Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Suro “Yɛ Nyansa Nteɛso”

Onyankopɔn Suro “Yɛ Nyansa Nteɛso”

Onyankopɔn Suro “Yɛ Nyansa Nteɛso”

WƆKA nyansa ho asɛm sɛ obi a watow pon kɛse. “Wasoma ne mmaawa, ɔkɔteɛm kurow mu sorɔnsorɔmmea so sɛ: Nea ɔyɛ atetekwaa mmãn ha! Na nea onni ti no, ose no sɛ: Mommra mmedi m’aduan bi, na monnom me nsã a mafra no bi. Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa, na monnantew nhumu kwan so.”—Mmebusɛm 9:1-6.

Sɛ yedidi nyansa pon so a, ɛremfa yɛn nkɔ bɔne anaa ɔhaw mu da. Sɛ yetie Onyankopɔn nyansa a ɛwɔ mmɛ a Onyankopɔn ama wɔakyerɛw no mu na yegye nteɛso a ɛde ma yɛn no tom a, ɛso bɛba yɛn mfaso kɛse. Nsɛm a nyansa wom a ɛwɔ Mmebusɛm 15:16-33 no nso te saa ara. * Sɛ yetie afotusɛm ntiantiaa a emu da hɔ no a, ebetumi aboa yɛn ma yɛapene ahode kakra a yɛwɔ so, na ama yɛanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu na yɛanya anigye wɔ yɛn asetram. Sɛ yɛyɛ saa a, ebetumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae a nyansa wom na ama yɛakɔ so anantew nkwa kwan no so.

Eye sɛ Worenhwehwɛ Ahode Pii

Ɔhene Salomo a ɔtraa ase wɔ tete Israel no kae sɛ: [Yehowa, NW] suro mu ade ketewa ye sen ahode pii a ɔhaw wɔ mu.” (Mmebusɛm 15:16) Ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ obi bebu n’ani agu Ɔbɔadeɛ no so na ɔde wiase ahonyade ayɛ n’asetram ade titiriw. Sɛ obi hwehwɛ asetra a ɛte saa a, ɛde ɔbrɛ ne dadwen pii na ɛba no so. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ obi behu wɔ ne nkwakoraabere anaa ne mmerewabere mu sɛ wabrɛ agu, na mfaso biara nni n’asetra so! Nyansa nnim sɛ obi bɛboaboa ahonyade pii ano na ɛde “ɔhaw” aba no so. Hwɛ sɛnea mfaso wɔ so sɛ obi behu ade a ɛde abotɔyam ba na ɔde abɔ ne bra! Ɛnyɛ ahonyade pii a yebenya na ɛma yenya akomatɔyam ankasa, na mmom ɛyɛ Yehowa suro ne abusuabɔ a yɛne Yehowa benya.—1 Timoteo 6:6-8.

Bere a Salomo resi so dua sɛ mfaso kɛse wɔ abusuabɔ pa a yɛne afoforo benya so sen ahonyade pii no, ɔkae sɛ: “Mfammiri a ɔdɔ wɔ mu ye sen nantwi a wadɔ na ɔtan wɔ mu.” (Mmebusɛm 15:17) Nokwarem no, ofie a ɔdɔ wom ye koraa sen ofie a aduan pa pii ahyɛ mu ma. Ebetumi ahia mmusua a ɔwofo biako na ɔwom no. Wɔ aman bi so no, ebia wɔrennya nnuan sɔkyee nni. Nanso, mmusua nya akomatɔyam wɔ ofie a ɔdɔ ne tema wom mu.

Nsɛnnennen betumi asɔre wɔ mmusua a ɔdɔ wom mpo mu. Abusua no muni bi betumi aka asɛm anaa wayɛ biribi a ɛbɛhyɛ ɔfoforo abufuw. Ɛsɛ sɛ nea wɔahyɛ no abufuw no yɛ n’ade dɛn? Mmebusɛm 15:18 ka sɛ: “Obufufafo hwanyan atutuw mu, na abodwokyɛrefo pata akayɔ.” Sɛ yɛankasa abufuw so, na yɛka yɛn asɛm odwo mu a, ɛde asomdwoe ba. Yebetumi de afotusɛm a ɛwɔ ɛbɛ yi mu abɔ yɛn bra wɔ asetra mu biribiara mu, a asafo mu dwumadi ne asɛnka adwuma no nso ka ho.

