Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hiob—Onipa A Onyaa Boasetɔ Na Odii Nokware

Hiob—Onipa A Onyaa Boasetɔ Na Odii Nokware

Hiob—Onipa A Onyaa Boasetɔ Na Odii Nokware

“So woadwen m’akoa Hiob nso ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.”—HIOB 1:8.

1, 2. (a) Amanehunu bɛn na ɛtotoo Hiob mpofirim? (b) Kyerɛkyerɛ sɛnea na Hiob asetra te ansa na amanehunu reto no no mu.

ƆBARIMA bi traa ase a na ɔwɔ biribiara—ahode, dibea, ne abusua asetra a ɛyɛ anigye. Afei, ohyiaa amanehunu mprɛnsa ntoatoaso. Nea edi kan no, ɔhweree n’ahode prɛko pɛ. Nea edi hɔ, ahum kɛse bi kunkum ne maa nyinaa. Ɛno akyi pɛɛ no, yare bɔne bi maa mpɔmpɔ bɔne bobɔɔ ne nipadua nyinaa. Ɛbɛyɛ sɛ woahu sɛ ɔbarima a yɛreka ne ho asɛm yi ne Hiob. Ɔno ne onipa titiriw a wɔka ne ho asɛm wɔ nhoma a ne din da so no mu.—Hiob, ti 1 ne 2.

2 Hiob bɔɔ abubuw sɛ, “Oo, sɛ anka mɛyɛ sɛ mete kan asram no.” (Hiob 3:3; 29:2) Hena na sɛ amane bi to no a, ɔnkae ne tete? Wɔ Hiob fam no, na wabɔ bra pa, na na ɛte sɛ nea ɔne amanehunu ntam kwan ware. Ná nnipa atitiriw bu no, na wokogyee afotu wɔ ne nkyɛn. (Hiob 29:5-11) Ná ɔyɛ osikani de, nanso wamfa ne ho anto ne sika so. (Hiob 31:24, 25, 28) Sɛ ohu akunafo ne nyisaa a wɔn ho akyere wɔn a, na ɔboa wɔn. (Hiob 29:12-16) Na ɔkɔɔ so dii ne yere nokware.—Hiob 31:1, 9, 11.

3. Adwene bɛn na na Yehowa wɔ wɔ Hiob ho?

3 Esiane sɛ na Hiob som Nyankopɔn nti, na ne ho nni asɛm. Yehowa kae sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.” (Hiob 1:1, 8) Nanso Hiob bra pa nyinaa akyi no, amanehunu a ɛtotoo no no maa n’asetra nyinaa gyigyae. Ɔhweree nea wabrɛ apɛ nyinaa, na afei ɛyaw, ahoyeraw ne abasamtu maa ne suban ankasa daa adi.

4. Dɛn nti na ɛfata sɛ yesusuw Hiob amanehunu no ho?

4 Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ Hiob nkutoo ne Onyankopɔn somfo a awerɛhosɛm a ɛte saa too no. Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ pii nso hyia ɔhaw a ɛte saa ara bi. Eyi nti, ɛfata sɛ yesusuw nsɛmmisa abien yi ho: Sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɔkwan bɛn so na Hiob amanehunu a yebesusuw ho no bɛboa yɛn ma yɛagyina ano? Na ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ma yɛahu wɔn a wɔrehu amane no mmɔbɔ?

Nokwaredi Ho Sɔhwɛ

5. Sɛnea Satan kyerɛe no, dɛn nti na na Hiob resom Nyankopɔn?

5 Ná Hiob asɛm no yɛ soronko koraa. Ná Ɔbonsam agye adwene a Hiob de resom Onyankopɔn no ho kyim a na Hiob nnim. Bere a honhom abɔde a wɔwɔ soro hyiaam na Yehowa twee adwene sii Hiob suban pa so no, Satan kae sɛ: “So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia?” Enti, na Satan repɛ akyerɛ sɛ pɛsɛmenkominya nti na Hiob ne Onyankopɔn asomfo a aka nyinaa resom Nyankopɔn. Satan san ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome anaa!”—Hiob 1:8-11.

