Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wuntumi Mfa Nsie Enti Fa Yɛ Adwuma Yiye

Wuntumi Mfa Nsie Enti Fa Yɛ Adwuma Yiye

Wuntumi Mfa Nsie Enti Fa Yɛ Adwuma Yiye

NKURƆFO taa ka sɛ ɛbere yɛ sika. Nanso, sɛ yɛbɛka paa a, ɛsono bere koraa ɛnna ɛsono sika anaa nneɛma afoforo nso. Wuntumi mfa ɛbere nsie na wode ayɛ adwuma akyiri yi te sɛ nea wubetumi de sika, aduan, krasin anaa nneɛma afoforo asie no. Sɛ woamfa ɛbere anyɛ adwuma a, ɛsɛe kwa. Sɛ woda nnɔnhwerew awotwe na woamfa ɛbere a aka no anyɛ hwee a, dɛn na ɛba? Nea ɛba ne sɛ, nnɔnhwerew a woamfa anyɛ adwuma no sɛe kwa.

Yebetumi de bere atoto asubɔnten kɛse bi a ɛsen ntɛmntɛm ho. Ɛsen kɔ bere nyinaa. Wuntumi nsiw ano, na saa ara nso na ɛnyɛ nea ɛsen no nyinaa na wubetumi asaw. Mfe pii a atwam no, nkurɔfo fii ase de mfiri bi a etwa ne ho sisii asukɔn so. Nsu a ɛsen no maa mfiri no twaa ne ho ma wonyaa anyinam ahoɔden ma wotumi de mfiri a wɔde yam ade, wɔde pae nnua, ne nea a wɔde bɔ nsu yɛɛ adwuma. Saa ara na wubetumi de bere a wowɔ ayɛ adwuma ma mfaso aba so. Nanso, sɛ wubetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye wɔ nneɛma titiriw abien a ɛsɛe ɛbere a ɛne mmɔtohɔ ne nea ɛka ho a ɛne nkuku ne nkaka ho. Ma yenni kan nsusuw mmɔtohɔ ho.

Nyɛ Mmɔtohɔ

Wɔtaa ka asɛm bi sɛ, Ntu biribi a wubetumi ayɛ no nnɛ nhyɛ ɔkyena da. Nanso, nnipa bi mfa saa afotu yi nyɛ adwuma. Sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ saafo no yɛ adwumaden bi a, wotu hyɛ da. Sɛ wɔka sɛ obi yɛ mmɔtohɔ a nea ɛkyerɛ ne sɛ, onii no taa hyɛ da tu biribi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ hyɛ da. Obi a ɔyɛ mmɔtohɔ de ayɛ ne su sɛ obetu biribi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ahyɛ da. Sɛ adwuma hyɛ ne so a, otu hyɛ da, na ɛyɛ no sɛ gyama wanya bere a ɔde bedwudwo ne ho, n’ani bɛba ne ho so no na adwuma asan abɔ no so bio.

Ɛtɔ mmere bi a, ebia esiane ɔbrɛ nti ɛho behia sɛ yetu adwuma bi anaa yɛn adwuma nyinaa mpo hyɛ da. Afei nso, ehia sɛ ɛtɔ mmere bi a yegye yɛn ahome wɔ nnwuma a yɛyɛ no daa ho. Onyankopɔn Ba no mpo yɛɛ saa. Ná Yesu nni adagyew koraa wɔ ne som adwuma mu, nanso ɔno ne n’asuafo no nso hwehwɛɛ bere de gyee wɔn ahome. (Marko 6:31, 32) Mfaso wɔ ahomegye a ɛte saa so. Nanso, mfaso biara nni mmɔtohɔ so, na ɛtaa sɛe ade. Susuw nhwɛso bi ho hwɛ.

Fa no sɛ ababaawa bi wɔ dapɛn abiɛsa a ɛsɛ sɛ ɔde sua ade kɔkyerɛw akontaabu ho sɔhwɛ. Ɔwɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ osua. Ohu sɛ ne ho yeraw no. Enti ɔyɛ mmɔtohɔ. Sɛ́ anka obesua ade no, ɔhwɛ television. Da biara da, otu nneɛma a ɛsɛ sɛ osua na ama watumi atwa sɔhwɛ no hyɛ da. Afei, ade rebɛkye ma wakɔyɛ sɔhwɛ no, ohu sɛ ɛsɛ sɛ osua nneɛma no nyinaa prɛko pɛ. Ɔkɔtra pon ho fi ase sua ade.

