Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Wɔ sɔhwɛ a etwa to wɔ Mfe Apem no awiei akyi no, so ebetumi aba sɛ nnipa bɛyɛ bɔne na wɔawu?

Kyerɛwsɛm abien a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no boa ma yenya asɛm yi ho mmuae: “Wɔtow owu ne Hades guu ogya tare no mu. Eyi ne owuprenu no, ogya tare no.” (Adiyisɛm 20:14) “Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:4.

Hyɛ bere a eyi besi no nsow. Ɛyɛ bere a wobegyina “nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu” anaa nea Yehowa hwehwɛ sɛ adesamma yɛ wɔ mfe apem no mu no so abu wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Harmagedon, ne awufo a wobenyan wɔn, ne obiara a wɔbɛwo no wɔ Harmagedon akyi no atɛn no akyi na wɔbɛtow “owu ne Hades” akyene ogya tare no mu. (Adiyisɛm 20:12, 13) Ɔsomafo Yohane kyerɛw anisoadehu foforo a ɛwɔ Adiyisɛm ti 21 a ebenya mmamu wɔ Kristo Yesu Mfe Apem Nniso no mu. Nanso, saa anisoadehu no benya mmamu koraa wɔ mfe apem Atemmu Da no awiei. Saa bere no, Yesu de Ahenni no bɛma n’Agya, na afei Yehowa ankasa ne adesamma atra a obiara renyɛ ntamgyinafo. Yehowa ne “ne man” bɛtra daa wɔ sɛnkyerɛnne kwan so na wadi wɔn ahiade ho dwuma ama wɔn tẽẽ. Wobeyi ‘owu afi hɔ’ koraa bere a wɔde Kristo ogye afɔre no ayɛ adesamma ho adwuma ma wɔayɛ pɛ no.—Adiyisɛm 21:3, 4.

Enti owu a yɛaka ho asɛm wɔ kyerɛw nsɛm a ɛwɔ atifi ha no fa owu a Adam ma ɛbae no ho, na wɔnam Kristo ogye afɔre no so beyi afi hɔ. (Romafo 5:12-21) Sɛ woyi owu a adesamma nya fii onipa a odi kan no hɔ fi hɔ a, nnipa bɛyɛ te sɛ bere a wɔbɔɔ Adam no ara pɛ. Ná Adam yɛ pɛ, nanso na ɛno nkyerɛ sɛ ɔrentumi nwu da. Yehowa ka kyerɛɛ Adam sɛ mma onni “papa ne bɔne hu dua no” na ɔtoaa so sɛ: “Da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:17) Enti bɔne a wɔboapa yɛe no na ɛde owu yi bae. Wɔ sɔhwɛ a etwa to wɔ Mfe Apem Nniso no awiei akyi no, nnipa bɛkɔ so apaw nea wɔpɛ. (Adiyisɛm 20:7-10) Saa bere no nso, wobetumi afi wɔn pɛ mu apaw sɛ wɔbɛkɔ so asom Yehowa anaasɛ wɔrenyɛ saa. Yɛrentumi nsi pi nka sɛ onipa biara rentwe ne ho mfi Onyankopɔn ho da sɛnea Adam yɛe no.

Dɛn na ɛbɛto onipa a ɔbɛpaw sɛ ɔbɛtew atua wɔ sɔhwɛ a etwa to no akyi bere a owu anaa Hades nni hɔ no? Saa bere no, na owu a Adam ma ɛbae no afi hɔ. Ná Hades a ɛyɛ adesamma damoa a wobetumi anyan awufo afi hɔ no nso nni hɔ bio. Nanso, Yehowa betumi de obi a ɔbɛtew atua no ato ogya tare no mu a onni owusɔre ho anidaso biara bio. Saa owu no bɛyɛ te sɛ owu a Adam ne Hawa wui no, na ɛrenyɛ owu a nnipa nya fii Adam hɔ no bi.

Nanso, biribiara nni hɔ a yebetumi agyina so aka sɛ biribi a ɛte saa besi. Wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu no bɛyɛ soronko wɔ Adam ho wɔ ɔkwan titiriw bi so. Wɔbɛyɛ nnipa a wɔasɔ wɔn ahwɛ koraa. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɔhwɛ a etwa to no bedi mũ koraa efisɛ Yehowa nim sɛnea wɔhwehwɛ nnipa mu yiye sen obiara. Yebetumi anya ahotoso nso sɛ sɔhwɛ a etwa to no bɛma wɔayi obiara a ɔmfa hokwan a ɔwɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ no nni dwuma yiye no afi hɔ. Ne saa nti, ebetumi aba sɛ wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu no bi bɛtew atua atia Nyankopɔn na wɔasɛe wɔn de, nanso yɛrentumi nsi pi nka sɛ biribi a ɛte saa besi.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Ɔkwan bɛn so na wobetumi de adesamma atoto Adam ho wɔ sɔhwɛ a etwa to no akyi?