Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suro Yehowa Na Nya Anigye!

Suro Yehowa Na Nya Anigye!

Suro Yehowa Na Nya Anigye!

“Anigye ne onipa a osuro Yehowa.”—DWOM 112:1, NW.

1, 2. Dɛn na Yehowa suro betumi ama yɛanya?

YENNYA anigye kwa. Sɛ yebenya anigye ankasa a, gye sɛ yɛpaw nea eye, yɛyɛ papa, na yɛtwe yɛn ho fi bɔne ho. Yehowa a ɔbɔɔ yɛn no de n’Asɛm Bible ama yɛn sɛ ɛnkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ na asi yɛn yiye paa wɔ asetra mu. Sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ na yedi akyiri a, na yɛreda no adi sɛ yesuro Onyankopɔn, na ebetumi ama yɛanya abotɔyam ne anigye ankasa.—Dwom 23:1; Mmebusɛm 14:26.

2 Wɔ adesua yi mu no, yebesusuw nhwɛso ahorow a ɛwɔ Bible mu ne nea ɛwɔ hɔ nnɛ ho. Nhwɛso ahorow yi bɛma yɛahu sɛnea sɛ obi suro Onyankopɔn yiye a, ɛma onya ahoɔden de twe ne ho fi bɔne ho na onya akokoduru de yɛ papa. Yebehu sɛ Onyankopɔn suro betumi aka yɛn ma yɛasiesie bɔne bi a yɛayɛ te sɛ nea na ɛsɛ sɛ Ɔhene Dawid yɛ no, na ama yɛanya anigye. Yebehu nso sɛ Yehowa suro yɛ agyapade a ɛsom bo ankasa a awofo betumi de ama wɔn mma. Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Anigye ne onipa a osuro Yehowa.”—Dwom 112:1, NW.

Sɛnea Yɛbɛsan Anya Anigye

3. Dɛn na ɛboaa Dawid ma ɔsakra fii ne bɔne ho?

3 Sɛnea yɛadi kan asusuw ho wɔ adesua a edi eyi anim mu no, Dawid anna Onyankopɔn suro pa adi mprɛnsa wɔ mmere bi mu, na ɛma ɔyɛɛ bɔne. Nanso, nteɛso a Yehowa de maa no a ogye toom no ma ɛdaa adi sɛ na ɔyɛ obi a osuro Onyankopɔn ankasa. Nidi ne obu a na Dawid wɔ ma Onyankopɔn no kaa no ma ogyee ne mfomso toom, siesiee n’akwan, na ɔne Yehowa san nyaa abusuabɔ pa. Ɛwom sɛ ne bɔne a ɔyɛe no maa ɔno ne afoforo huu amane de, nanso ne komam a ofi nuu ne ho no ma ɔkɔɔ so nyaa Yehowa mmoa ne ne nhyira. Akyinnye biara nni ho sɛ, Dawid nhwɛso no betumi ama Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔbɛyɛ bɔne a emu yɛ duru no nso anya akokoduru de asiesie wɔn akwan.

4. Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn suro betumi aboa obi ma wasan anya anigye?

4 Fa nea ɛtoo Sonja no sɛ nhwɛso. * Ná Sonja yɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo de, nanso ɔde ne ho kɔhyɛɛ fekubɔne mu ma obuu bra bɔne, na wotuu no fii Kristofo asafo no mu. Sonja ani baa ne ho so, na ɔyɛɛ nea obetumi biara de siesiee ɔne Yehowa ntam. Bere bi akyi no, wɔsan gyee no baa asafo no mu. Eyi nyinaa mu no, Sonja werɛ amfi Yehowa da. Awiei koraa no, ɔsan bɛyɛɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Akyiri yi, asafo mu panyin bi a ɔwɔ din pa waree no, na seesei ɔne no resom anigye mu wɔ asafo no mu. Ɛwom sɛ Sonja di yaw sɛ ɔman fii Kristofo kwan no ho bere tiaa bi de, nanso n’ani gye sɛ Onyankopɔn ho suro a ɔwɔ no boaa no ma ɔsan baa Yehowa nkyɛn.

Ɛyɛ Papa sɛ Wubehu Amane Sen sɛ Wobɛyɛ Bɔne

5, 6. Kyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a Dawid nyaa Saul mprenu, ne nea enti a wankum no no mu.