Bere a “Ɔkwan Bi Yɛ Petee”

Ɛbɛ a edi hɔ no kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ obi a ontie nyansa ne wɔn a wotie ntam. Ɔhene nyansafo no kae sɛ: “Onihafo kwan te sɛ nsɔe ban, na tẽefo kwan yɛ petee.”Mmebusɛm 15:19.

Nsɔe ban yɛ ade a ɛwowɔ. Ɔkwadwofo dwennwen akwanside ahorow nyinaa ho, na ɔde yi ne ho ano wɔ nea enti a wamfi adwuma bi ase ho. Nanso, wɔn a wɔteɛ nnwinnwen akwanside a wobetumi ahyia ho. Wɔyɛ nsi wɔ wɔn adwuma ho na wɔde wɔn adwene si adwuma a wɔreyɛ so. Enti wonhyia nsɛnnennen pii a sɛ wɔtoto wɔn adwuma ase a anka wobehyia no. Wɔn kwan “yɛ petee,” kyerɛ sɛ, wonya nkɔso. Wɔkɔ wɔn anim wɔ wɔn adwumayɛ mu na nkɔso a wonya no ma wɔn ani gye.

Fa Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ a ɛsɛ sɛ obi nya na ama ne ho akokwaw no sɛ nhwɛso. Egye mmɔdenbɔ. Na ɛnyɛ den koraa sɛ obi betumi de ne nhomasua a ɛnkɔ anim, akenkan a onnim papa, anaa awerɛfiri a ɛwɔ no so ayi ne ho ano wɔ Bible a ɛsɛ sɛ ɔno ankasa sua a onsua no ho. Hwɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛremfa yɛn adwene nsi nneɛma bi a ɛremma yennya nimdeɛ so! Sɛ yɛn nhomanim nkɔ akyiri mpo na sɛ ɛho behia a, yebetumi ahwɛ nsɛm asekyerɛ nhoma mu na aboa yɛn ma yɛn akenkan atu mpɔn, na yɛate nea yɛkenkan no ase. Sɛ yenya adwempa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya nimdeɛ na ama yɛanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu.

Bere a ‘Agya Ani Gye’

Israel hene no kae sɛ: “Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na onipa kwasea bu ne na animtiaa.” (Mmebusɛm 15:20) Sɛ mmofra yɛ wɔn ade nyansam a, so wɔn awofo ani nnye? Nokwarem no, ɛsɛ sɛ awofo de ntetee ne nteɛso ma wɔn mma ansa na awofo no anya anigye a ɛte saa. (Mmebusɛm 22:6) Hwɛ sɛnea ɔba nyansafo ma n’awofo ani gye! Nanso, ɔba kwasea ma n’awofo di awerɛhow bere nyinaa.

Bere a ɔhene nyansafo no de asɛmfua “anigye” reka asɛm foforo no, ɔkae sɛ: “Agyimisɛm yɛ nea onni ti anigye, na ɔbadwemma teɛ ne nantew.” (Mmebusɛm 15:21) Wɔn a wonni ti ani gye aseresɛm ne anigyede a ɛmfata a ɛmma nnipa nnya abotɔyam anaa anigye ankasa ho. Nanso, onipa a ɔwɔ nhumu hu sɛ mfaso nni so sɛ ‘ɔbɛdɔ anigyede asen Nyankopɔn.’ (2 Timoteo 3:1, 4) Onyankopɔn asɛm a ɔde yɛ adwuma boa no ma ɔkɔ so yɛ nea ɛteɛ na ɔma n’akwan teɛ.

“Ebegyina”

Sɛ yɛde Onyankopɔn asɛm bɔ yɛn bra a, yenya so mfaso wɔ nneɛma foforo a yɛyɛ wɔ yɛn asetram mu. Mmebusɛm 15:22 ka sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina.”

