Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

HWƐ awerɛhosɛm ara a ɛtoo nnipa wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ! Ɔbɔfo bi sɔre tiaa Onii a ɔbɔɔ no no tumidi. Ɔbɔfo yi daadaa ɔbea a odi kan, Hawa, ma odii aduaba a na wɔabara wɔn sɛ wonni no bi. Ɔka kyerɛɛ ɔbea no ne ne kunu Adam sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu: na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” (Genesis 2:16, 17; 3:1-5) Wɔbɛfrɛɛ ɔbɔfo tuatewfo no Ɔbonsam ne Satan.—Adiyisɛm 12:9.

So Hawa tiee Satan nsɛm no? Bible no ka sɛ: “Ɔbea no hui sɛ dua no ye sɛ wodi, na ɛyɛ aniwa fɛ, na dua no dɔ kɔn na ɛbɛtew ani no, ɔtew n’aba no bi, na odii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na odii.” (Genesis 3:6) Yiw, awarefo a wodi kan, Adam ne Hawa kɔkaa Satan ho wɔ n’atuatew no mu. Nea efii mu bae ne sɛ, Paradise fii wɔn nsa, na ɛbɔɔ wɔn mma nso. Sɛ́ anka wɔbɛwo mma a wɔyɛ pɛ ma wɔatra ase daa no, bɔne ne owu mmom na wɔde gyaw wɔn.—Romafo 5:12.

Dɛn na Yehowa Nyankopɔn, amansan nyinaa Sodifo Pumpuni no yɛe? Ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔde bɔne afiri. (Romafo 5:8) Yehowa Nyankopɔn asan ayɛ nhyehyɛe de nniso bi a ebedi ɔhaw no ho dwuma asi hɔ. Wɔfrɛ nhyehyɛe yi “Onyankopɔn ahenni.” (Luka 21:31) Ahenni yi a ɛhyɛ Onyankopɔn amansan tumidi ase no bedi atirimpɔw pɔtẽẽ bi ho dwuma.

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni no atirimpɔw? Sɛ yɛde toto nnipa nniso ho a, ɔkwan bɛn so na ɛda nsow? Na bere bɛn na Ahenni no fi ase di tumi? Yebesusuw nsɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.