5 Nokwarem no, ɛyɛ papa paa sɛ Onyankopɔn ho suro a obi wɔ no remma ɔnyɛ bɔne koraa mpo. Saa na Dawid yɛe. Bere bi a na Saul de asraafo mpem abiɛsa retiw Dawid no, Saul kowuraa ɔbodan bi a na Dawid ne ne mmarima nso akohintaw mu no mu. Dawid mmarima no hyɛɛ no sɛ onkum Saul. So ɛnyɛ Dawid tamfo na na Yehowa de no rehyɛ ne nsa? Dawid yɛɛ nwaa kotwaa Saul atade ano. Esiane sɛ na Dawid suro Onyankopɔn nti, saa ade ketewaa yi mpo a ɔyɛe no maa n’ahonim haw no. Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima a na wɔn bo afuw no sɛ: “[Yehowa, NW] mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ me wura a [Yehowa, NW] asra no no ade a ɛte sɛɛ.” *1 Samuel 24:1-7.

6 Bere bi akyi no, Saul ne ne mmarima kɔbɔɔ nsra anadwo, na ‘Yehowa nnahɔɔ totɔɔ wɔn so.’ Dawid ne ne wɔfase kokodurufo Abisai wiawiaa wɔn ho kɔɔ nsra no mfinimfini kogyinaa Saul a na wada no atifi pɛɛ. Ná Abisai pɛ sɛ owie Saul wɔ hɔ ara. Dawid amma Abisai kwan, na obisaa no sɛ: “Hena na ɔteɛ ne nsa ka nea [Yehowa, NW] asra no na odi bem?”—1 Samuel 26:9, 12.

7. Dɛn na amma Dawid anyɛ bɔne?

7 Adɛn nti na bere a Dawid nyaa Saul mprenu no no, wankum no? Efisɛ na osuro Yehowa sen Saul. Esiane osuro pa a na Dawid wɔ ma Onyankopɔn nti, na ɔpɛ sɛ ohu amane mmom sen sɛ ɔbɛyɛ bɔne. (Hebrifo 11:25) Ná Dawid wɔ ahotoso paa sɛ Yehowa dwen ne nkurɔfo ne ɔno nso ho. Ná Dawid nim sɛ sɛ otie Onyankopɔn na onya ne mu ahotoso a, ɛbɛma wanya anigye ne nhyira pii, nanso sɛ wanyɛ saa a, na ɔrennya Onyankopɔn anim dom. (Dwom 65:4) Ná Dawid nim nso sɛ Onyankopɔn bedi bɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔno Dawid ɔhene no so, na wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no wayi Saul afi hɔ.—1 Samuel 26:10.

Onyankopɔn Suro Ma Yenya Anigye

8. Dɛn na yesua fi nea Dawid yɛe bere a ɔkɔɔ ahohia mu no mu?

8 Sɛ́ Kristofo no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ nkurɔfo bedi yɛn ho fɛw, yebehyia ɔtaa ne sɔhwɛ afoforo. (Mateo 24:9; 2 Petro 3:3) Ɛtɔ mmere bi a, yɛn mfɛfo Kristofo betumi ama yɛahyia nsɛnnennen. Nanso, yenim sɛ Yehowa hu biribiara, otie yɛn mpaebɔ, na bere a ɛsɛ mu no obesiesie nneɛma sɛnea ne pɛ te. (Romafo 12:17-21; Hebrifo 4:16) Enti, sɛ́ anka yebesuro wɔn a wɔsɔre tia yɛn no, ɛyɛ Onyankopɔn mmom na yesuro no, na yɛhwɛ kwan sɛ obegye yɛn. Sɛnea Dawid yɛe no, yɛn nso yɛmfa bɔne ntua bɔne so ka, na saa ara na yemmu Onyankopɔn mmara so mfa nhwehwɛ ahotɔ. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma yenya anigye. Ɔkwan bɛn so na ɛno ma yenya anigye?

9. Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea sɛ yehyia ɔtaa mpo a, Onyankopɔn suro betumi ama yɛanya anigye.

