae.” Lasaro san fii n’abrabɔ ase. Ná Yesu nim sɛ Lasaro da so ara wɔ asase so, wɔ ɔboda no mu a wawu.—Yohane 11:11-14, 34, 38-44.

Asɛm yi a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no boa yɛn ma yɛte ase sɛ owu nyɛ ɔkwan a Onyankopɔn nam so fa nnipa kɔ soro. Ne saa nti yebetumi abɛn Nyankopɔn efisɛ yenim sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔhyɛɛ yɛn awerɛhow. Yebetumi anya ne mu ahotoso koraa sɛ ɔte awerɛhow a yedi ne nea owu de ayɛ yɛn no ase. Tebea a awufo wom ho nokwasɛm a Bible no ka no da no adi sɛ wɔnyɛ awufo ayayade wɔ hellgya anaa ahodwiragya mu, na mmom awufo deda adamoa mu a wonni atenka biara. Enti sɛ yɛkae yɛn adɔfo a wɔawuwu no a, ɛnsɛ sɛ ɛma yɛn bo fuw Onyankopɔn anaasɛ yɛma tebea a wɔwom no hunahuna yɛn. Bio nso, Yehowa ma yɛn awerɛkyekyesɛm pii wɔ Bible no mu.

Anidaso ma Yenya Anigye

Kyerɛw nsɛm a yɛasusuw ho no twe adwene si anidaso, ade a ehia na ama yɛanya anigye ankasa no so. Nea asɛmfua a wɔkyerɛ ase “anidaso” wɔ Bible mu no kyerɛ ankasa ne sɛ yɛde ahotoso bɛhwɛ biribi pa kwan. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu sɛnea anidaso ma yenya anigye no, momma yɛnsan nsusuw nyan a Yesu nyanee Lasaro no ho nhwɛ.

Anyɛ yiye koraa no, nneɛma abien bi nti na Yesu yɛɛ saa anwonwade no. Biako ne sɛ na ɔde bɛkyekye Marta, Maria ne nnamfo a wɔredi awerɛhow no werɛ. Ná wobetumi ne wɔn dɔfo yi abɔ bio. Nanso Yesu kaa ade a ehia a ɛto so abien a ɛma onyanee Lasaro no ho asɛm kyerɛɛ Marta sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Nyankopɔn anuonyam?” (Yohane 11:40) The New Testament in Modern English, a J. B. Phillips yɛe no kyerɛ kasasin a etwa to no ase sɛ: “Nyankopɔn anwonwade.” Lasaro a Yesu nyanee no no ma yehu nea Yehowa Nyankopɔn betumi ayɛ ne nea ɔbɛyɛ daakye. Nsɛm a edidi so yi ka “Nyankopɔn anwonwade” ho nsɛm pii.

Yesu kae wɔ Yohane 5:28, 29 sɛ: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.” Eyi kyerɛ sɛ awufo a wɔwɔ asaman, a yɛn adɔfo a wɔawuwu nso ka ho no nyinaa bɛsan aba nkwa mu. Asomafo Nnwuma 24:15 ma yehu anwonwade yi ho nsɛm pii bere a ɛka sɛ: “Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi owu mu.” Enti “wɔn a wɔnteɛ”—nnipa pii a na wonnim Yehowa na wɔansom no—no mpo betumi anya hokwan bio de ahwehwɛ Onyankopɔn anim dom.

Ɛhe na wobenyan awufo no? Dwom 37:29 ka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” Susuw nea ɛkyerɛ no ho hwɛ! Mmusua ne nnamfo a owu atetew wɔn ntam no bɛsan ahyiam wɔ asase yi so. Sɛ wususuw anigye a wo ne w’ayɔnkofo a na wo ne wɔn bɔ kan no benya no ho a, na ɛfata sɛ anigye hyɛ wo koma ma.

Yehowa Pɛ sɛ W’ani Gye

Yɛasusuw akwan abien a Yehowa nam so betumi ama w’ani agye ɛmfa ho ɔhaw a wuhyia no ho. Nea edi kan no, ɔnam Bible no so ma yenya nimdeɛ ne akwankyerɛ a yɛde begyina nsɛnnennen ano. Owu ho awerɛhodi a Bible no boa yɛn ma yegyina ano no da nkyɛn a, ɛsan boa yɛn ma yegyina sikasɛm ne akwahosan ho nsɛnnennen ano. Ebetumi ahyɛ yɛn den ma yɛagyina ntɛnkyea ne amammui mu basabasayɛ ano. Na sɛ wode emu akwankyerɛ bɔ wo bra a, ebetumi ama woadi wo nsɛnnennen afoforo ho dwuma.

