Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afei, Yɛn Abusua No Ayɛ Biako!

Afei, Yɛn Abusua No Ayɛ Biako!

Asetram Nsɛm

Afei, Yɛn Abusua No Ayɛ Biako!

SƐNEA SUMIKO HIRANO KA KYERƐE

Ná mahu ɔkwan pa a mefa so a ebesi me yiye wɔ asetram, na na mepɛ sɛ me kunu nso bɛka me ho. Mfe 42 twaam ansa na ɔbɛkaa me ho.

MEWAREE wɔ afe 1951 mu bere a na madi mfe 21. Yɛwoo mmabarima baanu wɔ mfe anan mu, na na m’ani gye wɔ m’asetra mu biribiara mu.

Da bi, wɔ afe 1957 mu no, me nuabea panyin ka kyerɛɛ me sɛ Yehowa Dansefo ɔsɛmpatrɛwfo bi taa bɛsra no. Ɛwom sɛ na me nuabea no yɛ Buddhani de, nanso ofii ase ne ɔsɛmpatrɛwfo no suaa Bible, na ɔhyɛɛ me nkuran sɛ me nso minsua bi. Mepenee so. Ná mekɔ Protestant asɔre bi, enti m’adwene yɛɛ me sɛ metumi ahu mfomso wɔ Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ mu.

Ankyɛ koraa na mihui sɛ sɛɛ na minnim Bible mu koraa. Mibisaa ɔsɛmpatrɛwfo no sɛ, “Hena ne Yehowa?” Ná mentee sɛ wɔabɔ saa din no wɔ m’asɔre mu da. Ɔsɛmpatrɛwfo no a wɔfrɛ no Daphne Cooke (akyiri yi Pettitt) no twee m’adwene sii Yesaia 42:8 so. Ɛhɔ ka no pefee sɛ ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn no din ne Yehowa. Daphne de Bible buaa me nsɛmmisa nyinaa.

Mibisaa me sɔfo saa nsɛm no ara. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛyɛ bɔne sɛ wubebisa nsɛm. Wo de gye nea wɔbɛka akyerɛ wo biara di.” Ɛwom sɛ na minnye nni sɛ ɛyɛ bɔne sɛ mebisa nsɛm de, nanso na mekɔ asɔre Kwasida anɔpa biara na edu awia nso a na mekɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam, na meyɛɛ saa asram asia.

Sɛnea Bible a na Meresua no Kaa M’aware

M’ani gyee nea na meresua wɔ Bible mu no ho paa, na mekaa bi kyerɛɛ me kunu Kazuhiko. Na meka Bible adesua biara a wɔne me yɛ ne asafo nhyiam biara a mekɔ mu nsɛm kyerɛ me kunu. Ɛno amma me kunu antew n’anim amma me. Ná ɔmpɛ sɛ mebɛyɛ Yehowa Dansefo. Nanso m’ani gyee Bible a na meresua no ho ara ma mekɔɔ so suae, na me ne Adansefo no nso kɔɔ so bɔe.

Da biara a na ɛyɛ asafo nhyiam da no, na meyɛ Kazuhiko aduan a ɔpɛ ma no ansa na makɔ, nanso ofii ase kɔɔ abɔnten kodidii. Mefi asafo nhyiam aba fie no, na ne bo afuw ma enti na ɔnkasa me ho. Ná edi nnanu anaa nnansa ansa na n’anim atew, nanso na bere asan adu sɛ mɛsan akɔ asafo nhyiam foforo.

Mebɔɔ nsamanwaw saa bere yi, na saa yare no akunkum me kunu abusuafo binom dedaw. Ɛhaw Kazuhiko paa ma ɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ me ho tɔ me a, metumi ayɛ nea mepɛ biara. Ade a mesrɛɛ me kunu ara ne sɛ onnsiw m’asafo nhyiam a mɛkɔ no dapɛn biara no kwan. Na ɔpenee so.

Egyee asram asia ansa na me ho retɔ me, na meyeree me ho suaa Bible yiye wɔ saa bere no mu. Mehwehwɛɛ mfomso wɔ Adansefo no nkyerɛkyerɛ mu, na meyɛɛ m’adwene sɛ sɛ mihu mfomso biako mpo a, megyae adesua no. Nanso manhu bi. Mmom no, Protestant Asɔre no mfomso na mihui. Mibehui sɛ Yehowa wɔ ɔdɔ na obu atɛntrenee, na mihui sɛ sɛ wode ne mmara yɛ adwuma a, wunya so mfaso.