9 Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔde bere tenten asom wɔ Afrika ka sɛ: “Midwen ɛna bi ne ne ba ababaa a esiane sɛ wɔyɛ Kristofo nti wɔantɔ amanyɔkuw krataa no ho. Mmarima bi hwee wɔn pasaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ fie. Bere a wɔrekɔ no, ɛna no yɛe sɛ ɔbɛkyekye ne ba a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛte nea enti a wodii wɔn ani saa no ase no werɛ. Saa bere no de na wonni anigye, nanso na wɔwɔ ahonim pa. Akyiri yi, wɔn ani gyee paa sɛ wotiee Onyankopɔn. Sɛ wɔtɔɔ amanyɔkuw krataa no bi a anka nkurɔfo no bedi ahurusi paa. Anka mmarima no bɛma wɔn nsa dɔkɔdɔkɔ na wɔasaw adi wɔn akyi akodu wɔn fie. Nanso, sɛ ababaa no ne ne maame yɛɛ saa a, anka wɔn werɛ bɛhow asen nnipa biara wɔ asase yi so.” Onyankopɔn suro a na wɔwɔ no amma eyi mu biara anto wɔn.

10, 11. Adepa bɛn na efii Onyankopɔn suro a ɔbea bi nyae mu bae?

10 Sɛ yehyia sɔhwɛ a ɛfa obu a yɛbɛkyerɛ ama nkwa ho a, Onyankopɔn ho suro a yɛbɛda no adi nso bɛma yɛanya anigye. Bere a Mary nyinsɛn ne ba a ɔto so abiɛsa no, oduruyɛfo bi ka kyerɛɛ no sɛ ontu nyinsɛn no ngu. Ɔkae sɛ: “Wo tebea no yɛ hu, wo nyinsɛn no betumi abɔ wo yare denneennen bere biara, na sɛ ɛba saa a, da koro mpo rento wo. Na abofra no nso bewu. Afei nso, anhwɛ a abofra no bɛyɛ ɔyarefo.” Ná Mary ne Yehowa Adansefo sua Bible, nanso na onnya mmɔɔ asu. Mary ka sɛ, “Na mayɛ m’adwene sɛ ɛyɛ dɛn ara a mɛsom Yehowa, na na masi me bo sɛ mɛkɔ so atie no wɔ tebea biara mu.”—Exodus 21:22, 23.

11 Wɔ Mary nyinsɛn mu no, ɔkɔɔ so suaa Bible, na ɔhwɛɛ n’abusua nso. Awiei koraa no, ɔwoo abofra no. Mary ka sɛ: “Ná awo no mu yɛ den kakra sen me mma baanu a na madi kan awo wɔn no de, nanso ɔhaw kɛse biara amma.” Onyankopɔn suro a Mary nyae no boaa no ma onyaa ahonim pa, na ankyɛ na ɔbɔɔ asu. Abofra no nyinii no, ɔno nso suae Yehowa suro, na seesei ɔresom wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea biako mu.

‘Hyɛ Wo Ho Den Yehowa Mu’

12. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn suro hyɛɛ Dawid den?

12 Esiane sɛ na Dawid suro Yehowa nti ɛnyɛ bɔne nko na wanyɛ. Mmom no, ɛhyɛɛ no den ma osii gyinae pa, na ɔyɛɛ n’ade nyansam wɔ tebea a ɛyɛ den mu. Dawid ne ne mmarima no guan fii Saul a na ɔwɔ Filistifo kurow Siklag mu no anim afe biako ne asram anan. (1 Samuel 27:5-7) Bere bi a na mmarima no nni hɔ no, Amalekfo bɛhyew kurow no sesaa wɔn yerenom, wɔn mma, ne wɔn mmoa kɔe. Bere a Dawid ne ne mmarima no san bae na wobehuu nea asi no, wosui. Ankyɛ na Dawid mmarima no awerɛhow bɛdan abufuw, na wɔkae sɛ wobesiw Dawid abo. Ɛwom sɛ Dawid yɛɛ basaa de, nanso n’abam ammu. (Mmebusɛm 24:10) Onyankopɔn suro a na ɔwɔ no kaa no ma ɔkɔɔ Yehowa nkyɛn, na Dawid ‘hyɛɛ ne ho den Yehowa mu.’ Onyankopɔn boaa Dawid ne ne mmarima no ma wodii Amalekfo no so, na wɔn nsa kaa wɔn biribiara.—1 Samuel 30:1-20.

13, 14. Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn suro boaa Kristoni bi ma osisii gyinae pa?

