Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmofra, Mompaw Sɛ Mobɛsom Yehowa

Mmofra, Mompaw Sɛ Mobɛsom Yehowa

Mmofra, Mompaw Sɛ Mobɛsom Yehowa

“Ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa.”—YOSUA 24:15.

1, 2. Asubɔ a ɛmfata bɛn na akɔ so wɔ Kristoman mu?

BERE a afeha a ɛto so abien Y.B. rekɔ n’awiei no, ɔkyerɛwfo bi a ne din de Tertullian kyerɛwee sɛ: “Momma [mmofra] no nyin na sɛ wɔn ankasa hu Kristo a, wɔabɛyɛ Kristofo.” Ná ɔrekasa tia nkokoaa asubɔ, adeyɛ a na ɛregye ntini wɔ Kristosom a awae mu wɔ ne bere so no. Asɔre panyin Augustine annye asɛm a Tertullian ne Bible ka no antom, na ɔkyerɛe sɛ asubɔ hohoro bɔne a yenya fii awo mu ma enti nkokoaa a wɔmmɔ wɔn asu a wowu no bɛkɔ hellgya mu. Saa gyidi no hyɛɛ nkokoaa asubɔ mu den ma enti sɛ wɔwo wɔn a, ntɛm ara na wɔabɔ wɔn asu.

2 Kristoman asɔre akɛse no pii da so ara bɔ nkokoaa asu. Afei nso, efi tete nyinaa no, na wiase sodifo ne nyamesom akannifo a wɔwɔ aman a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo mu no hyɛ “abosonsomfo” a wɔako adi wɔn so nkonim no bɔ wɔn asu. Nanso, nkokoaa asubɔ ne mpanyin a wɔhyɛ wɔn bɔ wɔn asu no nnyina Bible so.

Obiara Fi ne Pɛ Mu na Ohyira Ne Ho So Nnɛ

3, 4. Dɛn na ebetumi aboa mmofra a wɔn awofo ahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no ma wɔafi wɔn pɛ mu ahyira wɔn ho so?

3 Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn bu mmofra a wɔn awofo biako pɛ mpo yɛ nokware Kristoni sɛ wɔn ho tew. (1 Korintofo 7:14) So ɛno ma mmofra a wɔte saa no yɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so? Dabi. Nanso, mmofra a awofo a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa tete wɔn no nya ntetee a ebetumi ama saa mmofra no afi wɔn pɛ mu ahyira wɔn ho so ama Yehowa. Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na ntow wo na kyerɛ nkyene. . . . Wonam a, ma enkogya wo, woda a, ɛnhwɛ wo so, na wunyan a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ. Na mmara nsɛm no yɛ ɔkanea, na kyerɛ no yɛ hann, na nteɛso nkaanim yɛ nkwa kwan.”—Mmebusɛm 6:20-23.

4 Sɛ mmofra wɔ ɔpɛ sɛ wɔde akwankyerɛ a wɔn awofo a wɔyɛ Kristofo de ma wɔn no bɛyɛ adwuma a, ebetumi abɔ wɔn ho ban. Salomo kae nso sɛ: “Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea yɛ ne na awerɛhow.” “Me ba, wo de, tie, na hu nyansa, na teɛ wo koma kɔ ɔkwan no so.” (Mmebusɛm 10:1; 23:19) Yiw, sɛ mo a moyɛ mmofra no benya mo awofo ntetee so mfaso a, ɛsɛ sɛ mufi mo pɛ mu gye afotu ne nteɛso tom. Wɔamfa nyansa anwo mo, nanso mubetumi ‘ahu nyansa’ na moafi mo pɛ mu afa “nkwa kwan” no so.

Dɛn ne Nyansakyerɛ?

5. Afotu bɛn na Paulo de maa mmofra ne wɔn papanom?

5 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu, na eyi na ɛteɛ: ‘Di wo papa ne wo maame ni’; na ɛno ne mmara a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu: ‘Na asi wo yiye, na woatra ase akyɛ wɔ asase so.’ Na mo, papanom, monnhyɛ mo mma ahometew, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.”—Efesofo 6:1-4.

