Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔrenya Nkɔso Kɛse Wɔ Supɔw Fɛfɛ Bi So

Wɔrenya Nkɔso Kɛse Wɔ Supɔw Fɛfɛ Bi So

Wɔrenya Nkɔso Kɛse Wɔ Supɔw Fɛfɛ Bi So

AKYINNYE biara nni ho sɛ ahɔho a wɔba Taiwan no ani gye sɛnea supɔw no so afifide nyin frɔmfrɔm no ho. Sɛ ɛmo a ɛrenyin no sow na eguan a, ɛdodow fɛfɛɛfɛ wɔ twabere mu. Kwaebirentuw agye mmepɔw no nyinaa afa. Afifide a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ asasetaw ne mmepɔw so no ma ɛhɔ yɛ ahomeka, nanso ɛnte saa koraa wɔ nkurow akɛse a nnipa ahyɛ mu ma no mu. Nokwasɛm ne sɛ, eyi na ɛkaa obi a odii kan baa supɔw no so no koma ma ɔtoo hɔ din sɛ Ilha Formosa anaa “Supɔw a Ɛyɛ Fɛ.”

Nokwarem no, Taiwan yɛ supɔw ketewaa de nanso ɛhɔ yɛ fɛ. Ne tenten yɛ kwansin 240, na baabi a ɛtrɛw paa no bɛyɛ kwansin 100. Supɔw no fa kɛse no ara yɛ mmepɔw. Yü Shan anaa Bepɔw Morrison ware sen Bepɔw Fuji a ɛwɔ Japan anaa Bepɔw Cook a ɛwɔ New Zealand no. Taiwanfo dodow boro ɔpepem 22, na wɔn mu dodow no ara te mpoano asase teaa a atwa mmepɔw akɛse ho ahyia no so.

Wɔrenya Nkɔso Soronko

Yehowa som yɛ ade foforo a ɛrenya nkɔso paa wɔ Taiwan. Eyi da adi wɔ sɛnea sɛ mpanyin ne mmofra nyinaa nya nokware Nyankopɔn, Yehowa ho nimdeɛ a, wɔyɛ nsi wɔ ne som mu no ho. Sɛ wuhu nnipa dodow a wɔde nsi reyɛ adwuma de aboa afoforo ma wɔasua Yehowa ne n’atirimpɔw ho ade a, ɛyɛ anigye ankasa.

Nkɔso ba a, ɛma ntrɛwmu ho behia. Wɔ December 1990 mu no, wɔtɔɔ asase a wɔde bɛsan asi Yehowa Adansefo adwumayɛbea kɛse. Ná adwumayɛbea a kan no ɛwɔ Taipei no abɛyɛ ketewa dodo sɛ wobetumi ayɛ adwuma wɔ hɔ de ahwɛ adwuma a na Ahenni adawurubɔfo a saa bere no wɔn dodow yɛ 1,777 reyɛ wɔ Taiwan no so. Bere a atuhoamafo a wofi amannɔne ne ɔman no mu—mmofra ne mpanyin—de mfe pii yɛɛ adwumaden no, wosisii adan foforo a ɛwɔ Hsinwu no wiei wɔ August 1994 mu. Ebeduu saa bere no na nnipa 2,515 na na wɔde Onyankopɔn Asɛm, Bible reka asɛmpa no. Ɛnnɛ, bɛboro mfe du akyi no, nnipa dodow yi abu abɔ ho ma wɔboro 5,500. Ɔsram biara wɔn mu bɛboro 1,000 de wɔn ho hyɛ bere nyinaa asɛmpaka adwuma no mu. Wɔn a wɔyɛ adwuma yi paa ne mmerante ne mmabaa a wɔte sɛ anɔpa ‘bosu’ no.—Dwom 110:3.

Mmofra a Wonya Nkɔso Wɔ Yehowa Som Mu

Adawurubɔfo a wɔde nsi reka asɛmpa no mu dodow no ara yɛ mmofra. Ebinom kɔ mfitiase sukuu. Sɛ nhwɛso no, wɔ kurow bi a ɛwɔ Taiwan atifi fam mu no, wɔtoo nsa frɛɛ awarefo bi a wɔnkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam da ma wɔbaa Teokrase Ɔsom Sukuu a wɔde kyerɛkyerɛ Yehowa Adansefo sɛnea wɔka Bible mu nokware kyerɛ afoforo no bi. Awarefo no ho dwiriw wɔn sɛ wohuu abarimaa bi a wɔfrɛ no Weijun sɛ ogyinaa asafo no anim kenkan Bible no yiye sen sɛnea mpanyimfo pii mpo tumi yɛ. Afei bere a wɔkɔɔ nhyiam afoforo no, sɛnea mmofra a wonnya mfii sukuu ase mpo maa mmuae a ɛtɔ asom no ma wɔn ho dwiriw wɔn paa. Awarefo yi kaa sɛnea mmofra nkumaa da suban pa adi wɔ Ahenni Asa so no ho asɛm.