13 Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso hyia tebea a ɛhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so na wonya akokoduru de gyina pintinn. Fa Kristina sɛ nhwɛso. Bere a Kristina yɛ ababaa no ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible. Nanso, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔbɔ adakabɛn anaa piano de gye ɔmanfo ani, na osuaa ne bɔ yiye. Bio nso, na ɔfɛre sɛ ɔbɛkɔ asɛnka enti na osuro sɛ ɔbɛbɔ asu ma asɛyɛde abɛda no so. Bere a Kristina kɔɔ so suaa Onyankopɔn Asɛm no, ohuu tumi a ɛwɔ mu no. Ná ɔresua sɛ obesuro Yehowa, na ohui sɛ Yehowa hwɛ kwan sɛ n’asomfo befi wɔn koma nyinaa, wɔn adwene nyinaa, wɔn kra nyinaa, ne wɔn ahoɔden nyinaa mu adɔ no. (Marko 12:30) Eyi kaa no ma ohyiraa ne ho so maa Yehowa, na ɔbɔɔ asu.

14 Kristina srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no mma onnya nkɔso wɔ ne som mu. Kristina ka sɛ: “Ná minim sɛ adakabɛn a na mepɛ sɛ mebɔ no bɛhwehwɛ sɛ mitutu akwan bere nyinaa kogye ɔmanfo ani bɛyɛ mpɛn 400 wɔ afe biako mu. Enti, ɛma misii gyinae sɛ mɛkyerɛ ade mmom na ama manya sika ahwɛ me ho, na mayɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo.” Saa bere no, na ɛsɛ sɛ Kristina kɔbɔ adakabɛn de gye ɔmanfo ani wɔ agodibea kɛse a ɛwɔ ne man mu nea edi kan. Ɔka sɛ: “Saa ɔmanfo ani a mikogyei nea edi kan no yɛɛ nea etwa to nso.” Kristina aware asafo mu panyin bi. Wɔn baanu resom wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea biako mu. Kristina ani gye sɛ Yehowa maa no ahoɔden ma ɔde sisii gyinae pa, na seesei otumi de ne bere ne n’ahoɔden som no.

Agyapade a Ɛsom Bo

15. Dɛn na na Dawid pɛ sɛ ɔde ma ne mma, na dɛn na ɔyɛ de kyerɛɛ saa?

15 Dawid kyerɛwee sɛ: “Mma, mommra, monyɛ aso mma me! Mɛkyerɛ mo [Yehowa, NW] suro.” (Dwom 34:11) Ná Dawid adwene ne sɛ ɔde agyapade a ɛsom bo a ɛno ne Yehowa suro pa bɛma ne mma sɛ agya. Dawid nam ne nsɛm ne ne nneyɛe so daa no adi sɛ Yehowa nyɛ Onyankopɔn a ɔyɛ nhyɛ na ne ho yɛ hu a ɔrehwɛ sɛ wubebu ne mmara so na watwe w’aso. Na mmom ɔyɛ Agya a ɔwɔ dɔ, odwen ne mma a wɔwɔ asase so ho, na ɔde wɔn bɔne firi wɔn. Dawid bisae sɛ: “Hena na ohu n’ankasa ne mfomso mu?” Afei, bere a ɔrekyerɛ ahotoso a ɔwɔ sɛ Yehowa mmfa n’ani nnsi yɛn mfomso so bere nyinaa no, ɔde kaa ho sɛ: “Me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani.” Ná Dawid wɔ awerɛhyem sɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara a, Yehowa betumi agye ne nsɛm ne ne nsusuwii atom.—Dwom 19:12, 14.

16, 17. Awofo bɛyɛ dɛn atumi ama wɔn mma anya Yehowa suro?

16 Awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asuasua Dawid. Ralph a ɔne ne nua barima som wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea biako mu no ka sɛ: “Yɛn awofo tetee yɛn sɛnea ɛbɛma yɛn ani agye wɔ nokware no mu. Yɛyɛ mmofra no, na wɔne yɛn bɔ asafo no dwumadi ahorow ho nkɔmmɔ, na ɛmaa yɛn ani begyee nokware no ho te sɛ wɔn ara. Wɔtetee yɛn ma yebehui sɛ yebetumi ayɛ nneɛma pa wɔ Yehowa som mu. Nokwarem no, yɛn abusua no traa ɔman bi a na Ahenni adawurubɔfo ho hia kɛse wɔ hɔ mu wɔ mfe bi mu. Na yɛboa ma wɔtetew asafo ahorow wɔ hɔ.

