Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnwom Nhoma a Ɛto So Abiɛsa ne Anan no mu Nsɛntitiriw

Nnwom Nhoma a Ɛto So Abiɛsa ne Anan no mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Nnwom Nhoma a Ɛto So Abiɛsa ne Anan no mu Nsɛntitiriw

ODWONTOFO no bisaa Nyankopɔn wɔ mpaebɔ mu sɛ: “So wɔbɛka w’adɔe ɔda mu anaa wo nokwaredi ɔsɛe amoa mu?” (Dwom 88:11) Mmuae no yɛ dabi. Sɛ yɛnte nkwa mu a, yɛrentumi nyi Yehowa ayɛ. Yehowa bɔɔ yɛn sɛ yenyi no ayɛ, ma enti sɛ yɛte ase a, ɛfata sɛ yeyi no ayɛ.

Dwom 73 kosi 106 a ɛwɔ Nnwom Nhoma a Ɛto So Abiɛsa ne Anan mu no ma yenya nneɛma pii gyina so yi Ɔbɔadeɛ no ayɛ na yehyira ne din. Ɛsɛ sɛ nnwom yi a yebesusuw ho no ma yɛkyerɛ “Onyankopɔn Asɛm” ho anisɔ kɛse na ɛkanyan yɛn ma yeyi no ayɛ. (Hebrifo 4:12) Nea edi kan no, momma yɛmfa anigye nhwehwɛ Nnwom Nhoma a Ɛto So Abiɛsa no mu.

“ONYANKOPƆN NKYƐN TRA YE MA ME”

(Dwom 73:1–89:52)

Asaf anaa ne fiefo na wɔhyehyɛɛ nnwom mmiako mmiako 11 a edi kan wɔ Nnwom a ɛto so abiɛsa yi mu. Nnwom a wɔde fii nhoma no ase no twe adwene si nea ɛbɔɔ Asaf ho ban fii nsusuwii bɔne a na ɛde ne nkwa bɛto asiane mu no so. Ɔde n’asɛm baa awiei wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Na me de, Onyankopɔn nkyɛn tra ye ma me.” (Dwom 73:28) Dwom 74 a edi hɔ no ka abooboo a wodii wɔ Yerusalem sɛe ho no ho asɛm. Dwom 75, 76, ne 77 ma yehu sɛ, Yehowa yɛ Temmufo a obu atɛntrenee, Ogye ahobrɛasefo na ɔyɛ mpaebɔ Tiefo nso. Dwom 78 ka nneɛma a Israelfo no yɛe fi Mose bere so besi Dawid bere so ho asɛm. Dwom a ɛto so 79 kyerɛ yaw a wodii wɔ asɔrefie no sɛe no ho. Dwom a edi hɔ no ka Nyankopɔn nkurɔfo a na ɔbɛsan agye wɔn no mpaebɔ ho asɛm. Dwom 81 tu yɛn fo sɛ yɛnyɛ aso ntie Yehowa. Dwom 82 ne 83 yɛ Onyankopɔn atemmu a ɔde bɛba n’atamfo ne atemmufo a porɔwee ahyɛ wɔn ma no so.

Kora mma no too dwom sɛ: “Me kra ani gyina, ɛtɔ piti po, [Yehowa, NW] adiwo no nti.” (Dwom 84:2) Wɔsrɛɛ Onyankopɔn nhyiraa maa wɔn a wɔsan fii nnomumfa mu bae no wɔ Dwom 85 no mu. Dwom yi si sɛnea honhom fam nhyira so wɔ mfaso koraa sen honam fam nhyira no so dua. Wɔ Dwom 86 mu no, Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnkyerɛkyerɛ no na ɔmmɔ ne ho ban. Wɔtoo Sion ne wɔn a wɔwoo wɔn wɔ hɔ no ho dwom wɔ Dwom 87 mu, na Dwom 88 ka Yehowa a wɔbɔɔ no mpae no ho asɛm. Wosii Yehowa adɔe a ɔdaa no adi wɔ apam a ɔne Dawid yɛe mu no so dua wɔ Dwom 89. Ɛbɛyɛ sɛ mmarima anyansafo baanan a wɔtraa ase wɔ Salomo bere no mu baako a wɔfrɛ no Etan na ɔhyehyɛe dwom yi.—1 Ahene 4:31.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

