Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wɔ Asase So Sɛnea Ɛte Wɔ Soro”

“Wɔ Asase So Sɛnea Ɛte Wɔ Soro”

“Wɔ Asase So Sɛnea Ɛte Wɔ Soro”

“Katolekfo gyidi ka tebea anan a awiei koraa no nnipa kɔ mu ho asɛm. Eyinom ne: Owu, Atemmu, Hell, ne Ɔsoro.”—Catholicism, a George Brantl kyerɛwee.

HYƐ no nsow sɛ wɔamfa asase anka tebea anan a wɔkyerɛ sɛ nnipa kɔ mu no ho. Ɛno nyɛ nwonwa koraa efisɛ Katolek Asɔre no ne ɔsom afoforo pii gye di sɛ da bi wɔbɛsɛe asase. Katolek nyamekyerɛ nhoma bi ma eyi mu da hɔ wɔ asɛmti, “Wiase Awiei” mu sɛ: “Katolek Asɔre no gye di, na wɔkyerɛkyerɛ sɛ wiase yi a Onyankopɔn bɔe no rentra hɔ daa.” (Dictionnaire de Théologie Catholique) Katolekfo gyidikasɛm bi a wɔhyehyɛe nnansa yi nso ka sɛ: “Ɛyɛ dɛn ara a wiase a . . . yɛte mu yi bɛsɛe.” Nanso sɛ yɛn asase yi bɛsɛe a, ɛnde na paradise a Bible ahyɛ ho bɔ sɛ ɛbɛba asase so no nso ɛ?

Bible ka paradise a ɛbɛba asase so ho asɛm pefee. Sɛ nhwɛso no, odiyifo Yesaia kaa asase ne emu nnipa ho asɛm sɛ: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.” (Yesaia 65:21, 22) Ná Yudafo a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn saa bɔ yi gye di sɛ da bi asase a ɔde maa wɔn no ne asase mũ no nyinaa bɛdan paradise a nnipa bɛtra so daa.

Dwom 37 foa saa anidaso yi so. Wɔn a wodwo anaa “ahobrɛasefo benya asase no adi.” (Dwom 37:11) Ɛnyɛ Israelfo a wɔbɛsan akɔtra Bɔhyɛ Asase no so bere tiaa mu no ho asɛm na na Bible mu asɛm yi reka. Dwom koro no ara ka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Hyɛ no nsow sɛ dwom yi ka sɛ wɔde daa nkwa bɛma “ahobrɛasefo” wɔ asase so sɛ akatua. Fransefo Bible bi ka nkyekyɛm yi ho asɛm sɛ, asɛmfua odwo anaa “ahobrɛasefo” “nkyerɛase kɔ akyiri paa sen sɛnea wɔtaa kyerɛ ase no; ebetumi afa ahiafo, wɔn a wɔrehu amane anaa wɔn a Yahwe [Yehowa] nti wɔtaa wɔn, ne nnipa komapafo a wotie Onyankopɔn nso ho.”

Asase So Anaa Ɔsoro?

Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka mu no, ɔhyɛɛ bɔ a ɛma yɛkae kyerɛwsɛm a yɛaka ho asɛm no: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no.” (Mateo 5:5) Ɛha yi nso, Bible kyerɛ sɛ wɔde asase bɛma anokwafo atra so daa. Nanso, Yesu maa n’asomafo no tee ase sɛ ɔrekɔ akosiesie baabi ama wɔn ‘wɔ n’Agya fie’ wɔ soro, na ɛhɔ na wɔne no bɛtra. (Yohane 14:1, 2; Luka 12:32; 1 Petro 1:3, 4) Ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛte nhyira a wɔde ahyɛ yɛn bɔ wɔ asase so no ase dɛn? So ɛho hia nnɛ, na henanom na ɛfa wɔn ho?

