Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monkwati Anwiinwii Biara’

‘Monkwati Anwiinwii Biara’

‘Monkwati Anwiinwii Biara’

“Monkɔ so nyɛ biribiara a anwiinwii . . . nnim.”—FILIPIFO 2:14.

1, 2. Afotu bɛn na ɔsomafo Paulo de maa Kristofo a wɔwɔ Filipi ne Korinto no, na dɛn ntia?

PAULO kamfoo afeha a edi kan Kristofo asafo a na ɛwɔ Filipi no wɔ ne krataa a honhom kaa no ma ɔkyerɛw kɔmaa wɔn no mu. Ɔkamfoo ne mfɛfo agyidifo a na wɔwɔ saa kurow no mu no wɔ wɔn ayamye ne nsi a wɔde yɛɛ nnwuma pa no ho, na ɔkyerɛɛ ho anigye. Nanso, Paulo kaee wɔn sɛ ‘wɔnkɔ so nyɛ biribiara a anwiinwii nnim.’ (Filipifo 2:14) Dɛn nti na ɔsomafo no de afotu yi maa wɔn?

2 Ná Paulo nim nea ebetumi afi anwiinwii mu aba. Wɔ mfe kakraa bi a edi eyi anim no, na wabɔ Korintofo asafo no kɔkɔ wɔ asiane a efi anwiinwii mu ba no ho. Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, Israelfo wɔ sare so no, wɔkɔɔ so hyɛɛ Yehowa abufuw. Ɔkwan bɛn so? Wɔn kɔn dɔɔ bɔne, wɔsom abosom, wɔbɔɔ aguaman, wɔsɔɔ Yehowa hwɛe na wonwiinwii. Paulo hyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ wonsua biribi mfi nhwɛso horow yi mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Munnnwiinwii nso sɛnea wɔn mu binom nwiinwii na ɔsɛefo no sɛee wɔn no.”—1 Korintofo 10:6-11.

3. Dɛn nti na nnɛ ɛho abehia sɛ yesusuw anwiinwii ho?

3 Sɛ́ nnɛyi Yehowa asomfo no, yɛn nso yɛda su a na Filipifo asafo no wɔ no bi adi. Yɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden, na yɛdodɔ yɛn ho. (Yohane 13:34, 35) Nanso esiane nea anwiinwii ma ɛtoo Nyankopɔn nkurɔfo no nti, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yetie afotu yi: “Monkɔ so nyɛ biribiara a anwiinwii . . . nnim.” Nea edi kan no, momma yensusuw anwiinwii ho nhwɛso a wɔaka ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho. Ɛno akyi no, yebesusuw nea yebetumi ayɛ de akwati asiane a nnɛ nso ebetumi afi anwiinwii mu aba no ho.

Asafo a Wɔn Ani Nsɔ Ade Nwiinwii Hyɛɛ Yehowa

4. Ɔkwan bɛn so na Israelfo no nwiinwii wɔ sare no so?

4 Wɔde Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ sɛ ‘obi nwiinwii, osu gu ne yam, anaa ɔkasakasa nneɛma ho’ no dii dwuma wɔ Bible no mu de kaa nsɛm a esisii bere a Israelfo no de mfe 40 traa sare so no ho asɛm. Bere bi, Israelfo no ani ansɔ nea wɔwɔ ma enti wonwiinwii. Sɛ nhwɛso no, bere a woyii wɔn fii Misraim nkoasom mu no, ankyɛ koraa na “Israelfo asafo mũ no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron.” Israelfo no nwiinwii wɔ aduan ho, na wɔkae sɛ: “Anka [Yehowa, NW] mma yenwuwu ne nsa ano Misraim asase a yɛtete nam nkutu ho a yedidi mee no so! Na moayi yɛn aba sare yi so sɛ mode ɔkɔm rebekunkum asafo mũ yi nyinaa.”—Exodus 16:1-3.