Nea ɛto so abien no, sɛ wusua Bible no a, wubenya anidaso a ɛsom bo sen biribiara a onipa betumi de ama wo. Yɛn nnamfonom ne yɛn abusuafo a wobenyan wɔn afi awufo mu no ka anidaso a Bible no ka ho asɛm no ho. Adiyisɛm 21:3, 4 de bi ka ho sɛ: “Onyankopɔn ankasa ne [adesamma] bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.” Eyi kyerɛ sɛ, ɛrenkyɛ, ade biara a ɛma wudi awerɛhow no befi hɔ koraa. Bible bɔhyɛ ahorow bɛba mu, na sɛ ɛba mu a, wubenya so mfaso. Nim a yenim sɛ mmere pa bi da yɛn anim no ma yɛn abotɔyam. Hu a wubehu sɛ owu akyi no w’amanehunu to betwa no ma w’ani gye.

Ɛho nhwɛso ni: Mfe pii a atwam ni no, kokoram kum Maria kunu yayaayaw. Ne kunu no wu akyi no, ankyɛ na ohia kaa no ma ɔne ne mmabea baasa tu fii wɔn abusua fie. Mfe abien akyi no, Maria hui sɛ ɔno nso anya kokoram yare no bi. Wɔayɛ no oprehyɛn akɛse abien na ɔte yaw a emu yɛ den da biara da. Nsɛnnennen yi nyinaa akyi no, nneɛma ho adwempa a ɔwɔ no hyɛ ne gyidi den ma ɔka nkuranhyɛsɛm kyerɛ afoforo. Dɛn na ɛma n’ani gye bere nyinaa?

Maria ka sɛ: “Sɛ biribi haw me a, mebɔ mmɔden sɛ mennwennwen ho pii. Mimmisa nsɛm bi te sɛ: ‘Dɛn nti na eyi ato me? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mihu amane sɛɛ? Ɛyɛɛ dɛn na yare yi bɔɔ me?’ Nneɛma ho adwene a ɛmfata bu nnipa abam. Mmom nea meyɛ ne sɛ me de m’ahoɔden som Yehowa na mede boa afoforo. Eyi ma m’ani gye.”

Ɔkwan bɛn so na anidaso a Maria wɔ no boa no wɔ n’asetram? Ɔde n’ani ato bere a Yehowa beyi ɔyare ne ɔhaw ahorow a ɛda adesamma so afi hɔ no so. Sɛ ɔkɔ ayaresabea a, ɔka anidaso a ɔwɔ no ho asɛm kyerɛ ayarefo a wɔyare kokoram a ebia wonni anidaso biara no. Mfaso bɛn na Maria anya afi anidaso a ɔwɔ no so? Ɔka sɛ: “Metaa susuw asɛm a Bible ka wɔ Hebrifo 6:19, baabi a Paulo kaa anidaso ho asɛm sɛ ɔkra sɛkyɛ no ho. Sɛ wunni anidaso a, ɔhaw biara a ɛte sɛ ahum betumi atwe wo akɔ. Nanso sɛ wowɔ anidaso a, ɛmfa ho ɔhaw a wuhyia biara no, wubetumi agyina.” Daa nkwa ho “anidaso a Onyankopɔn a ontumi nni atoro no ahyɛ ho bɔ” no na ɛma Maria nya anigye. Anidaso a ɛte saa no betumi ama wo nso woanya anigye.—Tito 1:2.

Sɛ wusua Bible no a, ɛmfa ho ɔhaw biara a wuhyia no, wubetumi anya anigye. Nanso ebia eyi bɛkyere w’adwene. Sɛ wopɛ sɛ wunya anigye ankasa a, Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔde Bible no bɛboa wo ma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ. Bere a worehwɛ anidaso a Yehowa de ma kwan no, wubetumi aka nnipa a wɔka wɔn ho asɛm saa kwan yi so no ho: “Ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.”—Yesaia 35:10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Encyclopædia Britannica a wɔyɛɛ no afe 2003 no ka asaman ho asɛm sɛ “beae a yawdi anaa anigye, asotwe ne akatua biara nni.”

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Bible mu nokware nkutoo na ebetumi ayi awerɛhow afi hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Owusɔre ho anidaso a Bible de ma no betumi ama woanya anigye