Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Moate Hiob Boasetɔ No Ho Asɛm”

“Moate Hiob Boasetɔ No Ho Asɛm”

“Moate Hiob Boasetɔ No Ho Asɛm”

“Moate Hiob boasetɔ no ho asɛm na moahu nea Yehowa ma efii mu bae, sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborohunu.”—YAKOBO 5:11.

1, 2. Sɔhwɛ bɛn na awarefo bi a wofi Poland hyiae?

HARALD ABT bɛyɛɛ Yehowa Dansefo no, anni afe koraa na Hitler asraafo ko faa Danzig (seesei Gdańsk) a ɛwɔ Poland atifi fam no. Afei nneɛma mu bɛyɛɛ den paa maa nokware Kristofo a na wɔwɔ hɔ no. Sum ase polisifo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ Harald ma ɔde ne nsa ahyɛ krataa ase de apa ne gyidi, nanso wanyɛ. Bere a Harald daa afiase adapɛn kakraa bi akyi no, wɔde no kɔɔ Sachsenhausen nneduaban mu, na wohunahuna no hwee no mpɛn pii. Ɔsraani bi de ne nsa kyerɛɛ wusiw a efi baabi a wɔhyew funu no ka kyerɛɛ Harald sɛ, “Sɛ edu nnafua 14 na sɛ woda so ara kura wo gyidi mu a, wobɛfa hɔ akɔ wo Yehowa no nkyɛn.”

2 Bere a wɔkyeree Harald no, na ne yere Elsa da so ma wɔn babea ketewa a wanya asram du nufu. Nanso, sum ase polisifo no kyeree Elsa. Ankyɛ koraa na wogyee ne ba no fii ne nsam na wɔde no kɔɔ baabi a wokum nneduafo wɔ Auschwitz. Nanso, ɔne ne kunu Harald nyinaa tumi gyinaa tebea no ano mfe pii. Wubetumi akenkan sɛnea wogyinaa mu no ho asɛm pii wɔ Borɔfo Ɔwɛn-Aban a ɛbaa April 15, 1980 mu. Harald kyerɛwee sɛ: “Esiane Onyankopɔn mu gyidi a mewɔ nti, mede mfe 14 daa afiase ne nneduaban mu. Wɔabisa me pɛn sɛ: ‘So wo yere na ɔboaa wo ma wutumi gyinaa eyi nyinaa mu?’ Yiw, ɔno na ɔboaa me! Mfiase pɛɛ na mihui sɛ ɔrempa ne gyidi da, na ɛno na ɛboaa me. Ná minim sɛ sɛ miwu mpo a, ɔpɛ no saa mmom sen sɛ mɛpa me gyidi ma wɔagyae me. . . . Elsa faa ahokyere pii mu wɔ mfe dodow a odii wɔ Germany nneduaban mu no.”

3, 4. (a) Henanom nhwɛso na ebetumi ahyɛ Kristofo nkuran ma wɔagyina sɔhwɛ mu? (b) Dɛn nti na Bible ka kyerɛ yɛn sɛ yensusuw nea ɛtoo Hiob no ho?

3 Adansefo pii begye atom sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛfa amanehunu mu. Eyi nti, Bible tu Kristofo nyinaa fo sɛ: “Anuanom, momfa adiyifo a wɔkasaa Yehowa din mu no amanehunu ne wɔn abotare nyɛ nhwɛsode.” (Yakobo 5:10) Mfe pii a atwam no, wɔtaa Onyankopɔn asomfo pii a na ntease biara nnim. “Adansefo mununkum” yi nhwɛso betumi ahyɛ Kristofo nkuran ma wɔakɔ so de boasetɔ atu mmirika a ɛda wɔn anim no.—Hebrifo 11:32-38; 12:1.

4 Hiob yɛ boasetɔ ho nhwɛso a ɔsen biara wɔ Bible mu. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Hwɛ! Yebu wɔn a wɔagyina mu no anigyefo. Moate Hiob boasetɔ no ho asɛm na moahu nea Yehowa ma efii mu bae, sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborohunu.” (Yakobo 5:11) Hiob suahu no ma yehu akatua a Yehowa de bɛma wɔn a ohyira wɔn no ho biribi kakra. Nea ehia sen saa koraa no, ɛma yehu nokwasɛm a ɛbɛboa yɛn bere a yɛakɔ sɔhwɛ mu no. Hiob nhoma no boa yɛn ma yenya nsɛmmisa yi ho mmuae: Sɛ yɛkɔ sɔhwɛ mu a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden te ade titiriw nti a yɛrehyia sɔhwɛ no ase? Su ne nneyɛe bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛagyina mu? Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ yɛn mfɛfo Kristofo a wɔrehu amane no den?