Me ho tɔɔ me no, me kunu dii ne bɔhyɛ so na wansiw me kwan sɛ mma menkɔ asafo nhyiam. Mekɔɔ so nyaa nkɔso wɔ Bible a na meresua no mu, na mebɔɔ asu sɛ Yehowa Dansefo wɔ May 1958 mu. Na me yam a na anka m’abusua abɛka me ho ma yɛresom nokware Nyankopɔn no.

Meboaa Me Mma Ma Wohuu Onyankopɔn

Ná me ne me mma kɔ asafo nhyiam ne asɛnka bere biara, na nneɛma bi a wɔyɛe na ɛma mihui sɛ wɔrete Bible no ase. Da bi, na me ba Masahiko a wadi mfe asia redi agoru wɔ abɔnten. Metee dede bi, na obi nso teɛɛm denneennen. Ofipamfo bi bɔ wuraa me fie, na ɔreteɛteɛm sɛ kar abɔ me ba no. Mibisae sɛ wawu anaa? Mehyɛɛ me ho so puee abɔnten ntɛm ara a manteɛteɛm. Sɛnea na ne sakre no abubu gɔsɔɔ no maa me yam hyehyee me, nanso mihui sɛ me ba no reba me nkyɛn a na ompirae kɛse. Ɔbam me, na ɔkae sɛ, “Maame, Yehowa aboa me!” Bere a mihui sɛ onwui na ɔkaa nsɛm a ɛka koma saa no, ɛma misui.

Da bi a yɛwɔ asɛnka mu no, yehyiaa akwakoraa bi a ɔteɛɛm sɛ: “Adɛn na wode abofra ketewa yi rekyin saa? Abofra yi asɛm yɛ mmɔbɔ.” Tomoyoshi a wadi mfe awotwe no amma mankasa mpo na ɔmaa no mmuae. Ɔkae sɛ: “Nana, ɛnyɛ me maame na ɔhyɛ me sɛ menkɔ asɛnka. Me ara na mepɛ sɛ mesom Yehowa nti na mekɔ asɛnka.” Akwakoraa no hwɛɛ no hãã na ne nsɛm kaa ne tirim.

Esiane sɛ na me mma no papa nni asafo no mu nti, ɛyɛ me na na ɛsɛ sɛ mekyerɛkyerɛ wɔn Bible mu nokware no. Nanso, saa bere no na minni Bible mu nimdeɛ pii. M’ankasa misuaa ade nyaa Yehowa ho dɔ, ne mu gyidi, na meyɛɛ nsi wɔ ne som mu, na mebɔɔ mmɔden yɛɛ nhwɛso pa maa wɔn. Da biara na meda Yehowa ase wɔ me mma no anim. Mekaa osuahu a minyae wɔ asɛnka adwuma mu kyerɛɛ wɔn. Eyi hyɛɛ wɔn nkuran. Akyiri yi, bere a wobisaa wɔn nea enti a wɔbɛyɛɛ akwampaefo anaa Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo no, wobuae sɛ, “Yehui sɛ akwampae adwuma a na yɛn maame yɛ no ma n’ani gye, na na yɛn nso yɛpɛ sɛ yenya saa anigye no bi.”

Mehwɛɛ yiye paa sɛ merenkasa ntia wɔn papa anaa asafo no muni biara. Mihui sɛ sɛ mekasa tia afoforo a, ebetumi asɛe me mma no. Ebetumi ama wɔabu nea wɔrekasa tia no ne onii ɔrekasa tia obi no animtiaa.

Mamma Biribiara Ansiw Me Nkɔso Kwan

Me kunu adwuma a na ɔyɛ ma yetuu kɔɔ Taiwan wɔ afe 1963 mu. Ɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ meka asɛm no kyerɛ Japanfo a wɔwɔ hɔ no a, mɛkɔ akɔfa asɛm aba. Wɔbɛsan ama yɛakɔ Japan, na ɛno de ɔhaw bɛba n’adwumakuw no so. Na ɔpɛ sɛ yɛne Adansefo no ntam tetew.

