Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Momfa Mo Adesrɛ Nto Nyankopɔn Anim”

“Momfa Mo Adesrɛ Nto Nyankopɔn Anim”

“Momfa Mo Adesrɛ Nto Nyankopɔn Anim”

“Momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Nyankopɔn anim ade nyinaa mu.”—FILIPIFO 4:6.

1. Hena na yetumi ne no di nkitaho, na dɛn nti na ɛyɛ nwonwa paa?

SƐ WOSRƐ sɛ wopɛ sɛ wo ne ɔmampanyin a ɔwɔ wo man mu hyia susuw asɛm bi ho a, mmuae bɛn na wubenya? Ebia wɔn a wɔne no yɛ adwuma no bɛma wo mmuae wɔ nidi mu, nanso ɛnyɛ ade a wɔbɛma wo ne ɔmampanyin no ankasa ahyia. Nanso, Yehowa Nyankopɔn a ɔno ne amansan Hene a ɔyɛ Sodifo a ɔsen biara no nte saa koraa. Yetumi kɔ n’anim baabiara a yɛwɔ, ne bere biara a yɛpɛ sɛ yɛne no kasa no. Obetie mpae a ɛsɔ n’ani a yɛbɔ no bere nyinaa. (Mmebusɛm 15:29) Eyi yɛ ade a ɛyɛ nwonwa ankasa! So ɛnsɛ sɛ eyi ho anisɔ ka yɛn ma yɛbɔ Onii a wɔfrɛ no “mpaebɔ tiefo” ma ɛfata no mpae bere nyinaa?—Dwom 65:2.

2. Dɛn na ɛho hia na ama Onyankopɔn atie yɛn mpaebɔ?

2 Nanso, ebia obi bebisa sɛ, ‘Mpae bɛn na Onyankopɔn tie?’ Bible ka ade biako a ɛho hia a ɛma wotie yɛn mpaebɔ ho asɛm. Ɛka sɛ: “Gyidi nni hɔ a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani, efisɛ ɛsɛ sɛ nea ɔba ne nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Sɛnea wɔkaa ho asɛm wɔ adesua a edi eyi anim mu no, gyidi ne ade titiriw a ɛma yɛkɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu. Onyankopɔn ani gye ho sɛ obetie wɔn a wɔba n’anim no mpaebɔ, nanso ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae no wɔ gyidi, nokwaredi, ne koma pa mu, na wɔde nnwuma pa ka ho.

3. (a) Nneɛma bɛn na tete asomfo anokwafo no bɔɔ ho mpae a yɛn nso yebetumi aka ho asɛm wɔ yɛn mpaebɔ mu? (b) Akwan horow bɛn na yebetumi afa so abɔ mpae?

3 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne bere so Kristofo no nkuran sɛ: “Monnnwennwene biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Nyankopɔn anim ade nyinaa mu.” (Filipifo 4:6, 7) Wɔn a wɔde wɔn haw too Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu ho nsɛm pii wɔ Bible mu. Wɔn mu bi ne Hana, Elia, Hesekia, ne Daniel. (1 Samuel 2:1-10; 1 Ahene 18:36, 37; 2 Ahene 19:15-19; Daniel 9:3-21) Ɛsɛ sɛ yesuasua wɔn nhwɛso no. Hyɛ no nsow nso sɛ Paulo nsɛm no ma yehu sɛ yebetumi abɔ mpae wɔ akwan ahorow so. Ɔkaa aseda a ɛno ne mpae a yɛde kyerɛ anisɔ wɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn ho asɛm. Yebetumi de aseda nso ayi no ayɛ. Nkotɔsrɛ yɛ mpae a yefi ahobrɛase mu bɔ de srɛ Onyankopɔn hɔ ade. Na yebetumi asrɛ ade anaa yɛabisa ade pɔtee bi nso. (Luka 11:2, 3) Sɛ yɛfa saa akwan yi mu biara so kɔ yɛn soro Agya no anim a, otie yɛn anigye so.

4. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nim nea yehia de, nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adesrɛ kɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu?

4 Ebinom bebisa sɛ, ‘So Yehowa nim nneɛma a ehia yɛn nyinaa?’ Yiw, onim. (Mateo 6:8, 32) Ɛnde, dɛn nti na ɔhwehwɛ sɛ yɛde yɛn adesrɛ kɔ n’anim? Susuw nhwɛso yi ho hwɛ: Fa no sɛ sotɔɔ wura bi pɛ sɛ ɔde akyɛde bi ma wɔn a wɔtɔ ne nneɛma. Sɛ wɔn a wɔtɔ ne nneɛma no nsa bɛka n’akyɛde no bi a, gye sɛ wɔkɔ ne nkyɛn kogye. Wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔkɔ ne nkyɛn no da no adi sɛ wɔn ani nnye akyɛde no ho ankasa. Saa ara na sɛ yɛamfa yɛn adesrɛ ankɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu a, na ɛkyerɛ sɛ yɛn ani nnye nea Yehowa de ma yɛn no ho. Yesu kae sɛ: “Mummisa na mo nsa bɛka.” (Yohane 16:24) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛda no adi sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so.

Ɔkwan Bɛn so na Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ Onyankopɔn Anim Wɔ Mpaebɔ Mu?

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae wɔ Yesu din mu?

5 Yehowa nhyehyɛɛ mmara katee wɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ mpae ho. Nanso, ɛsɛ sɛ yehu ɔkwampa a yɛfa so kɔ Onyankopɔn anim a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Bible mu no. Sɛ nhwɛso no, Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Biribiara a mubebisa Agya no ɔde bɛma mo wɔ me din mu.” (Yohane 16:23) Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae wɔ Yesu din mu, na yegye tom sɛ Yesu nkutoo na nnipa nam no so benya Onyankopɔn nhyira.