Ɛsɛ sɛ Yɛte Ɛho Nsɛm Nyinaa Ase

5. Sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow a, ade titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem?

5 Sɛ yɛbɛkɔ so asom Yehowa wɔ sɔhwɛ bere mu a, ɛsɛ sɛ yɛte nea enti a yɛrehyia sɔhwɛ no ho nsɛm nyinaa ase. Sɛ anyɛ saa a, yɛn ankasa haw bɛma yɛabu yɛn ani agu Onyankopɔn som so. Ade a ehia yɛn paa ne sɛ yebedi nokware ama Nyankopɔn. Yɛn soro Agya no ka asɛm bi a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ma ɛda ne koma so: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” (Mmebusɛm 27:11) Hwɛ hokwan a ɛso bi nni a yɛanya! Ɛmfa ho yɛn sintɔ ne yɛn mmerɛwyɛ no, yebetumi ama yɛn Bɔfo no ani agye. Sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa nti yegyina sɔhwɛ ahorow ano a, ebetumi ama n’ani agye. Ɔdɔ a nokware Kristofo wɔ no gyina biribiara ano. Ɛto ntwa da.—1 Korintofo 13:7, 8.

6. Ɔkwan bɛn so na Satan bɔ Yehowa ahohora, na ɔyɛ kodu he?

6 Hiob nhoma no ma ɛda adi pefee sɛ Satan ne onii a ɔbɔ Yehowa ahohora no. Ɛsan ma yehu adwemmɔne a ɔtamfo a yenhu no yi kura ne pɛ a ɔpɛ sɛ ɔsɛe yɛne Onyankopɔn ntam no. Sɛnea yehui wɔ Hiob asɛm no mu no, Satan bɔ Yehowa asomfo nyinaa sobo sɛ pɛsɛmenkominya nti na wɔresom no, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no mfi komam. Ɔde mfe mpempem pii na abɔ Nyankopɔn ahohora. Bere a wɔpam Satan fii soro no, ɛnne bi fi soro kaa ne ho asɛm sɛ “nea ɔtoto yɛn nuanom ano,” na ɛnne no kae sɛ ɔtoto wɔn ano “awia ne anadwo wɔ yɛn Nyankopɔn anim.” (Adiyisɛm 12:10) Sɛ yɛde nokwaredi gyina mu a, yebetumi akyerɛ sɛ ne sobo no nni nnyinaso.

7. Dɛn na yebetumi ayɛ de adi yɛn mmerɛwyɛ so?

7 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Ɔbonsam bɛbɔ mmɔden afa sɔhwɛ biara a ebia yebehyia so ama yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho. Bere bɛn na ɔsɔɔ Yesu hwɛe? Ɛyɛ bere a na Yesu akye kɔm nna pii akyi no. (Luka 4:1-3) Nanso, abusuabɔ a na Yesu ne Yehowa wɔ no ma ogyinaa pintinn wɔ sɔhwɛ a Ɔbonsam de baa ne so no mu. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛde ahoɔden a yenya fi Onyankopɔn asɛm mu no ko tia honam mmerɛwyɛ biara a ebia yare anaa mpanyinyɛ de ba no! Sɛ “sɛnea yɛte wɔ nnipa ani so no resɛe” mpo a, yɛmpa abaw efisɛ “sɛnea yɛte wɔ yɛn mu no de, ɛyɛ foforo da biara da.”—2 Korintofo 4:16.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na adwene a ɛmfata betumi asɛe ade? (b) Adwene bɛn na na Yesu kura?

8 Bio nso, sɛ obi nya adwene a ɛmfata a, ebetumi asɛe ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Ebia obi bebisa sɛ: ‘Dɛn nti na Yehowa ama makɔ tebea a ɛte saa mu?’ Sɛ wɔne obi anni no yiye a, anhwɛ a obebisa sɛ, ‘Enti, onua paa na wayɛ me sei?’ Sɛ yenya adwene a ɛte saa a, ebetumi ama yɛabu yɛn ani agu ade titiriw nti a ama aba saa no so, na yɛde yɛn adwene nyinaa asi tebea a yɛakɔ mu no so. Nsɛnhunu a Hiob nnamfo baasa no kekae no ma ɔteetee, na ɛhaw no paa te sɛ nea yare a ɛbɔɔ no no haw no ara pɛ. (Hiob 16:20; 19:2) Saa ara nso na ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ sɛ yɛn bo fuw kyɛ a, ebetumi ama ‘Ɔbonsam anya yɛn ho kwan.’ (Efesofo 4:26, 27) Sɛ́ anka yɛn bo befuw afoforo anaasɛ yɛde yɛn adwene besi ade bɔne a obi ayɛ yɛn so no, ɛbɛyɛ papa sɛ Kristofo suasua Yesu ‘de wɔn ho hyɛ’ Yehowa Nyankopɔn a “obu atɛntrenee no nsa.” (1 Petro 2:21-23) Yesu “adwene” a yebenya no yɛ ade titiriw a yebetumi de ako atia sɔhwɛ a Satan de ba yɛn so no.—1 Petro 4:1.

