Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa W’adwene Si Nnepa A Yehowa Ahyehyɛde No De Ma So

Fa W’adwene Si Nnepa A Yehowa Ahyehyɛde No De Ma So

Fa W’adwene Si Nnepa A Yehowa Ahyehyɛde No De Ma So

“Wo fi nnepa bɛmee yɛn.”—DWOM 65:4.

1, 2. (a) Ná nea ɛbɛkɔ so wɔ asɔrefie hɔ no bɛka Onyankopɔn nkurɔfo dɛn? (b) Dɛn na Dawid yɛe de boaa asɔrefie no si?

DAWID ka nnipa a wɔda nsow a wɔtraa ase wɔ tete Israel a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no ho. Ɔbarima yi a na ɔyɛ oguanhwɛfo, odwontofo, odiyifo, ne ɔhene no de ne ho nyinaa too Yehowa Nyankopɔn so. Abusuabɔ a emu yɛ den a na Dawid ne Yehowa wɔ no ma onyaa ɔpɛ sɛ obesi fie ama Nyankopɔn. Ná ofie anaa asɔrefie no bɛyɛ beae titiriw a wɔde nokware som bɛma wɔ Israel. Ná Dawid nim sɛ nneɛma a ɛbɛkɔ so wɔ asɔrefie hɔ no bɛma Onyankopɔn nkurɔfo ani agye na wobenya so mfaso. Enti Dawid too dwom sɛ: “Nhyira ne nea wuyi no na woma ɔbɛn wo sɛ ɔntra w’abangua so. Wo fi nnepa bɛmee yɛn, w’asɔrefi kronkron nnepa no.”—Dwom 65:4.

2 Wɔamma Dawid kwan ma wanhwɛ Yehowa fie a na wobesi no so. Mmom no, wɔde hokwan no too hɔ maa ne ba Salomo. Ɛwom sɛ na Dawid ani gye ho paa sɛ obesi ɔdan no de, nanso wannwiinwii wɔ hokwan no a wɔde maa obi foforo no ho. Ade a na ehia no paa ne sɛ wobesi asɔrefie no. Oyii ne yam boaa adansi adwuma no denam ɔdan no ho nsusuwso a Yehowa de maa no a ɔde maa Salomo no so. Bio nso, Dawid boaboaa Lewifo pii ano kyekyɛɛ wɔn mu ma wɔyɛɛ adwuma, na ɔde sika ne dwetɛ ɔpepepem pii mae ma wɔde sii asɔrefie no.—1 Beresosɛm 17:1, 4, 11, 12; 23:3-6; 28:11, 12; 29:1-5.

3. Su bɛn na Onyankopɔn asomfo da no adi wɔ nhyehyɛe a wɔayɛ ama nokware som no ho?

3 Israelfo anokwafo no boaa nhyehyɛe a na wɔayɛ ama nokware som wɔ Onyankopɔn fie hɔ no. Ɛnnɛ nso, Yehowa asomfo boa nhyehyɛe a wɔayɛ wɔ Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no mu. Yɛnam saayɛ so kyerɛ sɛ yekura adwene a na Dawid wɔ no bi. Sɛ́ anka yebenwiinwii no, yɛde yɛn adwene si nnepa a Onyankopɔn ahyehyɛde no de ma yɛn so. Woasusuw nneɛma pa pii a yebetumi akyerɛ ho anisɔ no ho? Ma yensusuw eyinom bi ho nhwɛ.

Kyerɛ Wɔn a Wodi Anim no Ho Anisɔ

4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no di n’asɛyɛde ho dwuma? (b) Dɛn na Adansefo binom aka afa honhom fam aduan a wonya no ho?

4 Yɛwɔ nnyinaso pa a enti ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ akoa “nokwafo ne ɔbadwemma no” a Yesu Kristo de n’agyapade a ɛwɔ asase so ahyɛ wɔn nsa no ho anisɔ. Akoa kuw a wɔyɛ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no di asɛmpaka adwuma no anim, wɔyɛ nhyehyɛe ma yehyiam som, na wontintim Bible ho nhoma ahorow wɔ kasa bɛboro 400 mu. Asase so nnipa ɔpepem pii kyerɛ honhom fam “aduan” a wɔde ma wɔn wɔ “bere a ɛsɛ mu” no ho anisɔ. (Mateo 24:45-47) Ɛda adi sɛ yenni biribiara a yebegyina so anwiinwii.