6. Asɛm a ɛho hia bɛn na Satan ma ɛsɔree?

6 Ná ɛyɛ asɛm a ɛho hia paa. Satan kasa tiaa ɔkwan a Yehowa fa so di tumi no. So ebetumi ayɛ yiye ankasa sɛ Onyankopɔn befi ɔdɔ mu adi amansan yi so? Anaa sɛnea Satan kyerɛe no, pɛsɛmenkominya nti na nnipa som Onyankopɔn? Yehowa maa Ɔbonsam kwan maa ɔsɔɔ Hiob hwɛe, efisɛ na ɔwɔ ahotoso sɛ Ne somfo no bedi no nokware. Enti, Satan ankasa na ɔde ɔhaw baa Hiob so ntoatoaso no. Bere a ɔhaw a Satan dii kan de baa Hiob so no antentam no, ɔmaa yare bɔne bɔɔ no. Ɔbonsam kae sɛ: “Wɔde were pere were, na nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.”—Hiob 2:4.

7. Akwan bɛn so na sɔhwɛ a Hiob hyiae no bi betumi ato Onyankopɔn asomfo nnɛ?

7 Ɛwom sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu dodow no ara nhu amane te sɛ Hiob de, nanso wohyia ɔhaw ahorow. Nnipa pii hyia ɔtaa anaa abusua mu haw ahorow. Ohia anaa yare tumi ma nnipa asetra yɛ awerɛhow. Ebinom de wɔn nkwa atwa so esiane wɔn gyidi nti. Nanso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Satan na ɔma amanehunu biara a ebia yehyia no to yɛn. Nokwasɛm ne sɛ, ɔhaw a yehyia no bi betumi afi yɛn ankasa mfomso anaasɛ awo mu. (Galatifo 6:7) Yɛn nyinaa betumi ahyia ɔhaw a mpanyinyɛ ne asiane ahorow de ba no. Bible ma emu da hɔ pefee sɛ, Yehowa mfa anwonwakwan so nnye n’asomfo mfi amanehunu mu nnɛ.—Ɔsɛnkafo 9:11.

8. Dɛn na Satan betumi afa yɛn amanehunu so ayɛ?

8 Nanso, Satan betumi afa ɔhaw ahorow a yehyia no so asɛe yɛn gyidi. Ɔsomafo Paulo kaa amane a ohui ho asɛm sɛ: “Wɔama me ɔhonam mu nsɔe, Satan bɔfo, sɛ ɔmmɛbobɔ me.” (2 Korintofo 12:7) Sɛ́ ebia na eyi yɛ aniyare ankasa, anaasɛ biribi foforo no, Paulo tee ase sɛ na Satan betumi afa saa ɔhaw no ne ɛho ateetee so asɛe n’anigye na ama ne nokwaredi nso ho aba asɛm. (Mmebusɛm 24:10) Ɛnnɛ, Satan betumi afa kwan bi so ama abusuafo, mfɛfo sukuufo, anaa kankabi nniso ataa Onyankopɔn asomfo.

9. Dɛn nti na sɛ yehyia ɔtaa anaasɛ yehu amane a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa pii?

9 Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina ɔhaw ahorow yi ano yiye? Ɛne sɛ yebebu ɔhaw ahorow no sɛ ɛyɛ hokwan a yɛde rekyerɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn ho ase a yɛbrɛ hyɛ ne tumidi ase no wɔ nnyinaso. (Yakobo 1:2-4) Ɛmfa ho nea ama yɛrehu amane biara no, sɛ yɛte hia a ehia sɛ yedi nokware ma Onyankopɔn no ase a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so asom no. Ɔsomafo Petro kyerɛw kɔmaa Kristofo sɛ: “Anuanom adɔfo, mommma nea ɛredɛw mo mu a ɛresɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo nwonwa te sɛ nea ade a ɛyɛ hu bi na ato mo.” (1 Petro 4:12) Na Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde nyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn nso.” (2 Timoteo 3:12) Satan da so ara gye Yehowa Adansefo nokwaredi ho kyim sɛnea ɔyɛɛ Hiob no. Nokwarem no, Bible kyerɛ sɛ Satan amia ɔtaa a ɔde ba Onyankopɔn nkurɔfo so wɔ nna a edi akyiri yi mu no mu.—Adiyisɛm 12:9, 17.

