Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Anya Anigye

Wubetumi Anya Anigye

Wubetumi Anya Anigye

ANIGYE a edi mũ na ɛtra hɔ kyɛ nyɛ ade a wɔtaa nya. Nea enti a ɛte saa titiriw ne sɛ, nnipa a wɔn ani abere rehwehwɛ anigye no mfa wɔn ani nkyerɛ baabi pa. Wɔbɛyɛ dɛn anya adamfo pa a wobetumi de wɔn ho ato no so ma wakyerɛ wɔn baabi a wobenya anigye ankasa?

Wobetumi anya akwankyerɛ a ehia yi afi Bible no mu. Susuw Bible mu nhoma biako pɛ—Dwom nhoma no—ho hwɛ. Wɔaboaboa nnwom ahorow 150 ano wɔ saa nhoma a wɔde yi Yehowa Nyankopɔn ayɛ yi mu, na Ɔhene Dawid a odii tete Israel so no na ɔhyehyɛɛ emu fã kɛse no ara. Nanso ade a ehia a ɛsɛ sɛ yehu ne sɛ, adesamma Adamfo a ɔsen biara, Yehowa, na ɔde ne honhom kaa akyerɛwfo no ma wɔkyerɛwee. Eyi nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ nhoma yi kura akwankyerɛ pa a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya anigye.

Ná nnipa a wɔkyerɛw nnwom no wɔ ahotoso sɛ sɛ obi ne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa a, ebetumi ama wanya anigye. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Nhyira ne onipa a osuro [Yehowa, NW].” (Dwom 112:1) “Ɔman a [Yehowa, NW] ne wɔn Nyankopɔn” a obi ne wɔn bɛbɔ no de anigye pii ba sen sɛ onii no ne onipa biara benya abusuabɔ, obenya ahode pii, anaasɛ obedi yiye wɔ asetra mu. (Dwom 144:15) Onyankopɔn asomfo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ asetra di eyi ho adanse.

Susanne a wadi bɛyɛ mfe 40 no gye nokwasɛm yi tom. * Ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ, nnipa pii dɔm akuw ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a wobedu wɔn botae ahorow bi ho anaa wɔbɛbom ayɛ biribi. Nanso wɔntaa mmu nnipa a wɔne wɔn dɔm kuw no nyinaa sɛ wɔn nnamfo. Eyi nte saa koraa wɔ Yehowa nkurɔfo mu. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ma yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho. Sɛ yɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu a, ɛmfa ho baabiara yɛwɔ no, yensuro. Biakoyɛ a ɛte sɛɛ yi ma yɛn asetra tu mpɔn ankasa. Hena na obetumi de ne nsa asi ne bo aka sɛ ɔwɔ nnamfo a wofi mmusua ne aman horow pii so sen yɛn? Metumi afi me koma nyinaa mu aka no pen sɛ, nea ɛde anigye ankasa ba ne sɛ obi behu sɛ ɔka Yehowa nkurɔfo ho.”

Maree a wɔwoo no wɔ Scotland no nso hui sɛ, sɛ obi benya anigye a, na ehia sɛ ɔne Yehowa nya abusuabɔ a edi mu. Ɔkae sɛ: “Ansa na merebehu Bible mu nokware no, na metaa hwɛ sini a woyi nneɛma a ɛyɛ hu ne ahodwiriw wom. Nanso sɛ edu anadwo na sɛ mamfa mmeamudua a misusuw sɛ ebetumi apam nsamanfo ne abayifo a mihui wɔ sini so no ankura a, mintumi nna. Nanso bere a mibehuu nokware no na migyae sini a ɛte saa hwɛ no, me ne Yehowa ntam abusuabɔ no ma mitumi dae a na minsuro biribiara. Eyi ama m’ani agye sɛ mesom Onyankopɔn a ɔwɔ tumi sen nsamanfo ne abayifo a na misusuw sɛ wɔbɛkyere me no.”

Yehowa mu Ahotoso De Anigye Ba

Biribiara nni hɔ a yebetumi agyina so agye Ɔbɔadeɛ no kɛseyɛ ne ne nyansa a enni ano no ho kyim. Esiane sɛ na Dawid nim sɛ obetumi de ne ho ato Yehowa so na wadan no koraa nti, ɔkyerɛwee sɛ: “Nhyira ne onipa a ɔde n’ani ato [Yehowa, NW] so.”—Dwom 40:4.

Maria kae sɛ: “Osuahu a manya wɔ Spain ne mmeae ahorow ne sɛ, sɛ yɛnte Yehowa akwankyerɛ bi ase nanso yedi so a, esi yɛn yiye. Eyi ma yɛn ani gye efisɛ Yehowa akwan teɛ bere nyinaa.”