9. Ɛdefa yɛn nnesoa anaa sɔhwɛ bi a yehyia ho no, awerɛhyem bɛn na Onyankopɔn de ma yɛn?

9 Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɔhaw a yɛrehyia no kyerɛ sɛ Onyankopɔn bo afuw yɛn. Adwene a ɛte saa a Hiob nyae nti, bere a ne nnamfo baasa a anka ɛsɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ no kekaa nsɛm ma ɛwowɔɔ no no, ɛhaw no paa. (Hiob 19:21, 22) Bible mu nsɛm yi ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Wontumi mfa nnebɔne nsɔ Nyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Mmom no, Yehowa hyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛasoa yɛn nnesoa na waboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ biara a ɛbɛto yɛn no ano. (Dwom 55:22; 1 Korintofo 10:13) Sɛ yɛbɛn Onyankopɔn wɔ ahohia bere mu a, yebetumi anya nneɛma ho adwempa na yɛasiw Ɔbonsam kwan.—Yakobo 4:7, 8.

Nneɛma a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛagyina Mu

10, 11. (a) Dɛn na ɛboaa Hiob ma ogyinaa n’amanehunu ano? (b) Ɔkwan bɛn so na ahonim pa a na Hiob wɔ no boaa no?

10 Tebea bɔne a Hiob kɔɔ mu, nsɛm a ɛyɛ yaw a ne nkɔmmɔdomfo no kekae ne nim a na onnim nea enti a ɔrehu amane nyinaa akyi no, Hiob kɔɔ so dii nokware. Dɛn na yebetumi asua afi ne boasetɔ no mu? Akyinnye biara nni ho sɛ, ade titiriw a ɛma otumi gyinae ne sɛ, odii Yehowa nokware. ‘Ná osuro Onyankopɔn, na oyii ne ho fii bɔne ho.’ (Hiob 1:1) Saa na ɔbɔɔ ne bra. Bere a na Hiob nte nea enti a nneɛma asesa prɛko pɛ ase mpo no, wannan n’akyi amma Yehowa. Ná Hiob nim sɛ ɛsɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn wɔ mmere pa ne mmere bɔne mu.—Hiob 1:21; 2:10.

11 Ahonim pa a na Hiob wɔ nso boaa no. Bere mpo a na ɛte sɛ nea na ɔrebewu no, nim a na onim sɛ wayɛ nea obetumi biara de aboa afoforo, adi Yehowa mmara so, na wamfa ne ho anhyɛ atoro som mu no kyekyee ne werɛ.—Hiob 31:4-11.

12. Hiob yɛɛ n’ade dɛn wɔ mmoa a Elihu de maa no no ho?

12 Nokwasɛm ne sɛ na ehia sɛ Hiob teɛteɛ n’adwene wɔ nneɛma bi ho. Enti ofi ahobrɛase mu gyee saa mmoa no, na ɛno nso ka ho bi na ɛma otumi gyinaa n’amanehunu ano. Hiob fi obu mu tiee afotu pa a Elihu de maa no no, na ogyee Yehowa nteɛso toom. Ɔkae sɛ: “Mekaa nea mente ase, anwonwade a ɛsen me a minnim. Enti na m’ani wu na minu me ho, dɔte ne nsõ mu.” (Hiob 42:3, 6) Wɔ yare a na abɔ Hiob nyinaa akyi no, n’ani gyei sɛ nsakrae a ɔyɛe wɔ ne nsusuwii mu no ma ɔbɛn Onyankopɔn. Hiob kae sɛ: “Mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensi w’atirimbɔ bi kwan.” (Hiob 42:2) Esiane sɛ Yehowa maa Hiob huu Ne kɛseyɛ nti, Hiob bɛtee ase sɛ ɔba fam koraa sen ne Bɔfo no.