73:9—Ɔkwan bɛn so na abɔnefo ‘ma wɔn ano du ɔsoro, na wɔn tɛkrɛma nenam asase so’? Esiane sɛ abɔnefo nni obu mma wɔn a wɔwɔ soro ne asase so nti, ɛnyɛ wɔn den koraa sɛ wɔde wɔn ano bɛka abususɛm atia Nyankopɔn. Afei nso wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnipa ho nsɛmmɔne.

74:13, 14—Bere bɛn na Yehowa ‘bobɔɔ nsu mu atweaseɛ ti, nsu no ani, na ɔpɛtɛw bonsu ti’? Wɔka “Misraim hene Farao” ho asɛm sɛ “asuboa kɛse a ɔda n’asubɔnten [Nil] mu.” (Hesekiel 29:3) Ɛbɛyɛ sɛ Bonsu san gyina hɔ ma Farao mmarima ahoɔdenfo no. (Dwom 74:14) Ebia wɔn ti a wɔpɛtɛwee no kyerɛ nkogu a Farao ne n’asraafodɔm dii bere a Yehowa gyee Israelfo no fii Misraim nkoasom mu no.

75:4, 5, 10—Asɛmfua “mmɛn” no gyina hɔ ma dɛn? Mmoa mmɛn yɛ akode a ɛwɔ ahoɔden. Enti wɔde asɛmfua “mmɛn” no di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so de kyerɛ tumi anaa ahoɔden. Yehowa ma ne nkurɔfo mmɛn so, na ɔma wogyina hɔ, nanso abɔnefo de, ‘obubu wɔn mmɛn na ɔbrɛ wɔn ase.’ Wɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye na ‘yɛamma yɛn mmɛn’ so, kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahantan anaa ahomaso. Esiane sɛ Yehowa na ɔma yɛn so nti, ɛsɛ sɛ yebu adwuma biara a wɔde bɛhyɛ yɛn nsa wɔ asafo no mu no sɛ efi Yehowa.—Dwom 75:7.

76:10—Ɔkwan bɛn so na “nnipa abufuhyew” betumi ayi Yehowa ayɛ? Sɛ Onyankopɔn ma kwan ma nkurɔfo sɔre hyɛ yɛn esiane sɛ yɛyɛ n’asomfo nti a, biribi pa bi betumi afi mu aba. Ahokyere biara a yɛbɛfa mu no betumi ateɛteɛ yɛn wɔ ɔkwan bi so. Yehowa remma yenhu amane ntra baabi a ɛsɛ sɛ ɛteɛteɛ yɛn kodu no. (1 Petro 5:10) ‘Onyankopɔn de abufuhyew a ɛboro onipa so no bɔ n’ankasa ho so.’ Na sɛ yehu amane na yewu nso ɛ? Eyi nso betumi ayi Yehowa ayɛ efisɛ wɔn a wohu yɛn nokwaredi kosi owu mu no nso betumi ahyɛ Nyankopɔn anuonyam.

78:24, 25—Dɛn nti na wɔfrɛ mana “ɔsoro aduan” anaa abɔfo aduan? Asɛm yi mu biara nkyerɛ sɛ na mana yɛ abɔfo aduan. Efi soro nti na na wɔfrɛ no “ɔsoro aduan.” (Dwom 105:40) Esiane sɛ abɔfo anaa “atumfo” te soro nti, ɛbɛyɛ sɛ nea ɔkasasin, “abɔfo aduan” kyerɛ ara ne sɛ Onyankopɔn a ɔte soro no na ɔde mae. (Dwom 11:4) Ebetumi aba sɛ Yehowa nam abɔfo so na ɛmaa Israelfo no mana dii.