5 Elfi, Yehowa Danseni bea bi a ne mfe akɔ anim de mfe pii asom Yehowa. Onya awerɛkyekye ne mmoa pii fi Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛwɔ akoa kuw no nhoma ahorow a ɔde di dwuma no mu. Anisɔ a Elfi wɔ no kaa no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛnyɛ Yehowa ahyehyɛde no a, anka mɛyɛ dɛn?” Peter ne Irmgard nso de mfe pii asom Nyankopɔn. Irmgard kyerɛ nhoma ahorow a “Yehowa ahyehyɛde a efi ɔdɔ mu hwɛ ne nkurɔfo so atintim no nyinaa ho anisɔ kɛse.” Wɔayɛ nhoma ahorow yi bi ama nnipa a wɔwɔ ahiade soronko te sɛ anifuraefo ne asotifo.

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔhwɛ asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa dwumadi so? (b) Dɛn na ebinom aka afa Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no ho?

6 Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo yɛ mmarima kakraa bi a wɔde honhom asra wɔn. Saa mmarima yi a wɔresom wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, no na wogyina “akoa nokwafo” no ananmu. Sodikuw no paw Yehowa asomfo a wɔn ho akokwaw ma wɔhwɛ asafo ahorow bɛboro 98,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no dwumadi so wɔ Betel adwumayɛbea ahorow mu. Wɔpaw mmarima a wodu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ahorow ho no ma wɔsom sɛ mpanyimfo ne asomfo wɔ asafo ahorow yi mu. (1 Timoteo 3:1-9, 12, 13) Mpanyimfo no di asafo no anim na wofi ɔdɔ mu hwɛ Nyankopɔn nguankuw a ɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa no so. Nokwasɛm ni, mfaso wɔ so sɛ obi bɛyɛ saa nguankuw no muni na wanya ɔdɔ ne biakoyɛ a ɛwɔ “anuanom nyinaa” ntam no bi!—1 Petro 2:17; 5:2, 3.

7 Sɛ́ anka ankorankoro benwiinwii no, wɔkyerɛ akwankyerɛ a wonya fi mpanyimfo no hɔ no ho anisɔ. Sɛ nhwɛso no, susuw Birgit a ɔyɛ Kristoni bea warefo a wadi boro mfe 30, no ho hwɛ. Bere a na onya nnii mfe aduonu no, ɔbɔɔ fekuw bɔne, na ɛkaa dɛ́ na anka ɔtɔɔ asiane mu. Nanso Bible mu afotu a emu da hɔ a asafo mu mpanyimfo ne mfɛfo agyidifo de maa no no boaa no ma ofii asiane a anka ɔrekɔ mu no mu. Seesei, Birgit te nka dɛn? Ɔka sɛ: “Ɛyɛ me anigye paa sɛ me da so ara wɔ Yehowa ahyehyɛde a ɛda nsow yi mu.” Aberante bi a wadi mfe 17 a wɔfrɛ no Andreas ka sɛ: “Eyi ne Yehowa ahyehyɛde ampa, edi mu sen ahyehyɛde biara wɔ asase yi so.” So ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ nnepa a yenya fi Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no ho anisɔ?

Wɔn a Wodi Anim no Nyɛ Pɛ

8, 9. Dawid bere sofo binom yɛɛ wɔn ade dɛn, na dɛn na Dawid yɛe wɔ ho?

8 Nokwarem no, wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wonni nokware som anim no nyɛ pɛ. Wɔn nyinaa di mfomso, na ebinom wɔ mmerɛwyɛ a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi so. So ɛsɛ sɛ yɛma eyi haw yɛn? Dabi. Nnipa a wɔde asɛyɛde pii hyehyɛɛ wɔn nsa wɔ tete Israel no dii mfomso a anibere wom. Sɛ nhwɛso no, bere a na Dawid yɛ aberantewaa no, wɔmaa no dwumadi sɛ ɔmmɔ nnwom mfa nnwudwo Ɔhene Saul a na wahaw no koma. Nanso akyiri yi, Dawid guan de peree ne nkwa esiane mmɔden a Saul bɔe sɛ obekum no no nti.—1 Samuel 16:14-23; 18:10-12; 19:18; 20:32, 33; 22:1-5.

