Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Yɛn Dɔfo Bi Agyae Yehowa Som

Bere a Yɛn Dɔfo Bi Agyae Yehowa Som

Bere a Yɛn Dɔfo Bi Agyae Yehowa Som

MARK ne Louise yɛ Yehowa Adansefo. * Wofi ɔdɔ mu de Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ wɔn mma yiye sɛnea Bible tu Kristofo a wɔyɛ awofo fo sɛ wɔnyɛ no. (Mmebusɛm 22:6; 2 Timoteo 3:15) Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ ɛnyɛ wɔn mma no nyinaa na bere a woduu wɔn mmeranteberem no wɔkɔɔ so som Yehowa. Louise ka sɛ: “Ɛyɛ me yaw sɛ me mma no agyae Yehowa som. Sɛ meka sɛ minni ho yaw paa da biara da a, na meredaadaa me ho. Sɛ afoforo ka wɔn mma ho asɛm a, na supɔw ahin me, na na ɛsɛ sɛ mehyɛ me ho so sɛnea ɛbɛyɛ a merensu.”

Nokwarem no, sɛ obi gyae Yehowa som na wamfa Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ammɔ ne bra a, n’abusuafo a wɔsom Yehowa no di yaw kɛse. Irene ka sɛ: “Medɔ me nuabea no yiye paa. Mɛyɛ nea metumi biara ama wasan abɛsom Yehowa.” Maria a ne nuabarima gyaee Yehowa som kobuu bra bɔne no ka sɛ: “Asɛm yi ahaw me yiye efisɛ sɛ yɛde biribiara to nkyɛn a ɔyɛ me nuabarima a mepɛ n’asɛm yiye. Bere a m’ani gyina no paa ne bere a abusua no nyinaa ahyiam no.”

Dɛn Nti na Ɛyɛ Yaw Saa?

Dɛn nti na sɛ Kristofo bi ba anaa wɔn dɔfo bi gyae Yehowa som a ɛyɛ wɔn yaw kɛse saa? Efisɛ wonim sɛ Kyerɛwnsɛm no ahyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔbɛsom Yehowa akosi ase no na wobenya daa nkwa wɔ paradise asase so. (Dwom 37:29; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3-5) Wɔhwɛ kwan sɛ wɔne wɔn kununom ne wɔn yerenom, wɔn mma, wɔn awofo, wɔn nuanom, ne wɔn mmanananom benya saa anigye yi. Hwɛ sɛnea ɛyɛ yaw sɛ wɔbɛkae sɛ ebia wɔn adɔfonom a wɔagyae Yehowa som no renkɔ hɔ bi! Kristofo nyinaa nim sɛ Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm so wɔ mfaso ma wɔn wɔ mprempren asetra yi mu mpo. Enti, ɛyɛ Kristofo yaw yiye sɛ wobehu sɛ wɔn adɔfo regu aba a ɛbɛma wɔatwa aba bɔne.—Yesaia 48:17, 18; Galatifo 6:7, 8.

Ɛbɛyɛ den sɛ wɔn a wɔn dɔfo bi nnyaee Yehowa som da behu sɛnea saa asɛm no yɛ yaw fa. Ɛkame ayɛ sɛ ɛka w’asetram biribiara. Louise ka sɛ: “Ɛyɛ den paa sɛ wowɔ Kristofo nhyiam ase na wubehu sɛ awofo bi ne wɔn mma rebɔ nkɔmmɔ na wɔreserew. Bere a anka ɛsɛ sɛ m’ani gye mpo no esiane nea wagyae Yehowa som no nti na me werɛ ahow.” Kristofo asafo mu panyin bi kae mfe anan a ne yere babea de gyaee asafo no. Ɔka sɛ: “Mpɛn pii no, na ‘anigye bere’ mpo taa dan awerɛhow. Sɛ mema me yere akyɛde bi anaasɛ mede no pue dapɛn awiei sɛ yɛrekogye yɛn ani na ɔkae sɛ ne babea no nka yɛn ho a, na osu.”

So Kristofo a wɔte saa no yɛ ade tra so anaa? Ɛnte saa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wɔyɛ saa a na wɔreda Yehowa a ɔbɔɔ nnipa wɔ ne suban so no su ahorow no bi adi. (Genesis 1:26, 27) Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Bere a Yehowa nkurɔfo Israel tew ne so atua no, ɔtee nka dɛn? Dwom 78:38-41 ma yehu sɛ wɔmaa Yehowa dii yaw na wɔhyɛɛ no awerɛhow. Nanso, onyaa wɔn ho abotare bɔɔ wɔn kɔkɔ, na ɔteɛɛ wɔn so, na ɔde kyɛɛ wɔn mpɛn pii bere a wonuu wɔn ho no. Ɛda adi sɛ Yehowa ani gye n’abɔde, ‘ne nsa ano adwuma’ ho, na onnyae wɔn akyi di ntɛm. (Hiob 14:15; Yona 4:10, 11) Ɔde su a ɛte saa bɔɔ nnipa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya afoforo ho anigye saa ara, na ɔdɔ a ɛwɔ abusuafo ntam mu yɛ den yiye. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ obi busuani a ɔdɔ no gyae Yehowa som a odi awerɛhow kɛse saa.

