Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhwi Atade No Ne Onyamesom Pa

Nhwi Atade No Ne Onyamesom Pa

Nhwi Atade No Ne Onyamesom Pa

ƆHENE LOUIS IX a ofi France hyɛɛ nhwi atade no bi. Bere a na Owura Thomas More resua mmara wɔ ne mmeranteberem no, ɔno nso hyɛɛ nhwi atade no bi ma ɛboaa no ma osii pɛ nnɔnhwerew 19 anaa 20 da biara da. Na ɔyɛɛ saa asram pii. Nokwarem no, wonim Owura More sɛ ɔyɛ obi a ɔhyɛɛ saa atade no bi ne nkwa nna dodow no ara. Na bere a wokum Thomas Becket, a ɔyɛ Ɔsɔfopɔn wɔ Canterbury, wɔ Canterbury Asɔredan mu no, ɛyɛɛ nkurɔfo nwonwa sɛ wohui sɛ na ɔhyɛ bi wɔ n’atade ase. Dɛn na na ɛyɛ saa nnipa a wɔtraa ase tete no botae? Wɔhyɛɛ nhwi atade de hyɛɛ wɔn nipadua yaw.

Wɔde apɔnkye nhwi na ɛyɛɛ nhwi atade a ɛwowɔ no. Ná wɔhyɛ wɔ atade ase ma ɛwowɔ nipadua no tĩtĩ no ma onipa no ho yeraw no kɛse. Afei nso na ɛtaa dɔ dwiw. Wɔkyerɛ sɛ Thomas Becket de nhwi no bi pam pieto hyɛ kaa ne nhwi atade no ho kosii sɛ “ɛdɔɔ dwiw.” Wɔ afeha a ɛto so 16 akyi no, ɛtɔ da bi a na wɔhyɛ dade ahama a ano wowɔ mmom, na na wɔma ano a ɛwowɔ no fam wɔn honam. Ná atade a wɔyɛ no saa kwan yi so no ma nea ɔhyɛ no ho yeraw no mmoroso.

Wɔakyerɛw wɔ nhoma bi mu sɛ, nea enti a na wɔhyɛ nhwi atade ne nneɛma foforo a wɔde hyɛ wɔn nipadua yaw ne sɛ, ɛbɛma “wɔadi honam akɔnnɔ bɔne so na wɔnam saayɛ so atumi asom Onyankopɔn yiye na ama wɔasɔ n’ani.” Ɛnyɛ ahotuafo nko na na wɔhyɛ saa atade no bi, na asɔremma ne aban mpanyimfo nso ka wɔn a na wɔhyɛ saa nhwi atade no ho. Ɛnnɛ mpo nyamesomfo binom hyɛ saa nhwi atade no bi.

So nhwi atade no a obi bɛhyɛ anaa nneɛma bi a ɔde bɛkame ne ho no ma ne nyamesom yɛ papa? Dabi, ɛnyɛ nneɛma a ɛtete saa na ɛma obi nyamesom yɛ papa. Nokwarem no, ɔsomafo Paulo kasa tiaa “nipadua mpo [a] wodi no nya.” (Kolosefo 2:23) * Mmom no nea ɛma obi nyamesom yɛ papa ne sɛ ɔde nsi besua Nyankopɔn Asɛm anya Onyankopɔn ho nimdeɛ na ɔde saa nimdeɛ no abɔ ne bra.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Sɛ wopɛ saa adeyɛ yi ho nsɛm pii a, hwɛ Borɔfo Nyan! October 8, 1997, “Bible no Adwene: Is Asceticism the Key to Wisdom?” (So Ahotua Yɛ Ade a Ɛma Obi Hu Nyansa?)

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Ɔhene Louis IX, atifi: From the book Great Men and Famous Women; Thomas Becket, mfinimfini: From the book Ridpath’s History of the World (Vol. IV); Thomas More, ase hɔ: From the book Heroes of the Reformation, 1904