Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔwoo Wɔn Sɛ Ɔman A Onyankopɔn Apaw Wɔn Mufo

Wɔwoo Wɔn Sɛ Ɔman A Onyankopɔn Apaw Wɔn Mufo

Wɔwoo Wɔn Sɛ Ɔman A Onyankopɔn Apaw Wɔn Mufo

“Wo Nyankopɔn apaw wo sɛ bɛyɛ ɔman a wafa.”—DEUTERONOMIUM 7:6.

1, 2. Anwonwade bɛn na Yehowa yɛ maa ne nkurɔfo, na abusuabɔ bɛn na Israelfo no ne Onyankopɔn benyae?

WƆ AFE 1513 A.Y.B. mu no, Yehowa ne n’asomfo a wɔwɔ asase so hyehyɛɛ abusuabɔ foforo bi. Saa afe no, Yehowa brɛɛ wiase tumidi bi ase na ogyee Israelfo fii nkoasom mu. Ɔnam saa a ɔyɛe no so bɛyɛɛ wɔn Gyefo ne wɔn Wura. Ansa na Onyankopɔn regye wɔn no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo sɛ: Mene [Yehowa, NW] na megye mo mafi Misraim nkoasom no ase, na mayi mo mafi wɔn anyadimɔ no mu, na mede basa a ateɛ ne atemmu kɛse magye mo. Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ mo Onyankopɔn.”—Exodus 6:6, 7.

2 Bere a Israelfo fii Misraim akyi bere tiaa bi no, wɔne Yehowa wɔn Nyankopɔn yɛɛ apam bi. Afei de na Yehowa ne ankorankoro, ne mmusua nni nsɛm bio, na mmom na ɔbɛboaboa nkurɔfo bi ano ayɛ wɔn ne man wɔ asase so. (Exodus 19:5, 6; 24:7) Ɔmaa ne nkurɔfo mmara a wɔde bɔɔ wɔn bra da biara da, na nea ɛho hia sen saa koraa no, na ɛbɛma wɔahu sɛnea wɔbɛsom no. Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔman kɛse bɛn na wɔwɔ onyame bi a ɔbɛn wɔn sɛ [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn, yɛn frɛ a yɛfrɛ no nyinaa mu yi? Na ɔman kɛse bɛn na ɛwɔ ahyɛde ne atemmude trenee sɛ mmara a mede resi mo anim nnɛ yi nyinaa?”—Deuteronomium 4:7, 8.

Wɔwoo Wɔn sɛ Ɔman a Wɔyɛ Adansefo

3, 4. Ade titiriw bɛn nti na wɔpaw Israel sɛ Onyankopɔn man?

3 Wɔ mfehaha pii akyi no, Yehowa nam ne diyifo Yesaia so kaee Israelfo ade titiriw nti a ɔpaw wɔn sɛ ne man no. Yesaia kae sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] a ɔbɔɔ wo, Yakob, na ɔnwenee wo, Israel, no ka ni: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, me na wowɔ me. Na me, [Yehowa, NW] mene wo Nyankopɔn, Israel kronkronni, wo gyefo no. . . . Fa me mmabanin fi akyirikyiri bra, ne me mmabea fi asase ano: obiara a wɔbɔ me din frɛ no, na mebɔɔ no memaa m’anuonyam, menwenee no na meyɛɛ no no. Mone m’adansefo, [Yehowa, NW] na ose, ne m’akoa a mayi no no, . . . ɔman a manwene wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyi akyerɛ.”—Yesaia 43:1, 3, 6, 7, 10, 21.

4 Esiane sɛ na Yehowa din da Israelfo no so nti, na wobedi ne tumidi ho adanse akyerɛ amanaman. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ nkurɔfo a ‘wɔabɔ wɔn ama Yehowa anuonyam.’ Ná ɛsɛ sɛ ‘wɔka Yehowa ayeyi,’ ne gye a ogyee wɔn anwonwakwan so no ho asɛm kyerɛ na wɔfa so hyɛ ne din kronkron no anuonyam. Ne tiawa mu no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔman a wodi Yehowa ho adanse.