9 Israelfo binom nso anni nokware. Sɛ nhwɛso no, Dawid sraani panyin Yoab kum Saul busuani Abner. Absalom pam n’agya Dawid tiri so sɛ anka ɔde repɛ ahenni no. Dawid fotufo a na ogye no di paa, Ahitofel, yii no mae. (2 Samuel 3:22-30; 15:1-17, 31; 16:15, 21) Nanso ne nyinaa akyi no, Dawid anwiinwii anhyɛ obiara; saa ara nso na wannyae nokware som, na mmom ɔkɔɔ so traa mu. Ahohia maa Dawid de ne ho bataa Yehowa ho na ɔkɔɔ so kuraa su pa a ɔwɔ no mu bere a oguan fii Saul nsam no. Saa bere no, Dawid too dwom sɛ: “Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra guan toa wo, na wo ntaban ase nwini mu na mepɛ me guandɔbea kosi sɛ ahohia yi betwam.”—Dwom 57:1.

10, 11. Osuahu bɛn na Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Gertrud nyae bere a na ɔyɛ ababaa no, na dɛn na ɔkae wɔ mfɛfo agyidifo mmerɛwyɛ ho?

10 Yenni biribiara a yebetumi agyina so anwiinwii sɛ afoforo nni nokware wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu nnɛ. Yehowa, n’abɔfo no anaa ahwɛfo a wɔhwɛ asafo no so no remma kwan mma nkontompofo ntra Kristofo asafo no mu. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn nyinaa wɔ mmerɛwyɛ—yɛn ankasa yɛn mmerɛwyɛ ne Onyankopɔn asomfo afoforo de.

11 Bere a Gertrud a ɔde bere tenten asom Yehowa no yɛ ababaa no, wɔbɔɔ no sobo sɛ ɔnyɛ bere nyinaa Ahenni dawurubɔfo, na mmom ɔyɛ ɔdaadaafo. Ɔyɛɛ n’ade dɛn? So Gertrud nwiinwii wɔ sɛnea wɔne no dii nsɛm no ho? Dabi. Aka kakraa bi ma wawu wɔ afe 2003 mu bere a na wadi mfe 91 no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Eyi, ne nsɛm afoforo a esisii akyiri no ma mihui sɛ, ɛmfa ho mfomso a afoforo di no, Yehowa de akwankyerɛ ma yɛn a yɛnyɛ pɛ wɔ adwuma titiriw a yɛreyɛ no ho.” Sɛ Gertrud ne Onyankopɔn asomfo afoforo nya asɛm a, na ofi ne koma nyinaa mu kɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ mu.

12. (a) Nhwɛso bɔne bɛn na afeha a edi kan no mu Kristofo binom yɛe? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so?

12 Esiane sɛ Kristofo anokwafo a wɔwɔ ahofama mpo nyɛ pɛ nti, sɛ wɔn a wɔapaw wɔn no mu bi di mfomso a, momma yɛnkɔ so “nyɛ biribiara a anwiinwii . . . nnim.” (Filipifo 2:14) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ awerɛhow sɛ yebesuasua Kristofo kakraa bi a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan mu no nhwɛso bɔne no! Sɛnea osuani Yuda kyerɛ no, na atoro akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ hɔ saa bere no ‘mmu tumidi na na wɔkasa tia anuonyamfo no.’ Bio nso na saa abɔnefo no ‘yɛ anwiinwiifo a nea wɔwɔ biara nsɔ wɔn ani.’ (Yuda 8, 16) Momma yɛnkwati anwiinwiifo akwan na yɛmfa yɛn adwene nsi nneɛma pa a yenya fi “akoa nokwafo” hɔ no so. Momma yɛnkyerɛ nnepa a Yehowa ahyehyɛde no de ma no ho anisɔ na ‘yɛnkwati anwiinwii biara.’

