Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛbɛma Yɛanya Nokware Nimdeɛ

Nea Ɛbɛma Yɛanya Nokware Nimdeɛ

Nea Ɛbɛma Yɛanya Nokware Nimdeɛ

NÁ ƐYƐ December 18, 1810. Ná ade resã. Ná Britania po so hyɛn ketewa a wɔfrɛ no HMS Pallas no ayera kwan wɔ Scotland anafo fam apuei po a na ahum retu wɔ so no so. Esum a na ɛreba ne sukyerɛmma a na ɛretɔ no maa ɛyɛɛ den kɛse maa hyɛn no mu adwumayɛfo no sɛ wobehu kanea a wɔde si abantenten so kyerɛ po so hyɛn kwan no. Saa kanea no na na ɛbɛkyerɛ wɔn hyɛn no kwan akodu ne gyinabea. Hwɛ sɛnea wɔn bo tɔɔ wɔn yam bere a akyiri yi wohuu nkanea na wɔde po so hyɛn no ani kyerɛɛ baabi a na nkanea no asosɔ no! Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, na ɛnyɛ eyi ne nkanea a wohia ma akyerɛ wɔn kwan no. Ná ɛyɛ adwumayɛfo bi gya a wɔasosɔ wɔ mpoano hɔ. Po so hyɛn Pallas no kotwiw abotan so ma ɛbɔe koraa. Ɛpo no faa po so hyɛn adwumayɛfo 11. Awerɛhosɛm bɛn ara ni!

Mfomso bi a wodii na ɛmaa Pallas no bɔe. Nanso wɔ mmere afoforo mu no, nkurɔfo hyɛɛ da sosɔɔ nkanea sisii mpoano de daadaa hyɛn mu adwumayɛfo ma wohyiaa asiane kɛse a ɛsen eyi koraa. Wrecks, Wreckers and Rescuers nhoma no ka sɛ, ná wɔhyɛ da na wɔsosɔ nkanea a ɛte saa na ama po so ahyɛn akotwiw abotan so ma abɔ na wɔanya kwan akowia mu nneɛma.

‘Nkyerɛwee Kronkron a Ebetumi De Wo Akɔ Nkwagye Mu’

Wɔ nimdeɛ a wohwehwɛ mu no, wuhyia asiane ahorow a ɛte sɛ nea saa hyɛn mu adwumayɛfo no hyiae no. Wubetumi akodi atosɛm akyi anaa obi betumi ahyɛ da adaadaa wo mpo. Emu biara betumi de wo akɔ asiane mu. Dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ wo ho ban? Hwɛ hu sɛ baabi a wohwehwɛ nimdeɛ no yɛ nokware, na ebetumi aboa wo. Saa nsɛmma nhoma yi de bɛboro mfe 125 aka Onyankopɔn Asɛm Bible a efi honhom mu no ho asɛm sɛ ɛno ne baabi a yebenya nimdeɛ a ebetumi aboa yɛn koraa, efisɛ ekura “nkyerɛwee kronkron a ɛwɔ tumi a ɛbɛma woahu nyansa na ɛde wo akɔ nkwagye mu.”—2 Timoteo 3:15-17, New English Bible.

Nokwarem no, sɛ wubenya ahotoso wɔ Bible no mu sɛ ɛno ne kanea a edi mũ a ɛkyerɛ wo kwan a, ntease wom sɛ wobɛhwɛ sɛ ɛyɛ nea wubetumi de wo ho ato so anaa. (Dwom 119:105; Mmebusɛm 14:15) Wubetumi akyerɛw wɔn a wɔyɛɛ nsɛmma nhoma yi bere biara de ahwehwɛ nsɛm a aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔabegye adi sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ ampa no. Sɛ nhwɛso no, kenkan nhomawa a wɔato din sɛ Amansan Nhoma no. * Ɛka nsɛm pii a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ nokware, yebetumi de yɛn ho ato so, na efi Onyankopɔn honhom mu.

Nokware Atitiriw

Ɛnde, dɛn ne nokware atitiriw a ɛwɔ “nkyerɛwee kronkron” no mu no bi? Susuw nhwɛso a edidi so yi ho hwɛ.

Ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn biako na ɔwɔ hɔ na ɔno ne Ɔbɔadeɛ a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. (Genesis 1:1) Nea enti a yɛte ase ne sɛ, ‘Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa’ na ɔno na ɔmaa yɛn nkwa. (Adiyisɛm 4:11) Ɛno nti na ɔno nkutoo na ɔfata sɛ yɛsom no no. Ɔbɔadeɛ no na nimdeɛ nyinaa fi no. (Dwom 36:9; Yesaia 30:20, 21; 48:17, 18) Ɔwɔ din a ɔpɛ sɛ yɛde di dwuma. (Exodus 3:15) Saa din no a wɔde Hebri nkyerɛwee akyerɛw na wɔakyerɛ ase sɛ YHWH no pue bɛyɛ mpɛn mpem 7,000 wɔ Bible no mu. Wɔafrɛ no “Yahwe” anaa Yehowa wɔ Twi kasa mu mfehaha pii ni.—Dwom 83:18.

