Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ obi de ne ho hyɛ afĩde mu a, so wobetumi atu no afi Kristofo asafo no mu sɛnea wobetumi atu obi a ɔbɔ aguaman anaa ahohwibra no?

Yiw, wobetumi atu obi a ɔbɔ aguaman, ɔde ne ho hyɛ afĩde anaa ahohwibra mu nanso onnu ne ho no afi asafo no mu. Ɔsomafo Paulo bobɔɔ nneɛma abiɛsa yi kaa nneɛma afoforo a ebetumi ama wɔatu obi afi asafo no mu ho bere a ɔkyerɛw eyi no: “Ɔhonam nnwuma no da adi pefee; ɛne aguamammɔ, afide, ahohwi . . . na merebɔ mo kɔkɔ . . . sɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni.”—Galatifo 5:19-21.

Aguamammɔ (Hela, por·neiʹa) yɛ nna mu nkitahodi a nnipa baanu a wɔnyɛ awarefo de wɔn ho hyem. Nea ɛka ho ne awaresɛe, tuutuusi, nnipa baanu a wɔnyɛ awarefo a wonya nna mu kyɛfa, ne afei obi a ɔnyɛ ɔwarefo awode ho a wogoru, n’ananmu a wɔtaforo anaa ne to a wɔfa. Obi a ɔsen ne kɔn de ne ho hyɛ aguamammɔ mu rentumi ntra Kristofo asafo no mu.

Ahohwibra (Hela a.sel’gei.a) kyerɛ “brabɔne; efĩ, nguamansɛm, ne abofonode.” Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ Hela asɛmfua no ase sɛ “akɔnnɔ bɔne, adapaade, ani a enwu ade, ne sɛ obi tõtõ n’ani we.” (The New Thayer’s Greek English Lexicon) Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma foforo bi nso kyerɛ no, ahohwibra yɛ “nneyɛe a ɛmfata koraa a obiara kasa tia.”

Sɛnea nkyerɛkyerɛmu yi ma ɛda adi no, nneɛma abien na ɛma yehu sɛ obi abɔ “ahohwi”: (1) bere a ade a wayɛ no ankasa tia Nyankopɔn mmara denneennen; ne (2) bere a ɔbɔnefo no nneyɛe kyerɛ sɛ ommu ade, na watõtõ n’ani awe no.

Enti, yɛrentumi mmu bɔne bi a anibere nnim pii sɛ ɛyɛ “ahohwi.” Ɛfa nneyɛe a anibere wom a obi yɛ de bu Onyankopɔn mmara so de kyerɛ sɛ wasen ne kɔn anaa ɔmfa gyinapɛn ahorow, mmara, ne tumidi nyɛ hwee. Paulo de ahohwibra bata nna mu ɔbrasɛe ho. (Romafo 13:13, 14) Esiane sɛ Galatifo 5:19-21 de ahohwi kaa nneyɛe a ɛremma obi nnya Onyankopɔn Ahenni ho nti, sɛ obi bɔ ahohwi a, wobetumi agyina so aka n’anim anaa wɔatu no afi Kristofo asafo no mu.

Afĩde (Hela, a·ka·thar·siʹa) ho nkyerɛkyerɛmu kɔ akyiri sen nsɛmfua abiɛsa a wɔkyerɛ ase “aguamammɔ,” “afĩde” ne “ahohwi” no. Adeyɛ biara a ɛho ntew ka ho—ɔbea ne ɔbarima nna, kasafĩ, nneyɛe a ɛmfata, ne atoro som a obi de ne ho hyem. Bɔne biara a anibere wom no yɛ “afĩde.”

Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 2 Korintofo 12:21 no, Paulo kaa nnipa bi a ‘wɔyɛɛ bɔne na wɔansakra wɔn adwene wɔ wɔn afĩde ne aguamammɔ ne ahohwisɛm’ ho no ho asɛm. Esiane sɛ wɔkaa “afĩde” ho asɛm kaa “aguamammɔ ne ahohwi” ho nti, afĩde bi wɔ hɔ a ɛho behia sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw ma wodi ho asɛm. Nneyɛe a ɛyɛ afĩde gu ahorow pii, na ebi wɔ hɔ a ɛho nhia sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw wɔ ho. Sɛnea ofie bi ho betumi ayɛ fĩ kakra anaasɛ ayɛ fĩ pɔtɔɔ no, saa ara na afĩde nso gu ahorow.