Adɛn nti na mmofra yi ani gye Bible sua ho wɔ ɔman a Buddhasom ne Taosom agye ntini wɔ hɔ saa no mu? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔn awofo a wɔyɛ Kristofo no de Bible nnyinasosɛm ayɛ adwuma ma wɔne Yehowa anya abusuabɔ pa ma enti wɔahyehyɛ abusua asetra a anigye wom. Esiane sɛ Weijun awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma abusua adesua ne asɛnka adwuma no ayɛ anigye nti, abarimaa yi nuabarima panyin ne ne nuabea abɔ asu dedaw sɛ Adansefo. Nnansa yi ara, bere a Weijun kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ asɛnka no, ne maame kae sɛ ne ba no ama nsɛmma nhoma pii saa ɔsram no mu sen nea abusua no mufo a wɔaka de ama nyinaa. Ɛda adi sɛ n’ani gye sɛ ɔbɛka nokware no ho asɛm, ama mmuae wɔ nhyiam ase, na waka nea ɔresua no ho asɛm akyerɛ afoforo.

Bere a Mmofra no Renyin

Dɛn na mmofra a wɔte saa no yɛ bere a wɔrenyin no? Wɔn mu dodow no ara kɔ so kyerɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne asɛnka adwuma no. Sɛ nhwɛso no, Huiping yɛ sukuuni ababaa. Da bi, ne kyerɛkyerɛfo kae sɛ ɔsom bi mufo nnye mogya nanso onnim ɔsom kõ. Adesua no akyi no, Kristoni ababaa yi ka kyerɛɛ ne kyerɛkyerɛfo no sɛ saa ɔsom no ne Yehowa Adansefo, na ɔkyerɛɛ no nea enti a wonnye mogya no mu.

Ɔkyerɛkyerɛfo foforo nso yii video a ɛka sɛnea wonya ɔbarima ne ɔbea nna mu yare ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Wɔkaa 1 Korintofo 6:9 ho asɛm wɔ video no mu, nanso ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ Bible nkasa ntia mmarima a wɔne mmarima da. Ɛha nso, Huiping tumi maa ɔkyerɛkyerɛfo no huu Onyankopɔn adwene wɔ asɛm no ho.

Bere a Shuxia a ɔyɛ Huiping yɔnko sukuuni rekyerɛw asɛm bi afa abusua mufo a wɔyɛ wɔn basabasa ho no, Huiping de November 8, 2001, Nyan! a ekura asɛmti, “Mmoa Wɔ Hɔ Ma Mmea a Wɔhwe Wɔn” no maa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ Bible mu nsɛm pii a ɛfa asɛm no ho wɔ Nyan! no mu. Bere bi akyi no, Shuxia bɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu. Ɛnnɛ ɔne Huiping ka asɛmpa no kyerɛ afoforo.

Ɛyɛ den ma Kristofo pii a wɔkɔ sukuu no sɛ wɔbɛma afoforo ahu wɔn sɛ nnipa a wɔde Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra. Eyi te saa titiriw wɔ nkurow nketewa mu. Ná ɛsɛ sɛ Zhihao gyina atipɛnfo nhyɛso ano esiane ne gyidi ne asɛnka adwuma a ɔde ne ho hyem nti. Ɔka sɛ: “Meyɛɛ basaa araa ma na misuro sɛ mehyia me sukuufo bere a merekɔ asɛnka no. Ɛtɔ da bi a, na me sukuufo bɛyɛ du tumi di me ho fɛw!” Da bi, Zhihao kyerɛkyerɛfo maa no kwan sɛ ɔnka ne som ho asɛm nkyerɛ adesuakuw no. “Mepaw sɛ mede Genesis ti 1 befi me kasa no ase, na afei me ne wɔn asusuw nsɛmmisa te sɛ: Hena na ɔbɔɔ asase ne emu nneɛma nyinaa? Ne ɛyɛɛ dɛn na nnipa baa wiase? no ho. Bere a mekenkanee Kyerɛwnsɛm no ara pɛ na ebinom fii ase serew me kae sɛ me gyidi no nni nnyinaso. Nanso, mekɔɔ so maa me kasa no wiei. Ɔkasa no akyi no, minyaa hokwan kaa yɛn adwuma ne yɛn som mu gyidi ho asɛm kyerɛɛ sukuufo no bi mmiako mmiako. Seesei, sɛ wohu me wɔ asɛnka mu a wɔnserew me bio!”