Yehowa bɔɔ mmarima ne mmea sɛ wɔntra ase daa wɔ Paradise mu wɔ tebea papa mu wɔ asase so ha yi ara. Ɔmaa nnipa honhom fam su ahorow a ɛte sɛ ɔno ara ne de. Ɔmaa wɔn ɔdom akyɛde ne nyansa a ɛbɛma wɔanya anigye wɔ wɔn asetram wɔ asase so daa. (Genesis 1:26-28) Ná ɛnyɛ n’atirimpɔw ne sɛ mmarima ne mmea bɛba abɛtra asase so bere tiaa bi na wɔafi ha akɔtra soro sɛ honhom abɔde, te sɛ nea ɛhɔ nkutoo na wobetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ.

Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, na bɔne biara nni wɔn ho. Ɛyɛ bere a Onyankopɔn abɔde no mu bi a wɔyɛ nnipa ne honhom amfa wɔn pɛ mu a wofi yɛ ade no anni dwuma yiye na wɔtew atua tiaa Onyankopɔn no na bɔne bae. (Deuteronomium 32:5) Yɛn awofo a wodi kan no gye too wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn ho nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Genesis 2:17; 3:1-5) Ɛno kɔfaa owu baa adesamma so. (Genesis 3:19; Romafo 5:12) Nea ɛbɛyɛ na Yehowa asiesie nsɛm a atuatew no de bae no, osii gyinae sɛ ɔbɛma kwan ma abɔnefosɛm akɔ so. Nanso, nea enti a ɔbɔɔ asase ne nnipa no nsesae. (Yesaia 45:18) Bere bi bɛba a mmarima ne mmea bɛtra ase daa wɔ Paradise wɔ asase a wɔasiesie so mu.—Mateo 6:10; Adiyisɛm 21:1-5.

Yesu Kristo nyɛ ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn, na mmom ɔyɛ Onyankopɔn Ba. Yesu Kristo ankasa kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Wanka da sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. Mmom no, ɔkae sɛ: “Agya no yɛ kɛse sen me.”—Yohane 14:28.

Yesu Kristo di dwuma titiriw bi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛbɛbam mu. Onyankopɔn somaa no “wiase sɛ hann na obiara a onya gyidi wɔ [ne] mu no antra sum mu.” (Yohane 12:46) Ɔsomafo Petro kae sɛ, “nkwagye nni obi foforo biara mu.” (Asomafo Nnwuma 4:12) Eyi yɛ nokware efisɛ yɛn nkwagye gyina Kristo mogya a ɛsom bo no so. (1 Petro 1:18, 19) Yesu Kristo de ne nkwa bɔɔ afɔre sɛ agyede de gyee adesamma fii bɔne a yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa de baa adesamma so no mu. (Mateo 20:28; 1 Timoteo 2:6) Afei nso, Onyankopɔn nam Yesu so maa N’apɛde ne n’atirimpɔw daa adi.—Yohane 8:12, 32, 46, 47; 14:6; Asomafo Nnwuma 26:23.

Onyankopɔn de ɔsoro Ahenni, anaa nniso, a Yesu Kristo ne wɔn a wɔapaw wɔn afi nnipa mu wom asi hɔ. Saa asɛmti yi pue mpɛn pii wɔ Bible mũ no nyinaa mu. Onyankopɔn de ahyɛ nniso yi nsa sɛ ɛmma n’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ wɔ soro no. (Mateo 6:10) Ná ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɔde nnipa bi befi asase so akɔ soro. Ná asase no na ɛbɛyɛ wɔn fie. Nanso, nnipa yɛɛ bɔne akyi no, Onyankopɔn yɛɛ biribi foforo ho nhyehyɛe. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛpaw nnipa afi “abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu” na wɔne Kristo ‘adi ahene’ wɔ ɔsoro nniso bi mu. (Adiyisɛm 5:9, 10) Ɛrenkyɛ, saa Ahenni nniso no ‘bebubu’ nnipa nniso a ɛde amanehunu ne ɛyaw aba adesamma so no nyinaa “ama asã.”—Daniel 2:44.