Ɔde nnɔnhwerew pii sua ade. Bere a abusua no mufo a aka adeda no, omia n’ani de bere pii kyere akwan horow a wɔfa so bu akontaa gu ne tirim. Ade kyee a ɔkɔɔ sukuu no, esiane sɛ n’adwene abrɛ nti, wantumi anyɛ sɔhwɛ no. Wantumi antwa sɔhwɛ no, enti ɛsɛ sɛ ɔsan sua ade kɔkyerɛw bio, na anhwɛ a wɔbɛma watra n’ananmu.

Mmɔtohɔ ma sukuuni no hwere ade kɛse. Nanso, Bible nnyinasosɛm bi wɔ hɔ a ebetumi aboa nkurɔfo na amma wɔankɔ tebea ɛte saa mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti monhwɛ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na montɔ bere a mubenya biara, efisɛ nna no yɛ nna bɔne.” (Efesofo 5:15, 16) Ná Paulo rehyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmfa wɔn bere nyɛ adwuma nyansam mfa nyɛ Kristofo som adwuma no, nanso yebetumi de saa afotu a ɛwɔ asɛm yi mu no ayɛ adwuma wɔ yɛn asetram nneɛma a ɛho hia pii mu. Esiane sɛ yɛn ara na yɛtaa kyerɛ bere a yɛde yɛ adwuma bi nti, sɛ yɛde bere a ‘yebenya biara’ yɛ adwuma a, ɛbɛma yɛatumi ayɛ adwuma no ntɛm, na yɛayɛ no yiye nso. Sɛnea kyerɛwsɛm no ka no, “anyansafo” na wɔyɛ wɔn ade wɔ saa kwan yi so.

Bere bɛn na anka ɛbɛyɛ ama sukuuni no sɛ ɔde sua ade kɔkyerɛw sɔhwɛ no? Anka obetumi de simma 15 anaa nea ɛte saa asua ade no nkakrankakra anadwo biara. Sɛ ɔyɛ saa a, anka ɛho renhia sɛ ade rebɛkye ma wakɔyɛ sɔhwɛ no, ɔde anadwo a ɔde bɛda no si pɛ sua ade. Anka ade bɛkye no, na wagye n’ahome yiye asiesie ne ho koraa, na ɛno betumi ama watwa sɔhwɛ no yiye.

Enti, sɛ wɔma wo adwuma bi sɛ yɛ a, fa ‘bere a wubenya biara’ yɛ. Sɛ woyɛ saa a, ɛremma wonyɛ mmɔtohɔ na ama woatwa so aba bɔne. Ɛbɛma woayɛ adwuma no yiye na ama wo koma nso atɔ wo yam. Eyi ho hia titiriw bere a adwuma a worekɔyɛ no so bɛba nnipa afoforo mfaso no. Ɛho nhwɛso biako ne Kristofo asafo mu dwumadi ahorow.

Yiyi Nkuku ne Nkaka no Bi Gu

Sɛnea yɛadi kan aka no, ade a ɛto so abien a ɛbɛma yɛde yɛn bere ayɛ adwuma yiye ne sɛ yɛremma nkuku ne nkaka ntwa yɛn ho nhyia. Yenim sɛ egye bere na yɛde ahwɛ nneɛma so, ahyehyɛ, de ayɛ adwuma, apopa ho, de agu baabi a ɛfata, na sɛ yehia a yɛahwehwɛ. Sɛ yɛwɔ nneɛma pii a, egye bere pii na yɛde ayɛ ho adwuma. Sɛ yɛreyɛ adwuma wɔ dan anaa ofie bi a nkuku ne nkaka ahyɛ mu ma mu a, egye bere pii, na ɛma hɔ adwumayɛ yɛ den sen adan a emu nneɛma nnɔɔso ne baabi a nneɛma ngugu basabasa. Bio nso, dodow a woboaboa nneɛma pii ano no, dodow no ara nso na egye bere pii ansa na woahu nea worehwehwɛ.