82:1, 6—Henanom na wɔfrɛ wɔn “anyame” ne “ɔsorosoroni no mma” no? Nsɛm abien no nyinaa gyina hɔ ma Israel atemmufo. Eyi fata paa efisɛ na wɔsom sɛ Onyankopɔn akasamafo ne n’ananmusifo.—Yohane 10:33-36.

83:2—Dɛn na ‘obi ti a ɔma so’ no kyerɛ? Ɛyɛ adeyɛ a ɛkyerɛ sɛ obi ayɛ krado sɛ obedi tumi anaa ɔbɛyɛ biribi, na ɔyɛ saa de ko tia n’atamfo anaa n’asɔretiafo.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

73:2-5, 18-20, 25, 28. Ɛnsɛ sɛ yɛn ani bere abɔnefo yiyedi na ɛnsɛ sɛ yesuasua wɔn akwammɔne nso. Abɔnefo gyina baabi a ɛhɔ yɛ toro. Ɛnyɛ dɛn ara a ‘wobebubu wɔn pasaa.’ Bio nso, esiane sɛ nnipa nniso ntumi nyi abɔnefosɛm mfi hɔ nti, mmɔden biara a yɛbɛbɔ sɛ yebeyi wɔn afi hɔ no renkosi hwee. Sɛ yɛyɛ ade nyansam de gyina abɔnefosɛm ano na yɛma yɛn ani gye ‘Onyankopɔn nkyɛn a yɛbɛtra’ ho sɛnea Asaf yɛe no a, ɛbɛma yɛne No anya abusuabɔ pa.

73:3, 6, 8, 27. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ anumdwa, ahantan, fɛwdi ne nsisi ho. Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea asɛm biara nni ho de, nanso ɛnyɛ su pa.

73:15-17. Sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn nãã wɔ nneɛma bi ho a, ɛnsɛ sɛ yɛde haw wɔn a wɔnyɛ gyidifo no adwene. ‘Asɛm a ɛte sɛɛ’ a yɛbɛka no bebu afoforo abam. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm na yɛdwennwen asɛm no ho na yɛne yɛn mfɛfo gyidifo bom di ho dwuma.—Mmebusɛm 18:1.

73:21-24. Sɛ yɛma abɔnefo yiyedi ‘haw yɛn’ a, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛreyɛ yɛn ade te sɛ mmoa, efisɛ wogyina nkate nkutoo so na ɛyɛ ade. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa afotu bɔ yɛn bra, na yɛde yɛn ho to no so koraa efisɛ ‘ɔbɛsɔ yɛn nsa nifa mu’ awowaw yɛn. Afei nso Yehowa ‘begye yɛn akɔ anuonyam mu,’ kyerɛ sɛ yɛne no benya abusuabɔ pa.

77:6. Sɛ yebehu Onyankopɔn ho nokwasɛm a, gye sɛ yenya bere sua ade na yɛdwennwen nneɛma a yesua no ho. Hwɛ hia a ehia sɛ yegye bere de dwennwen nneɛma ho wɔ yɛn asetra mu!

79:9. Yehowa tie yɛn mpaebɔ, titiriw bere a yɛpɛ sɛ yɛtew ne din ho no.

81:13, 16. Sɛ yetie Yehowa asɛm na yɛnantew ne kwan so a, yebenya nhyira pii.—Mmebusɛm 10:22.

82:2, 5. Ntɛnkyea ama “asase nnyinaso nyinaa” wosow. Nneyɛe bɔne sɛe adesamma abusua.

84:1-4, 10-12. Anisɔ a na nnwontofo no wɔ wɔ Yehowa som ho, ne abotɔyam a wonyae wɔ ho no yɛ nhwɛso pa ma yɛn.