Nokwarem no, sɔhwɛ a ɛyɛ den paa a nokware asomfo hyia no mu biako ne sɛ wɔn dɔfo bi begyae Yehowa som. (Asomafo Nnwuma 14:22) Yesu kae sɛ n’asɛm de mpaapaemu bɛba mmusua bi mu. (Mateo 10:34-38) Eyi nkyerɛ sɛ Bible mu asɛm paapae abusua mu. Mmom no, ɛyɛ abusuafo a wɔnyɛ gyidifo anaa wɔn a wɔagyae Yehowa som a wɔmpɛ sɛnea Kristofo yɛ wɔn ade na wɔsɔre tia wɔn no na wɔde mpaapaemu no ba. Nanso, yebetumi ada Yehowa ase sɛ onnyae ne nokware asomfo kwa, na mmom ɔma wɔn nea wɔde begyina sɔhwɛ ahorow a wohyia ano. Sɛ seesei woredi wo dɔfo bi a wagyae Yehowa som ho awerɛhow a, Bible mu afotu bɛn na ebetumi akyekye wo werɛ ma woanya anigye ne akomatɔyam?

Sɛnea Wubegyina Ano

‘Yɛ den, na fa wo ho sie Onyankopɔn dɔ mu.’ (Yuda 20, 21) Ebia gyinabea a wowom ne nsɛm tebea bi remma wuntumi mmoa wo busuani a wagyae Yehowa som no. Nanso, wubetumi ahyɛ wo ne w’abusuafo a wɔda so resom Yehowa no den, na ɛsɛ sɛ woyɛ saa nso. Veronica a ne mmabarima baasa mu baanu gyaee Yehowa som no ka sɛ: “Wɔka kyerɛɛ me ne me kunu sɛ sɛ yɛkɔ so yɛ den wɔ Yehowa som mu na sɛ yɛn mma no san ba asafo no mu a, ɛyɛ yɛn na yɛbɛboa wɔn ma wɔn ani aka. Sɛ na ɔba hohwini no agya nni hɔ a obegye no a, anka ɛhe na ɔbɛfa?”

Kɔ so yɛ Onyankopɔn som adwuma no pii, na ama woakɔ so ayɛ den. Nea ɛsɛ sɛ woyɛ no bi ne Bible a wobɛyere wo ho asua na woakɔ Kristofo nhyiam bere nyinaa. Fi wopɛ mu boa afoforo wɔ asafo no mu sɛnea wubetumi. Nokwarem no, mfiase no ebetumi ayɛ den ama wo sɛ wobɛyɛ saa. Veronica ka sɛ: “Mfiase no ɛbaa me mu sɛ mentwe me ho mfi anuanom ho te sɛ aboa bi a wapira. Nanso, me kunu kae sɛ yɛnkɔ so mfa yɛn ho nhyɛ Kristofo som adwuma no nyinaa mu. Ɔhwɛ ma yɛkɔɔ asafo nhyiam bere nyinaa. Edui sɛ yɛrebɛkɔ ɔmantam nhyiam no, na mihia akokoduru pii na ama matumi akohyia anuanom. Nanso, ɔkasa ahorow a wɔmaa wɔ nhyiam no ase no boae ma yɛbɛnee Yehowa kɛse. Yɛn ba a na ɔda so ara resom Yehowa no na nhyiam no hyɛɛ no den kɛse.”

Maria a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ahu sɛ asɛnka adwuma no a ɔyɛ no kɛse no aboa no paa, na seesei ɔne nnipa anan na ɛresua Bible no. Saa ara na Laura nso ka sɛ: “Ɛwom sɛ me mma no a mantumi antete wɔn sɛnea awofo binom ayɛ no ma misu da biara da de, nanso meda Yehowa ase sɛ mewɔ Bible mu nsɛm a ɛsom bo a etumi boa mmusua a wɔwɔ awiei bere yi mu no.” Ken ne Eleanor a wɔn mma mpanyimfo fii asafo no mu no yɛɛ nhyehyɛe kɔɔ baabi a wohia Ahenni adawurubɔfo paa kɔyɛɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ hɔ. Eyi aboa wɔn ma wɔanya nneɛma ho adwempa sen sɛ anka wɔbɛma awerɛhow amene wɔn.