Adansefo a wɔwɔ Taiwan no gyee yɛn fɛw so. Ná wɔyɛ wɔn asafo nhyiam no nyinaa wɔ China kasa mu. Nea ɛbɛyɛ na menkɔ Japanfo mu nkɔka asɛm no, meyɛɛ m’adwene sɛ mesua China kasa sɛnea ɛbɛyɛ a metumi adi ɛhɔfo no mmom adanse. Sɛ meyɛ saa a, na ɛremma menkɔfa ɔhaw biara mma sɛnea me kunu kae no.

Adansefo a yɛne wɔn bɔe wɔ Taiwan no hyɛɛ yɛn den. Asɛmpatrɛwfo awarefo bi a wɔfrɛ wɔn Harvey ne Kathy Logan boaa yɛn paa. Onua Logan de me mma no yɛɛ ne mma wɔ asafo no mu. Ɔma wohui sɛ Yehowa som nyɛ katee a anigye nnim. Migye di sɛ ɛyɛ bere a yɛwɔ Taiwan no na me mma no sii wɔn adwene pi sɛ wɔbɛsom Yehowa.

Tomoyoshi ne Masahiko kɔɔ Amerikafo sukuu bi wɔ Taiwan, na wosuaa Borɔfo ne China kasa. Saa sukuu a wɔkɔe no siesiee wɔn maa nokware Nyankopɔn Yehowa som adwuma a na wɔbɛyɛ daakye no. Meda Yehowa ase pii sɛ ɔmaa tebea a na anka emu betumi ayɛ den no bɛyɛɛ nhyira maa yɛn daa. Yedii mfe abiɛsa ne fã wɔ Taiwan akyi no, yɛn abusua no san kɔɔ Japan. Na yɛn werɛ remfi saa bere no da.

Saa bere yi, ná yɛn mma no abɛyɛ mmerante, na na wɔpɛ sɛ wɔtew wɔn ho. Mede bere pii ne wɔn susuw nnyinasosɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu ho, na Yehowa boaa wɔn saa bere a na emu yɛ den no mu. Bere a Tomoyoshi wiee ntoaso sukuu no, ofii ase yɛɛ akwampae adwuma. Otumi boaa nnipa baanan ma wohyiraa wɔn ho so bɔɔ asu wɔ mfe kakra a edi kan a ɔyɛɛ akwampae adwuma no mu. Masahiko dii ne nua no nhwɛso akyi, na owiee ntoaso sukuu ara pɛ na ofii akwampae adwuma ase. Ɔboaa mmabun baanan ma wɔbɛyɛɛ Adansefo wɔ mfe anan a edi kan a ɔyɛɛ akwampae adwuma no mu.

Yehowa san hyiraa mmofra no bio. Tomoyoshi ne ɔbea bi a na maboa no ma wasua Bible mu nokware no kunu suaa ade. Wɔn mmabea baanu no nso bɛyɛɛ Adansefo. Akyiri yi, Tomoyoshi waree wɔn babea panyin a wɔfrɛ no Nobuko, na Masahiko waree ketewa no a wɔfrɛ no Masako. Seesei, Tomoyoshi ne Nobuko som wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York. Na Masahiko ne Masako som sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Paraguay.

Me Kunu Yɛɛ Nsakrae Nkakrankakra

Ná me kunu ani nnye yɛn som no ho papa saa bere no, nanso yehuu biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔresesa. Sɛ afoforo kasa tia me som a na ɔka bi ma me, na odi Bible mu nokware ho adanse a onhu mpo. Ná ɔboa Adansefo a ahia wɔn. Ɔkaa asɛm tiawa bi wɔ yɛn mma no biako ayeforohyia ase sɛ: “Adwuma pa a ɛsen biara a obi betumi ayɛ ne sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ma wɔabɔ ɔbra pa, na ɛno nso ne nea ɛyɛ den paa. Adwuma a ɛyɛ den sen biara yi na me mma ne wɔn yerenom apaw sɛ wɔbɛyɛ. Enti mesrɛ mo, mommoa wɔn.” Nsɛm a ɛte sɛ eyi a ɔkae no ma minyaa adwene sɛ ɛyɛ dɛn ara a ɔbɛba abɛka yɛn ho ama yɛasom Yehowa.