Ntease a Wannya ne Afotu Bɔne a Wɔde Maa No

10. Dɛn nti na na Hiob asɛm yɛ mmɔbɔ?

10 Ná Hiob asɛm yɛ mmɔbɔ sen yɛn, efisɛ ɔno de, na onnim nea enti a saa amanehunu no ato no. Hiob dii mfomso susuwii sɛ ɔkwan bi so no, ‘Yehowa na ɔde mae, na Yehowa na wagye.’ (Hiob 1:21) Ebetumi aba sɛ, Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Hiob anya adwene sɛ Onyankopɔn na ama ɔrehu amane.

11. Kyerɛkyerɛ nea Hiob yɛe wɔ amane a ohui no mu.

11 Ɛwom sɛ Hiob annome Onyankopɔn sɛnea ne yere kae sɛ ɔnyɛ no de, nanso n’abam bui paa. (Hiob 2:9, 10) Hiob kae sɛ, ‘Ɛte sɛ nea abɔnefo di yiye sen me.’ (Hiob 21:7-9) Ebia obisae sɛ, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn retwe m’aso?’ Eduu bere bi no, onyae a na anka wawu. Ɔteɛɛm sɛ, “Oo, sɛ wode me sie asaman ɛ, sɛ wode me hintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ ɛ!”—Hiob 14:13.

12, 13. Nsɛm a Hiob nnamfo baasa no kae no nyaa ne so tumi bɛn?

12 Hiob wɔ nnamfo baasa a wɔbɛsraa no, na ɛte sɛ nea wɔbae sɛ ‘wɔrebegyam no na wɔakyekye ne werɛ.’ (Hiob 2:11) Nanso, na wɔyɛ “nkɔmmɔdomfo” anaa awerɛkyekyefo ateeteefo. (Hiob 16:2) Ɛbɛyɛ sɛ na Hiob wɔ nnamfo a ɔka ne haw kyerɛ wɔn ma wɔboa no, nanso ne nnamfo baasa yi de wɔteetee no paa maa n’adwene tu frae kɛse.—Hiob 19:2; 26:2.

13 Ebetumi aba sɛ Hiob bisaa ne ho sɛ: ‘Dɛn na mayɛ a enti merehu amane saa?’ Nsɛm a ne nnamfonom ka faa ne tebea no ho nyinaa yɛ atosɛm. Wosusuwii sɛ bɔne kɛse bi a Hiob ayɛ nti na ɔrehu amane saa. Elifas bisae sɛ, “Hena na ɔnyɛɛ bɔne bi na wɔasɛe no pɛn? . . . Manya nhui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumɔyɛ na wogu mmusu no, ɛno ara na wotwa.”—Hiob 4:7, 8.

14. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho ka sɛ obi bɔne nti na ɔrehu amane?

14 Nokwarem no, sɛ yegu ma yɛn honam sen sɛ yebegu ama honhom a, yebetumi ahyia ɔhaw. (Galatifo 6:7, 8) Nanso, ɛmfa ho ɔbra a yɛbɛbɔ no, yebetumi ahyia ɔhaw wɔ saa wiase yi mu. Bio nso, yɛrentumi nka sɛ wɔn a wɔn ho nni asɛm no ade wɔn ho afi ɔhaw nyinaa ho. Yesu Kristo a na “efĩ nni ne ho” na “ɔmfra abɔnefo mu” no wuu yayaayaw wɔ asɛndua so, na wokum ɔsomafo Yakobo nso esiane ne gyidi nti. (Hebrifo 7:26; Asomafo Nnwuma 12:1, 2) Elifas ne ne nnamfo baanu no adwemmɔne no maa Hiob kɔɔ so yii ne ho ano sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara. Ne nyinaa akyi no, kɔ a wɔkɔɔ so kae sɛ bɔne a Hiob ayɛ nti na ɔrehu amane no na ɛbɛyɛ sɛ ɛma onyaa adwene sɛ Onyankopɔn mmu atɛntrenee no.—Hiob 34:5; 35:2.