Mpa abaw. Ɔdɔ ‘gye biribiara di.’ (1 Korintofo 13:7) Ken a yɛaka ne ho asɛm dedaw no ka sɛ: “Bere a yɛn mma no fii nokware no mu no, na misusuw sɛ ɛte sɛ nea wɔawu. Nanso, bere a me nuabea wui no, mesesaa m’adwene. Ɛyɛ me anigye sɛ me mma no nwui ankasa, na Yehowa da so ara abue kwan sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn.” Nokwarem no, ada adi sɛ nnipa pii a wofi nokware no mu no san ba.—Luka 15:11-24.

Mmu wo ho fɔ. Awofo taa kaakae nneɛma a atwam no, na wobu wɔn ho fɔ sɛ wɔanni nneɛma bi ho dwuma yiye. Nanso, asɛm a ɛwɔ Hesekiel 18:20 no ma yehu sɛ Yehowa mmfa mma bɔne ho asodi nnto awofo so. Anigyesɛm ne sɛ, bere a Mmebusɛm nhoma no ka asɛyɛde a awofo wɔ sɛ wɔtete wɔn mma ho asɛm pii no, ɛsan ka sɛnea ɛsɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo afotu na wɔde bɔ wɔn bra no ho asɛm sen nea ɛka fa awofo asɛyɛde ho no bɛboro mmɔho anan. Yiw, ɛyɛ mmofra asɛyɛde sɛ wotie Bible mu akwankyerɛ a wɔn awofo a wɔnyɛ pɛ de ma wɔn no. Ɛda adi sɛ wudii nneɛma ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so saa bere no. Sɛ woda so ara mpo te nka sɛ wudii mfomso bi na nea aba no fi wo a, ɛnkyerɛ ankasa sɛ mfomso a wudii no na ama wo dɔfo no agyae nokware no. Sɛnea ɛte biara no, mfaso biara remfi “mihui a anka” a wobɛkɔ so aka no mu mma. Sua biribi fi mfomso a wudii no mu, na bɔ mmɔden sɛ worenyɛ saa bio. Bɔ Yehowa mpae fa hwehwɛ bɔne fafiri. (Dwom 103:8-14; Yesaia 55:7) Nea mmoa adi no ma wonni nkɔ, na bɔ nea aka no ho ban.

Nya afoforo ho abotare. Ebetumi ayɛ den ama ebinom a wɔn adɔfo nnyaee Yehowa som da no sɛ wobehu ɔkwan pɔtee a wɔbɛfa so ahyɛ afoforo nkuran anaa wɔakyekye wɔn werɛ. Afei nso, asɛm a obi bu no sɛ ɛbɛhyɛ obi nkuran anaasɛ ɛbɛkyekye ne werɛ no, ɛnyɛ saa na obi foforo nso hu no. Enti sɛ ebinom ka nsɛm bi ma ɛhaw wo a, fa ɔsomafo Paulo afotu a ɛwɔ Kolosefo 3:13 yi yɛ adwuma: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.”

Gye Yehowa nteɛso tom. Sɛ wɔde nteɛso ama wo busuani bi wɔ asafo no mu a, kae sɛ ɛka Yehowa nhyehyɛe ho na ɛso wɔ mfaso ma obiara a ɔdebɔneyɛfo no nso ka ho. (Hebrifo 12:11) Enti, hwɛ yiye na woanhwehwɛ mpanyimfo a wɔde saa nteɛso no mae no anaa nteɛso ko a wɔde mae no ho mfomso. Kae sɛ, sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛnea Yehowa pɛ a, adepa na efi mu ba, nanso sɛ yɛannye Yehowa nhyehyɛe antom a, ebetumi ama yɛn haw no ayɛ kɛse.

Wogyee Israelfo fii Misraim akyi no, Mose na ɔkɔɔ so buu wɔn atɛn. (Exodus 18:13-16) Esiane sɛ mpɛn pii no, sɛ obu atɛn a obiako di fɔ na obiako di bem nti, ɛnyɛ den sɛ wɔn a wodii fɔ no mu bi ani annye sɛnea Mose buu atɛn no ho. Ɛbɛyɛ sɛ sɛnea na Mose bu atɛn a na wɔmpɛ no ka ho bi na ɛmaa ebinom sɔre tiaa ne tumidi no wɔ bere bi mu no. Nanso, Yehowa na na waka sɛ Mose nni ne nkurɔfo no anim, enti ɛyɛ wɔn a wɔsɔre tiaa Mose ne wɔn abusuafo a wɔkɔkaa wɔn ho no mmom na Yehowa twee wɔn aso, na ɛnyɛ Mose. (Numeri 16:31-35) Yebetumi asua biribi afi eyi mu denam gyinae a wɔn a wɔama wɔn tumi wɔ asafo no mu nnɛ sisi a yebegye atom na yɛne wɔn ayɛ biako no so.

