Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyɛ Wɔn Anigye sɛ Wɔbɛyɛ Onyankopɔn Apɛde

Ɛyɛ Wɔn Anigye sɛ Wɔbɛyɛ Onyankopɔn Apɛde

Ɛyɛ Wɔn Anigye sɛ Wɔbɛyɛ Onyankopɔn Apɛde

YESU bɔɔ n’Agya mpae sɛ: “Ɛnyɛ me pɛ, na mmom ma wo pɛ nyɛ.” Ɔyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛso maa Kristofo nyinaa. (Luka 22:42) Onyankopɔn asomfo ɔpepem pii de ahobrɛase yɛ Yehowa apɛde saa ara nnɛ. Saa asomfo no mu bi ne Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 120 no adesuafo 52 no. Wɔ March 11, 2006 no, ɛmfa ho nsɛnnennen a saa adesuakuw a na wɔrewie no betumi ahyia no, wɔde anigye hwɛɛ Onyankopɔn apɛde a wɔbɛyɛ wɔ aman ahorow so no kwan.

Dɛn na ɛkaa saa adesuafo a wɔawie yi ma wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ wɔ wɔn asetra mu? Chris ne Leslie a wɔyɛ awarefo a wɔama wɔn dwumadi wɔ Bolivia sɛ asɛmpatrɛwfo no kaa nea ɛkaa wɔn ma wɔyɛɛ saa no ho asɛm sei: “Esiane sɛ yɛapa yɛn ho akyi nti, yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ho ma yɛ adwuma biara wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu.” (Marko 8:34) Jason ne Chere a wɔama wɔn dwumadi wɔ Albania no nso kae sɛ: “Dwumadi biara a yɛanya wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no wɔ ne haw. Nanso, yɛahu sɛ ɛfata sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa.”

Wɔhyɛɛ Wɔn Nkuran sɛ Wɔnyɛ Yehowa Apɛde

George Smith a ɔyɛ Betel abusua no muni a ɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔyɛ mfonini no na ɔbɔɔ mpae ma wofii dwumadi no ase. Stephen Lett a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni a ɔyɛɛ dwumadi no guamtrani no maa wɔn a wɔabehyiam no nyinaa akwaaba. Ná ahɔho a wofi nsase 23 so atwa kwan aba dwumadi a ɛyɛ anigye a wɔyɛe wɔ Ɔwɛn Aban Adesuabea a Ɛwɔ Patterson, New York no ase. Onua Lett ka kyerɛɛ adesuakuw a na wɔrewie no sɛ wɔrekɔyɛ “adwuma bi a ɛyɛ den.” Ɔtwee adwene sii “nneɛma a ase atim denneennen” te sɛ atoro nkyerɛkyerɛ a asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ foforo no betumi de tumi a Kyerɛwnsɛm no wɔ atutu agu no so. (2 Korintofo 10:4, 5) Ɔde n’asɛm no baa awiei sɛ: “Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ Yehowa de mo bɛyɛ adwuma atutu nneɛma a ase atim denneennen wɔ nnipa komapafo a wɔwɔ mo asasesin mu no agu!”

Harold Jackson a ɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no maa ɔkasa bi a n’asɛmti ne “Nneɛma Bi a Ɛsɛ sɛ Mokae.” Ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ foforo no ‘hwehwɛ Onyankopɔn ahenni no ne ne trenee kan’ bere nyinaa. (Mateo 6:33) Ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ “ɔdɔ ma nkɔso,” na ɛyɛ ade titiriw a ɛbɛboa wɔn ma wɔadi nkonim. (1 Korintofo 8:1) Ɔkae sɛ: “Sɛ mo ne afoforo redi nsɛm a, momma ɔdɔ nni kan.”

Afei, Geoffrey Jackson a ɔyɛ Sodikuw no muni a ɔyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo fi afe 1979 kosi afe 2003 no bisaa adesuafo a wɔawie no sɛ, “So Ɛyɛ Mo Asɛyɛde?” Osii so dua sɛ ɛsɛ sɛ wonya adwene a ɛfata wɔ wɔn ho ne asɛnka adwuma no ho. Ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ adwumaden de gu nokware aba no na wogugu so nsu. Nanso, Yehowa na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔma obi nya nkɔso wɔ ne som mu, efisɛ ‘Onyankopɔn na ɔma enyin.’ (1 Korintofo 3:6-9) Onua Jackson de kaa ho sɛ: “Yehowa hwɛ kwan sɛ mobɛkɔ so atu mpɔn wɔ ne som mu. Nanso, dɛn ne mo asɛyɛde titiriw paa? Ɛne sɛ mobɛdɔ Yehowa ne nnipa a morekɔ akɔsom wɔn no.”