Efesofo 4:19 no, Paulo kaa ne bere sofo binom ho asɛm sɛ “wɔatoto wɔn ani awe” na “wɔde wɔn ho maa ahohwibra yɛɛ afide nyinaa bi anibere so.” Enti, Paulo kaa ‘afĩde a ɛkɔ akyiri’ ho asɛm sɛ ɛne ahohwibra nyinaa yɛ pɛ. Sɛ obi a wabɔ asu sen ne kɔn de ne ho hyɛ ‘afide a ɛkɔ akyiri’ mu a, wobetumi agyina so atu no afi asafo no mu.

Fa no sɛ nnipa baanu bi a wɔayɛ aware nhyehyɛe susoo wɔn ho mu kɔɔ akyiri mpɛn pii. Mpanyimfo no betumi asi ho gyinae sɛ, ɛwom sɛ wɔanna su a ɛkyerɛ sɛ wɔasen wɔn kɔn adi de, nanso anibere bi daa adi wɔ wɔn nneyɛe no mu. Enti mpanyimfo no betumi apaw asɛnni boayikuw ma wɔadi wɔn asɛm, efisɛ wɔyɛɛ afĩde a ɛkɔ akyiri. Saa ara nso na wobetumi agyina afĩde a ɛkɔ akyiri so adi obi a ɔtaa bɔ nna ho nkɔmmɔ wɔ telefon so no asɛm, ne titiriw no sɛ na wɔadi kan abɔ no kɔkɔ wɔ ho a.

Ehia sɛ mpanyimfo no da nhumu adi bere a wɔredi nsɛm a ɛtete saa no. Sɛ mpanyimfo no resi gyinae sɛ ebia ɛfata sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw a, ɛsɛ sɛ wɔtɔ wɔn bo ase hwɛ nea asi no mu yiye ne mpɛn dodow a onii no de yɛɛ ade no. Ɛnyɛ asɛm no ne sɛ wɔbɛbɔ obiara a wamfa Kyerɛwnsɛm mu afotu anni dwuma no sobo sɛ wabɔ ahohwibra; saa ara nso na enhia sɛ wobu akontaa hwehwɛ mpɛn dodow a obi ayɛ bɔne bi ansa na wɔapaw asɛnni boayikuw ma wɔadi n’asɛm. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no kari tebea biara hwɛ yiye. Ɛho hia sɛ wohu nea esii ankasa, mpɛn dodow a ɔyɛe, faako a adebɔne no kodu, sɛnea ɛte ankasa, ne adwene a ɔdebɔneyɛfo no kura.

Ɛnyɛ nna mu ɔbrasɛe nko na ɛyɛ afĩde a ɛkɔ akyiri. Sɛ nhwɛso no, ebia abarimaa bi a wabɔ asu nomee sigaret wɔ nna kakra bi mu, na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ n’awofo. Wabɔ ne tirim sɛ ɔrennom bio. Eyi yɛ afĩde a ennuu baabi a yɛbɛka ho asɛm sɛ “afĩde a anibere wom.” Ɔpanyin baako anaa mpanyimfo baanu betumi aka n’awofo ho ma wɔde Kyerɛwnsɛm mu afotu a emu da hɔ ama no de aboa no. Nanso sɛ abarimaa no taa nom sigaret a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔboapa agu ne ho fĩ, na wobegyina afĩdeyɛ a ɛkɔ akyiri yi so apaw asɛnni boayikuw. (2 Korintofo 7:1) Sɛ abarimaa no annu ne ho a, wobetu no.

Nnansa yi, Kristofo binom hwɛ nguamansɛm ho mfonini. Eyi yɛ Onyankopɔn akyide, na sɛ Kristoni bi hwɛ bi a, mpanyimfo no ho betumi adwiriw wɔn. Nanso ɛnyɛ nguamansɛm a wɔhwɛ nyinaa na ɛsɛ sɛ wɔpaw ho asɛnni boayikuw. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ onua bi ahwɛ nguamansɛm ho mfonini wɔ Intanɛt so mpɛn pii. Ɛhyɛɛ no aniwu ma ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ ɔpanyin bi, na osii gyinae sɛ ɔrenhwɛ bio. Ɔpanyin no betumi asusuw ho ahu sɛ nea onua no yɛe no nnuu baabi a ɛbɛyɛ ‘afĩdeyɛ a anibere wom’; saa ara nso na wansen ne kɔn amfa ankyerɛ sɛ ɛyɛ afĩde. Ɛwom sɛ ɛho renhia sɛ wɔpaw asɛnni boayikuw wɔ ho de, nanso afĩde a ɛte sɛ eyi bɛhwehwɛ sɛ wogyina Kyerɛwnsɛm no so de ɛho afotu a emu da hɔ ma no, na ebia mpanyimfo no bɛsan akɔsra no.