6, 7. Dɛn na awofo bɛyɛ de ‘Yehowa nyansakyerɛ’ atete wɔn mma, na dɛn nti na eyi nkyerɛ sɛ wɔrehyɛ wɔn mma no so wɔ ɔkwan a ɛmfata so?

6 Sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo tete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu” a, so na wɔrehyɛ wɔn so wɔ ɔkwan a ɛmfata so? Dabi. Hena na obetumi akasa atia awofo sɛ wɔde nea wonim sɛ ɛyɛ papa na wotumi de bɔ ɔbra pa kyerɛkyerɛ wɔn mma? Obiara nkasa ntia nkurɔfo a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no sɛ wɔde saa nkyerɛkyerɛ no rekyerɛkyerɛ wɔn mma. Roma Katolekfo te nka sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔde Katolekfo gyidi kyerɛkyerɛ wɔn mma, na yɛntaa nte sɛ nkurɔfo kasa tia wɔn sɛ wɔreyɛ saa. Saa ara nso na sɛ Yehowa Adansefo de Yehowa adwene a ɛfa nokwasɛm ne abrabɔ pa ho tete wɔn mma a, ɛnsɛ sɛ wɔkasa tia wɔn sɛ wɔresɛe wɔn mma no adwene.

7 Sɛnea Theological Dictionary of the New Testament kyerɛ no, Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nyansakyerɛ” wɔ Efesofo 6:4 no kyerɛ ɔkwan bi a “wɔfa so teɛ obi adwene, wɔma obi hu biribi a enye, na wɔma obi nya Onyankopɔn ho adwene pa.” Na sɛ esiane atipɛnfo nhyɛso nti, sɛ abofra bi pɛ sɛ ɔyɛ nea ne mfɛfo reyɛ na ɔsɔre tia ntetee a n’awofo de ma no nso ɛ? Hena na wobetumi aka sɛ ɔrehyɛ abofra no so sɛnea ɛnsɛ—awofo no anaa abofra no atipɛnfo? Sɛ ɛyɛ abofra no atipɛnfo na wɔrehyɛ no ma wanom nnubɔne, wawe nsa, anaa wabu brabɔne a, so ɛsɛ sɛ wɔkasa tia awofo no sɛ wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛteɛ abofra no adwene na wɔaboa no ma wahu nea ebefi nneyɛe bɔne a ɛte saa no mu aba no?

8. Dɛn na wɔyɛ maa Timoteo ‘begyee nokware no dii’?

8 Ɔsomafo Paulo kyerɛw aberante Timoteo sɛ: “Tra nea woasua na woabegye adi sɛ ɛyɛ nokware no mu, na wunim nnipa a wusua fii wɔn nkyɛn no, na wufi wo mmofraase nso nim nkyerɛwee kronkron no, na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa akɔ nkwagye mu denam Kristo Yesu mu gyidi so.” (2 Timoteo 3:14, 15) Ná Timoteo maame ne ne nenabea de Kyerɛw Kronkron no atete no fi ne mmofraase ma wanya Onyankopɔn mu gyidi a ɛyɛ den. (Asomafo Nnwuma 16:1; 2 Timoteo 1:5) Akyiri yi, bere a wɔbɛyɛɛ Kristofo no wɔanhyɛ Timoteo sɛ ɔmmɛyɛ Kristoni na mmom wɔne no susuw nsɛm ho na ɛma obegyee nokware no dii.

Yehowa Ma Wopaw Nea Wopɛ

9. (a) Dɛn na Yehowa yɛe de dii nnipa ni, na dɛn nti na ɔyɛɛ saa? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no de hokwan a ɔwɔ sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ no dii dwuma?