Agyinakɔ kyerɛ nkɔmmɔ a nnipa bi bɔ a wɔka wɔn komam asɛm pefee. Wɔkyerɛɛ Hebri asɛmfua “agyinakɔ” ase sɛ nnipa a wohyiam ka tirimsɛm. Eyi kyerɛ nkɔmmɔbɔ a wodi atirimsɛm wom. Eyi nyɛ nkɔmmɔbɔ biara kɛkɛ, agyinakɔ yɛ nnipa bi tirim anaa wɔn komam asɛm a wɔka kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Sɛ okununom, ɔyerenom, awofo, ne wɔn mma ne wɔn ho wɔn ho bɔ nkɔmmɔ wɔ saa kwan yi so a, ɛma asomdwoe ne biakoyɛ tra wɔn ntam. Nanso, sɛ abusua bi ntaa mfi wɔn komam ne wɔn ho wɔn ho mmɔ nkɔmmɔ a, ɛde ɔhaw ne nsɛnnennen ba.

Sɛ yɛresi gyinae a ɛho hia a, nyansa wom sɛ yebetie afotusɛm yi: “Agyinatufo pii mu na ebegyina.” Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛrepaw aduruyɛ bi a, so ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ yebehu nnuruyɛfo baanu anaa baasa wɔ yare no ho, ne titiriw no bere a yare no mu yɛ den no?

Ɛho hia koraa sɛ sɛ yɛreyɛ biribi a ɛfa Onyankopɔn som ho a, yetie afoforo adwenkyerɛ. Sɛ mpanyimfo kuw resusuw asɛm ho, na wotu agyina ma obiara kyerɛ n’adwene na wɔde afotu a nyansa wom no yɛ adwuma a, nea wɔyɛ no ‘begyina.’ Afei nso, ɛnsɛ sɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn foforo no twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobegye afotu afi mpanyimfo a wɔn mfe akɔ anim na wɔwɔ osuahu pii no hɔ, ne titiriw bere a asɛm a wɔredi ho dwuma no yɛ den no.

Bere a “Mmuae Yɛ Anigye”

Sɛ yɛde nhumu kasa a, adepa bɛn na ebetumi afi mu aba? Israel hene no kae sɛ: “Onipa anom mmuae yɛ anigye ma no, na asɛm a wɔka ne bere mu, eye dɛn ara!” (Mmebusɛm 15:23) Sɛ wɔde yɛn mmuae anaa yɛn afotu yɛ adwuma na adepa fi mu ba a, so yɛn ani nnye? Nanso, sɛ afotu bɛyɛ nea etu mpɔn a, ɛsɛ sɛ egyina nneɛma abien so.

Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ afotu no gyina Onyankopɔn Asɛm Bible so pintinn. (Dwom 119:105; 2 Timoteo 3:16, 17) Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔ bere a ɛfata mu. Sɛ wɔanka nokwasɛm mpo wɔ bere a ɛsɛ mu a, etumi sɛe ade. Sɛ nhwɛso no, nyansa nnim na saa ara nso na mfaso nni so sɛ wode afotu bɛma obi ansa na woatie n’anom asɛm. Hwɛ sɛnea mfaso wɔ so sɛ yɛbɛyɛ ‘ntɛm asɛntie ho, ayɛ nyaa ɔkasa ho’!—Yakobo 1:19.

“Nkwa Kwan Kɔ Soro”

Mmebusɛm 15:24 ka sɛ: “Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefo, na wakwati asaman a ɛwɔ ase no.” Onipa a ɔde nhumu yɛ adwuma twe ne ho fi asaman, adesamma adamoa kwan so. Ɔtwe ne ho fi nneyɛe bɔne te sɛ aguamammɔ, nnubɔnenom, ne asabow ho ma enti onwu ɔpatuwu. Ɔfa nkwa kwan no so.

Nanso, hwɛ sɛnea wɔn a wonni nhumu no yɛ wɔn ade: [Yehowa, NW] dwiriw ahantanfo fi, na ɔhyɛ okunafo hye so den. Ɔbɔne adwene yɛ [Yehowa, NW] akyide, na nsɛm a ɛyɛ dɛ ho tew. Amim mu mfasopɛfo sɛe ne fi, na nea okyi akyɛde [adanmude] bɛtra ase.”Mmebusɛm 15:25-27.

Bere a Israel hene no rekyerɛ nea ɛbɛyɛ a yɛrentɔ saa afiri yi mu no, ɔkae sɛ: “Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho, na abɔnefo ano woro nsɛmmɔne.” (Mmebusɛm 15:28) Hwɛ sɛnea mfaso wɔ saa ɛbɛ yi so! Mmuae a nyansa nnim a yenni kan nnwen ho a yɛde bɛma no ntaa mfa biribi papa biara mma. Sɛ yesusuw nneɛma bi a ɛfa asɛm no ho ne sɛnea afoforo bɛte nka wɔ ho a, ɛremma yɛnka biribi a ɛbɛma yɛanu yɛn ho akyiri yi.

