Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔtaa Tiatia Nnipa Nidi So

Wɔtaa Tiatia Nnipa Nidi So

Wɔtaa Tiatia Nnipa Nidi So

“Wɔde biribiara a wɔyɛe wɔ nneduaban mu no buu yɛn animtiaa guu yɛn anim ase pɔtɔɔ.”—MAGDALENA KUSSEROW REUTER, ƆBEA BI A ONYAA NE TI DIDII MU WƆ NASI NNEDUABAN MU.

WƆ WIASE Ko II mu no, wɔyɛɛ nnipa ayayade pii wɔ Nasi nneduaban mu a na ɛyɛ hu paa, nanso ɛnyɛ saa bere no ne nea edi kan a wotiatiaa nnipa nidi so, na ɛyɛ ade a ɛda so ara rekɔ so. Sɛ yɛhwehwɛ nsɛm a asisi dedaw ne ɛnnɛ mu a, ɛda adi pefee sɛ: Wofi tete na abu “nnipa animtiaa agu wɔn anim ase pɔtɔɔ.”

Nanso, ɛnyɛ atirimɔdenne a wɔde ayɛ nnipa fi tete nko ne ɔkwan a wɔfa so tiatia nnipa nidi so. Wɔtaa fa anifere kwan paa so tiatia nnipa nidi so nso. Susuw abofra bi a wodi ne ho fɛw esiane sɛnea ne nipadua te nti ho hwɛ. Anaasɛ ɔhɔho bi a wodi ne ho fɛw esiane sɛ ɔyɛ ne “kurom” nneɛma bi wɔ baabi a wakɔtra nti. Anaa susuw nipa bi a sɛnea ne honam ani te anaa ɔman a ofi mu nti wɔne no mmom nyɛ hwee no ho hwɛ. Ebia wɔn a wɔyɛ saa no bɛfa no sɛ ɛyɛ agodie kɛkɛ, nanso ɛnsɛ sɛ yɛfa no sɛ ɛyaw ne animguase a ɛto wɔn a wɔde wɔn anim twitwiw fam no yɛ agodie.—Mmebusɛm 26:18, 19.

Dɛn ne Nidi?

Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ nidi ase sɛ ‘sɛ́ obi te nka sɛ ɔsom bo, ɔfata anaasɛ wobu no.’ Enti sɛnea yehu yɛn ho ne sɛnea afoforo ne yɛn di no na ɛma yɛte nka sɛ yɛwɔ nidi. Ɛwom sɛ nneɛma pii betumi aka sɛnea yɛn ankasa bu yɛn ho de, nanso sɛnea afoforo bu yɛn na wɔne yɛn di no na ɛma yehu nipa kõ a yɛyɛ ankasa ne sɛnea yɛsom bo wɔ asetra mu.

Ahiafo, nnipa a wonni kamafo, ne wɔn a wonni boafo wɔ ɔman biara mu. Nanso, sɛ obi wɔ tebea a ɛte saa mu a, ɛnkyerɛ sɛ onni nidi. Nea afoforo yɛ kyerɛ obi na ebetumi ama wate nka sɛ wommu no. Awerɛhosɛm ankasa ne sɛ ɛyɛ nnipa a wonni kamafo na wɔtaa de wɔn anim twitwiw fam anaasɛ wobu wɔn animtiaa. Hwɛ sɛnea yɛtaa te sɛ wɔka nsɛm te sɛ “nipa hunu,” “wo so nni mfaso” ne “w’anim yɛ hare” kyerɛ nkwakoraa ne mmerewa, ahiafo anaa wɔn a wɔadi dɛm!

Dɛn nti na nnipa bu wɔn yɔnko nnipa animtiaa saa? So bere bi bɛba a wobedi nnipa ni? Yebenya ho mmuae a ɛtɔ asom afi Onyankopɔn Asɛm Bible mu wɔ asɛm a edi hɔ no mu.