5. Bere a Israelfo no nwiinwii no, na hena ankasa na na wɔrenwiinwii hyɛ no?

5 Nokwarem no, Yehowa maa Israelfo no nsa kaa nea wohia nyinaa wɔ sare no so, na ofi ɔdɔ mu maa wɔn aduan ne nsu. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na ɔkɔm bekunkum Israelfo no wɔ sare no so. Nanso esiane sɛ wɔn ani ansɔ nea wɔwɔ no nti, wɔhããhãã wɔn ani kaa wɔn tebea no ho asɛm na wofii ase nwiinwii. Ɛwom sɛ wonwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron de, nanso wɔ Yehowa ani so no, na Ɔno ankasa na wɔrekasa atia no. Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “[Yehowa, NW] ate mo anwiinwii a munwiinwii hyɛ no no; na dɛn ne yɛn? Ɛnyɛ yɛn na munwiinwii hyɛ, na mmom [Yehowa, NW].”—Exodus 16:4-8.

6, 7. Sɛnea ɛda adi wɔ Numeri 14:1-3 no, ɔkwan bɛn so na Israelfo no suban sesae?

6 Ɛno akyi bere tiaa bi no, Israelfo no san nwiinwii. Mose somaa akwansrafo 12 sɛ wɔnkɔhwɛ Bɔhyɛ Asase no. Amanneɛbɔ a wɔn mu 10 de bae no maa wɔn bo tui. Dɛn na efii mu bae? “Ɛnna asafo mũ no nyinaa momaa wɔn nne so, na ɔman no sui anadwo no. Na Israelfo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron, na asafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ka yɛn nko a, anka yewuwui Misraim asase so, anaa sare so ha mpo. Ka yɛn nko a, anka yɛawuwu. Na ɛdɛn nti na [Yehowa, NW] de yɛn reba [Kanaan] asase yi so sɛ yɛmmɛtotɔ nkrante ano, na wɔmfa yɛn yerenom ne yɛn mma nnommum? So enye mma yɛn sɛ anka yɛbɛsan akɔ Misraim bio?”—Numeri 14:1-3.

7 Hwɛ sɛnea Israelfo no suban sesae koraa! Bere a woyii wɔn fii Misraim na wogyee wɔn fii Po Kɔkɔɔ no mu no, mfiase no wɔn ani sɔe, na ɛkaa wɔn ma wotoo ayeyi dwom maa Yehowa. (Exodus 15:1-21) Nanso sare no so asetra a na wɔn ani nnye ho, ne Kanaanfo no ho suro nti, anisɔ a na Onyankopɔn nkurɔfo wɔ no yerae, na wɔn ani annye nea wɔwɔ no ho. Sɛ́ anka wɔbɛda Nyankopɔn ase wɔ ahofadi a wɔanya ho no, wɔbɔɔ no sobo sɛ ɔno na wama wɔn ho akyere wɔn. Enti anwiinwii amma wɔankyerɛ nea Yehowa ayɛ ama wɔn no ho anisɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa kae sɛ: “Mentɔ me bo ase memma asafo bɔne yi a wonwiinwii hyɛ me no nkosi da bɛn?”—Numeri 14:27; 21:5.

Anwiinwii a Ɛkɔɔ So wɔ Afeha a Edi Kan no Mu

8, 9. Ma anwiinwii ho nhwɛso a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu.

8 Nhwɛso ahorow a yɛasusuw ho yi fa nnipakuw bi a wɔn ani ansɔ wɔn tebea ma enti wɔdaa no adi wɔ baguam no ho. Nanso bere a na Yesu Kristo wɔ Yerusalem wɔ Asese Afahyɛ ase wɔ afe 32 Y.B. mu no, “ne ho asɛm yɛɛ huhuhuhu wɔ nnipakuw no mu.” (Yohane 7:12, 13, 32) Ná wɔredi ne ho nseku, na na ebinom reka sɛ ɔyɛ onipa pa na afoforo nso reka sɛ ɔyɛ onipa bɔne.

9 Bere foforo nso, Yesu ne n’asuafo no kɔɔ Lewi anaa Mateo a na ɔyɛ towgyeni no fie ma ɔsom wɔn hɔho. “Farisifo ne wɔn akyerɛwfo no nwiinwii kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Dɛn nti na mo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi nom yi?’” (Luka 5:27-30) Bere bi akyi a Yesu ne n’asuafo no kɔɔ Galilea no, “Yudafo no fii ase nwiinwii sɛ waka sɛ: ‘Mene paanoo a esiane fii soro no.’” Yesu akyidifo no binom mpo bo fuwii wɔ nea ɔkae no ho na wofii ase nwiinwii.—Yohane 6:41, 60, 61.