Zhihao toa so sɛ: “Esiane sɛ m’awofo yɛ Adansefo nti, anɔpa biara yesusuw daa asɛm no ho. Afei nso yesua Bible no, na yɛkɔ Kristofo nhyiam daa. Ɛno nti, seesei sɛ mereka Bible mu nokwasɛm a ɛma awerɛkyekye no ho asɛm akyerɛ afoforo na sɛ obi yɛ sɛ obedi me ho fɛw a, memmɔ hu.”

Tingmei sua nsaanodwuma wɔ mmea sukuu bi mu. Da bi, ne mfɛfo sukuufo too nsa frɛ no sɛ wɔne sukuufo afoforo a wofi mmarima sukuu mu mpue nkogye wɔn ani. Ohui sɛ fekubɔ a ɛte saa betumi de no akɔ asiane mu, enti wankɔ. Ɛmfa ho sɛ na ɔne sukuufo no asusuw nsɛm a ɛwɔ Questions Young People Ask—Answers That Work * (Nsɛm a Mmofra Bisa—Mmuae a Ɛyɛ Adwuma) nhoma mu ho no, ne sukuufo no kɔɔ so too nsa frɛ no sɛ wɔne mmarima no mpue. Ne sukuufo mmea no dii ne ho fɛw sɛ ɔyɛ atetekwaa. Nanso, bere a mmabaa no mu baako nyinsɛnee na oyi gui no, wohui sɛ nyansa wom sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra. Tingmei ka sɛ: “Yehowa akwankyerɛ akyi a madi no ama manya ahonim pa. Eyi nti, m’ani gye na mewɔ akomatɔyam paa.”

Wodi Nkɔso Ho Akwanside So

Tingmei adamfo paa baako ne Ruiwen. Bere a Ruiwen yɛ abofra no, na osusuw sɛ Kristofo nhyiam ne asɛnka a ɔbɛkɔ no yɛ den dodo. Nanso, bere a ohuu nsonsonoe a ɛda ɔdɔ kann a n’asafo mufo wɔ ma no ne ne sukuufo de a enni mu biara ntam no, obehuu hia a ehia sɛ ɔyɛ nsakrae wɔ n’abrabɔ mu. Ruiwen fii ase kaa asɛm no kyerɛɛ ne mfɛfo sukuufo, na ankyɛ na ohuu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ankasa. Ɔde ne ho hyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no mu de bɛboro nnɔnhwerew 50 kaa asɛm no ɔsram biara. Ɛno akyi no ofii daa akwampae adwuma ase de nnɔnhwerew bɛboro 70 kaa asɛm no ɔsram biara. Ruiwen ka sɛ: “Minhu nea menka mfa nna Yehowa ase. Wampa abaw wɔ me ho da. Ɛwom sɛ meyɛɛ nneɛma a na n’ani nnye ho de, nanso ɔda so ara dɔ me. Me maame ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu daa ɔdɔ a ɛte saa ara adi kyerɛɛ me. Seesei a me ne nnipa baanum resua Bible no, mete nka sɛ mereyɛ adwuma papa paa.”