Bible ho abenfo pii ka sɛ “asase no” a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne Bepɔw so Asɛnka ne nea ɛwɔ Dwom 37 no mpo yɛ sɛnkyerɛnne ara kwa. Wɔ asɛm bi a F. Vigouroux kyerɛwee wɔ Bible de Glaire mu no, ɔkae sɛ ɔte kyerɛw nsɛm yi ase sɛ “ɛfa ɔsoro ne Asɔre no ho.” M. Lagrange a ɔyɛ Franseni Bible nhwehwɛmufo ka sɛ, saa nhyira yi “nyɛ bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wodwo na wɔbɛtra asase a wɔte so no so, na saa ara nso na ɛnyɛ nneɛma nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ yi anaa tebea pa bi a ɛbɛba asase so daakye mu na wɔbɛtra, na mmom wɔbɛtra ɔsoro ahenni mu, ɛmfa ho baabi a ɛwɔ.” Bible nhwehwɛmufo bi ka sɛ, “ɛyɛ asase so nnepa a wɔde gyina hɔ ma ɔsoro.” Bible nhwehwɛmufo afoforo nso ka sɛ, “Kanaan a ɛyɛ bɔhyɛ asase no yɛ sɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma ɔsoro fie, Onyankopɔn ahenni a ɔde bɛma wɔn a wodwo anaa ahobrɛasefo. Saa ara na kyerɛwsɛm a ɛwɔ Dwom 37 ne mmeae afoforo no nso kyerɛ.” Nanso, so ɛsɛ sɛ yɛpere yɛn ho yi asase ho asɛm fi Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu?

Wɔbɔɔ Asase sɛ Ɛntra Hɔ Daa

Mfiase no, nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa ne sɛ wɔbɛtra asase so. Odwontofo no kyerɛwee sɛ, “Ɔsoro yɛ [Yehowa, NW] soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” (Dwom 115:16) Enti Onyankopɔn atirimpɔw a ɔde bɔɔ asase fi mfiase no ne sɛ nnipa bɛtra so, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛtra ɔsoro. Yehowa maa nnipa baanu a wodi kan no adwuma sɛ wɔntrɛw Eden turo no mu nkodu asase so nyinaa. (Genesis 1:28) Ná ɛnyɛ sɛ wɔbɛtra so bere tiaa bi. Yehowa si asase a ɛbɛtra hɔ daa no so dua wɔ n’Asɛm mu sɛ: “Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asase de, etim hɔ daa.”—Ɔsɛnkafo 1:4; 1 Beresosɛm 16:30; Yesaia 45:18.

Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛba mu efisɛ ɔno ne Ɔsorosoroni, na ɔbɛhwɛ ma aba mu. Bible de sɛnea osu di kyinhyia no kyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ba mu no mu sɛ: “Sɛnea osu ne sukyerɛma fi soro gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ansa ma ɛba aduan na ɛsow aba . . . no, saa ara na m’asɛm [Onyankopɔn asɛm] a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.” (Yesaia 55:10, 11) Onyankopɔn hyɛ nnipa bɔ a, mmere bi betumi twam ansa na saa bɔhyɛ ahorow no aba mu, nanso enni huammɔ da. ‘Ɛsan’ kɔ ne nkyɛn bere a ayɛ nea ɔkae nyinaa awie no.

Akyinnye biara nni ho sɛ nea na Yehowa ‘pɛ’ ne sɛ ɔbɛbɔ asase ama nnipa. Ɔbɔɔ ade wiei wɔ da a ɛto so asia no, ɔkae sɛ biribiara a wayɛ ‘ye paa.’ (Genesis 1:31) Asase no a ɛbɛdan paradise a wɔbɛtra so daa no ka Onyankopɔn atirimpɔw a ennya mmaa mu no ho. Nanso, Onyankopɔn bɔhyɛ ‘rensan mma ne nkyɛn kwa.’ Asase so asetra pa ho bɔhyɛ nyinaa a ɛka sɛ nnipa bɛtra ase daa wɔ asomdwoe ne ahotɔ mu no bɛba mu.—Dwom 135:6; Yesaia 46:10.

Onyankopɔn Atirimpɔw Bɛba Mu

Bɔne a yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa yɛe no twee Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma asase adan paradise no kɔɔ akyiri kakra. Wɔn asoɔden no akyi no, wɔpam wɔn fii turo no mu. Ɛnam so ma wɔhweree hokwan a anka wobenya de aboa ma Onyankopɔn atirimpɔw aba mu no. Ɛno ne sɛ nnipa a wɔyɛ pɛ bɛtra asase so paradise. Ne nyinaa akyi no, Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma n’atirimpɔw aba mu. Ɛyɛ nhyehyɛe bɛn?—Genesis 3:17-19, 23.

Nea esii wɔ Eden no te sɛ ɔbarima bi a ofii ɔdansi bi ase wɔ asase pa so. Ɔtoo fapem no ara pɛ na obi bɛsɛe no. Sɛ́ anka ɔbarima no begyae ɔdan no si no, ɔhwɛ ma wosi wiei. Sɛ eyi bɛma wasan abɔ ho ka foforo mpo a, obesi dan no ɔkwan biara so.