86:5. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye sɛ Yehowa ayɛ ‘krado sɛ ɔde yɛn bɔne befiri’ yɛn! Ɔhwehwɛ sɛ obenya biribi a obegyina so ada mmɔborohunu adi akyerɛ ɔbɔnefo a wanu ne ho no.

87:5, 6. So wɔn a wobenya nkwa wɔ Paradise wɔ asase so no betumi ahu wɔn a wɔanyan kɔ ɔsoro no din? Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ ebetumi ayɛ yiye.

88:13, 14. Sɛ yɛbɔ yɛn haw bi ho mpae na sɛ yɛannya ho mmuae ntɛm a, ebetumi akyerɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ ohu sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu na ɛresom no.

“MONNA NO ASE, MUNHYIRA NE DIN”

(Dwom 90:1–106:48)

Susuw nneɛma ahorow a enti ɛsɛ sɛ yɛkamfo Yehowa a wɔaka ho asɛm wɔ nnwom nhoma a ɛto so anan mu no ho hwɛ. Wɔ Dwom 90 no, Mose de “mmeresanten Hene” no nna totoo nnipa nkwa a ɛyɛ tiaa no ho. (1 Timoteo 1:17) Sɛnea Dwom 91:2 kyerɛ no, Mose kaa Yehowa ho asɛm sɛ ‘ɔne ne guankɔbea ne n’abannennen,’—Baabi a onya ahobammɔ. Nnwom kakra a edidi hɔ no ka Nyankopɔn su ahorow a ɛyɛ nwonwa, n’adwene a emu dɔ, ne Ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm. Wɔde asɛm ‘Yehowa di hene’ na efi nnwom no abiɛsa ase. (Dwom 93:1; 97:1; 99:1) Bere a odwontofo no reka Yehowa ho asɛm sɛ yɛn Bɔfo no, ɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ ‘yɛnna no ase, na yenhyira ne din.’—Dwom 100:4.

Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ sodifo a osuro Yehowa no di nneɛma ho dwuma? Yenya ɛho mmuae wɔ Dwom 101 a Ɔhene Dawid hyehyɛe no mu. Dwom a edi hɔ no ka sɛ Yehowa ‘dan n’ani kyerɛ onnibie mpaebɔ, na ɔmpo wɔn mpaebɔ.’ (Dwom 102:17) Dwom a ɛto so 103 no twe adwene si Yehowa adɔe ne ne mmɔborohunu so. Bere a odwontofo no reka Onyankopɔn abɔde pii a ɛwɔ asase so ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa.” (Dwom 104:24) Nnwom abien a etwa to wɔ Nhoma a Ɛto So Anan no mu no kamfo Yehowa wɔ ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa no ho.—Dwom 105:2, 5; 106:7, 22.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

91:1, 2—Dɛn ne “ɔsorosoroni no hintabea,” na yɛbɛyɛ dɛn ‘atra’ hɔ? Eyi yɛ sɛnkyerɛnne kwan so honhom mu guankɔbea—tebea a ɛma yenya honhom mu ahobammɔ. Ɛyɛ hintabea efisɛ wɔn a wonni Nyankopɔn mu ahotoso no nnim hɔ. Yehowa yɛ yɛn trabea efisɛ yɛde no ayɛ yɛn guankɔbea ne yɛn abannennen, na yɛkamfo no sɛ ɔno ne Otumfo Pumpuni wɔ amansan yi mu denam Ahenni no ho asɛmpa a yɛka kyerɛ foforo no so. Yɛte nka sɛ yɛwɔ honhom fam ahobammɔ efisɛ yenim sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn bere nyinaa.—Dwom 90:1.