Gilead kyerɛkyerɛfo Lawrence Bowen maa ɔkasa a n’asɛmti ne “Munhu Sɛnea Mobɛbɔ Mo Bra.” Ɔkaee adesuafo no sɛ Yehowa faa anwonwakwan so kyerɛɛ Israelfo no kwan bɔɔ wɔn ho ban bere a na wɔnam sare so no. (Exodus 13:21, 22) Ɛnnɛ nso ɔkyerɛ yɛn kwan bɔ yɛn ho ban. Ɔkwan a ɔfa so yɛ saa no bi ne Kristofo a wɔasra wɔn no asafo a ɛno ne “nokware no dum ne ne nnyinaso” no. (1 Timoteo 3:14, 15) Ɛho hia sɛ asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ foforo no gyina nokware no a ɛkyerɛ ahobrɛasefo kwan na ɛbɔ wɔn ho ban no akyi.

Gilead kyerɛkyerɛfo foforo a wɔfrɛ no Wallace Liverance tuu adesuafo no fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ wɔn ‘akyi’ no. Nea enti a yɛka sɛ Onyankopɔn asɛm no wɔ yɛn akyi ne sɛ, wɔkyerɛw Bible no wiei no, akyɛ yiye. Yehowa wɔ ne nkurɔfo akyi, na ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so rema wɔn akwankyerɛ te sɛ nea oguanhwɛfo bi a ɔwɔ ne nguan akyi frɛ wɔn no. (Yesaia 30:21; Mateo 24:45-47) Gilead Sukuu no boaa adesuafo a wɔawie no ma wonyaa anisɔ kɛse maa akoa kuw no. “Akoa” no mpo ayɛ New World Translation of the Holy Scriptures no. Ɔkasafo no hyɛɛ adesuafo a wɔawie no nkuran sɛ: “Momfa agyapade a wɔakora so ama yɛn yi nkyerɛkyerɛ afoforo.”—Mateo 13:52.

Yehowa Apɛde a Yɛbɛyɛ Wɔ Asɛnka Mu

Gilead kyerɛkyerɛfo Mark Noumair kaa osuahu a adesuafo a wɔawie no nyae wɔ asɛnka mu bere a na wɔwɔ Gilead Sukuu mu no bi ho asɛm. Nea ɔkaa ho asɛm no asɛmti ne “Wɔn Ho Pere Wɔn sɛ Wɔbɛka Asɛmpa No.” (Romafo 1:15) Nsɛm a obisabisaa adesuafo a wɔawie no ma ɛbɛdaa adi sɛ wɔakyerɛ sɛ wɔde ahopere bɛka asɛm no bere biara.

Nsɛm a Kenneth Flodin bisabisaa ahwɛfo akwantufo baasa a wɔwɔ United States no nso hyɛɛ adesuafo a wɔawie no nkuran. Richard Keller ne Alejandro Lacayo a bere bi na wɔsom wɔ Amerika Anafo ne Mfinimfini fam no kaa sɛnea wogyinaa sɔhwɛ ahorow ano ne nhyira a wonyae bere a na wɔyɛ asɛmpatrɛwfo no ho asɛm. Moacir Felisbino a wɔtetee no wɔ Brazil no nso kaa ntetee a onyae bere a ɔne asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ Brazil boom yɛɛ adwuma no.

David Schafer bisabisaa asɛmpatrɛwfo a wɔn ho akokwaw a wɔne Robert Jones, Woodworth Mills, ne Christopher Slay no nsɛm. Anuanom baasa no kyerɛkyerɛɛ sɛnea wɔde wɔn ho too Yehowa so bere a wɔkɔɔ ahokyere mu no mu. Wɔmaa adesuafo no awerɛhyem sɛ na ntetee a Yehowa ahyehyɛde no de ama wɔn no asiesie wɔn yiye ama wɔn asɛmpatrɛw dwumadi ahorow no. Onua Mills bɔɔ nsɛm no nyinaa mua sei: “Ɛnyɛ Bible no mu nsɛm a wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn wɔ Gilead no na ɛboaa me kɛse, mmom no, ɛyɛ ahobrɛase ne ɔdɔ a misuae wɔ sukuu hɔ no.”