10, 11. Dɛn nti na Yudafo a wɔka Hela kasa no nwiinwii, na ɔkwan bɛn so na Kristofo mpanyimfo nya sɛnea wodii anwiinwii no ho dwuma no so mfaso?

10 Nanso biribi papa bi fii anwiinwii a ɛkɔɔ so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu akyi pɛɛ no mu bae. Ná asuafo a wɔwɔ Yudea no resom nnipa a wɔnyɛ Israelfo a wɔabɛyɛ Yesu asuafo no hɔho, nanso asɛm baa sɛnea na wɔkyɛ nneɛma ma wɔn no ho. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Yudafo a wɔka Hela kasa no nwiinwii tiaa Yudafo a wɔka Hebri kasa no, efisɛ na wɔabu wɔn ani agu wɔn akunafo so wɔ aduan a wɔkyekyɛ no daa no mu.”—Asomafo Nnwuma 6:1.

11 Ná anwiinwiifo yi nneyɛe nte sɛ nea Israelfo no yɛe wɔ sare so no. Yudafo a wɔka Hela kasa no ansusuw wɔn nkutoo ahiade ho. Wɔtwee adwene sii akunafo a na wɔabu wɔn ani agu wɔn ahiade so no so. Bio nso, anwiinwiifo yi anyɛ basabasa amma wɔn nne so ankasa antia Yehowa. Wɔkɔkaa nea na ɛhaw wɔn no ho sɛm kyerɛɛ asomafo no, na asomafo no dii ho dwuma ntɛm ara efisɛ na wɔn asɛm no wom. Akyinnye biara nni ho sɛ asomafo no yɛɛ nhwɛso pa maa Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ! Ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔhwɛ nguankuw no so no hwɛ yiye na ‘wɔansiw wɔn aso amfi ɔbrɛfo sũ ho.’—Mmebusɛm 21:13; Asomafo Nnwuma 6:2-6.

Hwɛ Yiye wɔ Sɛnea Anwiinwii Tumi Sɛe Ade no Ho

12, 13. (a) Ma mfatoho fa kyerɛ sɛnea anwiinwii tumi sɛe ade no mu. (b) Dɛn na ebetumi ama obi anwiinwii?

12 Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso a yɛasusuw ho no ama yɛahu sɛnea tete no anwiinwii sɛee ade kɛse wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Enti ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea anwiinwii betumi asɛe ade nnɛ no ho anibere so. Ebia mfatoho yi bɛboa ma asɛm no mu ada hɔ. Nnade pii tumi we nkannare. Sɛ dade fi ase we nkannare na wobu ani gu so a, ebetumi asɛe akodu baabi a wɔde yɛ hwee a ɛrenyɛ yiye. Nkannare betumi ama wɔagyaw kar bi asi hɔ a ɛnyɛ sɛ sɛe na asɛe, na mmom nnade no na awe nkannare ma enti ɛmfata sɛ nnipa tra mu bio. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de mfatoho yi atoto anwiinwii ho?

13 Sɛnea nnade tumi we nkannare no, saa ara na nnipa nso tumi nwiinwii. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ biribi a ebetumi ama yɛanwiinwii ho. Sɛnea obosu ne ɛpo mframa ma dade we nkannare ntɛmntɛm no, saa ara na sɛ yehyia amanehunu a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yebenwiinwii. Dadwen betumi ama yɛafa nsɛm nketenkete aniberesɛm. Bere a nna a edi akyiri yi mu tebea kɔ so sɛe no, nneɛma pii betumi ama yɛanwiinwii. (2 Timoteo 3:1-5) Ne saa nti, Yehowa asomfo betumi anwiinwii atia wɔn ho wɔn ho. Nsɛm nketenkete bi te sɛ afoforo mmerɛwyɛ, nea wotumi yɛ, anaa ɔsom mu hokwan a wɔwɔ no betumi ama yɛanwiinwii.

14, 15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nneɛma bi a ebetumi ama yɛanwiinwii ho?