Wɔ ntoaso sukuu bi a ɛwɔ kurow ketewaa bi mu no, wɔpaw Adansefo mma baanu sɛ wonkogyina sukuu no ananmu wɔ asaw ho akansi bi mu. Bere a Adansefo mmofra no huu nea ɛbɛkɔ so wɔ akansi no mu no, wohui sɛ sɛ́ Kristofo no, wɔn ho a wɔde behyem no bɛhaw wɔn ahonim. Bere a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn adwene na wɔayi wɔn afi mu no, akyerɛkyerɛfo no ampene so. Mmom, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔanya apaw wɔn no, ɛsɛ sɛ wɔkɔ. Esiane sɛ na Adansefo mmofra no mpɛ sɛ wɔkɔ nti, wɔfaa Intanɛt so kyerɛw krataa kɔɔ asoɛe a ɛhwɛ nhomasua so no de kyerɛkyerɛɛ wɔn haw no mu. Ɛwom sɛ asoɛe no amma Adansefo no mmuae tẽẽ de, nanso ankyɛ na wɔkyerɛw sukuu no sɛ mma wɔnhyɛ obiara sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ akansi no mu. Hwɛ sɛnea mmofra baanu yi ani gyei sɛ Bible mu ntetee a na wɔanya no ma wonyaa ahonim pa na afei nso ɛmaa wɔn ahoɔden a wobegyina so ayɛ nea eye!

Wɔn a wɔadi dɛm mpo de anigye kɛse ka Bible mu anidaso ho asɛm kyerɛ afoforo. Minyu yɛ obubuafo fi bere a wɔwoo no. Esiane sɛ ontumi mfa ne nsa nyɛ hwee nti, ɔde ne tɛkrɛma na ebue Bible kenkan. Sɛ wɔma no dwumadi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ Ahenni Asa so a, ɔda mpa ketewa bi so, na nea ɔne no reyɛ no tra akongua ketewaa bi so kura akasam no mu ma no. Mmɔden a Minyu bɔ de yɛ ne dwumadi ahorow no ka koma paa!

Bere a Minyu pɛe sɛ ofi Ahenni asɛnka adwuma ase no, anuanom mmea binom a wɔwɔ asafo no mu no suaa sɛnea wodi adanse wɔ telefon so na ama wɔatumi aboa no. Ɔde ne tɛkrɛma na emiamia telefon nɔma no so, na anuanom mmea no boa no ma ɔyɛ ho kyerɛwtohɔ. N’ani gye adwuma no ho araa ma wabɛyɛ akwampaefo boafo, na ɔde nnɔnhwerew 50 kosi 60 ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm ɔsram biara wɔ telefon so. Watumi de Bible ho nhoma ama ebinom na wɔama no kwan ma ɔyɛ wɔn so sankɔhwɛ. Seesei ɔne nnipa baasa a ɔnam telefon so nyaa wɔn no yɛ Bible adesua.

Nokwarem no, mmerante ne mmabaa a wɔte sɛ anɔpa bosu a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow 78 mu wɔ Taiwan no fi wɔn pɛ mu de nsi reka Ahenni ho asɛmpa a ɛma nkwa no akyerɛ nnipa ɔpepem pii wɔ supɔw a emu nnipa dɔɔso yi so. Eyi yɛ Bible nkɔmhyɛ a edi so yi a ɛrenya mmamu wɔ wiase nyinaa no mmamu ketewaa bi: “Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.” (Dwom 110:3) Hwɛ nkuranhyɛ ara a mmerante ne mmabaa yi ma wɔn mfɛfo adwumayɛfo mpanyimfo no nya! Na nea ɛsen saa koraa no, hwɛ sɛnea wɔma wɔn soro Agya, Yehowa Nyankopɔn ani gye!—Mmebusɛm 27:11.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 16 Yehowa Adansefo na wotintimii

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10]

WOHIA AHENNI ASA PII

Esiane sɛ Yehowa Adansefo redɔɔso wɔ Taiwan nti, ayɛ den sɛ wobenya Ahenni Asa pii. Dɛn ntia? Efisɛ asase a ɛfata a wobenya de asisi Ahenni Asa wɔ nkurow akɛse mu no ho yɛ na. Ɛno akyi no, asase bo yɛ den paa, na adansi ho mmara yɛ katee. Wɔ nkurow akɛse mu no, nea wɔyɛ ara ne sɛ wogye adwumayɛbea adan yɛ no Ahenni Asa. Ɛno mpo no, adwumayɛbea adan no bi mu yɛ tiaa, ɛho ka dɔɔso, na ɛho nneɛma afoforo nso mma ɛmfata sɛ wɔde bɛyɛ Ahenni Asa.

Nanso, nnansa yi Yehowa Adansefo a wɔwɔ Taiwan abɔ mmɔden anya Ahenni Asa foforo pii. Adansefo no da so ara rehwehwɛ baabi a wobesisi Ahenni Asa, na wɔayɛ krado sɛ wobetua ɛho ka na bere koro no ara wɔanya adansi ho nimdeɛ nso.