Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yɛn Nyankopɔn no Betumi Agye Yɛn’

‘Yɛn Nyankopɔn no Betumi Agye Yɛn’

“Ɛsɛ Sɛ Yetie Nyankopɔn Mmom Sen Nnipa”

‘Yɛn Nyankopɔn no Betumi Agye Yɛn’

NÁ ADE a ɛrebɛkɔ so no bɛma ɔmanfo no ho adwiriw wɔn. Wɔde sika honi kɛse bi sii Dura asasetaw a ɛbɛyɛ sɛ ɛbɛn Babilon no so. Ná wɔrebɛyɛ guasodeyɛ kɛse bi de adwira ohoni no. Ná wɔbɛhyɛn mmɛn, na sɛ asase no so atumfoɔ a wɔahyiam no nyinaa te a, wɔakotow ohoni no. Babilon Hene Nebukadnesar hyɛe sɛ wɔde obiara a ɔrenkotow nsɔre ohoni no bɛto ogya a ɛrefram fononoo mu no mu. Hena na na obetumi abu ahyɛde yi so?

Nea ɛyɛɛ nkurɔfo a wɔahyiam wɔ hɔ no nyinaa nwonwa ne sɛ, Yehowa asomfo baasa—Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego—ankotow ohoni no. Ná wonim sɛ saa a wɔbɛyɛ no tia ɔsom a ɛsɛ sɛ wɔde ma Yehowa Nyankopɔn nkutoo no. (Deuteronomium 5:8-10) Bere a wobisaa nea enti a wɔyɛɛ saa no, wɔde akokoduru ka kyerɛɛ Nebukadnesar sɛ: “Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no betumi ayi yɛn afi ogya a ɛrefram fononoo no mu, obegye yɛn afi wo ɔhene, nsam. Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.”—Daniel 3:17, 18.

Bere a wɔtow Hebrifo baasa no guu ogya a ɛrefram fononoo mu no, wɔnam anwonwa kwan so gyee wɔn. Onyankopɔn somaa ɔbɔfo ma ɔbɛbɔɔ Ne nkoa anokwafo no ho ban. Nanso na wɔadi kan ayɛ wɔn adwene sɛ wobewu mmom sen sɛ wɔbɛyɛ Yehowa so asoɔden. * Asɛm yi sii bɛboro mfe 600 akyi no, Yesu Kristo asomafo no nso yɛɛ saa ara, na wogyinaa Yudafo asɛnnibea kɛse no anim kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo Nnwuma 5:29.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn

Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego yɛ gyidi, osetie, ne nokwaredi ho nhwɛso pa ma yɛn. Hebrifo baasa no kyerɛe sɛ wɔwɔ Yehowa mu gyidi. Wɔn ahonim a wɔde Kyerɛwnsɛm atete no no amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ atoro som nneyɛe anaa ɔmampɛ ho guasodeyɛ bi mu. Saa ara na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso de wɔn ho to nokware Nyankopɔn no so. Wɔma wɔn ahonim a wɔde Bible atete no no boa wɔn ma wɔkwati sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ atoro som mu nneyɛe anaa guasodeyɛ bi a etia Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow mu.

Hebrifo anokwafo baasa no de wɔn ho too Yehowa so na wɔamfa osetie a wɔbɛyɛ ama no no ansesa edin, dibea ne anuonyam a anka wobenya wɔ Babilon Ahemman mu no. Ná mmerante no pɛ sɛ wohu amane na wowu mmom sen sɛ wɔbɛsɛe abusuabɔ pa a ɛda wɔne Nyankopɔn ntam no. Te sɛ Mose a ɔtraa ase mfe pii ansa na wɔrewo mmerante yi no, ‘wɔkɔɔ so tintimii te sɛ nea wohu Onii a wonhu no no.’ (Hebrifo 11:27) Sɛ́ Yehowa begye wɔn anaasɛ ɔrennye wɔn no, ná mmerante baasa no asi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so akura wɔn mudi mu ama Yehowa mmom sen sɛ wɔbɛpere agye wɔn ho. Ɛda adi sɛ bere a ɔsomafo Paulo reka anokwafo yi a wɔyɛɛ nhwɛso pa no ho asɛm no, ɔkae sɛ ‘wodwudwoo ogya ano.’ (Hebrifo 11:34) Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso da gyidi a ɛte saa adi, na wɔyɛ osetie bere a wohyia wɔn nokwaredi ho sɔhwɛ no.

Osuahu a Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego nyae no ma yehu sɛ, sɛ yedi Nyankopɔn nokware a, yebenya so akatua. Odwontofo no too dwom sɛ: ‘Yehowa rennyaw n’ahotefo.’ (Dwom 37:28) Ɛnnɛ, yɛnhwɛ kwan sɛ Nyankopɔn bɛfa anwonwa kwan so agye yɛn sɛnea ogyee Hebrifo baasa no. Nanso yebetumi anya yɛn soro Agya no mu ahotoso sɛ, ɛmfa ho nsɛnnennen biara a yebehyia no, ɔbɛboa yɛn. Ebia Nyankopɔn beyi ɔhaw no afi hɔ, anaa ɔbɛma yɛn ahoɔden a yɛde begyina ano, anaasɛ, sɛ yekura yɛn mudi mu kosi owu mu a, obenyan yɛn. (Dwom 37:10, 11, 29; Yohane 5:28, 29) Sɛ yɛpaw sɛ yebetie Nyankopɔn mmom asen nnipa a, gyidi, osetie ne nokwaredi bɛboa yɛn ma yɛakura yɛn mudi mu bere biara a yebehyia sɔhwɛ no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Hwɛ 2006 Calendar of Jehovah’s Witnesses, July/August.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

SO NA WUNIM?

• Bere a Hebrifo baasa no hyiaa wɔn nokwaredi ho sɔhwɛ no, ná wɔreyɛ adi mfe 30.

• Ɛda adi sɛ wɔmaa fononoo no mu yɛɛ hyew paa.—Daniel 3:19.