13. Mfaso bɛn na Hiob nya fii mmɔborohunu a ɔdaa no adi no so?

13 Nea etwa to no, Hiob yɛ mmɔborohunu ho nhwɛso a ɛda nsow. N’awerɛkyekyefo a wɔma ɔteetee no ma odii yaw paa, nanso bere a Yehowa ka kyerɛɛ Hiob sɛ ɔmmɔ mpae mma wɔn no, wampopo ne ti. Ɛno akyi no, Yehowa maa Hiob ho tɔɔ no. (Hiob 42:8, 10) Ɛda adi pefee sɛ ɔdɔ ne mmɔborohunu a yebenya ama afoforo no bɛboa yɛn ma yɛagyina mu sen sɛ yɛbɛfa wɔn ho abufuw. Sɛ yɛamfa afoforo ho asɛm anhyɛ yɛn mu a, ɛma yenya nkɔso wɔ Yehowa som mu, na ɛno ma yenya Yehowa nhyira.—Marko 11:25.

Nnipa a Wotu Fo Pa Boa Yɛn ma Yegyina Mu

14, 15. (a) Su bɛn na sɛ ɔfotufo nya a, obetumi aboa afoforo? (b) Kyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a Elihu tumi boaa Hiob no mu.

14 Ade foforo a yebetumi asua afi Hiob asɛm no mu ne mfaso a ɛwɔ nnipa a wotu fo pa so. “Wɔwoo” nnipa a wɔte saa no “maa hiada.” (Mmebusɛm 17:17) Nanso, sɛnea yehu wɔ Hiob asɛm no mu no, afotufo bi wɔ hɔ a wɔn so nni mfaso biara. Ehia sɛ ɔfotufo pa da tema, obu, ne ayamye adi sɛnea Elihu yɛe no. Ebehia sɛ asafo mu mpanyimfo ne Kristofo a wɔn ho akokwaw teɛteɛ anuanom a nsɛm hyɛ wɔn so no adwene, nanso sɛ afotufo no betumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ wosua pii fi Hiob nhoma no mu.—Galatifo 6:1; Hebrifo 12:12, 13.

15 Yebetumi asua nneɛma pa pii afi sɛnea Elihu dii nneɛma ho dwuma no mu. Ɔtɔɔ ne bo ase tiee nsɛm a ɛmfata a Hiob nnamfo baasa no kae nyinaa ansa na ɔrekasa. (Hiob 32:11; Mmebusɛm 18:13) Elihu bɔɔ Hiob din ne no kasae sɛ n’adamfo. (Hiob 33:1) Elihu anyɛ n’ade te sɛ nkɔmmɔdomfo baasa no ammu ne ho sɛ ɔkorɔn sen Hiob. Ɔkae sɛ: “Anwemmo [anaa dɔte] mu na wotii me nso fii.” Wampɛ sɛ ɔbɛka nsɛm a ɛmfata de abiri Hiob kuru. (Hiob 33:6, 7; Mmebusɛm 12:18) Sɛ́ anka Elihu bɛkasa atia nneɛma a na Hiob ayɛ no, ɔkamfoo ne nneyɛe pa mmom. (Hiob 33:32) Nea ehia sen saa no, Elihu nyaa Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho na ɔboaa Hiob ma obehui sɛ Yehowa remmu atɛnkyea da. (Hiob 34:10-12) Ɔhyɛɛ Hiob nkuran sɛ ɔntwɛn Yehowa sen sɛ ɔbɛbɔ mmɔden abu ne ho bem. (Hiob 35:2; 37:14, 23) Kristofo asafo mu mpanyimfo ne afoforo betumi asua biribi afi eyi mu.

16. Ɔkwan bɛn so na Satan de Hiob nkɔmmɔdomfo baasa no dii dwuma?

16 Elihu afotu pa no ne nsɛm a ɛyɛ yaw a Elifas, Bildad, ne Sofar kae no bɔ abira koraa. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ “Moanka me ho asɛm a ɛteɛ.” (Hiob 42:7) Sɛ na wosusuw sɛ wokura adwempa mpo a, wɔanni wɔn yɔnko Hiob nokware, na mmom wɔmaa Satan de wɔn dii dwuma. Mfiase pɛɛ na wɔn baasa nyinaa nyaa adwene sɛ Hiob amanehunu no fi n’ankasa. (Hiob 4:7, 8; 8:6; 20:22, 29) Sɛnea Elifas kyerɛ no, Onyankopɔn nni n’asomfo mu ahotoso, na sɛ yɛyɛ adepa anaa adebɔne a, ɛmfa ne ho. (Hiob 15:15; 22:2, 3) Elifas kaa nsɛm too Hiob so mpo. (Hiob 22:5, 9) Nanso, Elihu de, ɔboaa Hiob ma ɔne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ pa, na saa na bere nyinaa ɛsɛ sɛ ɔfotufo pa biara de si n’ani so.