Meyɛɛ nhyehyɛe maa mfɛfo Adansefo baa yɛn fie sɛnea ɛbɛyɛ a me kunu betumi ne wɔn abɔ. Metoo nsa frɛɛ Kazuhiko sɛ ɔmma yɛnkɔ Kristofo nhyiam, nhyiam akɛse ne Kristo wu Nkaedi ase. Sɛ na n’adwuma ma no kwan a, na ɔde amemenemfe ma yɛkɔ saa nhyiam ahorow no. Mpɛn pii no, na m’adwene yɛ me sɛ ɔbɛpene ma yɛne no ayɛ Bible adesua, enti metoo nsa frɛɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo ma wɔbaa yɛn fie. Nanso, wamma wɔne no ansua ade. Ná minhu nea enti a ɔyɛ saa.

Mekaee asɛm a ɔsomafo Petro kae yi: “Mo ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom anyɛ aso amma asɛm no a, ɔyerenom nam wɔn abrabɔ so anya wɔn a wɔnkasa, efisɛ wɔn ankasa bedi mo abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ no ho adanse.” (1 Petro 3:1, 2) Mihui sɛ na memfa saa afotu no nyɛ adwuma bere nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na matumi de ayɛ adwuma yiye no, na ɛho hia sɛ mema me ho kokwaw wɔ Onyankopɔn som mu.

Wɔ afe 1970 mu no, mifii ase yɛɛ akwampae adwuma a na me botae ne sɛ ɛbɛboa me ama me ho akokwaw yiye wɔ Onyankopɔn som mu. Mfe 10 twaam, afei ekoduu mfe 20. Nanso, manhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ me kunu rebɛsom Onyankopɔn. Bere bi, Bible suani bi kae sɛ: “Mehwɛ a, ɛbɛyɛ yaw sɛ wobɛboa nkurɔfo wɔ bere ko a wuntumi mmoa w’ankasa wo kunu mpo.” Asɛm no anyɛ me dɛ, nanso mampa abaw.

Eduu afe 1980 mfe no awiei no, na yɛn awofo rebɛn wɔn adamoa. Ná wɔn hwɛ ne me nnwuma afoforo a ɛsɛ sɛ meyɛ no hyɛ me so ma mebrɛ. Ná wɔn nyinaa asɔre atia ɔsom a mede ma Yehowa no mfe pii, nanso mebɔɔ mmɔden sɛnea metumi biara de daa ɔdɔ adi kyerɛɛ wɔn. Aka kakra ma me maame a na wadi mfe 96 awu no, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sumiko, sɛ minya owusɔre a mɛba mo asɔre no bi.” Mihui sɛ na mebrɛ nyɛɛ ɔkwa.

Me kunu huu nneɛma a na mayɛ ama yɛn awofo no nyinaa. Ofii ase ne me kɔɔ asafo nhyiam daa de kyerɛɛ ho anisɔ. Ɔyɛɛ saa mfe pii, nanso wannya nkɔso papa biara wɔ Onyankopɔn som mu. Mekɔɔ so bɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Metoo nsa frɛɛ ne nnamfo ne n’ayɔnkofo a ɔne wɔn yɛ adwuma a wofi amannɔne mpo ma wɔbaa yɛn fie ne yɛn bedidii. Na me ne no bom kogye yɛn ani. Bere a wɔtew nnɔnhwerew dodow a wɔde yɛ akwampae adwuma no so baa 70 ɔsram biara no, mede bere pii ne no boom yɛɛ nneɛma.

Me Kunu Kɔɔ Pɛnhyen no, Ɔyɛɛ Nsakrae

Me kunu kɔɔ pɛnhyen wɔ afe 1993 mu. Afei, m’adwene yɛɛ me sɛ obenya kwan asua Bible no. Nanso, ɔkae sɛ sɛ bere a wanya nti na ɔbɛsom Onyankopɔn de a, ɛnde na ɛnkyerɛ obu. Mmom no, ɔkae sɛ sɛ ne koma ka no sɛ ɔnsom Onyankopɔn a ɛnna ɔbɛyɛ, na mma menhyɛ no.