Sɛ Yehyia Ɔhaw a, Ɛsɛ sɛ Yɛhwehwɛ Mmoa

15. Adwene bɛn na sɛ yenya a, ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina amanehunu ano?

15 So yebetumi asua biribi afi Hiob asɛm no mu? Ebia yɛrente nea enti a yehu amane, yɛyare anaa yehyia ɔtaa no ase. Wɔ yɛn ani so no, ɛte sɛ nea ɔhaw a ɛte saa no mu pii nto nnipa afoforo. (Dwom 73:3-12) Ɛtɔ mmere bi a, yebetumi abisa yɛn ho nsɛm a ɛho hia yi: ‘So ɔdɔ a mewɔ ma Onyankopɔn no ka me ma mesom no wɔ tebea biara mu? So mepɛ sɛ mema Yehowa nya “asɛm bua nea ɔbɔ No ahohora no?”’ (Mmebusɛm 27:11; Mateo 22:37) Ɛnsɛ sɛ yɛma nsɛnhunu a afoforo ka no ma yɛn adwenem yɛ yɛn naa sɛ yɛn soro Agya no remmoa yɛn. Kristoni nokwafo bi a ɔde mfe pii koo yare bi no kae sɛ: “Minim sɛ metumi agyina nea Yehowa bɛma ho kwan biara ano. Minim paa sɛ ɔbɛma me ahoɔden a ɛsɛ ma mede agyina ano. Na wayɛ saa bere nyinaa.”

16. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm boa wɔn a wohyia sɔhwɛ no?

16 Yɛn tebea no nte sɛ Hiob efisɛ na onnim Satan akwan. Yɛn de “yenim ne pɔw a ɔbɔ” anaa ne nnɛɛdɛe nyinaa. (2 Korintofo 2:11) Bio nso, yɛwɔ nneɛma pii a ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ade nyansam. Mmarima ne mmea anokwafo a wogyinaa sɔhwɛ ahorow nyinaa bi ano ho asɛm wɔ Bible mu. Ɔsomafo Paulo a ohuu amane sen Kristofo dodow no ara no kyerɛwee sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” (Romafo 15:4) Ɔdansefo bi a ɔwɔ Europa a ne gyidi nti wɔde no too afiase wɔ wiase ko a ɛto so abien mu no de nnansa aduan mae de gyee Bible. Ɔka sɛ: “Hwɛ mfaso ara minya fii Bible no so! Ɛmfa ho sɛ ɔkɔm dee me no, minyaa honhom fam aduan a ɛboaa me ne afoforo wɔ saa ahohia bere no mu. Makora saa Bible no so abesi nnɛ.”

17. Onyankopɔn nsiesiei bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina yɛn haw ano?

17 Awerɛkyekye a Kyerɛwnsɛm no de ma yɛn akyi no, yɛwɔ Bible ho nhoma ahorow a ɛma yɛn akwankyerɛ pa a yɛde gyina yɛn haw ahorow ano. Sɛ wohwɛ Watch Tower Publications Index no mu a, wubetumi ahu yɔnko Kristoni bi suahu a ɛte sɛ wo de no ara pɛ. (1 Petro 5:9) Ɛbɛyɛ papa nso sɛ wo ne asafo mu mpanyimfo a wɔbɛte w’asɛm ase anaa Kristofo a wɔn ho akokwaw susuw ho. Nea ɛsen ne nyinaa no, wonam mpaebɔ so betumi anya Yehowa ne ne honhom kronkron hɔ mmoa. Dɛn na Paulo yɛ de ko tiaa sɛnea Satan ‘bobɔɔ’ no no? Ɔde ne ho too ahoɔden a Onyankopɔn de maa no no so. (2 Korintofo 12:9, 10) Ɔkyerɛwee sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden esiane nea ɔhyɛ me den no nti.”—Filipifo 4:13.