“Asɛm Yi Ano Yɛ Den”

13. Ebinom yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ ho?

13 Bere a afeha a edi kan no mufo binom rekasa tia nnipa a wɔapaw wɔn no, na ebinom nso rekasa tia Yesu nkyerɛkyerɛ. Sɛnea Yohane 6:48-69 kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Nea odi me honam nom me mogya no wɔ daa nkwa.” Bere a wɔtee nsɛm yi no, “n’asuafo no mu pii” kae sɛ: “Asɛm yi ano yɛ den; hena na obetumi atie?” Na Yesu nim sɛ “n’asuafo no renwiinwii eyi ho.” Bio nso, “esiane eyi nti n’asuafo no mu bebree san kɔɔ nneɛma a ɛwɔ akyi no ho, na wɔne no annantew bio.” Nanso, ɛnyɛ asuafo no nyinaa na wonwiinwii. Hyɛ nea esii bere a Yesu bisaa asomafo 12 no sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” no nsow. Ɔsomafo Petro buaa no sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm; na yɛagye adi na yɛabehu sɛ wone Ɔkronkronni a ofi Nyankopɔn hɔ.”

14, 15. (a) Dɛn na ɛma ebinom kasa tia Kristofo nkyerɛkyerɛ bi? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Emanuel asɛm no mu?

14 Ɛnnɛ mmere mu nso, nnipa kakraa bi a wɔwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu a wɔn ani nnye Kristofo nkyerɛkyerɛ bi ho no anwiinwii ahyɛ Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no. Dɛn na ɛma wɔyɛ saa? Sɛnea Onyankopɔn yɛ n’ade ho ntease a wonni nti na wonwiinwii. Ɔbɔadeɛ no da nokware no adi kyerɛ ne nkurɔfo nkakrankakra. Ne saa nti, bere ne bere mu no, wɔde Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a ɛfata ma yɛn na ama nneɛma mu ada hɔ. Yehowa asomfo mu dodow no ara kyerɛ nsakrae a ɛte saa no ho anigye. Wɔn mu kakraa bi na wɔyɛ wɔn ho ‘atreneefo dodo’ ma enti wɔkasa tia nsakrae yi. (Ɔsɛnkafo 7:16) Ahomaso nso betumi ama obi ayɛ saa, na pɛsɛmenkominya adwene asum ebinom afiri. Sɛnea ɛte biara no, asiane wɔ anwiinwii a ɛte saa mu, efisɛ ebetumi ama yɛasan akɔ wiase no mu.

15 Sɛ nhwɛso no, na Emanuel yɛ Ɔdansefo a ogye nneɛma bi a ɔkenkan wɔ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nhoma ahorow mu no ho akyinnye. (Mateo 24:45) Ogyaee Kristofo nhoma ahorow kenkan na akyiri yi ɔka kyerɛɛ mpanyimfo a wɔwɔ ɛhɔnom asafo mu no sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo bio. Nanso wɔ bere tiaa bi akyi no, Emanuel behui sɛ, sɛɛ na Yehowa ahyehyɛde no nkyerɛkyerɛ yɛ nokware ampa. Ɔsan kɔɔ Adansefo no hɔ, na ogyee ne mfomso toom, ma wɔsan gyee no sɛ Yehowa Dansefo. Eyi maa n’ani gyei bio.

16. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛannye Kristofo nkyerɛkyerɛ binom ho akyinnye?

16 Sɛ yenya adwene sɛ yebenwiinwii esiane sɛ yɛnte nkyerɛkyerɛ bi a Yehowa nkurɔfo nyinaa gye tom no ase nti a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Sɛ ɛbaa saa a, ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho. Ebia akyiri yi, “akoa nokwafo” no betintim biribi de abɛkyerɛkyerɛ saa asɛmmisa no mu na ama yɛn adwenem ayɛ yɛn fann. Nyansa wom sɛ yɛbɛhwehwɛ Kristofo mpanyimfo hɔ mmoa. (Yuda 22, 23) Mpaebɔ, sua a yebesua ade, ne mfɛfo gyidifo a wɔn ani kũ Onyankopɔn som ho a yɛne wɔn bɛbɔ no betumi aboa yɛn ma yɛrennye akyinnye, na ɛbɛhyɛ Bible mu nokware a ɛhyɛ gyidi den a yɛnam Yehowa ahyehyɛde no so asua no mu den.

