Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔka kyerɛɛ Nikodemo sɛ: “Onipa biara mforo nkɔɔ soro gye nea osian fii soro no, onipa Ba no”?—Yohane 3:13.

Ná Yesu wɔ asase so a onnya mforo nkɔɔ soro. Nanso, nea yenim fa Yesu ne nsɛm a ɔkae ho no betumi aboa yɛn ma yɛate nea ɔkae no ase.

Ná Yesu ‘asian afi soro’ a ɛkyerɛ sɛ bere bi a atwam no na ɔne n’Agya te ahonhom atrae. Nanso bere a wɔahyɛ no dui no, wɔde Ɔba no nkwa bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu ma wɔwoo Yesu sɛ onipa. (Luka 1:30-35; Galatifo 4:4; Hebrifo 2:9, 14, 17) Wɔ ne wu akyi no, na wobenyan Yesu sɛ honhom mu abɔde na wasan ne Yehowa akɔtra. Ɛno nti, aka bere tiaa bi ma wɔakum Yesu no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya, fa anuonyam a na mewɔ no wo nkyɛn ansa na wiase reba no hyɛ me anuonyam w’ankasa wo nkyɛn.”—Yohane 17:5; Romafo 6:4, 9; Hebrifo 9:24; 1 Petro 3:18.

Bere a Yesu ne Nikodemo a ɔyɛ Farisini ne kyerɛkyerɛfo wɔ Israel rekasa no, na Yesu nnya nkɔɔ soro. Nokwarem no, na onipa foforo biara nni hɔ a wawu aforo akɔ ahonhom atrae wɔ soro. Yesu ankasa anum asɛm kyerɛ sɛ, sɛ́ Onyankopɔn diyifo no na obiara nni hɔ a ɔne Yohane Osuboni no sɛ, nanso “nea osua wɔ ɔsoro ahenni no mu yɛ kɛse sen no.” (Mateo 11:11) Ɔsomafo Petro nso kyerɛɛ mu sɛ Ɔhene Dawid nokwafo no wui, na ɔda so ara wɔ n’adamoa mu; Dawid ankɔ soro. (Asomafo Nnwuma 2:29, 34) Ntease pa bi nti na Dawid, Yohane Osuboni, ne mmarima anokwafo pii a wowuwui ansa na Yesu reba no ankɔ soro no. Wowuwui ansa na Yesu rebue kwan no anaasɛ ɔrema ayɛ yiye sɛ nnipa bi benyan akɔ ɔsoro asetra mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛw odikanfo Yesu ho asɛm sɛ, “obuee ano maa yɛn sɛ ɔkwan foforo a ɛwɔ nkwa” a wɔnam so kɔ soro.—Hebrifo 6:19, 20; 9:24; 10:19, 20.

Esiane sɛ na Yesu nwu nsɔree nti, na dɛn na ɔrepɛ akyerɛ bere a ɔka kyerɛɛ Nikodemo sɛ: “Onipa biara mforo nkɔɔ soro gye nea osian fii soro no, onipa Ba no”? (Yohane 3:13) Susuw nsɛm a na Yesu ne Nikodemo reka no ho hwɛ.

Bere a Yudafo panyin no kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Meka no nokwarem kyerɛ wo sɛ, sɛ wɔansan anwo obi bio a, ontumi nhu Nyankopɔn ahenni no.” (Yohane 3:3) Nikodemo bisaa no sɛ: ‘Ɛno bɛyɛ dɛn ayɛ yiye? Ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi awo onipa bio?’ Wante ɔsoro nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn Ahenni a obi bɛkɔ mu no ase. Ná ɔkwan foforo bi wɔ hɔ a obetumi afa so ahu eyi? Wiɛ, ɔrentumi nnyina nea nipa nim so nte asɛm yi ase; na onipa biara nso nni hɔ a obetumi akyerɛkyerɛ no, efisɛ obiara nni hɔ a wakɔ soro pɛn na kampɛsɛ wakyerɛ no biribi a ɔbɛyɛ na ama wakɔ Ahenni no mu. Yesu nkutoo na na obetumi ayɛ saa. Ná obetumi akyerɛkyerɛ Nikodemo ne afoforo efisɛ, Ofi soro na ɛbae na ɛno ma ɔfatae sɛ ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo nneɛma a ɛtete saa.

Asɛmmisa a ɛfa kyerɛwsɛm yi ho no twe adwene si mfaso a ɛwɔ so sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm no so. Ɛnsɛ sɛ yɛma biribi a yɛbɛkenkan wɔ kyerɛwnsɛm no mu no to yɛn hintidua esiane sɛ ebia yehu no sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase nti. Sɛ Bible no ka asɛm bi wɔ ɔfã bi a, ɛsɛ sɛ nsɛm a ɛwɔ Bible no afã foforo no boa yɛn ma yɛte ase. Bio nso, mpɛn pii no, nsɛm a yɛresusuw ho anaa dekode a wɔreka ho asɛm no betumi aboa yɛn ma yɛanya ntease a ɛfata wɔ kyerɛwnsɛm bi a asete yɛ den ho.