Ɔkra no wu. Saa nokwasɛm titiriw a ɛwɔ Bible mu yi kyerɛkyerɛ nsɛm a ɛfa nnipa ne n’asetra ho mu ma emu da hɔ yiye. Ɛsan nso yi tebea a awufo wom ho nsɛm a ntease nnim ne atosɛm a ɛfa ho a ama nkurɔfo adwene ayɛ wɔn basaa no fi hɔ.

Bible mu nhoma a edi kan koraa no ka kyerɛ yɛn sɛ: ‘Yehowa Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.’ (Genesis 2:7) Wote nea ɛno kyerɛ ase? Ɔkra no nyɛ biribi a ɛhyɛ nnipa mu a wontumi nhu. Onipa nni ɔkra. Ɔyɛ ɔkra—wɔde “fam dɔte” mu nneɛma bi ne nkwa home anaa nkwa tumi a efi Onyankopɔn hɔ na ɛyɛɛ no. Ɔkra tumi wu. Enti sɛ onipa wu a, ɔkra no wu.—Genesis 3:19; Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

Wɔnam owusɔre so betumi de wɔn a wɔawuwu no asan aba nkwa mu. Sɛ bere tiawa a Onyankopɔn ama kwan ama amanehunu rekɔ so no ba awiei a, “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne na wɔafi adi; wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔyɛɛ akyide no akɔ atemmu sɔre mu.” (Yohane 5:28, 29; Asomafo Nnwuma 24:15) Wɔnam owusɔre so bɛsan de nnipa aba nkwa mu wɔ paradise asase so ma wɔabenya asetra a Onyankopɔn dii kan bɔɔ ne tirim maa adesamma no.

Hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu Yiye Da Biara

So wuhu sɛnea nokwasɛm atitiriw a ɛte saa ho nimdeɛ a woanya no betumi aboa wo? Wɔ saa mmere a emu yɛ den a basabasayɛ wom yi mu no, nimdeɛ a ɛte saa no betumi abɔ wo ho ban afi “nea wodi atoro frɛ no ‘nimdeɛ’” a Satan Ɔbonsam retrɛw mu no ho. Ɔyɛ ne ho sɛ “hann bɔfo” na n’asomfo nso yɛ wɔn ho sɛ “trenee asomfo.” (1 Timoteo 6:20; 2 Korintofo 11:13-15) Bible mu nokware nimdeɛ betumi abɔ wo ho ban afi nea wɔfrɛ no nimdeɛ a egyina wiase “anyansafo ne animdefo” a ‘wɔapa Yehowa asɛm’ nyansapɛ so ho.—Mateo 11:25; Yeremia 8:9.

Esiane sɛ na atoro nkyerɛkyerɛ ne nyansapɛ pii wɔ ɔsomafo Yohane bere so nti, ɔbɔɔ afeha a edi kan no mu Kristofo kɔkɔ sɛ: “Munnnye honhom mu nsɛm nyinaa nnni.” Ɔkae sɛ: “Monsɔ honhom mu nsɛm no nhwɛ sɛ efi Nyankopɔn anaa.” (1 Yohane 4:1) Susuw mfatoho a edi so yi ho hwɛ. Sɛ wunya nkra bi a ebetumi aka w’asetra kɛse a, wobɛfa no saa ara esiane sɛ ɛte sɛ nea efi obi a wugye no di hɔ nti? Dabida. Mmom no, wobɛhwɛ baabi a efi na woahwehwɛ mu yiye ansa na woayɛ ho biribi.

Onyankopɔn nam n’asɛm a wama wɔakyerɛw a nokware atitiriw wom no so ama ayɛ yiye sɛ wubetumi ‘asɔ’ ahwɛ ahu sɛ akanea a ɛrekyerɛ wo kwan no yɛ nokware. (1 Tesalonikafo 5:21) Wɔkamfoo nnipa a na wɔwɔ adwempa wɔ afeha a edi kan no mu no sɛ “da biara na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye” hwɛ sɛ nea wosuae no ne nokware no anaa. (Asomafo Nnwuma 17:11) Wo nso wubetumi ayɛ saa ara. Ma Bible no nkyerɛ wo kwan nkosi awiei te sɛ “kanea a ɛhyerɛn sum” mu. (2 Petro 1:19-21) Sɛ woyɛ saa a, “wubehu . . . Onyankopɔn ho nimdeɛ” a ɛma wonya nokware nimdeɛ no.—Mmebusɛm 2:5.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Onyankopɔn Asɛm te sɛ kanea

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Onyankopɔn din de dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Dɛn na adesamma benya daakye?

[Mfonini wɔ kratafa 6]

So Yesu yɛ ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn?

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Ɛhe na awufo wɔ?

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Awufo a wobenyan wɔn yɛ Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw no mu biako