14 Ɛmfa ho nea ɛhaw yɛn biara no, sɛ yɛanhwɛ sɛnea yenwiinwii wɔ nneɛma ho no yiye a, ɛremma yɛnkyerɛ nneɛma ho anisɔ, na ɛbɛma yɛanwiinwii bere nyinaa. Nokwarem no, anwiinwii betumi asɛe yɛn honhom fam yiyedi koraa. Bere a Israelfo no nwiinwii wɔ sare no so no, wɔyɛɛ ade kɔɔ akyiri araa ma wɔkasa tiaa Yehowa. (Exodus 16:8) Ɛnsɛ sɛ yɛma biribi a ɛte saa to yɛn!

15 Sɛ yɛmpɛ sɛ dade we nkannare a, yebetumi awerɛwerɛw baabi a nwewee no fi ase no, na yɛaka ho aduru ntɛm ara. Saa ara na sɛ yehu tebea bi a ebetumi ama yɛanwiinwii a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae ntɛm ara de di tebea no so. Ɔkwan bɛn so?

Nya Yehowa Adwene wɔ Nneɛma Ho

16. Yɛbɛyɛ dɛn adi tebea a ebetumi ama yɛanwiinwii no so?

16 Anwiinwii ma yɛdwene yɛn nkutoo ne yɛn haw ahorow ho. Eyi ma yebu yɛn ani gu mfaso horow a yenya sɛ Yehowa Adansefo no so. Sɛ tebea a ebetumi ama yɛanwiinwii sɔre, na yɛpɛ sɛ yedi ho dwuma a, ehia sɛ yesusuw nhyira a yenya no ho. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ hokwan kɛse a yɛanya sɛ Yehowa din da yɛn mu biara so. (Yesaia 43:10) Yebetumi ne “mpaebɔ Tiefo” no akasa bere biara, na yɛne no anya abusuabɔ a emu yɛ den. (Dwom 65:2; Yakobo 4:8) Esiane amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no ho ntease a yɛwɔ ne hokwan a yɛanya sɛ yedi Nyankopɔn nokware nti, yɛn asetra wɔ atirimpɔw ankasa. (Mmebusɛm 27:11) Yebetumi aka Ahenni no ho asɛmpa bere nyinaa. (Mateo 24:14) Yesu Kristo ogye afɔre no mu gyidi a yɛwɔ no ma yenya ahonim pa. (Yohane 3:16) Eyinom yɛ nhyira horow a yenya ɛmfa ho ɔhaw biara a yehyia no.

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho bere mpo a ebia ɛfata sɛ yenwiinwii no?

17 Mommma yɛmfa yɛn ankasa adwene nsusuw nneɛma ho, na mmom yɛnhwɛ Yehowa. Odwontofo Dawid too dwom sɛ: “[Yehowa, NW], kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so.” (Dwom 25:4) Sɛ ɛfata sɛ yenwiinwii wɔ biribi ho mpo a, Yehowa nim ne nyinaa. Obetumi adi ho dwuma ntɛm ara. Nanso dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a, ɔma yɛkɔ so hu amane? Ebia eyi bɛboa yɛn ma yɛanya su pa ahorow bi te sɛ abotare, boasetɔ, gyidi, ne abodwokyɛre.—Yakobo 1:2-4.

18, 19. Ma sɛnea yebetumi agyina nsɛnnennen ano a yɛrennwiinwii no ho nhwɛso.

18 Sɛ yɛannwiinwii na yegyina ɔhaw ahorow ano a, ɛma yenya su pa, na ebia ɛbɛka afoforo a wohu yɛn no ma wɔakyerɛ yɛn ho anigye. Wɔ afe 2003 mu no, Yehowa Adansefo bi de bɔs tuu kwan fii Germany kɔɔ nhyiam wɔ Hungary. Ná ɔhyɛnkafo no nyɛ Ɔdansefo ma enti na ɛhaw no sɛ ɔne Adansefo no bɛbɔ nnafua du a wɔde bɛkɔ nhyiam no asan aba no. Nanso bere a wɔkɔ bae no, ɔsesaa adwene a na ɔwɔ wɔ Yehowa Adansefo ho no koraa. Dɛn ntia?