9 Ná anka Yehowa betumi abɔ nnipa te sɛ mmoa anaa robɔt, a nea wɔahyehyɛ sɛ wɔnyɛ mma no nkutoo na wɔbɛyɛ. Mmom no, odii wɔn ni denam nea wɔpɛ a ɔma wotumi yɛ so. Yɛn Nyankopɔn ani gye nnipa a wofi wɔn pɛ mu yɛ ade ho. N’ani gye sɛ ohu sɛ nnipa, mpanyin ne mmofra som no esiane sɛ wɔdɔ no nti. Obi a Onyankopɔn ho dɔ kaa no ma ɔyɛɛ n’apɛde paa ne ne Ba a ɔwoo no koro no. Yehowa kaa ne ho asɛm sɛ: “Oyi ne me Ba a medɔ no na magye no atom.” (Mateo 3:17) Saa Abakan yi ka kyerɛɛ ne Papa sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn, Na wo mmara wɔ me koma mu.”—Dwom 40:8; Hebrifo 10:9, 10.

10. Dɛn na ɛma ɔsom a yɛde ma Yehowa no sɔ n’ani?

10 Yehowa hwɛ kwan sɛ wɔn a wɔsom no wɔ ne Ba no akwankyerɛ ase no nso befi wɔn pɛ mu ayɛ N’apɛde. Odwontofo no too dwom de hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.” (Dwom 110:3) Ɔdɔ na ɛma Yehowa ahyehyɛde mũ no nyinaa, ne fã a ɛwɔ soro no mufo ne ɔfã a ɛwɔ asase so no mufo fi wɔn pɛ mu yɛ Onyankopɔn apɛde.

11. Dɛn na wɔde asi mmofra a awofo a wɔyɛ Yehowa asomfo tetee wɔn no anim?

11 Enti, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ mmofra no hu sɛ mo awofo anaa Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no renhyɛ mo sɛ mommɔ asu. Ɛsɛ sɛ w’ankasa na wufi wo pɛ mu som Yehowa. Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “[Yehowa, NW] na monsom no emudi ne nokware mu . . . Ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa.” (Yosua 24:14-22) Saa ara na ɛsɛ sɛ mo ankasa na mopaw sɛ mubehyira mo ho so ama Yehowa na moayɛ n’apɛde.

Gye W’asɛyɛde Tom

12. (a) Ɛwom sɛ awofo betumi atete wɔn mma de, nanso dɛn na wontumi nyɛ mma wɔn? (b) Bere bɛn na abofra bi bebu nea ɔyɛ ho akontaa akyerɛ Yehowa?

12 Bere bi bɛba a mo a moyɛ mmofra no, mo awofo nokwaredi nkɔ so mma mo ho ntew bio. (1 Korintofo 7:14) Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Enti obi a onim adepa yɛ na wanyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.” (Yakobo 4:17) Awofo ntumi nsom Onyankopɔn mma wɔn mma na saa ara nso na mma ntumi nsom Onyankopɔn mma wɔn awofo. (Hesekiel 18:20) So woasua Yehowa ne n’atirimpɔw ho ade? So woanyin sɛnea ɛsɛ a ɛbɛma woate nea woasua no ase, na woafi ase ne Yehowa renya abusuabɔ pa? Ɛrenyɛ nea ntease wom sɛ yebesusuw sɛ Onyankopɔn bu wo sɛ wofata sɛ wusi gyinae som no anaa?

13. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ mmerante ne mmabaa a wɔmmɔɔ asu no bisa wɔn ho?

13 Woyɛ abofra a wommɔɔ asu a awofo a wɔsom Onyankopɔn na wɔretete wo, a wokɔ Kristofo nhyiam ahorow na mpo woka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no bi? Sɛ ɛte saa a, ɛnde bisa wo ho paa sɛ: ‘Dɛn nti na mereyɛ eyi? Esiane sɛ m’awofo hwɛ kwan sɛ mɛkɔ asafo nhyiam na makɔ asɛnka nti na meyɛ saa anaasɛ esiane sɛ mepɛ sɛ mesɔ Yehowa ani nti?’ So w’ankasa asɔ ahwɛ ahu “Nyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mu” no?—Romafo 12:2.

Dɛn Nti na Wompɛ sɛ Wobɔ Asu?