Wɔ saa asɛm yi ho no, Delores kae sɛnea na ɛyɛ den ma no sɛ obenya adwene a ɛfata bere a wɔteɛɛ ne babea so wɔ asafo no mu no. Ɔka sɛ: “Nea ɛboaa me ne sɛ mekenkanee nsɛm a ɛfa sɛnea ntease wɔ Yehowa nhyehyɛe biara mu no ho mpɛn pii. Meyɛɛ kyerɛwtohɔ titiriw bi wɔ ɔkasa ahorow a mitiei ne nsɛm a mekenkanee a na ɛbɛboa me ma matumi agyina me haw no ano na makɔ so asom Yehowa no ho.” Eyi de yɛn kɔ ade foforo a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina yɛn haw ahorow ano so.

Ka nea ɛhaw wo no ho asɛm kyerɛ afoforo. Wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wobɛka nea ɛhaw ho asɛm akyerɛ w’adamfo biako anaa baanu a wɔwɔ tema na wowɔ wɔn mu ahotoso. Sɛ woreyɛ saa a, paw nnamfo a wɔbɛboa wo ma woakɔ so anya adwempa. Nanso, mfaso wɔ so kɛse sɛ ‘wubeyi wo yam akyerɛ’ Yehowa wɔ mpaebɔ mu. * (Dwom 62:7, 8) Dɛn ntia? Efisɛ onim wo haw no yiye paa. Sɛ nhwɛso no, ebia wobɛte nka sɛ ɛnsɛ sɛ anka wudi yaw pii saa, efisɛ ɛnyɛ wo na woagyae Yehowa som. Ka wo haw nyinaa ho asɛm kyerɛ Yehowa, na srɛ no sɛ ɔmmoa wo, sɛnea ɛbɛyɛ a worenni asɛm no ho yaw pii.—Dwom 37:5.

Bere rekɔ so no, wubetumi agyina wo haw no ano yiye. Nanso, kɔ so bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ wo soro Agya no ani, na nte nka da sɛ mfaso biara nni saa a wobɛyɛ no so. (Galatifo 6:9) Kae sɛ, sɛ yegyae Yehowa som a, yɛbɛkɔ so ara ahyia ɔhaw. Nanso, sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware a, ɔbɛboa yɛn wɔ sɔhwɛ ahorow a yehyia no mu. Enti, nya awerɛhyem sɛ Yehowa nim sɛnea wo haw no te, na ɔbɛkɔ so ahyɛ wo den na waboa wo wɔ bere a ɛsɛ mu.—2 Korintofo 4:7; Filipifo 4:13; Hebrifo 4:16.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa din ahorow no bi.

^ nky. 19 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wobɛbɔ mpae ama wo busuani bi a wɔatu no a, hwɛ December 1, 2001, Ɔwɛn-Aban, kratafa 30-1.

[Adaka wɔ kratafa 19]

Sɛnea Wubegyina Ɔhaw no Ano

◆ ‘Yɛ den, na fa wo ho sie Onyankopɔn dɔ mu.’—Yuda 20, 21.

◆ Mpa abaw.—1 Korintofo 13:7.

◆ Mmu wo ho fɔ.—Hesekiel 18:20.

◆ Nya afoforo ho abotare.—Kolosefo 3:13.

◆ Gye Yehowa nteɛso tom.—Hebrifo 12:11.

◆ Ka nea ɛhaw wo no ho asɛm kyerɛ afoforo.—Dwom 62:7, 8.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 21]

So Woagyae Yehowa Som?

Sɛ saa a, ɛmfa ho nea ɛma wugyaee biara no, wo ne Yehowa ntam abusuabɔ ne daa nkwa a wubenya ho aba asɛm. Ebia wopɛ sɛ wosan bɛsom Yehowa. So worebɔ mmɔden biara sɛ wobɛyɛ saa seesei? Anaasɛ woretu hyɛ da kosi “bere a ɛsɛ mu”? Kae sɛ Harmagedon rebɛn ntɛmntɛm. Afei nso, yɛn nkwa nna yɛ tiaa, na biribiara nso betumi asi. Wunnim nea ɛbɛto wo ɔkyena mpo. (Dwom 102:3; Yakobo 4:13, 14) Ɔbarima bi a wohui sɛ yare a abɔ no no bekum no no kae sɛ: “Yare yi bɔɔ me no na mereyɛ bere nyinaa som adwuma a na menyɛɛ bɔne biara nsiei. Na ɛyɛ me anigye sɛ ɛte saa.” Nanso, fa no sɛ yare no bɔɔ no no na ogu so reka sɛ, “Mɛba abɛsom Yehowa da bi” a, anka ɔbɛte nka dɛn? Sɛ woagyae Yehowa som a, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wosan bɛsom no.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛ wokɔ so yɛ Onyankopɔn som adwuma no pii a, ɛbɛboa wo ma woakɔ so anya adwempa