19 Bɔs no haw wɔn wɔ akwantu no mu, nanso Adansefo no anwiinwii anhyɛ no da. Ɔhyɛnkafo no kae sɛ ɔmfaa nnipa a wɔwɔ suban pa saa da! Nokwarem no, ɔkae sɛ, bere biara a Adansefo no bɛba ne fie no, ɔbɛtɔ ne bo ase atie wɔn. Nhwɛso pa bɛn ara na anuanom yɛɛ sɛɛ yi. ‘Wɔkwatii anwiinwii’!

Bɔne Fafiri De Biakoyɛ Ba

20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde firi yɛn ho yɛn ho?

20 Na sɛ yɛwɔ asɛm bi tia yɛn yɔnko gyidini bi nso ɛ? Sɛ ɛyɛ aniberesɛm a, ɛsɛ sɛ yɛde nnyinasosɛm a ɛwɔ Yesu asɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 18:15-17 no di dwuma. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na eyi ho behia efisɛ ɛtɔ mmere bi a, na ɛyɛ nsɛm nketenkete. Dɛn nti na womfa tebea no sɛ hokwan a ɛbɛma wode bɔne afiri? Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara. Na eyinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kolosefo 3:13, 14) So yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛde afoforo mfomso befiri wɔn? So Yehowa nni nneɛma pii a obetumi agyina so abɔ yɛn sobo? Ɛte saa, nanso ɔkɔ so hu yɛn mmɔbɔ na ɔde yɛn bɔne firi yɛn.

21. Ɔkwan bɛn so na anwiinwii betumi aka afoforo?

21 Ɛmfa ho sɛnea ɔhaw no te biara no, anwiinwii ntumi nsiesie. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase ‘anwiinwii’ no nso betumi akyerɛ sɛ obi ‘bɛkasakasa nneɛma ho.’ Akyinnye biara nni ho sɛ yɛmpɛ sɛ yɛne onwiinwiifo bɛbɔ, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi ne ho. Sɛ yenwiinwii anaa yɛkasakasa a, wɔn a wɔretie yɛn no nso ani rennye yɛn ho. Nokwarem no, ebia ɛbɛhaw wɔn araa ma wɔbɛpɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi yɛn ho! Sɛ yɛkasakasa a, afoforo bɛte, nanso akyinnye biara nni ho sɛ ɛremma wɔn ani nnye yɛn ho.

22. Dɛn na abeawa bi ka faa Yehowa Adansefo ho?

22 Yehowa asomfo ani gye biakoyɛ ho, na sɛ yɛde bɔne firi a, ɛde biakoyɛ a ɛte saa ba. (Dwom 133:1-3) Wɔ Europa man bi so no, Katolekni abeawa bi a wadi mfe 17 kyerɛw krataa kɔmaa Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ hɔ no de kyerɛɛ sɛnea n’ani gye wɔn ho no. Ɔkae sɛ: “Eyi ne ahyehyɛde biako pɛ a minim sɛ nitan nni wɔn ntam, wɔnyɛ adifudepɛ, wɔwɔ afoforo ho abotare, wɔnyɛ pɛsɛmenkominya, na mpaapaemu nni wɔn mu.”

23. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

23 Anisɔ a yɛbɛkyerɛ wɔ nhyira a yɛn nsa ka sɛ Yehowa, nokware Nyankopɔn no asomfo ho no boa ma biakoyɛ tra yɛn ntam. Eyi ma yɛkwati anwiinwii bere a yɛne afoforo redi nsɛm no. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ yɛn sɛnea Onyankopɔn kyerɛkyerɛ yɛn ma yɛkwati sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ anwiinwii a ɛyɛ aniberesɛm mu—ɛne sɛ, yebenwiinwii ahyɛ Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no.

Wokae?

• Anwiinwii kyerɛ dɛn?

• Mfatoho bɛn na wubetumi de akyerɛkyerɛ sɛnea anwiinwii sɛe ade mu?

• Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛadi su a ɛma yenwiinwii no so?

• Sɛ yefi yɛn pɛ mu de bɔne firi a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati anwiinwii?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Israelfo no nwiinwii hyɛɛ Yehowa!

[Mfonini wɔ kratafa 17]

So wobɔ mmɔden sɛ wubenya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Bɔne fafiri de biakoyɛ ba Kristofo ntam