Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsom A Eye Ma Wo

Ɔsom A Eye Ma Wo

Ɔsom A Eye Ma Wo

ODWONTOFO Asaf kae sɛ: “Onyankopɔn nkyɛn tra ye ma me.” Ná wanya adwene sɛ obesuasua wɔn a wɔmfa Onyankopɔn asɛm nyɛ hwee no sɛnea ɛbɛyɛ a obedi yiye wɔ asetra mu. Nanso, afei Asaf susuw mfaso horow a Onyankopɔn nkyɛn a na ɔbɛtra bɛma wanya ho, na ɔkae sɛ, eye ma no. (Dwom 73:2, 3, 12, 28) So nokware som ye ma wo nnɛ? Wobɛyɛ dɛn anya so mfaso?

Sɛ wosom nokware Nyankopɔn no a ɛbɛboa ma worensusuw nea wo nkutoo wopɛ ho wɔ w’asetram. Esiane sɛnea ‘ɔdɔ Nyankopɔn’ bɔɔ yɛn nti, wɔn a wosusuw nea wɔn nkutoo pɛ ho wɔ wɔn asetram no rentumi nnya anigye da. (2 Korintofo 13:11) Yesu kyerɛkyerɛɛ sɛnea nnipa te ankasa mu bere a ɔkae sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Asomafo Nnwuma 20:35) Ɛno nti na sɛ yɛyɛ biribi ma yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo a ɛma yɛn ani gye no. Nanso, yɛyɛ biribi ma Onyankopɔn a, ɛnna yenya anigye a ɛsen biara. Ɔno na ɔfata paa sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ no sen obi foforo biara. Nnipa ɔpepem pii ahu sɛ sɛ wɔyɛ nea Onyankopɔn ka de som no a, wonya abotɔyam kɛse.—1 Yohane 5:3.

Ɛma Yenya Atirimpɔw Wɔ Asetram

Nokware som ye ma wo nso, efisɛ ɛma wunya atirimpɔw wɔ asetram. So woahyɛ no nsow sɛ nkurɔfo taa ka sɛ sɛ obi yɛ biribi a mfaso wɔ so a ɛma onya anigye? Nnipa dodow no ara na wɔwɔ botae bi wɔ wɔn asetram, nea ɛfa wɔn abusua, wɔn nnamfo, wɔn nnwuma, anaa anigyede ho. Nanso, esiane tebea a wɔnhwɛ kwan a etumi sisi wɔ wɔn asetram nti, mpɛn pii no, saa nneɛma no mma wonnya anigye ankasa. (Ɔsɛnkafo 9:11) Nanso, nokware som boa wo ma wunya atirimpɔw a mfaso wɔ so, nea ɛbɛma woanya abotɔyam daa, bere mpo a asetram nneɛma afoforo nkɔ yiye no.

Nea nokware som kyerɛ ne sɛ yebehu Yehowa na yɛasom no wɔ nokware mu. Wɔn a wɔsom Onyankopɔn wɔ saa kwan no so bɛn no yiye. (Ɔsɛnkafo 12:13; Yohane 4:23; Yakobo 4:8) Ɛnyɛ den koraa sɛ wubenya adwene sɛ ɛyɛ den sɛ wubehu Onyankopɔn yiye ma wabɛyɛ w’adamfo. Nanso, sɛ wususuw sɛnea ɔne afoforo di nsɛm na wususuw nneɛma a wabɔ ho a, wubetumi ahu sɛnea ɔte ankasa. (Romafo 1:20) Afei nso, sɛ wokenkan Onyankopɔn Asɛm a, wobɛte nea enti a yɛwɔ ha, nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan, ne nea ɔbɛyɛ de ayi amanehunu afi hɔ ase. Na nea ebetumi ayɛ anigye sen ne nyinaa ne adwuma a mfaso wɔ so a wubetumi ayɛ de aboa ama Onyankopɔn atirimpɔw abam no. (Yesaia 43:10; 1 Korintofo 3:9) Hwɛ sɛnea ntease a ɛte saa a wubenya no betumi ahyɛ wo nkuran kɛse wɔ w’asetra mu!