5. Ɔkwan bɛn so na na Israel yɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so?

5 Wɔ afeha a ɛto so 11 A.Y.B. no, Ɔhene Salomo kae sɛ, na Yehowa ayi Israel man no afa. Salomo kae wɔ mpaebɔ mu kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wo [Yehowa, NW] Nyankopɔn, wo ara na wuyii wɔn yɛɛ agyapade fii asase so aman nyinaa mu.” (1 Ahene 8:53) Ná Israelni biara nso ne Yehowa wɔ abusuabɔ soronko. Ná Mose adi kan aka akyerɛ wɔn sɛ: “[Yehowa, NW] wo Nyankopɔn mma ne mo, . . . na ɔman kronkron ne wo ma [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn.” (Deuteronomium 14:1, 2) Enti na ɛho nhia sɛ Israelfo mma hyira wɔn ho so ma Yehowa. Ná wɔwo wɔn sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so dedaw. (Dwom 79:13; 95:7) Wɔde Yehowa mmara kyerɛkyerɛɛ nkyirimma biara, na esiane apam a na Yehowa ne Israel ayɛ nti na ɛsɛ sɛ wɔn nso di ne mmara so.—Deuteronomium 11:18, 19.

Ná Israelfo no Tumi Paw Nea Wɔpɛ Biara

6. Dɛn na na ɛsɛ sɛ Israelni biara paw sɛ ɔbɛyɛ?

6 Ɛwom sɛ wɔwoo Israelfo sɛ ɔman bi a na wɔahyira wɔn ho so mufo de, nanso na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si ne gyinae sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn anaasɛ ɔrensom no. Ansa na Israelfo no redu Bɔhyɛ Asase no so no, Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase midi mo adanse sɛ: Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa, na dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, efisɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodow, na woatra asase a [Yehowa, NW] kaa w’agyanom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.” (Deuteronomium 30:19, 20) Enti, na ɛsɛ sɛ Israelni biara paw sɛ ɔbɛdɔ Yehowa, atie ne nne, na wabata ne ho. Esiane sɛ na Israelfo no tumi paw nea wɔpɛ nti, na nea wɔyɛ ho asodi bɛda wɔn so.—Deuteronomium 30:16-18.

7. Dɛn na esii wɔ Yosua bere sofo no wu akyi?

7 Atemmufo no bere no ma yehu nea efi nokware a wodi ne nokware a wonni mu ba pefee. Aka kakra ma atemmufo no bere no afi ase no, Israelfo dii Yosua nhwɛso pa no akyi na wohyiraa wɔn. “Na ɔman no som [Yehowa, NW] Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanyimfo a wonyin kyɛe Yosua akyi nyinaa na wohuu [Yehowa, NW] nnwuma akɛse a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.” Nanso, wɔ Yosua wu akyi no, “awo ntoatoaso foforo dii wɔn akyi bae, nnipa a wonnim [Yehowa, NW] ne nneyɛe a ɔyɛ maa Israel no nso. Na Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ [Yehowa, NW] ani so bɔne.” (Atemmufo 2:7, 10, 11) Ɛda adi sɛ, awo ntoatoaso a na wonnyinii na wonni suahu no ani ansɔ hokwan a na wɔanya sɛ wɔyɛ ɔman bi a na wɔahyira wɔn ho so mufo, ɔman a na wɔn Nyankopɔn Yehowa ayɛ anwonwade ama wɔn bere bi a na atwam no.—Dwom 78:3-7, 10, 11.

Wɔbɔɔ Wɔn Bra Sɛnea Wɔn Ahosohyira Te

8, 9. (a) Nhyehyɛe bɛn na ɛmaa Israelfo no tumi daa no adi sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa? (b) Dɛn na wɔn a wofi wɔn pɛ mu bɔɔ afɔre no nyae?