Guy Pierce a ɔyɛ Sodikuw no muni na ɔmaa dwumadi no ho kasa titiriw a n’asɛmti ne “Yehowa Renni Nkogu Da” no. Adam dii nkogu, nanso ɛno kyerɛ sɛ Onyankopɔn nso dii nkogu anaa? So Onyankopɔn ammɔ Adam yiye sɛnea nnipa bi ka no? Ɛnte saa koraa, efisɛ “Onyankopɔn bɔɔ onipa yiye.” (Ɔsɛnkafo 7:29) Ɔkasafo no kae sɛ, nokware a Yesu dii wɔ sɔhwɛ kɛse a ohyiae wɔ asase so mu no ma ɛbɛdaa adi sɛ na “Adam nni biribiara a obegyina so ayi ne ho ano wɔ nkogu a odii no ho.” Sɛ yɛde sɔhwɛ a Adam hyiae wɔ Eden turom a wanni mu nokware no toto nea Yesu hyiae a odii mu nokware no ho a, na Adam de no sua koraa. Nanso, Adam dii nkogu. Na Yehowa de, ɔrenni nkogu da. N’atirimpɔw bɛbam. (Yesaia 55:11) Onua Pierce ka kyerɛɛ asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ foforo no sɛ: “Mo ho a moatu ama no ama moanya hokwan a mode bɛhyɛ Yehowa anuonyam. Yehowa nka mo mu biara ho wɔ baabiara a mobɛyɛ mo asɛmpatrɛw adwuma no.”

Bere a Onua Lett a ɔyɛ guamtrani no de anuanom a wɔwɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ahorow nkyia ma wiei no, ɔde adesuafo no adansedi nkrataa maa wɔn, na ɔkyekyɛɛ wɔn dwumadi nso maa wɔn. Vernon Wisegarver a ɔde mfe pii asom wɔ Betel no gyinaa atiefo no ananmu bɔɔ mpae de dwumadi no baa awiei.

Nnipa 6,872 a wɔbaa dwumadi no ase no tee nka sɛ dwumadi no ahyɛ nsi a wɔde yɛ Onyankopɔn apɛde no mu gya. (Dwom 40:8) Andrew ne Anna a wɔawie wɔn adesua no kae sɛ: “Yehyiraa yɛn nkwa so maa Yehowa. Yɛhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ yɛbɛyɛ biribiara a ɔbɛka sɛ yɛnyɛ. Seesei Yehowa aka akyerɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Cameroon a ɛwɔ Afrika.” Wɔne adesuafo foforo a wɔawie sukuu no ho pere wɔn sɛ wɔbɛyɛ adwuma a ɛbɛma wɔanya abotɔyam no. Nokwarem no, ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 6

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 20

Adesuafo no dodow: 52

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 35.7

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 18.3

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 14.5

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 120 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Wright, S.; Suárez, B.; Croisant, B.; Davenport, L. (2) Johnson, A.; Ali, C.; Cady, K.; Guerrero, P.; Ases, A. (3) Ortiz, L.; Lyall, K.; Uzeta, M.; Perez, R.; Backus, K.; Caterina, C. (4) Palmer, B.; Loving, D.; Macdonough, J.; Bostock, D.; Benetatos, L. (5) Jasicki, M.; Sarafianos, E.; Stelter, C.; Vaira, R.; Woon, J.; Prentice, K. (6) Davenport, H.; Croisant, H.; Perez, M.; Vaira, E.; Suárez, A.; Caterina, I.; Wright, C. (7) Cady, K.; Macdonough, J.; Ortiz, M.; Woon, J.; Ali, J.; Ases, M. (8) Sarafianos, G.; Lyall, D.; Uzeta, C.; Stelter, P.; Prentice, G.; Johnson, A.; Benetatos, C. (9) Palmer, J.; Jasicki, W.; Backus, J.; Bostock, S.; Guerrero, J. M.; Loving, S.