Ɛma Yɛyɛ Nnipa Pa

Nokware som ye ma wo efisɛ ɛboa wo ma wobɛyɛ nipa pa. Sɛ wosom Onyankopɔn nokware mu a, ɛma wunya nipasu a ɛma wutumi ne afoforo bɔ na wunya anigye kɛse. Wusua sɛnea wodi nokware, sɛnea wɔkasa ma afoforo bo tɔ wɔn yam, ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra ma afoforo nya yɛn mu ahotoso fi Onyankopɔn ne ne Ba no hɔ. (Efesofo 4:20–5:5) Sɛ wuhu Onyankopɔn yiye saa ma wunya ne ho dɔ a, ɛka wo ma wusuasua no. Bible ka sɛ: “Munsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monkɔ so nnantew ɔdɔ mu.”—Efesofo 5:1, 2.

So ɛrenyɛ anigye sɛ wo ne nkurɔfo a wosuasua Onyankopɔn dɔ bɛbɔ? Nea ɛyɛ anigye ne sɛ onipa biako ntumi ntew ne ho nsom nokware Onyankopɔn no. Onyankopɔn som ma wo ne afoforo a wɔn ani gye nea ɛteɛ ne adepa ho bɔ. Nokwarem no, ebia w’ani rennye nyamesom kuw ho. Nanso, sɛnea yehui wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, nyamesom kuw dodow no ara wɔ nhyehyɛe, nanso wɔn nhyehyɛe no nyɛ papa na wɔmfa nyɛ adwuma wɔ ɔkwampa so. Nyamesom kuw pii nyɛ nnwuma a ɛsɛ sɛ Kristosom yɛ. Yehowa ankasa na wahyehyɛ Onyankopɔn nkurɔfo ama adwuma pa bi. Bible ka sɛ: “Na Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom asomdwoe de.” (1 Korintofo 14:33) Wubehu sɛ sɛ wo ne Kristofo kuw a wɔwɔ nhyehyɛe pa bɔ a, wubenya suban pa te sɛ nnipa ɔpepem pii a wɔayɛ saa no.

Ɛma Yenya Daakye Ho Anidaso Pa

Kyerɛw Kronkron no ka sɛ Onyankopɔn rehyehyɛ nokware asomfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya wɔn ti adidi mu wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei, na wɔatra asase foforo a “trenee bɛtra” mu no so. (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 7:9-17) Enti ɔsom a eye ma wo ma wunya anidaso na ɛma wunya anigye. Ebinom de wɔn werɛ hyɛ nniso ahorow a ɛte sɛ nea wɔn nhyehyɛe rekɔ yiye, adwuma a ɛrekɔ yiye, anaa apɔwmuden a wobenya ne pɛnhyen a abotɔyam wom a wɔbɛkɔ mu sɛ ɛno na ɛbɛma wɔanya asomdwoe daakye. Nanso, sɛ yɛbɛka a, saa nneɛma yi mu kakraa bi na ɛma yenya biribi a edi mu a yebegyina so anya daakye a anigye wom. Nanso, ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo no so.”—1 Timoteo 4:10.

Sɛ woyɛ nhwehwɛmu yiye a, wubetumi ahu nokware asomfo. Wɔ ɛnnɛ wiase a emu apaapae yi mu no, ɔdɔ ne biakoyɛ ma Yehowa Adansefo da nsow koraa. Ɛkame ayɛ sɛ wofi wiase aman nyinaa mu; nanso, ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho ne Yehowa no ama wɔayɛ biako. (Yohane 13:35) Wɔto nsa frɛ wo sɛ wo nso bra bɛhwɛ nea wɔanya no. Asaf kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn nkyɛn tra ye ma me.”—Dwom 73:28.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wubetumi abɛyɛ Onyankopɔn adamfo