Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa Hwehwɛ Nimdeɛ

Nnipa Hwehwɛ Nimdeɛ

Nnipa Hwehwɛ Nimdeɛ

NYANSAHUFO Enrico Fermi a wagye din yere Laura Fermi kae sɛ, “Ɛnyɛ obi a onnim hwee afɛ koraa ne obi a ɔwɔ nimdeɛ.” Ebia ebinom begye kyim aka sɛ sɛ ani anhu a, ɛnyɛ tan. Nanso, nnipa dodow no ara gye tom sɛ nea ɔkae no yɛ nokware wɔ nyansahu mu nhwehwɛmu ne asetra mu nhwehwɛmu afoforo mu nso. Esiane sɛ nnipa pii nni nimdeɛ nti, ama wɔde wɔn ti apempem wɔ nhomasua mu, abrabɔ mu, ne Onyankopɔn som ho nsɛm mu mfehaha pii.—Efesofo 4:18.

Ɛno nti na mmadwemma hwehwɛ nimdeɛ no. Wɔpɛ sɛ wohu nea enti a yɛte ase ne nea yɛn daakye bɛyɛ. Wɔasɔ akwan pii ahwɛ wɔ nimdeɛ a wɔhwehwɛ mu. Ma yensusuw emu bi ho nhwɛ tiawa.

So Wobetumi Afa Nyamesom so Anya Nimdeɛ?

Sɛnea Buddhafo atetesɛm kyerɛ no, na amane a nnipa hu ne owu ho asɛm haw Siddhārtha Gautama a ɔde Budhasom bae no yiye. Ɔka kyerɛɛ Hindusom mu akyerɛkyerɛfo no sɛ wɔmmoa no mma onhu “nokware kwan no.” Ebinom ka kyerɛɛ no sɛ ɔnteɛteɛ n’apɔw mu na onsusuw nneɛma ho nkɔ akyiri na ɔmfa nneɛma nkame ne ho denneenen. Awiei koraa no, Gautama yɛɛ n’adwene sɛ n’ankasa besusuw nneɛma ho akɔ akyiri na ɔnam so anya nokware nimdeɛ.

Afoforo anom nnuru a eyi wɔn adwene fi wiase nsɛm so kɔ akyirikyiri sɛ ɔkwan a wɔnam so hwehwɛ nimdeɛ. Sɛ nhwɛso no, ɛnnɛ, Amerika asɔre bi asɔremma kyerɛ sɛ aduru bi wɔ afifide bi a wɔfrɛ no peyote mu a sɛ wɔnom a eyi wɔn adwene fi wiase nsɛm so, na ɛma wonya “nimdeɛ a ahintaw.”

Ná Jean-Jacques Rousseau a ɔyɛ Franseni nyansapɛfo a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 18 no mu gye di sɛ obi a ɔrepɛ biribi ahu paa betumi anya honhom mu anisoadehu bi afi Nyankopɔn hɔ. Ɔbɛyɛ dɛn ahu? Ɔnam “nea Onyankopɔn ma ɛba ne komam” a obetie so. Rousseau kae sɛ sɛnea wote nka wɔ nneɛma ho, kyerɛ sɛ, nea wo nkate ne w’ahonim ka kyerɛ wo no na ɛsɛ sɛ “woma ɛkyerɛ wo kwan na ɛnyɛ nea nkurɔfo keka.”—History of Western Philosophy.

So Wobetumi Afa Nea Wɔn Adwene Kyerɛ Wɔn So?

Rousseau bere sofo no pii ne no anyɛ adwene koraa wɔ saa nyamesom kwan a ɔkyerɛe sɛ wɔmfa so no ho. Sɛ nhwɛso no, Franseni foforo a wɔfrɛ no Voltaire tee nka sɛ ɛyɛ nyamesom mmom na amma nnipa anhwehwɛ nimdeɛ, na ɛno titiriw na amma Europafo anhwehwɛ nimdeɛ, na ɛma wodii gyidihunu akyi, na wɔannye afoforo nsusuwii nso antom. Abakɔsɛm akyerɛwfo frɛ saa bere no Bagyimibere.

Voltaire de ne ho hyɛɛ Europafo kuw a na wɔyɛ nhwehwɛmu a na wɔfrɛ no Nyansapɛ kuw mu. Kuw no mufo san kɔfaa tete Helafo adwenkyerɛ a ɛne sɛ nnipa nsusuwii ne nyansahu a wɔnam so yɛ nhwehwɛmu ne nneɛma titiriw a ɛma nnipa nya nokware nimdeɛ. Ná nyansapɛ kuw no muni foforo, Bernard de Fontenelle, susuw sɛ sɛ wɔma kwan ma nnipa kyerɛ wɔn adwene na wosusuw nsɛm ho a, “yebenya nimdeɛ pii da biara da wɔ mfe ɔha a ɛda yɛn anim no mu na yɛn werɛ befi mfe ɔhaha pii a na yenni nimdeɛ no.”—Encyclopædia Britannica.

Eyinom yɛ adwenkyerɛ ahorow a enhyia a wɔkyerɛ sɛ wɔfa so nya nimdeɛ mu kakraa bi. So ‘akwankyerɛ pa’ bi ankasa wɔ hɔ a yebetumi afa so ahu nokware a yɛhwehwɛ no? Susuw nea asɛm a edi hɔ no ka wɔ baabi a yebetumi anya nimdeɛ a edi mu no ho hwɛ.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Gautama (Buddha), Rousseau, ne Voltaire faa akwan horow so hwehwɛɛ nimdeɛ