17. Sɛ yehyia sɔhwɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem?

17 Yebetumi anya boasetɔ ho asuade foforo afi Hiob nhoma no mu. Yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no hu tebea biara a yɛwom na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn akwan nyinaa mu, na obetumi ayɛ saa nso. Yɛadi kan aka nea ɛtoo Elsa Abt ho asɛm. Susuw nea ɔkae yi ho: “Ansa na wɔrekyere me no, na makenkan onuawa bi krataa a ɛkyerɛ sɛ sɛ wuhyia ɔtaa a emu yɛ den a, Yehowa honhom ma wunya abotɔyam. Ná misusuw sɛ ɔrehããhãã n’ani dodo. Nanso bere a m’ankasa mihyiaa sɔhwɛ no, mihui sɛ nea ɔkae no yɛ ampa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte. Sɛ ebi ntoo wo a, wunhu sɛnea ɛte ankasa. Nanso m’ankasa mihuu m’ani so ade. Yehowa yɛ ɔboafo.” Ná ɛnyɛ nea Yehowa betumi ayɛ anaa nea ɔyɛe wɔ Hiob bere so tete no ho asɛm na na Elsa reka, mmom na ɔreka nea Yehowa yɛ wɔ yɛn bere yi so ho asɛm.

Anigye ne Nea Ɔkɔ So Gyina Mu

18. Mfaso bɛn na Hiob nya fii boasetɔ a onyae no mu?

18 Yɛn mu kakra bi na ebia yɛbɛfa amanehunu a ɛte sɛ Hiob de no mu. Nanso, ɛmfa ho sɔhwɛ biara a yebehyia wɔ saa wiase yi mu no, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di nokware sɛnea Hiob yɛe no. Nokwasɛm ne sɛ, boasetɔ ma esii Hiob yiye. Ɛmaa odii mũ koraa. (Yakobo 1:2-4) Ɛhyɛɛ ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den. Hiob ka sii so sɛ: “Sɛ aso te nko na metee wo nka, na afei m’aniwa ahu wo.” (Hiob 42:5) Satan bɛyɛɛ ɔtorofo efisɛ wantumi ansɛe Hiob nokwaredi. Mfe pii akyi no, Yehowa twee adwene sii ne somfo Hiob so sɛ ɔtreneeni a yebetumi asuasua no. (Hesekiel 14:14) Ɛnnɛ mpo, Onyankopɔn nkurɔfo nya Hiob nokwaredi ne ne boasetɔ so mfaso.

19. Dɛn nti na wususuw sɛ boasetɔ so wɔ mfaso?

19 Bere a Yakobo kyerɛw boasetɔ ho asɛm kɔmaa afeha a edi kan no mu Kristofo no, ɔtwee adwene sii abotɔyam a yenya fi boasetɔ so no so. Ɔde Hiob nhwɛso no boaa wɔn ma wohui sɛ Yehowa hyira wɔn a wɔsom no nokware mu no. (Yakobo 5:11) Yɛkenkan wɔ Hiob 42:12 sɛ: “[Yehowa, NW] hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase.” Onyankopɔn maa Hiob nyaa nneɛma a ɔhweree no mmɔho mmɔho, na ɔtraa ase mfe pii ma n’ani gyei. (Hiob 42:16, 17) Saa ara na ɛyaw, amanehunu anaa awerɛhosɛm biara a yɛbɛfa mu wɔ awiei bere yi mu no befi hɔ koraa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu a yɛrenkae bio. (Yesaia 65:17; Adiyisɛm 21:4) Yɛate Hiob boasetɔ no ho asɛm, na yɛasi yɛn bo sɛ yɛnam Yehowa mmoa so besuasua Hiob nhwɛso no. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Anigye ne nea ɔkɔ so gyina wɔ sɔhwɛ mu, efisɛ sɛ wogye no tom a, ne nsa bɛka nkwa abotiri a Yehowa de ahyɛ wɔn a wɔkɔ so dɔ no no bɔ no.”—Yakobo 1:12.

Wubebua Dɛn?

• Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa ani agye?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɔhaw a yɛrehyia no kyerɛ sɛ Onyankopɔn bo afuw yɛn?

• Nneɛma bɛn na ɛboaa Hiob ma ogyinaa n’amanehunu ano?

• Dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua Elihu de ahyɛ mfɛfo gyidifo den?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ɔfotufo pa da tema, obu, ne ayamye adi

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Elsa ne Harald Abt