17 “Ɛnyɛ mmara katee a yɛn awofo hyehyɛ maa yɛn na ɛma yɛyɛɛ nea ɛteɛ, mmom no wɔboaa yɛn ma yehui sɛ Yehowa yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa na ne yam ye papaapa. Ná wɔn ani gye ho sɛ wobehu Yehowa yiye na wɔayɛ nea ɔpɛ, na ɛma yesuaa Onyankopɔn ho suro pa ne ɔdɔ a na wɔwɔ ma no no bi. Sɛ yɛyɛ bɔne mpo a, na yɛn awofo mma yɛnte nka sɛ Yehowa nnɔ yɛn bio; na saa ara nso na wɔamfa yɛn ho abufuw anhyehyɛ mmara denneennen amma yɛn. Mpɛn pii no, na wɔne yɛn tra ase kasa kyerɛ yɛn. Ɛtɔ da bi na Maame pɛ sɛ ɔne yɛn susuw nsɛm ho ma ɛka yɛn koma a, ɔne yɛn rekasa nyinaa na ɔresũ. Saa a ɔyɛe no boaa yɛn. Nsɛm a na yɛn awofo ka ne wɔn nneyɛe ma yehui sɛ Yehowa suro yɛ adepa, na ne Dansefo a obi bɛyɛ no nyɛ den, na mmom ɛyɛ anigye.”—1 Yohane 5:3.

18. Sɛ yesuro nokware Nyankopɔn no a, dɛn na yebenya?

18 “Dawid nsɛm a edi akyiri” no fã bi kenkan sɛ: “Nea odi nnipa so a ɔteɛ, nea odi so Onyankopɔn suro mu. Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, bere a owia repue.” (2 Samuel 23:1, 3, 4) Ɛda adi sɛ Dawid ba Salomo a obedii n’ade no tee saa asɛm no ase, efisɛ ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma no “koma a etie,” na ɔmma ‘onhu papa ne bɔne mu.’ (1 Ahene 3:9) Salomo hui sɛ sɛ onya Yehowa suro a, ɛbɛma wanya nyansa ne anigye. Akyiri yi, ɔbɔɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mua sei: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde. Na nneyɛe nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmu mu, na nea ahintaw nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu so atɛn.” (Ɔsɛnkafo 12:13, 14) Sɛ yetie saa afotu no a, yebehu ampa sɛ ɛnyɛ nyansa ne anigye nko na “edi ahobrɛase ne [Yehowa, NW] suro akyi,” na mmom yebenya “ahonyade ne anuonyam ne nkwa” nso.—Mmebusɛm 22:4.

19. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛate ‘Yehowa suro’ ase?

19 Yehu fi nhwɛso ahorow a ɛwɔ Bible ne nea ɛwɔ hɔ nnɛ mu sɛ Onyankopɔn ho suro pa boa Yehowa nokware asomfo paa. Onyankopɔn suro betumi aboa yɛn na amma yɛanyɛ nea yɛn soro Agya no mpɛ. Ebetumi nso ama yɛanya akokoduru a yɛde begyina yɛn atamfo anim ne ahoɔden a yɛde begyina sɔhwɛ ne nsɛnnennen a yehyia ano. Enti momma yɛn nyinaa, mmofra ne mpanyin mfa nsi nsua Onyankopɔn Asɛm, nnwinnwen nea yesua ho, na yemfi yɛn komam mmɔ mpae daa mfa mmɛn Yehowa. Sɛ yɛyɛ saa a, yebehu “Onyankopɔn ho nimdeɛ” na yɛate ‘Yehowa suro’ ase nso.—Mmebusɛm 2:1-5.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Ɛnyɛ wɔn din ne no.

^ nky. 5 Ɛbɛyɛ sɛ eyi ka nneɛma a esisii wɔ Dawid asetram a enti ɛma ɔhyehyɛɛ Dwom 57 ne 142 no ho.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn suro

• aboa obi ama wasakra afi ne bɔne ho?

• ama obi anya anigye bere ɔrehyia sɔhwɛ ne ɔsɔretia no?

• ahyɛ yɛn den ama yɛayɛ nea Onyankopɔn pɛ?

• ayɛ agyapade a ɛsom bo a yɛde ma yɛn mma?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yehowa suro amma Dawid ankum Ɔhene Saul

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Onyankopɔn suro yɛ agyapade a ɛsom bo a awofo betumi ama wɔn mma anya