Andreas a ɔyɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu a wasom wɔ Europa aman pii so no nso ahu afi n’ankasa suahu mu sɛ yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so. Ɔkae sɛ: “Me nua panyin a ɔne me nni gyidi biako mu no nyaa me so nkɛntɛnso kɛse bere a na meyɛ aberante no. Ɔhyɛɛ me nkuran sɛ memfa me ho nhyɛ adwuma bi a ɛbɛma manya sika pii mu. Enti bere a mede me ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu na mamfa me ho anto adwuma a anka ɛbɛma manya sika ahwɛ me ho daakye so no, ɛhaw no yiye. Nanso efi bere a mede me ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma mu no, enhiaa me da, na mpo afoforo renya me ayɛ.”

Wɔ 1993 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ Felix sɛ ɔmmɛboa ma wɔntrɛw Yehowa Adansefo Betel adwumayɛbea a ɛwɔ Selters, Germany no mu. Adwuma no baa awiei no, wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛka Betel abusua no ho. Dɛn na ɔyɛe? Ɔka sɛ: “Migyee ɔfrɛ no so a na me tirim ntene me, nanso matra ha bɛyɛ mfe du, na migye di sɛ Yehowa atie me mpaebɔ. Onim nea eye ma me paa. Mema Yehowa de me yɛ nea ɔpɛ denam me ho a mede to no so koraa na ɔkyerɛ me kwan no so.”

Ná Susanne a yɛadi kan aka ne ho asɛm no pɛ sɛ ɔyɛ ɔkwampaefo anaa obi a ɔde ne bere nyinaa ka asɛm no, nanso na ɛyɛ den ma no sɛ obenya adwuma a ɛrennye ne bere nyinaa ayɛ. Bere a ɔtwɛnee bɛboro afe sɛ ebia obenya adwuma bi ayɛ no, ɔde ne ho too Yehowa so. Ɔkae sɛ: “Mede daa akwampae akwammisa krataa no kɔe. Ná mewɔ sika kakra a metumi de ahwɛ me ho bɛyɛ ɔsram biako. M’ani gyee saa ɔsram no mu paa! Ɛwom sɛ me nsa anka adwuma a na merehwehwɛ no mu biara de, nanso asɛnka adwuma no maa m’ani gyee kɛse. Nanso, sɛnea Yehowa ahyɛ bɔ no, wannyaw me da. Ɔsram no da a etwa to no, minyaa adwuma. Seesei mahu sɛ metumi de me ho ato Yehowa so koraa! Manya anigye ne mfaso pii afi akwampae adwuma a mede me ho hyɛɛ mu no mu.”

Onyankopɔn Asɛm Mu Afotu a Yebegye Atom no Ma Yenya Anigye

Ɔhene Dawid yɛɛ mfomso ahorow a na anibere wom. Ɛtɔ mmere bi a na ohia afotu pa. So yefi yɛn pɛ mu gye afotu ne akwankyerɛ tom sɛnea Dawid yɛe no?

Bere bi, Aida a ofi France no hui sɛ wadi mfomso a anibere wom. Ɔkaa n’asɛm sɛ: “Ade a na ehia me paa ne sɛ me ne Yehowa bɛsan anya abusuabɔ pa. Na biribiara nni hɔ a ehia me sen saa.” Ɔkɔɔ Kristofo asafo no mu mpanyimfo hɔ kɔhwehwɛɛ mmoa. Seesei ɔde bɛboro mfe 14 asom sɛ bere nyinaa somfo na ɔka sɛ: “M’ani agye paa sɛ Yehowa de me mfomso afiri me!”

Onyankopɔn afotu a yebegye atom no boa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi mfomso ho koraa. Judith kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a midii mfe 20 no, m’ani begyee Germanni barima bi a na me ne no yɛ adwuma no ho. Ɔbɔɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛma m’ani agye ne ho. Ná obiara bu no, na na okura adwuma pa nso—nanso na waware! Ná ɛsɛ sɛ mepaw sɛ medi Yehowa mmara so anaasɛ mɛpo Ne mmara koraa. Mekaa ho asɛm kyerɛɛ m’awofo. Me papa kaa nea Yehowa hwehwɛ fi me hɔ no kyerɛɛ me penpen. Ɔmaa biribiara mu daa hɔ maa me pefee! Ne nyinaa akyi no, na ɛyɛ me den sɛ meyi ɔbarima no ho adwene afi me tirim. Ná me maame ne me susuw mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn mmara so no ho anwummere anwummere, na ɔyɛɛ saa adapɛn pii. Ɛyɛ me anigye sɛ bere kɔɔ so no, mitumi siesiee me ne Yehowa ntam. Yehowa nteɛso a migye toom ne n’akwankyerɛ a midii so no maa minyaa anigye kɛse. Ama mede mfe pii ayɛ bere nyinaa som adwuma no, na manya okunu Kristoni a ɔdɔ me na ɔdɔ Yehowa nso yiye.”