Nya Adwempa

17, 18. Sɛ anka yebenwiinwii no, su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛda no adi, na dɛn ntia?

17 Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ fi awosu mu tɔ kɔ bɔne so, ne saa nti ebia ebinom bɛtwe nsɛm mu denneennen. (Genesis 8:21; Romafo 5:12) Nanso sɛ yɛma anwiinwii yɛ yɛn su a, ɛbɛsɛe yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ. Enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi yɛn ho so na yɛannwiinwii.

18 Sɛ́ anka yebenwiinwii nneɛma a ɛrekɔ so wɔ asafo no mu ho no, ɛsɛ sɛ yenya adwempa na yɛde yɛn ho hyɛ nnwuma a ɛbɛma yɛakari pɛ mu. Eyi bɛma yɛayɛ nsi, yɛn ani begye, afoforo bebu yɛn, na yɛbɛyɛ den wɔ gyidi no mu. (1 Korintofo 15:58; Tito 2:1-5) Yehowa hwɛ ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ n’ahyehyɛde no mu, na Yesu nso nim nea ɛrekɔ so wɔ asafo ahorow no mu nnɛ, sɛnea na onim wɔ afeha a edi kan no mu no. (Adiyisɛm 1:10, 11) Tɔ wo bo ase twɛn Onyankopɔn ne Kristo a ɔyɛ asafo no Ti no. Ebia wɔde ahwɛfo no bedi dwuma de atenetene nneɛma a ɛho hia sɛ wosiesie no.—Dwom 43:5; Kolosefo 1:18; Tito 1:5.

19. Enkosi sɛ Ahenni no bedi adesamma so no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so?

19 Ɛrenkyɛ, nhyehyɛe bɔne yi nyinaa bɛba n’awiei, na Mesia Ahenni no bedi nneɛma nyinaa so. Enkosi saa bere no, hwɛ sɛnea ehia sɛ yɛn nyinaa kɔ so nya adwempa! Eyi bɛboa yɛn ma yɛahu su pa a yɛn mfɛfo gyidifo wɔ no sen sɛ yɛde yɛn adwene besi wɔn sintɔ ahorow so. Su pa ahorow a wɔwɔ a yɛde yɛn adwene besi so no bɛma yɛn ani agye. Ɛbɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛayɛ den wɔ Nyankopɔn som mu mmom sen sɛ yɛbɛma anwiinwii ahyɛ yɛn so.

20. Sɛ yenya adwempa a, mfaso bɛn na yebenya?

20 Adwempa a yebenya nso bɛboa yɛn ma yɛakae mfaso horow a yenya fi Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so a yɛne no bɔ no mu. Eyi nkutoo ne ahyehyɛde a ɛwɔ wiase a edi Nyankopɔn Amansan Tumidi no nokware. Saa nokwasɛm yi ne hokwan a woanya sɛ woresom nokware Nyankopɔn koro, Yehowa no ka wo dɛn? Ɛmmra sɛ wubenya su a Dawid a ɔtoo dwom yi daa no adi no bi: “Mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa ba. Nhyira ne nea wuyi no na woma ɔbɛn wo sɛ ɔntra w’abangua so. Wo fi nnepa bɛmee yɛn, w’asɔrefi kronkron nnepa no.”—Dwom 65:2, 4.

Wokae?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn a wodi asafo no anim no ho anisɔ?

• Sɛ wɔn a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no di mfomso a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

• Sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ Kyerɛwnsɛm mu ntease bi a yɛwɔ ho a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

• Dɛn na ɛbɛboa Kristoni ma wadi adwenem nããyɛ so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Dawid de asɔrefie no ho nsusuwso maa Salomo, na ofii komam boaa nokware som

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Kristofo mpanyimfo ani gye ho sɛ wɔde honhom fam mmoa bɛma