Saa ara na Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe na ama n’atirimpɔw aba mu. Bere a yɛn awofo a wodi kan no yɛɛ bɔne akyi pɛɛ no, Onyankopɔn maa n’asefo nyaa anidaso foforo. Ɔkae sɛ ɔbɛma ‘aseni’ bi abesiesie ɔhaw a wɔama aba no. Onyankopɔn Ba, Yesu a ɔbaa asase so de ne nkwa bɛbɔɔ afɔre de gyee adesamma no na ɔbɛyɛɛ aseni no mu otitiriw, na wɔnam no so maa nkɔmhyɛ yi baa mu. (Galatifo 3:16; Mateo 20:28) Sɛ na wonyan Yesu kɔ soro a, na ɔbɛyɛ Ahenni no so Hene. Ɔno ne onii a odwo a obedi kan anya asase no, na anokwafo a wɔapaw wɔn a wobenyan wɔn akɔ soro no nso bɛka ne ho ne no adi ade wɔ Ahenni yi mu. (Dwom 2:6-9) Bere rekɔ so no, nniso yi bedi asase so na ama Onyankopɔn atirimpɔw aba mu, na asase adan paradise. Nnipa a wodwo mpempem pii ‘benya asase’ no, a ɛkyerɛ sɛ wobenya Ahenni a Yesu Kristo ne ne mfɛfo adedifo bedi so no so mfaso.—Genesis 3:15; Daniel 2:44; Asomafo Nnwuma 2:32, 33; Adiyisɛm 20:5, 6.

“Wɔ Asase So Sɛnea Ɛte Wɔ Soro”

Ɔsomafo Yohane huu wɔ anisoade mu sɛ ebinom benya nkwa wɔ ɔsoro na ebinom nso anya wɔ asase so. Ohuu ahemfo a wɔapaw wɔn afi Kristo asuafo anokwafo mu sɛ wɔtete ɔsoro nhengua so. Bible ka Kristo mfɛfo yi ho asɛm pefee sɛ “wobedi asase so ahene.” (Adiyisɛm 5:9, 10) Hyɛ nneɛma abien a Onyankopɔn atirimpɔw nam so bɛba mu no nsow—asase a wɔasan asiesie a ɛhyɛ ɔsoro Ahenni a Yesu Kristo ne ne mfɛfo adedifo di so no ase. Onyankopɔn nhyehyɛe yi nyinaa bɛma asase adan Paradise ma awiei koraa no ɛne Onyankopɔn atirimpɔw a ɔde bɔɔ asase no ahyia.

Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo wɔ mpae a ɔkyerɛɛ wɔn no mu sɛ, wɔmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn apɛde nyɛ hɔ “wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.” (Mateo 6:9, 10) Sɛ asase yɛ ɔsoro ho sɛnkyerɛnne ara kwa anaa ɛbɛsɛe a, so anka yɛbɛte asɛm yi ase? Na sɛ anka atreneefo nyinaa bɛkɔ soro nso ɛ? Kyerɛwnsɛm no ka nea Onyankopɔn pɛ sɛ asase yɛ no ho asɛm pefee fi adebɔ ho asɛm a ɛwɔ Genesis kosi anisoadehu a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu so. Asase bɛdan paradise sɛnea Onyankopɔn pɛe sɛ ɛyɛ no. Eyi ne nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ sɛ ɔbɛma aba mu. Anokwafo a wɔwɔ asase so bɔ mpae sɛ saa asɛm no mmra mu.

Daa nkwa wɔ asase so ne ade a Ɔbɔadeɛ, Onyankopɔn a ‘ɔnsakrae’ no bɔɔ ne tirim fii mfiase sɛ ɔde bɛba. (Malaki 3:6; Yohane 17:3; Yakobo 1:17) Bɛboro mfe 100 ni na Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma yi akyerɛkyerɛ sɛnea nneɛma abien yi bɛma Onyankopɔn atirimpɔw aba mu no mu. Eyi ma yɛte bɔhyɛ ahorow a ɛfa asase a wɔbɛsan asiesie, a ɛho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ase. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ wo ne Yehowa Adansefo nsusuw asɛm yi ho bio anaa wubetumi akyerɛw wɔn a wɔyɛɛ nsɛmma nhoma yi.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Bible ka Paradise a ɛbɛba asase so ho asɛm pefee

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Sɛ asase no bɛsɛe a, ɛnde na anka ntease biara nni Yesu mpaebɔ no mu