Ɛda adi pefee sɛ, osuahu ahorow a ɛtete sɛɛ no ma yehu nokwasɛm a ɛwɔ Dawid nsɛm yi mu: “Nhyira ne nea wɔde ne mmarato afiri no, na wɔakata ne bɔne so. Nhyira ne onipa a [Yehowa, NW] mmu n’amumɔyɛ ngu no so.”—Dwom 32:1, 2.

Sɛ Yesusuw Afoforo Ho a Yenya Anigye

Dawid kyerɛwee sɛ: “Nhyira ne nea odwen ɔbrɛfo ho.” Na ɔtoaa so sɛ: ‘Yehowa begye no ahohia da mu. Yehowa bɛhwɛ no so na wama no nkwa. Wɔbɛfrɛ no anigye wɔ asase so.’ (Dwom 41:1, 2) Mmɔborohunu a Dawid daa no adi kyerɛɛ Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ apakye no kyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne mmɔborɔfo di nsɛm.—2 Samuel 9:1-13.

Marlies a ɔde mfe 47 ayɛ asɛmpatrɛw adwuma no anya hokwan aka asɛm no akyerɛ nnipa a wɔaguan afi mmeae a ɛhɔ yɛ hu wɔ Afrika, Asia, ne Europa Apuei fam no. Ɔkae sɛ: “Wɔn haw dɔɔso na wɔte nka sɛ wɔyɛ amamfrafo ma enti afoforo bu wɔn animtiaa. Nnipa a wɔte saa a yɛbɛboa wɔn no ma yenya anigye bere nyinaa.”

Marina a wadi boro mfe 40 no kyerɛwee sɛ: “Sɛ́ osigyani no, minim sɛnea sɛ afoforo kyerɛ wo ho anigye na wɔboa wo a, ɛma wunya akomatɔyam no. Eyi ka me ma menam telefon ne nkrataakyerɛw so hyɛ nkurɔfo nkuran. Nnipa pii akyerɛ eyi ho anigye. Afoforo a meboa wɔn no ma m’ani gye.”

Dimitar a wadi bɛyɛ mfe 25 no kae sɛ: “Me maame nkutoo na ɔtetee me. Bere a na meyɛ abofra no, m’ani gyei sɛ minyaa Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo bi a na ɔde me kɔ asɛnka dapɛn biara kɔkyerɛ me asɛnka adwuma no ani so. Ɛde besi nnɛ, m’ani sɔ abotare a onya maa me no. Minim sɛ na ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ ɔbɛhyɛ me nkuran.” Esiane mmoa a wɔde maa Dimitar bere bi a atwam no nti, ɛnnɛ ɔno nso boa afoforo: “Mebɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no, me ne abofra ne afei obi a wanyin bɛkɔ asɛnka pɛnkoro ɔsram biara.”

Dwom nhoma no san ka nneɛma afoforo a ɛde anigye ba ho asɛm. Emu biako ne hia a ehia sɛ yɛde yɛn ho to ahoɔden a Yehowa de ma so mmom sen sɛ yebegye yɛn ho adi: “Nhyira ne onipa a n’ahoɔden wɔ [Yehowa] mu.”—Dwom 84:5.

Yebetumi aka eyi afa Corinna nso ho. Otuu kwan kɔɔ ɔman bi a na wohia mmoa kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu so. Ɔka sɛ: “Ná wɔn kasa, wɔn amammerɛ ne sɛnea wosusuw nneɛma ho no yɛ soronko. Ná ɛte sɛ nea mayera koraa. Sɛ misusuw sɛnea mɛka asɛm no wɔ baabi a ɛte saa ho a, na ehu ka me. Mesrɛɛ Yehowa hɔ mmoa, na ɔmaa me ahoɔden ma mede kaa asɛm no daa wɔ beae a na atew ne ho koraa yi. Bere bi akyi no, anyɛ me den bio. Me ne nnipa pii fii Bible adesua ase, na meda so ara renya Yehowa mmoa so mfaso. Mihui sɛ, yɛnam Yehowa tumi so betumi adi akwanside a ɛboro nnipa ahoɔden so no so.”

Yiw, nneɛma pii na ɛma yenya anigye. Ebi ne sɛ yɛne Onyankopɔn ne ne nkurɔfo benya abusuabɔ, yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so koraa, yebegye n’afotu atom, na yɛasusuw afoforo ho. Sɛ yɛne Yehowa nantew na yedi ne mmara so a, yebenya n’anim dom ma yɛn ani agye.—Dwom 89:15; 106:3; 112:1; 128:1, 2.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Wɔasesa din ahorow no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Maria

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Maree

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Susanne ne Andreas

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Corinna

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Dimitar