14. Bible mu nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obi twentwɛn ne nan ase wɔ asubɔ ho sɛnea ɛnsɛ?

14 “Dɛn na esiw me asubɔ kwan?” Ná Etiopiani barima a obisaa ɔsɛmpakafo Filipo saa asɛm no hui sɛ Yesu ne Mesia no nkyɛe. Nanso na Etiopiani no wɔ Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a ɛfata a ɛbɛma wahu sɛ ɛnsɛ sɛ ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛma obiara ahu sɛ efi saa bere no rekɔ no ɔne Kristofo asafo no bɛsom Yehowa, na ɛno ma n’ani gyee yiye. (Asomafo Nnwuma 8:26-39) Saa ara na ɔbea bi a wɔfrɛ no Lydia a wobuee ne koma mu “fann ma ɔyɛɛ asõ maa nsɛm a Paulo kae no” ne ne fiefo ‘bɔɔ asu’ ntɛm ara. (Asomafo Nnwuma 16:14, 15) Saa ara nso na afiasehwɛfo a ɔwɔ Filipi no tiee Paulo ne Silas bere a “wɔkaa Yehowa asɛm kyerɛɛ” no no, na “wɔbɔɔ ɔne ne ho nnipa nyinaa asu ntɛm ara.” (Asomafo Nnwuma 16:25-34) Enti, sɛ wowɔ Yehowa ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ kakra, na wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ n’apɛde, na wowɔ din pa wɔ asafo no mu, na wokɔ asafo nhyiam daa na woka Ahenni ho asɛmpa no bi a, dɛn nti na wompɛ sɛ wobɔ asu?—Mateo 28:19, 20.

15, 16. (a) Adwene a ɛnteɛ bɛn na ebetumi ama mmofra bi atwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu? (b) Ɔkwan bɛn so na ahosohyira ne asubɔ bɔ mmofra ho ban?

15 So ebetumi aba sɛ nea enti a wotwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛbɔ asu ne sɛ wusuro sɛ ebia wobɔ asu na sɛ woyɛ bɔne bi a wobedi w’asɛm? Sɛ saa a, susuw asɛm yi ho hwɛ: Esiane sɛ wusuro sɛ sɛ woka kar a wubetumi anya akwanhyia nti, worenkogye tumi krataa a wɔde ka kar anaa? Dabida! Saa ara na sɛ wofata sɛ wobɔ asu a, ɛnsɛ sɛ wotwentwɛn wo nan ase. Nokwarem no, sɛ woahyira wo nkwa so ama Yehowa na woagye atom sɛ wobɛyɛ n’apɛde a, ɛno bɛhyɛ wo den paa ma woayɛ nea wubetumi biara de ako atia bɔne a wobɛyɛ. (Filipifo 4:13) Mmofra, yɛpa mo kyɛw, monnyɛ mo adwene sɛ sɛ motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛbɔ asu a, na mo ne obiara nni asɛm. Sɛ́ moabɔ asu anaa mommɔɔ asu no, sɛ moanyin adu baabi a mubetumi asi gyinae a, mubebu nea moyɛ biara ho akontaa akyerɛ Yehowa.—Romafo 14:11, 12.

16 Adansefo pii a wɔwɔ wiase nyinaa te nka sɛ gyinae a wosi bɔɔ asu bere a na wɔyɛ mmofra no boaa wɔn kɛse. Fa Ɔdansefo bi a ɔwɔ Europa Atɔe fam a wadi mfe 23 no sɛ nhwɛso. Ɔka sɛ asu a ɔbɔe bere a na wadi mfe 13 no boaa no ma ɔhwɛɛ ne ho so yiye paa, na “mmerantebere mu akɔnnɔ” amma wanyɛ bɔne. (2 Timoteo 2:22) Bere a na ɔyɛ abarimaa no, ɔde yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ bere nyinaa somfo. Ɛnnɛ, ɔde anigye resom wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea biako mu. Mmofra a wɔpaw sɛ wɔbɛsom Yehowa, a wo nso wo ka ho no nyinaa benya nhyira pii.