Wɔn a wonim afie mu siesie yiye ka sɛ, ɛkame ayɛ sɛ nnipa sɛe bere a wɔde siesie afie mu fã wɔ “nneɛma a wɔtwetwe si yiye, ne nkuku ne nkaka a woyiyi fi akwan mu” ho. Ɛda adi sɛ ɛte saa ara wɔ asetram nneɛma afoforo mu nso. Enti, sɛ wopɛ sɛ wode wo bere yɛ adwuma yiye a, gye bere hwɛ baabi a wote. So nkuku ne nkaka ahyɛ hɔ ma ma wuntumi nnya wo ho atwaye, na nea ɛhaw adwene koraa no, ɛresɛe wo bere? Sɛ ɛte saa a, yiyi nkuku ne nkaka no bi gu.

Ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wubeyi wo nkuku ne nkaka no bi agu. Ebetumi ayɛ wo yaw sɛ wobɛtow nneɛma bi a ɛsom bo ma wo nanso wunhia agu. Ɛyɛ yaw te sɛ nea wo ne w’adamfo pa bi retetew mu. Enti wobɛyɛ dɛn ahu nneɛma a ɛsɛ sɛ wotow gu ne nea ɛsɛ sɛ wokora so? Nea ɛboa ebinom ne eyi: Sɛ womfaa biribi nyɛ hwee wɔ afe biako mu a, ɛnde tow gu. Na sɛ afe twam na ɛda so ara yɛ wo yaw sɛ wobɛtow agu nso ɛ? Fa gu baabi asram asia. Sɛ wosan kɔhwɛ bio na wuhu sɛ afe ne fã atwam na womfa nyɛɛ hwee a, ebia ɛrenyɛ wo yaw pii sɛ wobɛtow agu. Adwene a ɛwɔ akyi ara ne sɛ wobɛtew wo nkuku ne nkaka so na ama woatumi de wo bere ayɛ adwuma yiye.

Nokwarem no, ɛnyɛ obi fie anaa n’adwumam nko na nneɛma betumi ahyɛ hɔ ma. Yesu kaa “wiase yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa” a etumi “miamia” Onyankopɔn “asɛm no” na ɛmma obi ‘nsow aba’ wɔ asɛmpa no ho ho asɛm. (Mateo 13:22) Obi betumi asoa nnwuma pii agu ne ho so ma ayɛ den ama no sɛ obenya bere de ayɛ Onyankopɔn som adwuma a ɛho hia sen biara no daa na wasan akari pɛ nso. Nea ɛba ne sɛ, anhwɛ a, ɔrentumi nsom Onyankopɔn yiye na awiei koraa no, ɔrennya Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu nkɔ. Ɛhɔ ne baabi a yebenya bere de ayɛ nneɛma a ɛbɛma yɛanya abotɔyam ne anigye daa.—Yesaia 65:17-24; 2 Petro 3:13.

So wote nka sɛ ɛbere a wosɛe no wɔ adwumam, fie, kar ho, nneɛma a wode gyigye w’ani, akwantu, apɔw-mu-teɛteɛ, apontow asekɔ, anaa nneɛma afoforo pii mma wunnya bere mfa nyɛ nneɛma a wote nka sɛ anka ɛsɛ sɛ woyɛ? Sɛ ɛte saa a, ɛnde saa bere yi na ɛsɛ sɛ wususuw sɛnea wubetwitwa nneɛma so ho na ama woanya bere de ayɛ Onyankopɔn som adwuma.

Wɔtaa ka asɛm foforo sɛ, Mereyɛ na mayɛ ɛne mannya anyɛ na ɛnam. Nokwarem no, bere twam waawaa te sɛ asuten. Wuntumi mma ɛnsan n’akyi anaa womfa nsie; sɛ etwam a, na atwam afebɔɔ. Nanso, sɛ yɛde Bible mu afotu bi yɛ adwuma na yɛfa kwan pa so a, yebetumi anya bere de ayɛ “nneɛma a ehia koraa no” ma ɛso aba yɛn mfaso ma ɛde “anuonyam ne ayeyi abrɛ Nyankopɔn.”—Filipifo 1:10, 11.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Bere te sɛ asuten a ɛsen ntɛmntɛm, yebetumi de ayɛ adwuma pa

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Bere bɛn na anka eye sɛ ababaa no sua ade kɔyɛ ne sɔhwɛ no?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Sɛ yɛreyɛ adwuma wɔ dan anaa ofie bi a nkuku ne nkaka ahyɛ mu ma mu a, egye bere pii, na ɛyɛ ahometew nso