6. Sɛ yɛbɔ mpae a, so ɛsɛ sɛ yegyina hɔ anaa yɛkotow?

6 Sɛ yɛbɔ mpae a, so ɛsɛ sɛ yegyina hɔ anaa ɛsɛ sɛ yɛkotow? Bible nkyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ pɔtee bere a yɛrebɔ mpae no na ama wɔatie yɛn. (1 Ahene 8:22; Nehemia 8:6; Marko 11:25; Luka 22:41) Nea ehia ne nokwaredi ne koma pa a yɛde bɛbɔ Onyankopɔn mpae.—Yoel 2:12, 13.

7. (a) “Amen” kyerɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔde di dwuma wɔ mpaebɔ mu ma ɛfata?

7 Na “amen” a yɛka wɔ mpaebɔ mu no nso ɛ? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɛyɛ asɛm a ɛfata a yɛka de wie yɛn mpaebɔ, ne titiriw bere a yɛrebɔ mpae wɔ baguam no. (Dwom 72:19; 89:52) Nea Hebri asɛmfua ʼa·menʹ kyerɛ ankasa ne “ɛnyɛ hɔ.” McClintock and Strong’s Cyclopedia ka sɛ nea “Amen” a yɛka de wie mpaebɔ kyerɛ ne sɛ “yegye nea yɛaka no tom, na yɛsrɛ sɛ ɛnyɛ hɔ.” Enti sɛ obi ka “Amen” de wie ne mpaebɔ a, na ɔrekyerɛ sɛ nea waka no fi ne komam tɔnn. Sɛ Kristoni a ogyina asafo no ananmu bɔ mpae ka “Amen” a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔretie no nso gye so “Amen” wɔ wɔn komam anaasɛ wɔka ma epue wɔn ano de kyerɛ sɛ wofi wɔn komam pene nsɛm a waka no so.—1 Korintofo 14:16.

8. Ɔkwan bɛn so na mpae bi a yɛbɔ betumi ayɛ sɛ Yakob anaa Abraham de no, na mpaebɔ a ɛte saa no bɛkyerɛ dɛn wɔ yɛn fam?

8 Mmere bi wɔ hɔ a Onyankopɔn betumi ama kwan ama yɛakyerɛ sɛnea yɛn asɛm bi a yɛrebɔ ho mpae ho hia yɛn kɛse. Ebia a ɛho behia sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Yakob a ɔtraa ase tete no a ɔne ɔbɔfo bi dii aperepere anadwo mũ nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nhyira bi no. (Genesis 32:24-26) Anaasɛ ebia yɛn nsɛm tebea bi bɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Abraham a ɔsrɛɛ Yehowa mpɛn pii maa Lot ne atreneefo bi a na wɔwɔ Sodom no. (Genesis 18:22-33) Yɛn nso yebetumi agyina Yehowa atɛntrenee, n’adɔe, ne ne mmɔborohunu so asrɛ no nneɛma bi a ɛho hia yɛn saa ara.

Dɛn na Yebetumi Asrɛ Wɔ Yɛn Mpaebɔ Mu?

9. Sɛ yɛbɔ mpae a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ ade a ehia yɛn titiriw?

9 Kae sɛ Paulo kae sɛ: ‘Momfa mo adesrɛ nto Nyankopɔn anim ade nyinaa mu.’ (Filipifo 4:6) Enti, ɛkame ayɛ sɛ yebetumi abɔ yɛn asetra mu biribiara ho mpae. Nanso, ɛsɛ sɛ yedi kan bɔ nneɛma a ɛfa Yehowa ho no ho mpae. Daniel yɛɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu. Bere a wɔtwee Israelfo aso wɔ bɔne a wɔyɛe ho no, Daniel srɛɛ Yehowa sɛ onhu wɔn mmɔbɔ. Ɔkae sɛ: “Ntwentwɛn wo nan ase, ma ensiane wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔabɔ.” (Daniel 9:15-19) So yɛn nso yɛn mpaebɔ da no adi sɛ Yehowa din a ɛho bɛtew ne ne n’apɛde a ɛbɛyɛ hɔ ne ade a ehia yɛn titiriw?

10. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛfata sɛ yɛbɔ nneɛma a yɛn ankasa hia ho mpae?

10 Ɛfata nso sɛ yɛbɔ nneɛma a yɛn ankasa hia ho mpae. Sɛ nhwɛso no, yebetumi abɔ mpae asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma yɛnte ne ho nsɛm a emu dɔ ase sɛnea odwontofo no yɛe no. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Ma minhu mu, na madi wo mmara so, na mede me koma nyinaa medi so.” (Dwom 119:33, 34; Kolosefo 1:9, 10) Yesu “de adesrɛ ne nkotɔsrɛ baa Nea na obetumi agye no afi owu mu no anim.” (Hebrifo 5:7) Ɔnam saayɛ so daa no adi sɛ sɛ yehyia asiane anaa sɔhwɛ bi a, ɛfata sɛ yɛsrɛ ahoɔden fi Onyankopɔn hɔ. Bere a Yesu rekyerɛ n’akyidifo no sɛnea wɔbɔ mpae no, ɔde nneɛma a wɔn ankasa hia te sɛ bɔne fafiri ne sɛnea wobenya wɔn daa daa aduan kaa ho.

11. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ano?

11 Wɔ saa Awurade Mpaebɔ no mu no, Yesu de adesrɛ yi kaa ho sɛ: “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na mmom gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.” (Mateo 6:9-13) Akyiri yi, ɔde afotu mae sɛ: “Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.” (Mateo 26:41) Sɛ yehyia sɔhwɛ a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae. Nneɛma bi betumi asɔ yɛn ahwