Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa Ahorow a Wɔwɔ Uganda Renya Nkɔso

Nnipa Ahorow a Wɔwɔ Uganda Renya Nkɔso

Nnipa Ahorow a Wɔwɔ Uganda Renya Nkɔso

UGANDA da mmepɔw akɛse abien ntam (Great Rift Valley) wɔ Afrika Apuei fam. Ɔman fɛfɛ yi san da asase mfinimfini pɛɛ. Ɔman no fã bi da mmepɔw so, na ne fã bi nso da mmepɔw ase. Ɛwɔ asasebere, na mmoa ahorow nyinaa bi wɔ hɔ. Esiane sɛ ɔman no da Afrika nkoko atenten no so nti, ɛhɔ wim tebea ye. Nkoko a ɛtoatoam akwansin pii no yɛ fɛ yiye.

Uganda ka aman kakraa bi a nsukyenee wɔ fã bi, na ne fã bi nso yɛ hyew a osu taa tɔ wɔ hɔ no ho. Ɔman no trɛw fi Mmepɔw atenten a nsukyenee wɔ atifi no so kosi mmepɔw a ɛtoatoam wɔ atɔe fam no so, na ɛkɔfa beae a nsu ntaa ntɔ wɔ hɔ wɔ apuei fam no. Mmoa a wubetumi ahu wɔ Uganda asasetaw so no bi ne asono, ɛkoɔ ne agyata. Kontromfi ahorow ne ntakraboa ahorow bɛboro 1,000 wɔ mmepɔw ne kwaebirentuw no mu. Ɔpɛ si Afrika aman pii so ma wodi aduankɔm, nanso Uganda wɔ nsubɔnten ne atare bi te sɛ Victoria, a ɛne ɔtare a ɛto so abien a ɛsõ sen biara wɔ wiase. Ɔtare Victoria tene kogu Nil Asubɔnten mu wɔ atifi fam. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Britain kan mampanyin Winston Churchill kaa Uganda ho asɛm sɛ ‘Afrika man a ɛyɛ fɛ’ no!

Ɔman’ no Da So Ara Yɛ Fɛ

Ade a ɛyɛ fɛ paa wɔ Uganda ne emu nnipa no—wogu ahorow, wɔn anim tew, na wɔpɛ ahɔhoyɛ. Mmusua ne amammerɛ ahorow pii na adi afra wɔ ɔman a emu nnipa dodow no ara kyerɛ sɛ wɔyɛ “Kristofo” yi mu. Ɛnnɛ, esiane wɔn amammerɛ ne wɔn ahosiesie nti, ɛnyɛ den sɛ wubehu abusua a obi fi mu.

Nnansa yi, Ugandafo dodow no ara retie Bible mu asɛmpa a ɛne sɛ bere bi bɛba a asomdwoe a enni awiei bɛba wiase nyinaa no. (Dwom 37:11; Adiyisɛm 21:4) Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ nnipa nyinaa a wɔte ɔman a ne kɛse bɛyɛ sɛ Britain mu no.

Efi bere a wɔbɔɔ ɔman yi muni a odi kan asu wɔ Ɔtare Victoria mu wɔ afe 1955 mu sɛ Yehowa Danseni a wahyira ne ho so no, “nea osua koraa no” bɛyɛɛ apem wɔ afe 1992 mu. Efi saa bere no, nkɔso ba ara na ɛreba. Eyi ne Onyankopɔn awerɛkyekyesɛm yi hyia: “Me, [Yehowa, NW] mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.”—Yesaia 60:22.

Kasa Ho Nsɛnnennen a Wodi So

Borɔfo ne kasa titiriw a wɔka wɔ ɔman no mu, titiriw wɔ nhomasua mu. Nanso Ugandafo dodow no ara ka wɔn kurom kasa. Enti sɛ Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo a, wosusuw kasa a nnipa dodow no ara ka no nso ho. Eyi ho abehia efisɛ nnipa ɔpepem 25 a wɔwɔ ɔman no mu no ɔha biara mu nkyem 80 te nkuraase anaa nkurow nketewa mu, faako a wɔtaa de wɔn kurom kasa na edi nkitaho no. Egye mmɔdenbɔ kɛse na wɔatumi de asɛm no akɔ nnipa a wɔka kasa horow yi nkyɛn na ama wɔn nsa aka wɔn honhom fam ahiade.

Ne nyinaa akyi no, Yehowa Adansefo abɔ mmɔden sɛ wobedi nkurɔfo yi ahiade ho dwuma denam wɔn kasa a wɔde di wɔn adanse ne Bible ho nhoma horow a wɔyɛ wɔ wɔn kasa mu ma wɔn no so. Wɔkyerɛ nhoma horow ase kɔ kasa horow anan te sɛ, Acholi, Lhukonzo, Luganda, ne Runyankore mu wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ kuropɔn Kampala mu no. Bio nso, nnipa a wɔkɔ Kristofo nhyiam akɛse a Yehowa Adansefo yɛ wɔ kasa horow mu wɔ ɔman no nyinaa mu no dodow boro Adansefo a wɔwɔ hɔ no so mmɔho abien. Eyi kyerɛ pefee sɛ, mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ nnipa a wɔka kasa horow no na ama wɔrenya Onyankopɔn som mu nkɔso no. Nanso ɛnyɛ ne nyinaa ni.

Akwampaefo Di Adwuma no Anim

Afe biara, asafo ahorow no fi wɔn pɛ mu boa ma wɔde asram abiɛsa yɛ ɔsatu kɔka asɛm no wɔ nsasesin a atew ne ho mu. (Asomafo Nnwuma 16:9) Mmerante ne mmabaa a wɔyɛ akwampaefo anaa bere nyinaa asɛmpakafo dodow no ara di adwuma yi anim. Wotu kwan kɔ mmeae a atew ne ho a ɛtɔ mmere bi a ɛhɔfo ntee asɛmpa no da, kɔka asɛm no kyerɛ wɔn.

Wɔsomaa Adansefo baanu a wɔde wɔn bere nyinaa ka asɛm no kɔɔ Bushenyi, kurow ketewa bi a ɛwɔ Uganda atɔe fam ma wɔkɔkaa asɛm no wɔ hɔ asram abiɛsa. Wɔkɔkaa Ɔdansefo baako pɛ a na ɔwɔ hɔ no ho ma wɔkaa asɛm no san yɛɛ Kristofo nhyiam ahorow. Ɔsram biako pɛ mu no, asɛmpakafo baanu yi ne nnipa 40 suaa Bible no, na wɔn mu 17 fii ase baa Yehowa Adansefo nhyiam ahorow ase. Akwampaefo no ka sɛ: “Wɔn a yɛde Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? * nhomawa no maa wɔn no mu bi baa yɛn fie akyiri yi de nhomawa no mu nsɛmmisa ho mmuae a wɔakyerɛw no bɛkyerɛɛ yɛn. Ná wɔpɛ sɛ wohu sɛ wɔn mmuae no ye anaa.” Ɛnnɛ asafo biako wɔ saa kurow no mu a wɔwɔ wɔn ankasa Ahenni Asa.

Akwampaefo baanu bi tuu kwan kɔkaa asɛm no wɔ faako a ɛhɔfo no ntee asɛm no da wɔ Uganda atɔe fam. Wɔkyerɛwee sɛ: “Bible mu nokware ho sukɔm de nkurɔfo paa. Asram abiɛsa a yɛadi wɔ ha no, yɛatumi ne nnipa 86 asua Bible no.” Ankyɛ koraa na wɔhyehyɛɛ Adansefo kuw bi wɔ hɔ.

Afoforo Nso a Wɔyɛ Nsi Wɔ Asɛnka Adwuma no Mu

Akwampaefo binom a wɔyɛ nsi de mfe pii asom. Ansa na Patrick rebɛyɛ Yehowa Dansefo no, na ɔhyɛn abɛn wɔ Uganda sodifo, Idi Amin asraafo dwonto kuw no mu. Patrick bɔɔ asu wɔ afe 1983 mu no, asram asia akyi na ɔbɛyɛɛ bere nyinaa sɛnkafo. Seesei ɔsom sɛ ɔhwɛfo kwantufo a ɔsrasra asafo ahorow no hyɛ wɔn den.

Margaret bɔɔ asu wɔ 1962 mu. Ɛwom sɛ aka kakra ma wadi mfe 80, na ne dwonku mma ontumi nnantew pii de, nanso ɔde bɛyɛ nnɔnhwerew 70 ka Bible mu anidaso a ɔwɔ no ho asɛm kyerɛ n’afipamfo. Ɔde nhoma gu benkyi bi so wɔ ne fie anim, na obiara a obetwam a ɔbɛkyerɛ asɛmpa a ɛfa wiase foforo a asomdwoe wom no ho anigye no, ɔne no bɔ ho nkɔmmɔ.

Ná Simon a ɔyɛ okuafo wɔ Uganda apuei fam no de mfe 16 ahwehwɛ nokware no. Wɔ afe 1995 mu no, onyaa Yehowa Adansefo nhoma bi. Nea ɔkenkanee no maa ne kɔn dɔe sɛ obesua Onyankopɔn Ahenni ne Yehowa atirimpɔw nwonwaso a ɔwɔ ma asase no ho ade pii. Ná Adansefo nni Kamuli kurow a Simon te mu no mu, ma enti otwaa akwansin 85 kɔɔ Kampala kɔhwehwɛɛ wɔn akyi kwan. Ɛnnɛ, asafo wɔ n’akuraa no ase.

“Yɛn Ase Atim wɔ Ha”

Sɛnea ɛte wɔ Afrika mmeae bi no, nnipa pii hwɛ kwan sɛ nyamesom kuw benya baabi pa a wobehyiam asom. Ɛte sɛ nea eyi bɛyɛɛ dadwen kɛse maa Yehowa Adansefo asafo no binom, efisɛ na wonni sika a wɔde besi Ahenni Asa a ɛfata. Yɛrentumi nka sɛnea anuanom kyerɛɛ Ahenni Asa a wosisi no ntɛmntɛm ho nhyehyɛe a wofii ase wɔ afe 1999 awiei mu wɔ wiase nyinaa ho anisɔ no ho asɛm nwie. Mfe anum akyi no, wosisii Ahenni Asa foforo 40 wɔ Uganda. Ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ asafo biara wɔ Ahenni Asa a ɛfata. Adansi adwuma yi ama ɔmanfo ahu sɛ “Yɛn ase atim wɔ ha.” Eyi ka ho bi nti na yɛrenya nkɔso no.

Ná asafo ketewa bi hyia wɔ amango nnua bi a abua kusuu ase wɔ Uganda atifi fam. Bere a wonyaa asase no, nneɛma kɔɔ so ntɛmntɛm. Ahenni Asa adansi kuw no ne Adansefo a wɔwɔ kurom hɔ no fii ase sii Ahenni Asa no. Obi a kan no na ɔyɛ ɔmanyɛfo wɔ mpɔtam hɔ no ani gyee adwuma no ho. Ɔde dan a ɔde ne kar si mu no maa wɔn, na wɔyɛɛ nhyiam wɔ hɔ kosii sɛ wosii Ahenni Asa no wiei. Afei ɔne adansifo no mu baako suaa Bible no. Seesei ɔyɛ ɔsɛnkafo nsiyɛfo a wabɔ asu, na n’ani gye sɛ ɔsom Yehowa wɔ saa Ahenni Asa foforo a ɛyɛ fɛ no mu!

Bere a wɔresi Ahenni Asa bi wɔ ɔman no anafo fam apuei no, adamfofa, ɔdɔ ne biakoyɛ a anuanom daa no adi no kanyan ɔdansifo bi a ɔwɔ kurow no mu ma ɔno nso bɛyɛɛ adwuma no bi. Aka kakra ma wɔawie adwuma no, ɔyɛɛ adwuma anadwo mũ no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom betumi awie Ahenni Asa no na sɛ ade kye a, wɔabue ano. Ɔkae sɛ: “Mo nkutoo ne nnipa a mokyerɛ sɛ mododɔ mo ho ampa.”

Nsɛnnennen Nyinaa Akyi No, Yɛrenya Nkɔso

Esiane sɛ yɛreyɛ nsasesin foforo mu adwuma wɔ Uganda nti, Adansefo no redɔɔso nkakrankakra, na anigyefo pii de wɔn ho rebɔ asafo no. Nanso ade a ɛhaw adwene paa ne aguanfo pii a wɔabegu Uganda no. Ɔmanko a ɛrekɔ so wɔ aman a wɔne Uganda bɔ hye mu no aka Yehowa nkurɔfo nso. Adansefo a wɔwɔ aguanfo atrae no ada no adi sɛ wɔwɔ Yehowa mu ahotoso kɛse. Obi a na ɔwɔ dibea wɔ ɔman a ɛbɛn Uganda mu, a bere bi ɔno nso dii Adansefo no ani bere a aban no baraa wɔn dwumadi no ka sɛnea na odi yiye wɔ asetram no ho asɛm. Bere a osuaa Bible no wɔ aguanfo atrae bi mu, na akyiri yi ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo no, ɔkae sɛ: “Mfaso biara nni honam fam yiyedi ne dibea a obi wɔ wɔ wiase yi mu no so. Ɛwom sɛ nnɛ midi hia na minni ahoɔden de, nanso m’abrabɔ ye sen kan no. Minim Yehowa, na m’ani sɔ mpaebɔ hokwan a manya no. Sɛ daakye ho anidaso a enhinhim a mewɔ no da nkyɛn a, minim nea enti a ɛsɛ sɛ yegyina nsɛnnennen a yehyia nnɛ no ano. Enti seesei mewɔ asomdwoe sen bere bi a atwam no.”

Esiane sɛ Uganda wɔ asasebere nti, wɔtaa ka sɛ sɛ wudua ade a, wonkata w’ani ntew no, na afifi. Saa ara nso na nkɔso a wɔrenya wɔ Onyankopɔn som mu wɔ ɔman yi mu no kyerɛ sɛ asase a wɔka Onyankopɔn asɛm wɔ so no yɛ asasebere paa. Yɛda Yehowa Nyankopɔn ase sɛ wama yɛn bere ama nnipa ahorow a wɔwɔ Uganda no nso abɛte n’Ahenni no ho asɛm no. Yesu de sɛnea Ahenni no som bo no totoo ‘ahene a ne bo yɛ den’ ho. Ugandafo dodow no ara rete saa asɛm no ase.—Mateo 13:45, 46.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 8]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

SUDAN

UGANDA

Nil Asubɔnten

Kamuli

Tororo

Kampala

Bushenyi

Ɔtare Victoria

KENYA

TANZANIA

RWANDA

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Akwampaefo pii a wɔyɛ nsi no mu baasa

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Patrick

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Margaret

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Simon

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Ɔmantam nhyiam wɔ Tororo

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

Mfonini: © Uganda Tourist Board