Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wowɔ Anigye Ankasa?

So Wowɔ Anigye Ankasa?

So Wowɔ Anigye Ankasa?

YIW, ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘So mewɔ anigye?’ Asetra mu nsɛm ho animdefo rebɔ mmɔden sɛ wobehu obiara adwene wɔ asɛm yi ho, nanso ɛnna fam. Yebetumi de anigye a obi wɔ a yebehu no atoto sɛnea ɔbarima bi dɔ ne yere anaa sɛnea obi a ne busuani bi awu di awerɛhow fa a yɛbɛpɛ sɛ yehu no ho. Ɛyɛ den sɛ wubehu sɛnea obi te nka ankasa. Nanso nyansahufo gye nokwasɛm yi tom: Nnipa nyinaa betumi anya anigye.

Ɛmfa ho sɛ wɔde anigye ho akɔnnɔ woo yɛn no, ɔhaw ahorow ama yenni anigye. Nhwɛso bi ni: Wɔ nkurow bi so no, AIDS akunkum nnipa pii araa ma wonnya baabi nsie wɔn awufo. Kurow no mu mpanyimfo ama kwan sɛ wontu adamoa dedaw sɛnea ɛbɛyɛ a wobesie wɔn a wɔawu foforo no. Wɔ Afrika mmeae bi no, funnaka a wɔyɛ abɛyɛ nnipa dodow no ara adwuma. Ɛmfa ho baabi a wote biara no, wuhu sɛ wɔn a nyarewa rehaw wɔn ne wɔn a wɔn abusuafo anaa wɔn nnamfonom awuwu no nni anigye.

Na aman a wodi yiye no nso ɛ? Tebea a wɔnhwɛ kwan betumi ama sikasɛm asɛe mpofirim. Wɔ United States no, ɛho abehia sɛ adwumayɛfo a wɔkɔ ahomegye mu no san kɔyɛ adwuma esiane sɛ wɔn nsa nka wɔn pɛnhyen sika nti. Sika a wotua wɔ ayaresa ho no sõ ara ma etumi ma abusua bi dwetiri nyinaa hyew. Mmaranimfo bi ka sɛ: “Sɛ saafo yi ba wo nkyɛn bebu wɔn ka ahorow na wɔka wɔn yare ho asɛm kyerɛ wo a, ɛma wo werɛ how. Mpɛn pii no nea woka kyerɛ wɔn ara ne sɛ, ‘gye sɛ wotɔn wo fie.’” Na wɔn a wonni sikasɛm mu ahokyere biara no nso ɛ? So wɔn nso, wodi awerɛhow?

Nnipa binom tebea te sɛ odwontofo bi a wagye din a wɔfrɛ no Richard Rodgers no. Wɔkae sɛ: “Ɔka nnipa kakraa bi a wotumi maa nkurɔfo pii ani gyei no ho.” Ɛmfa ho sɛ ne nnwom maa nkurɔfo ani gyei no, na ɔwɔ adwenemhaw. Onyaa nneɛma atitiriw abien a nnipa pii di akyi a ɛne sɛ wobegye din anya sika no. Nanso, onyaa anigye? Obi kyerɛw Rodgers ho asɛm sɛ: “Odii yiye wɔ n’adwumam na onyaa ne ho wɔ asetra mu. N’adwuma no ma ɔne obi nyaa abasobɔde a wɔfrɛ no Pulitzer no mprenu. Nanso na n’ani nnye, na mpɛn pii no na ɔhaw.”

Sɛnea ebia woahyɛ no nsow no, sɛ obi de ne ho to ahonyade so a, ne nsa taa si fam. Aguadi ho sɛnkyerɛwfo bi kaa “ankonamyɛ ne anidaso a adefo nni” no ho asɛm wɔ The Globe and Mail atesɛm krataa a ɛwɔ Toronto, Canada no mu. Sɛnea sikakorabea dwumayɛni bi kyerɛ no, sɛ awofo a wɔn nsam wɔ bi no de sika ne akyɛde puapua wɔn mma a, “mpɛn pii no ɛnsow aba pa biara.”

Biribi Wɔ Hɔ a Ɛde Anigye Ba Ankasa?

Sɛ nhwiren bi bɛyɛ yiye a, gye sɛ wodua no asase pa so, gugu so nsu na enya wim tebea a ɛfata. Saa ara na nhwehwɛmufo ahu sɛ tebea ahorow bi na ɛde anigye ba. Eyinom bi ne akwahosan a obi benya, adwuma pa, aduan a ɛsɛ, baabi a ɔde ne ti bɛto, atade a ɔbɛhyɛ, nneɛma ho a osusuw yiye ne nnamfo pa a obenya.

Akyinnye biara nni ho sɛ tebea horow yi tumi ma obi ani gye. Nanso biribi wɔ hɔ a ɛho hia sen eyinom. Ɛyɛ “anigye Nyankopɔn” a ne din de Yehowa no ho nimdeɛ. (1 Timoteo 1:11) Mfaso bɛn na ɛwɔ saa nimdeɛ no so? Yehowa ne yɛn Bɔfo, na ɔno na ɔde hokwan a ɛbɛma yɛanya anigye no duaa yɛn mu. Sɛnea ntease wom no, onim sɛnea ɔbɛma yɛanya anigye ankasa. Asɛm a edi hɔ no kyerɛkyerɛ ɔkwan a Yehowa fa so ma nnipa a wɔte baabiara, ɛmfa ho wɔn nsɛm tebea no nya asetra a anigye wom daa mu.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Anigye te sɛ nhwiren, ehia tebea pa na atumi anyin

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

© Gideon Mendel/CORBIS