Ɛnde, sɛ yesuro Onyankopɔn na yegye ne nteɛso tom a, mfaso bɛn na yebenya? Onyansafo no buae sɛ: [Yehowa, NW] ne abɔnefo ntam ware, na treneefo mpaebɔ de, otie.” (Mmebusɛm 15:29) Nokware Nyankopɔn no ne abɔnefo ntam kwan ware. Bible ka sɛ: “Nea oyi n’asõ fi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyide.” (Mmebusɛm 28:9) Wɔn a wosuro Onyankopɔn na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so no betumi akɔ ne nkyɛn bere biara, a wɔwɔ ahotoso sɛ obetie wɔn.

Nea Ɛma “Koma Tɔ Yam”

Bere a Salomo reyɛ ntotoho bi a ɛma yesusuw nneɛma ho kɔ akyiri no, ɔkae sɛ: “Aniwa so tew ma koma tɔ yam, na atesɛm pa ma nnompe mu ba hon.” (Mmebusɛm 15:30) Sɛ hon ba nnompe mu a, ɛma nnompe no yɛ akɛse. Eyi ma nipadua no nyinaa nya ahoɔden na ɛma koma tɔ yam. Na sɛ yɛn koma tɔ yɛn yam a, wotumi hu wɔ yɛn anim. Eyi ne adepa a sɛ yɛte asɛmpa a, yenya!

Sɛ yɛte nkɔso a ɛreba wɔ Yehowa som mu wɔ wiase nyinaa no a, so eyi nhyɛ yɛn nkuran ankasa? Sɛ yɛte nkɔso a ɛreba wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu a, ɛkanyan yɛn ankasa ma yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no pii. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Nsɛm a wɔn a wɔde Yehowa ayɛ wɔn Nyankopɔn na wɔba nokware som mu no ka no ma yɛn koma ani gye. Esiane sɛ “asɛmpa a efi akyirikyiri asase so” hyɛ nkuran yiye saa nti, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yebebu yɛn asɛnka adwuma ho akontaa pɛpɛɛpɛ na yɛde ama wɔ bere ano!—Mmebusɛm 25:25.

“Ahobrɛase Di Anuonyam Anim”

Bere a ɔhene nyansafo no resi mfaso a ɛwɔ nteɛso ahorow a yebegye atom so dua no, ɔkae sɛ: “Asõ a etie nkwa animka no, ɛbɛtra anyansafo mu. Nea ɔpo nteɛso no pa ne kra, na nea otie animka no hu nyansa.” (Mmebusɛm 15:31, 32) Animka anaa nteɛso ka onipa koma ma ɔyɛ nsakrae, na ɛma ohu nyansa. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ “nteɛso abaa” yi ‘agyimisɛm a akyekyere abofra koma ho’ fi hɔ! (Mmebusɛm 22:15) Nea otie nteɛso no hu nyansa, na ɛno kyerɛ adwempa a onya. Nanso, sɛ obi ntie nteɛso a, na ɔrepo nkwa.

Nokwarem no, sɛ yetie nyansa nteɛso na yɛde ahobrɛase gye tom a, ɛso bɛba yɛn mfaso. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnyɛ akomatɔyam, nkɔso a yebenya wɔ Onyankopɔn som mu, anigye, ne nneɛma a yɛyɛ nko na ebegyina, na mmom yebenya anuonyam ne nkwa nso. Mmebusɛm 15:33 de asɛm no ba awiei sɛ: [Yehowa, NW] suro ne nyansa nteɛso, na ahobrɛase di anuonyam anim.”

[Ase hɔ asɛm]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Ofie a ɔdɔ wom ye koraa sen ofie a aduan pa pii ahyɛ mu ma

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛ yɛn nhomanim nkɔ anim mpo na sɛ yenya adwempa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya nimdeɛ

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Agyinakɔ yɛ nnipa bi tirim anaa wɔn komam asɛm a wɔka kyerɛ wɔn ho wɔn ho

[Mfonini wɔ kratafa 20]

So wunim nea enti a “atesɛm pa ma nnompe mu ba hon” no?