8 Yehowa maa ne nkurɔfo no nyaa hokwan ahorow a na ɛbɛma wɔatumi abɔ wɔn bra sɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so. Sɛ nhwɛso no, ne Mmara no ma wonyaa hokwan bɔɔ afɔre ahorow, a na emu bi yɛ nhyɛ, na afoforo nso yɛ nea wofi wɔn pɛ mu na wɔbɔ. (Hebrifo 8:3) Ná afɔre a wofi wɔn pɛ mu bɔ no bi ne ɔhyew afɔre, nnuan afɔre, ne asomdwoe afɔre. Ná eyinom yɛ akyɛde a wɔde ma Yehowa de hwehwɛ n’anim dom na wɔde da no ase.—Leviticus 7:11-13.

9 Yehowa ani sɔɔ saa afɔre ahorow a na wofi wɔn pɛ mu bɔ no. Wɔkaa ɔhyew afɔre ne nnuan afɔre no ho asɛm sɛ “eyi hua huamhuam ma [Yehowa, NW].” (Leviticus 1:9; 2:2) Sɛ wɔrebɔ asomdwoe afɔre no a, na wɔde aboa no mogya ne ne srade no ma Yehowa, na na asɔfo no ne nea ɔde afɔrebɔde no bae no we nam no bi. Enti na ɛyɛ aduan a egyina hɔ ma asomdwoe a ɛwɔ obi ne Yehowa ntam. Mmara no kae sɛ: “Sɛ mobɔ asomdwoe afɔre ma [Yehowa, NW] a, mommɔ no sɛnea ɛbɛma moasɔ ani.” (Leviticus 19:5) Ɛwom sɛ na Israelfo nyinaa nam awo so ahyira wɔn ho so ama Yehowa de, nanso wɔn a wofi wɔn pɛ mu bɔɔ afɔre no maa wɔn ahosohyira no dii mũ na ɛmaa ‘wɔsɔɔ ani’ na wonyaa nhyira pii.—Malaki 3:10.

10. Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ n’ani nnye nea ɛkɔɔ so wɔ Yesaia ne Malaki bere so no ho?

10 Nanso, mpɛn pii na Israel man a na wɔahyira wɔn ho so no anni Yehowa nokware. Yehowa nam ne diyifo Yesaia so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Woammrɛ me wo hyew afɔre nguan, na woamfa w’afɔre anhyɛ me anuonyam; mamma woamfa aduan afɔre ansom me.” (Yesaia 43:23) Afei nso, Yehowa ani ansɔ afɔre ahorow a wɔamfi koma ne ɔdɔ mu ammɔ no. Sɛ nhwɛso no, Yesaia akyi bɛyɛ mfe 300 wɔ odiyifo Malaki bere so no, Israelfo de mmoa a na wɔadi dɛm bɔɔ afɔre. Enti Malaki ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’ani nsɔ mo hwee, asafo [Yehowa, NW] na ose, na mo nsam ayɛyɛde nyɛ me fɛ. . . . Mode afow ade ne apakye ne ɔyarefo ba, na mode bɛyɛ ayɛyɛde; so megye mo nsam ma ayɛ me fɛ anaa? [Yehowa, NW] na ose.”—Malaki 1:10, 13; Amos 5:22.

Wɔpoo Wɔn sɛ Ɔman a Wɔahyira Wɔn Ho So

11. Hokwan bɛn na wɔde maa Israelfo no?

11 Bere a Israelfo bɛyɛɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no, Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Sɛ mubetie me nne na moadi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ me ahode afi aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me. Na mo de, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron.” (Exodus 19:5, 6) Ná Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no befi wɔn mu aba, na wama wɔanya hokwan sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni nniso no mufo a wodi kan. (Genesis 22:17, 18; 49:10; 2 Samuel 7:12, 16; Luka 1:31-33; Romafo 9:4, 5) Nanso Israelfo dodow no ara na wammɔ wɔn bra sɛnea wɔn ahosohyira no te. (Mateo 22:14) Wɔpoo Mesia no, na awiei koraa no wokum no.—Asomafo Nnwuma 7:51-53.