18. Dɛn na mfɛfo Kristofo betumi ayɛ de ahyɛ afoforo nkuran?

18 Enti mmoa wɔ hɔ, na ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ. Abebusɛm bi ka sɛ: “Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua.” (Mmebusɛm 24:10) Sɛnea mfɔte betumi adidi nnuadan bi ase ma abu agu no, saa ara na abasamtu betumi asɛe Kristoni nokwaredi. Yehowa nam yɛn mfɛfo a yɛne wɔn som Nyankopɔn so ma yɛn ahoɔden a yɛde bedi ɔhaw yi so. Anadwo a wɔkyeree Yesu no, ɔbɔfo bi bɛhyɛɛ no den. (Luka 22:43) Bere a na Paulo yɛ odeduani a ɔrekɔ Roma na ohuu anuanom a wɔabehyia no wɔ Apia Gua so ne Nsadan-Mmiɛnsa no, “ɔdaa Onyankopɔn ase na otwaa ne koma too ne yam.” (Asomafo Nnwuma 28:15) Germanni Dansefo bi da so kae mmoa a onyae wɔ ne mmabaabere mu bere a na ehu akyekyere no a wɔde no kɔɔ Ravensbrück nneduaban mu no. Ɔkae sɛ: “Miduu hɔ ara pɛ na me yɔnko Kristoni bi huu me gyee me fɛw so. Onuawa nokwafo bi nso boaa me, na ɔfaa me sɛ ne ba.”

“Di Nokware”

19. Dɛn na ɛboaa Hiob ma ɔko tiaa Satan?

19 Yehowa kaa Hiob ho asɛm sɛ, ɔbarima a “ɔda so kura mudi no mu” anaa odi nokware. (Hiob 2:3) Ɛmfa ho sɛ na Hiob abam abu na ɔnte nea enti a ɔrehu amane ase no, wantoto ne nokwaredi ase da. Hiob ansesa wɔ biribiara mu. Ɔkae sɛ: “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.”—Hiob 27:5.

20. Dɛn nti na boasetɔ so wɔ mfaso?

20 Sɛ yenya adwene a ɛte saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛadi nokware wɔ tebea biara mu ɛmfa ho sɔhwɛ, ɔtaa anaa ɔhaw biara a yebehyia. Yesu ka kyerɛɛ Smirna asafo no sɛ: “Nsuro nea ɛrebɛto wo no. Hwɛ! Ɔbonsam de mo mu binom begu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa, na mo ho behiahia mo [mubehyia ɔhaw, ahohia, anaa nhyɛso] dadu. Di nokware kosi owu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.”—Adiyisɛm 2:10.

21, 22. Dɛn na ebetumi akyekye yɛn werɛ bere a yɛrehyia sɔhwɛ no?

21 Wɔ saa wiase a Satan di so yi mu no, wɔbɛsɔ yɛn boasetɔ ne yɛn nokwaredi ahwɛ. Nanso, Yesu maa yɛn awerɛhyem sɛ ɛnsɛ sɛ yesuro nea ɛbɛba daakye. Ade a ehia paa ne sɛ yebedi nokware. Paulo kae sɛ, “Ahohia no yɛ bere tiaa mu de” bere a “anuonyam” anaa nhyira a Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no mu yɛ “duru koraa a ɛtra hɔ daa.” (2 Korintofo 4:17, 18) Hiob amanehunu no ankyɛ efisɛ sɛ yɛde toto nhyira a onyae ansa na ɔrehu amane ne nhyira a onyae wɔ ɛno akyi no ho a, na amanehunu no sua koraa.—Hiob 42:16.

22 Ne nyinaa akyi no, ɛtɔ mmere bi a ɛte sɛ nea sɔhwɛ a yehyia no to ntwa da na ɛma yehu amane dodo. Yebesusuw sɛnea yebetumi asua biribi foforo afi Hiob boasetɔ no mu ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu. Yɛbɛsan asusuw akwan a yebetumi afa so ahyɛ afoforo a wohyia sɔhwɛ no den ho.

Wubebua Dɛn?

• Asɛm a ɛho hia bɛn na Satan ma ɛsɔree wɔ Hiob nokwaredi ho?

• Sɛ amanehunu bi to yɛn a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn nwonwa pii?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa boa yɛn ma yegyina sɔhwɛ ano?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ, Kristofo a wɔn ho akokwaw a yɛbɛka yɛn asɛm akyerɛ wɔn, ne yɛn komam a yebefi abɔ mpae betumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ano