Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Yɛyɛ dɛn hu sɛ nyansa a wɔka ho asɛm wɔ Mmebusɛm 8:22-31 no fa Yesu Kristo ho bere a na onnya mmaa asase so no?

Onyankopɔn ama wɔaka nyansa a ɛwɔ Mmebusɛm nhoma no mu ho asɛm sɛ: “[Yehowa, NW] bɔɔ me de fii n’adwuma ase, ne nnwuma a efi teteete no mu adikan, . . . wonnya mfaa mmepɔw nsisii hɔ, na nkoko nnya mmae no, na wɔawo me. . . . Osiesiee ɔsoro no, na mewɔ hɔ, . . . na mewɔ ne nkyɛn sɛ [odwumayɛni a ne ho akokwaw, NW] na meyɛ n’adɔde daa daa; m’ani gye n’anim bere nyinaa mu, . . . na m’ani ka nnipa mma mu.”

Ɛnyɛ Onyankopɔn nyansa anaa nyansa a obi wɔ na saa kyerɛwsɛm yi reka ho asɛm. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa “bɔɔ” nyansa a wɔaka ho asɛm wɔ ha no de fii n’adwuma ase. Yehowa atra hɔ fi teteete na efi teteete nyinaa ɔyɛ onyansafo. (Dwom 90:1, 2) Yehowa nyansa nni mfiase; na saa ara nso na ɛnyɛ ade a wɔbɔe. Yehowa nyansa nyɛ ade a ‘wɔwoe.’ Bio nso, wɔka saa nyansa yi ho asɛm sɛ ɛkasa na etumi yɛ ade, a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ onipa.—Mmebusɛm 8:1.

Mmebusɛm nhoma no ka sɛ saa nyansa no atra Yehowa, Ɔbɔadeɛ no nkyɛn fi teteete sɛ “odwumayɛni a ne ho akokwaw.” Akyinnye biara nni ho sɛ ɛno fa Yesu Kristo ho. Ansa na Yesu reba asase so no, na ɔne Yehowa abom ayɛ adwuma bere tenteenten ma enti Onyankopɔn Asɛm ka ne ho asɛm sɛ: “Odi nneɛma a aka nyinaa kan, na wɔnam no so na ɛyɛɛ nneɛma a aka nyinaa.”—Kolosefo 1:17; Adiyisɛm 3:14.

Ɛfata sɛ wɔfrɛ Onyankopɔn Ba no sɛ nyansa, efisɛ Yesu na ɔma yehuu Yehowa atirimpɔw ne n’ahyɛde ahorow a nyansa wom no. Ansa na Yesu reba asase so no na ɔyɛ Onyankopɔn Asɛm anaa ne Kasamafo. (Yohane 1:1) Wɔka Yesu ho asɛm sɛ ɔno ne “Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa.” (1 Korintofo 1:24, 30) Hwɛ sɛnea wɔaka Onyankopɔn Ba a esiane n’ani a ɛka nnipa mma mu nti, ɔde ne nkwa too hɔ maa wɔn sɛ agyede no ho asɛm fɛfɛɛfɛ saa!—Yohane 3:16.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

“Wonnya mfaa mmepɔw nsisii hɔ . . . na wɔawo me”