17. Nneɛma bɛn mu na ɛho hia sɛ yɛkɔ so hu “Yehowa apɛde”?

17 Sɛ yehyira yɛn ho so na yɛbɔ asu a, efi saa bere no rekɔ no yesusuw nea Yehowa pɛ ho wɔ biribiara a yɛyɛ wɔ yɛn asetra mu. Sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra sɛnea yɛn ahosohyira te a, ɛsɛ sɛ ‘yɛtɔ bere.’ Yɛbɛyɛ dɛn atɔ bere? Yɛyɛ saa denam bere a anka yɛbɛsɛe no wɔ nneɛma hunu ho a yɛde besua Bible anibere so, akɔ asafo nhyiam daa, na yɛayere yɛn ho aka “ahenni ho asɛmpa” no bi so. (Efesofo 5:15, 16; Mateo 24:14) Yɛn ho so a yehyira ma Yehowa ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde no boa yɛn wɔ biribiara a yɛyɛ mu a nneɛma a yɛyɛ de gye yɛn ani, yɛn adidi ne asanom ne nnwom kõ a yetie ka ho. Dɛn nti na wompaw biribi a wode gye w’ani a ɛbɛma woatumi de agye wo ani akosi daa? Mmofra mpempem pii a wɔyɛ Adansefo a wɔwɔ anigye bɛka akyerɛ wo sɛ nneɛma pii a ɛfata wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de agye w’ani na bere koro no ara woakɔ so ayɛ “Yehowa apɛde.”—Efesofo 5:17-19.

“Yɛne Mo Bɛkɔ”

18. Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ mmofra bisa wɔn ho?

18 Efi afe 1513 A.Y.B. kosi Pentekoste afe 33 Y.B. no, na Yehowa wɔ nnipakuw bi a wapaw wɔn wɔ asase so sɛ wɔnsom no na wɔnyɛ n’adansefo. (Yesaia 43:12) Wɔwoo Israelfo mmofra guu saa ɔman no mu. Efi Pentekoste reba no, Yehowa anya “ɔman” foforo a ɛne honhom fam Israel, ‘nnipa bi a wɔayi wɔn ama ne din’ wɔ asase so. (1 Petro 2:9, 10; Asomafo Nnwuma 15:14; Galatifo 6:16) Ɔsomafo Paulo ka sɛ Kristo atew “ɔman bi ho” ayɛ n’ankasa de “a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.” (Tito 2:14) Mo a moyɛ mmofra no betumi afi mo pɛ mu ahwehwɛ baabi a mubehu saa ɔman no. Henanom na wɔbom yɛ “ɔman trenee . . . , ɔman a wɔkora nokwaredi no,” wɔde Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra, wɔyɛ Adansefo anokwafo ma Yehowa, na wɔn na wɔreka n’Ahenni ho asɛm sɛ ɛno ne nnipa anidaso koro pɛ no? (Yesaia 26:2-4) Hwehwɛ Kristoman mu asɔre ahorow no ne nyamesom akuw foforo mu na fa wɔn nneyɛe toto nea Bible hwehwɛ fi Onyankopɔn asomfo anokwafo hɔ no ho hwɛ.

19. Dɛn na nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ asase so nyinaa abegye atom?

19 Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa a mmofra pii ka ho no abegye atom sɛ Yehowa Adansefo nkaefo a wɔasra wɔn no na wɔbom yɛ saa “ɔman trenee” no. Wɔka kyerɛ saa honhom fam Israelfo no sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sakaria 8:23) Yɛhwɛ kwan paa, na yɛbɔ mpae sɛ mo mmofra mubesi gyinae ne Onyankopɔn nkurɔfo no abom asom na monam saayɛ so ‘afa nkwa’—daa nkwa wɔ Yehowa wiase foforo no mu.—Deuteronomium 30:15-20; 2 Petro 3:11-13.

Ntimu

• Dɛn ne nyansakyerɛ?

• Ɔsom bɛn na obi de ma Yehowa a, ɛsɔ n’ani?

• Dɛn na wɔde asi mmofra a awofo a wɔyɛ Yehowa asomfo tete wɔn no anim?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ obi twentwɛn ne nan ase wɔ asubɔ ho sɛnea ɛnsɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Hena na wubetie no?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ɔkwan bɛn so na ahosohyira ne asubɔ bɛbɔ wo ho ban?

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Dɛn na esiw wo kwan sɛ wobɛbɔ asu?