12. Nsɛm bɛn na Yesu ka de kyerɛe sɛ na wɔapo Israel sɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa?

12 Aka nna kakra ma Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ Yudafo nyamesom akannifo no sɛ: “Moankenkan no Kyerɛwnsɛm no mu sɛ, ‘Ɔbo a adansifo apo no ne nea abɛyɛ twea tibo. Efi Yehowa hɔ na eyi abam, na ɛyɛ yɛn nwonwa wɔ yɛn ani so’? Eyi nti na meka kyerɛ mo sɛ, wobegye Nyankopɔn ahenni afi mo nsam na wɔde ama ɔman a ɛbɛsow aba.” (Mateo 21:42, 43) Bere a Yesu reka akyerɛ wɔn sɛ na Yehowa apo wɔn sɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa no, ɔkae sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, nea okum adiyifo na osiw wɔn a wɔasoma wɔn ne nkyɛn abo—hwɛ mpɛn dodow ara a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase! Nanso moampɛ. Hwɛ! Wɔagyaw mo fie ama mo.”—Mateo 23:37, 38.

Ɔman Foforo a Wɔahyira Wɔn Ho So

13. Nkɔm bɛn na Yehowa hyɛe wɔ Yeremia bere so?

13 Wɔ odiyifo Yeremia bere so no, Yehowa hyɛɛ nkɔm foforo bi faa ne nkurɔfo ho. Ɛkenkan sɛ: “Hwɛ, nna bi reba, [Yehowa, NW] asɛm ni, sɛ me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo. Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee da a misusoo wɔn nsa miyii wɔn fii Misraim asase so a wɔn de, wobubuu m’apam bere a meyɛ wɔn wura no, [Yehowa, NW] asɛm ni. Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, [Yehowa, NW] asɛm ni, mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.”—Yeremia 31:31-33.

14. Bere bɛn na wɔhyehyɛɛ Yehowa man foforo a wɔahyira wɔn ho so no, na dɛn na wogyinaa so hyehyɛe? Kyerɛ saa ɔman foforo no.

14 Bere a Yesu wui na akyiri yi ɔde ne mogya a ohwie gui no bo kɔmaa n’Agya wɔ afe 33 Y.B. no, ɛnna wɔtoo apam foforo yi nhyɛase. (Luka 22:20; Hebrifo 9:15, 24-26) Nanso, bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no na wɔwoo ɔman foforo a ɛne “Nyankopɔn Israel” no, na saa bere no na apam foforo no fii ase yɛɛ adwuma. (Galatifo 6:16; Romafo 2:28, 29; 9:6; 11:25, 26) Bere a ɔsomafo Petro rekyerɛw Kristofo a na wɔasra wɔn no, ɔkae sɛ: “Moyɛ ‘abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron, nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko, sɛ monka’ nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso mu no ‘nneyɛe pa nkyerɛ.’ Mo na kan no na monyɛ ɔman, nanso seesei moyɛ Nyankopɔn man.” (1 Petro 2:9, 10) Wɔ afe 33 Y.B. no, ná abusuabɔ soronko a na Yehowa ne honam fam Israel wɔ no aba awiei. Ná Yehowa ayi ne nhyira afi honam fam Israel so akɔ honhom fam Israel, Kristofo asafo, “ɔman a ɛbɛsow” Mesia Ahenni no “aba” no so.—Mateo 21:43.

Ankorankoro Ahosohyira

15. Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, asubɔ bɛn na Petro hyɛɛ n’atiefo nkuran sɛ wɔmmɔ no?