92:12—Ɔkwan bɛn so na ɔtreneeni “bɛfefɛw sɛ abɛ”? Abɛ dua sow aba mfe pii. Onipa trenee te sɛ abɛ dua efisɛ wɔ Yehowa ani so no ɔteɛ, ɔkɔ so ‘sow aba,’ na ɔyɛ nnwuma pa.—Mateo 7:17-20.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

90:7, 8, 13, 14. Adebɔne a yɛyɛ no sɛe yɛne nokware Nyankopɔn no ntam bere nyinaa. Yɛrentumi nyɛ bɔne mfa nsie no. Nanso sɛ yenu yɛn ho paa na yegyae yɛn nneyɛe bɔne no a, yɛbɛsan anya Yehowa anim dom, ‘na n’adɔe bɛma yɛamee.’

90:10, 12. Esiane sɛ nnipa nkwa yɛ tiaa nti, ɛsɛ sɛ yehu “yɛn nna kan.” Ɔkwan bɛn so? Denam “nyansa koma” a yebenya anaasɛ yɛn nkwa nna a aka a yɛde bedi dwuma nyansam, yɛrensɛe no, na mmom yɛde bɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani so. Eyi hwehwɛ sɛ yɛde Nyankopɔn som mu nneɛma bedi kan na yɛde yɛn bere adi dwuma nyansam.—Efesofo 5:15, 16; Filipifo 1:10.

90:17. Ɛfata sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa mma ‘yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye’ na onhyira yɛn som adwuma no so.

92:14, 15. Nkwakoraa ne mmerewa a wɔde nsi sua Onyankopɔn Asɛm na wɔne Yehowa nkurɔfo bɔ daa no bɛkɔ so ayɛ “akɛse ne frɔmfrɔm”—wɔbɛyɛ den wɔ honhom mu—na asafo no benya wɔn so mfaso.

94:19. Sɛnea yɛn “dadwen” te biara no, ‘awerɛkyekyesɛm’ a ɛwɔ Bible mu no betumi ama yɛanya akomatɔyam.

95:7, 8. Aso a yɛbɛyɛ atie Kyerɛwnsɛm mu afotu, na yɛde adi dwuma ntɛm ara no remma yɛmpirim yɛn koma.—Hebrifo 3:7, 8.

106:36, 37. Nkyekyɛm yi de ahonisom bata afɔre a wɔbɔ ma adaemone ho. Eyi kyerɛ sɛ, sɛ obi de ahoni di dwuma a, adaemone betumi anya ne so nkɛntɛnso. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: ‘Yɛnhwɛ yɛn ho yiye wɔ ahoni ho.’—1 Yohane 5:21.

‘Munyi Yah Ayɛ!’

Nnwom abiɛsa a etwa to wɔ Nnwom Nhoma a Ɛto So Anan mu no de nsɛm yi na ewie: ‘Munyi Yah ayɛ!’ Nnwom a etwa to no nso de asɛm koro no ara na efi ase. (Dwom 104:35; 105:45; 106:1, 48) Nokwasɛm ne sɛ, asɛm ‘Munyi Yah ayɛ!’ no pue mpɛn pii wɔ nnwom Nhoma a Ɛto So Anan no mu.

Yɛwɔ nneɛma pii a yebetumi agyina so ayi Yehowa ayɛ. Dwom 73 kosi 106 ama yɛanya nneɛma pii a yebetumi adwennwen ho, na ama anisɔ a yɛwɔ ma yɛn soro Agya no ayɛ kɛse. Sɛ yesusuw nea wayɛ ama yɛn ne nea ɔbɛyɛ daakye no ho a, so eyi nka yɛn ma yemfi yɛn ahoɔden nyinaa mu ‘nyi Yah ayɛ’?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yebetumi agyina abɔnefosɛm ano sɛnea Asaf yɛe no, denam ‘Onyankopɔn nkyɛn a yɛbɛtra’ so

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Farao dii nkogu wɔ Po Kɔkɔɔ no mu

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Wunim nea enti a wɔfrɛ mana “atumfo aduan” no?

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi yɛn “dadwen” so?