Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Sɛnea Dwom 72:12 kaa ho asɛm no, dɛn na Yesu bɛyɛ de ‘agye ohiani’?

Wɔ Yesu nniso ase no, obebu atɛntrenee ama nnipa nyinaa, na obiara remmɔ nyansakorɔn. Ɔko taa ma nkurɔfo di hia, nanso Kristo de asomdwoe a edi mu bɛba. Odwen nnipa ho, na ɔbɛma nnipa nyinaa ayɛ biako, na ɔbɛhwɛ sɛ nnipa benya aduan pii. (Dwom 72:4-16)—5/1, kratafa 7.

• Sɛ́ nokware Kristofo no, yɛbɛyɛ dɛn ada no adi sɛ yɛwɔ “kasa mu ahotoso”? (1 Timoteo 3:13; Filemon 8; Hebrifo 4:16)

Yebetumi ayɛ saa denam nsi a yɛde bɛka asɛm no akokoduru so, akyerɛkyerɛ na yɛde afotu a ɛfata ama ntɛm so, ne afei yɛn koma nyinaa mu a yebefi abɔ Onyankopɔn mpae a yɛwɔ ahotoso sɛ obetie yɛn.—5/15, kratafa 14-16.

• Wɔ Mmara no mu no, dɛn nti na na ɔbarima ne ɔbea nna a ɛyɛ ne kwan so de no bi mma obi ho “ntew”?

Ahobaa anaa ahosen, brayɛ, ne awo a na ɛmma obi ho ntew ho mmara no boa ma wonyaa apɔwmuden, wɔbɔɔ bra a ɛho tew, na esii kronkron a mogya yɛ ne hia a ehia sɛ wɔpata ma wɔn bɔne so dua.—6/1, kratafa 31.

• Sɛ obi pɛ sɛ n’ani gye a, dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ osusuw Nnwom nhoma no ho?

Ná nnipa a wɔkyerɛw Nnwom no nim sɛ sɛ obi ne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa a, ebetumi ama wanya anigye. (Dwom 112:1) Wosii so dua sɛ “ɔman a [Yehowa, NW] ne wɔn Nyankopɔn” a obi ne wɔn bɛbɔ no de anigye pii ba sen sɛ onii no ne onipa biara benya abusuabɔ, obenya ahode pii, anaasɛ obedi yiye wɔ asetra mu. (Dwom 144:15)—6/15, kratafa 12.

• Abusuabɔ soronko bɛn na na tete Israelfo no ne Yehowa wɔ?

Wɔ afe 1513 A.Y.B. mu no, Yehowa ne Israelfo no hyehyɛɛ abusuabɔ foforo bi, na ɔne wɔn yɛɛ apam. (Exodus 19:5, 6; 24:7) Ɛno akyi no, wɔwoo Israelfo sɛ Onyankopɔn man a wɔahyira wɔn ho so ama no. Nanso, na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si gyinae sɛ ɔbɛsom Nyankopɔn.—7/1, kratafa 21-22.

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ‘yenwiinwii’? (Filipifo 2:14)

Nhwɛso pii a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no ma yehu sɛ anwiinwii sɛee ade wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea anwiinwii betumi asɛe ade nnɛ no nso ho anibere so. Esiane sɛ nnipa tɔ sin nti, wɔtaa nwiinwii, na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya saa su yi bi.—7/15, kratafa 16-17.

• Yɛyɛ dɛn hu sɛ nyansa a wɔka ho asɛm wɔ Mmebusɛm 8:22-31 no nyɛ nyansa a obi wɔ ho asɛm?

Yehowa “bɔɔ” nyansa a wɔaka ho asɛm wɔ ha no de fii n’adwuma ase. Nyankopɔn atra hɔ fi teteete, na efi tete nyinaa ɔyɛ onyansafo; ne nyansa no nyɛ ade a wɔbɔe. Nyansa a ɛwɔ Mmebusɛm 8:22-31 no traa Onyankopɔn nkyɛn sɛ “odwumayɛni a ne ho akokwaw,” na ɛfa honhom abɔde a ɔbɛyɛɛ Yesu, a ɔne Onyankopɔn boom bɔɔ ade no ho. (Kolosefo 1:17; Adiyisɛm 3:14)—8/1, kratafa 31.