15 Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. akyi no, na ɛsɛ sɛ Yudani anaa Amanaman muni biara hyira ne ho so ma Onyankopɔn na ɔbɔ asu wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” * (Mateo 28:19) Wɔ Pentekoste da no, ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu a wɔwɔ koma pa no sɛ: “Monsakra, na momma wɔmmɔ mo mu biara asu wɔ Yesu Kristo din mu na moanya bɔne fafiri, na mubenya honhom kronkron akyɛde a wɔde ma kwa no.” (Asomafo Nnwuma 2:38) Ná ɛsɛ sɛ Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu no nyinaa kyerɛ sɛ wɔnam wɔn asubɔ no so ahyira wɔn ho so ama Yehowa, na wɔsan gye tom sɛ Yehowa nam Yesu so na ɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. Ná ɛsɛ sɛ wogye Yesu tom sɛ Yehowa Sɔfopɔn ne wɔn Kannifo, na ɔno ne Kristofo asafo no Ti.—Kolosefo 1:13, 14, 18.

16. Wɔ Paulo bere so no, ɛyɛɛ dɛn na Yudafo ne Amanaman mufo a na wɔfata ma nkwagye no bɛkaa honhom fam Israelfo no ho?

16 Mfe bi akyi no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Mekasa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko kan ne afei Yerusalem, ne Yudea mantam nyinaa mu, ne amanaman no, sɛ wɔnsakra wɔn adwene na wɔmfa nnwuma a ɛkyerɛ adwensakra so nnan mmra Onyankopɔn nkyɛn.” (Asomafo Nnwuma 26:20) Bere a Paulo maa Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa gye dii sɛ Yesu ne Kristo, Mesia no, ɔboaa wɔn ma wohyiraa wɔn ho so bɔɔ asu. (Asomafo Nnwuma 16:14, 15, 31-33; 17:3, 4; 18:8) Bere a asuafo foforo a wɔte saa dan baa Onyankopɔn nkyɛn no, wɔbɛkaa honhom fam Israelfo no ho.

17. Nsɔano adwuma bɛn na ɛreba n’awiei, na adwuma foforo bɛn na ɛrekɔ so ntɛmntɛm?

17 Ɛnnɛ, aka kakraa bi na wɔasɔ honhom fam Israelfo a wɔaka no ano awie. Sɛ wowie a, wɔbɛma “abɔfo baanan” a wokurakura ɔsɛe mframa a ɛde “ahohiahia kɛse no” bɛba no mu no agyae mu. Ansa na ɛno bɛba no, wogu so reboaboa “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa no ano ntɛmntɛm. Saa “nguan foforo” yi fi wɔn pɛ mu kyerɛ “Oguammaa no mogya mu” gyidi na wohyira wɔn ho so ma Yehowa de asubɔ yɛ ho sɛnkyerɛnne. (Adiyisɛm 7:1-4, 9-15; 22:17; Yohane 10:16; Mateo 28:19, 20) Wɔn mu pii yɛ mmofra a wɔn awofo a wɔyɛ Kristofo tetee wɔn. Sɛ woka mmofra a wɔte saa ho a, w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan asɛm a edi hɔ no.

[Ase hɔ asɛm]

Ntimu

• Adɛn nti na na ɛho nhia sɛ Israelfo mma hyira wɔn ho so ma Yehowa?

• Ná Israelfo no bɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wɔrebɔ wɔn bra sɛnea wɔn ahosohyira te?

• Dɛn nti na Yehowa poo Israel sɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so, na ɔkwan bɛn na ɔfaa so de ɔman foforo sii wɔn ananmu?

• Efi Pentekoste afe 33 Y.B. reba no, dɛn na na ɛsɛ sɛ Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa yɛ na ama wɔabɛka honhom fam Israelfo no ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Wɔwoo Israelfo mma sɛ ɔman a Onyankopɔn apaw wɔn no mufo

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ná ɛsɛ sɛ Israelni biara ankasa si gyinae sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Afɔre a Israelfo no fi wɔn pɛ mu bɔe no ma wonyaa hokwan de daa ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no adi

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, na ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo no mu biara hyira ne ho so ma Onyankopɔn na ɔde asubɔ yɛ eyi ho sɛnkyerɛnne