Da bi, Kazuhiko bisaa me sɛ efi saa bere yi rekɔ yi menya bere ama no anaa. Eyi yɛɛ me yaw, efisɛ efi bere a yɛwaree no na mayɛ nea metumi biara ama no. Na mabɔ mmɔden biara sɛ mɛma n’ani agye, nanso na ɔte nka sɛ minya bere pii ma Yehowa sen ɔno. Misusuw ho kakra akyi no, meka kyerɛɛ no sɛ nea metumi ayɛ ama no ara na mereyɛ no. Nanso, sɛ ɔbɛba abɛka me ho ma yɛayɛ nea mereyɛ no a, yɛn baanu betumi ahyɛ asetra foforo a ɛyɛ anigye a ɛrenyɛ mfe kakraa bi na mmom ɛbɛyɛ nea ɛbɛtra hɔ daa ase. Nna pii twaam a me kunu anka asɛm no ho hwee. Awiei koraa no, obisaa me sɛ, “Wo ne me besua Bible anaa?” Bere biara a mɛkae saa asɛm no, midi ahurusi.

Mfiase no, meyɛɛ nhyehyɛe sɛ anka Kristofo asafo mu panyin bi ne me kunu mmesua ade, nanso me kunu ka kyerɛɛ me sɛ, “Me ne obiara rensua, gye sɛ wo ara.” Enti yefii ase suaa Bible da biara. Esiane sɛ mewɔ asafo a wɔka China kasa mu na me kunu nso te saa kasa no nti, yesuaa ade wɔ China kasa mu. Annu afe biako na yɛakenkan Bible mũ no nso awie.

Saa bere yi ara nso, ɔpanyin bi a ɔwɔ asafo a wɔka China kasa mu ne ne yere bɛkyerɛɛ yɛn ho anigye. Ɛwom sɛ na yɛn mma no anyinyin sen wɔn de, nanso wɔbɛyɛɛ yɛn nnamfo ankasa. Adansefo afoforo pii nso benyaa me kunu ho anigye soronko. Wɔdaa ahɔhoyɛ adi kyerɛɛ yɛn na wɔne Kazuhiko bɔɔ nkɔmmɔ te sɛ nea ɔyɛ wɔn papa. Ɛno maa n’ani gyei paa.

Da bi, yenyaa krataa a na wɔde reto nsa afrɛ yɛn sɛ yɛnkɔ ayeforohyia wɔ yɛn asafo mu, na na me kunu din na egu akyiri. Obu a wɔkyerɛ maa no sɛ abusua ti no kaa ne koma paa, ma enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ. Ankyɛ koraa na ɔne Adansefo no faa nnamfo na ɔne Kristofo asafo mu panyin bi fii ase suaa Bible no. Bible adesua a wɔne no yɛe, asafo nhyiam a na ɔkɔ, ne ɔdɔ a asafo no mufo daa no adi kyerɛɛ no no boaa no ma onyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ Onyankopɔn som mu.

Afei Yɛn Abusua no Ayɛ Biako

Wɔ December 2000 mu no, me kunu bɔɔ asu de yɛɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne maa Yehowa. Me mma no ne wɔn yerenom fii akyirikyiri bɛhwɛɛ ɛnnɛ bere yi mu “anwonwade” yi. Egyee mfe 42, nanso afei yɛn abusua no ayɛ biako.

Seesei, anɔpa biara yɛn baanu susuw ɛda no mu kyerɛwsɛm ho, na afei yɛabom akenkan Bible no. Da biara, yɛbɔ Onyankopɔn som ho nkɔmmɔ na yebom yɛ Onyankopɔn som adwuma. Seesei me kunu yɛ ɔsomfo wɔ yɛn asafo mu, na nnansa yi ara ɔmaa Bible ho ɔkasa wɔ China kasa mu. Meda Yehowa ase sɛ wama yɛayɛ biako wɔ ne som mu. Mehwɛ kwan sɛ me ne m’abusua ne me nnamfo nyinaa bɛkamfo Yehowa din ne ne tumidi akosi daa.

[Asase mfonini wɔ kratafa 13]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

CHINA

DEMOCRATIC PEOPLE’S REPUBLIC OF KOREA

REPUBLIC OF KOREA

Japan Po

JAPAN

Tokyo

China Apuei Po

TAIWAN

Taipei

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Me ne m’abusua wɔ afe 1958 mu, afe a mebɔɔ asu no

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Nnamfo te sɛ Harvey ne Kathy Logan hyɛɛ yɛn den wɔ Onyankopɔn som mu bere a yefi Tokyo kɔɔ Taipei no

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ɛnnɛ, m’abusua ayɛ biako wɔ nokware som mu