Nanso yɛmfa no sɛ Kristoni bi awia ne ho ahwɛ nguamansɛm a wɔyɛ nna mu adapaade a ɛyɛ abofono wom mfe pii, na wabɔ mmɔden biara sɛ ɔremma obiara nhu. Ebia nneɛma a ɔhwɛe no bi yɛ mmarima dodow bi a wɔtow ɔbea baako mmonnaa, mmea a wɔkyekyere wɔn ne wɔn da, mmea a wɔyɛ wɔn ayayade wɔ nna mu, mmea a wɔne wɔn da atirimɔden so, anaa mmeawa nkumaa a wɔfeefee wɔn. Bere a afoforo hui sɛ ɔyɛ saa no, n’ani wui paa. Nea ɔyɛe no nkyerɛ sɛ wasen ne kɔn de, nanso mpanyimfo no betumi ahwɛ sɛ ebia ‘ɔde ne ho ama’ afĩdeyɛ yi na wayɛ “afĩde wɔ anibere so,” kyerɛ sɛ, ɛyɛ afĩde a ɛkɔ akyiri. Esiane sɛ ɛyɛ afĩde a ɛkɔ akyiri nti, wɔbɛpaw asɛnni boayikuw. Sɛ ɔbɔnefo no ankyerɛ nokware ahonu, na wansi gyinae sɛ obegyae nguamansɛm hwɛ a, wobetu no afi Kristofo asafo no mu. Sɛ ɔfrɛɛ afoforo ma wɔbaa ne fie bɛhwɛɛ nguamansɛm ho mfonini no a, eyi bɛkyerɛ sɛ wahyɛ ho nkuran. Ɛno nso kyerɛ sɛ wasen ne kɔn, na ne nneyɛe no yɛ ahohwibra.

Asɛmfua “ahohwi” a Kyerɛwnsɛm no de di dwuma no yɛ bɔne a anibere wom bere nyinaa—ɛtaa yɛ nna mu ɔbrasɛe. Sɛ mpanyimfo pɛ sɛ wohu nneyɛe a ɛyɛ ahohwibra a, ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ sɛ onipa no asen ne kɔn, nea ɔyɛe no yɛ abofonode, ɛyɛ efĩ, ɛnyɛ no aniwu, na ɛyɛ nneyɛe a ɛmfata koraa a obiara kasa tia? Nanso, sɛ obi di mfomso a anibere wom a ɛto Yehowa mmara na wansen ne kɔn a, wobetumi agyina ‘afĩdeyɛ a ɛkɔ akyiri’ no so adi n’asɛm.

Sɛ́ wobehu sɛ mfomso a obi adi no yɛ afĩdeyɛ a ɛkɔ akyiri anaa ahohwibra no yɛ asɛyɛde a emu yɛ duru, efisɛ ɛfa afoforo nkwa ho. Ɛsɛ sɛ wɔn a wodi nsɛm a ɛte saa no de mpaebɔ susuw wɔn asɛyɛde no ho srɛ Onyankopɔn ma ɔma wɔn nhumu ne ntease ne ne honhom kronkron. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma wɔn ani kũ asafo no ahotew ho, na ɛsɛ sɛ wogyina Nyankopɔn Asɛm ne akwankyerɛ a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ama so pintinn bu atɛn no. (Mateo 18:18; 24:45) Wɔ Satan wiase yi mu no, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma asɛm yi tra wɔn adwenem: “Monhwɛ nea moreyɛ yiye, na ɛnyɛ onipa na morebu atɛn ama no, na mmom [Yehowa, NW], na ɔne mo wɔ hɔ atemmu asɛm no mu.”—2 Beresosɛm 19:6.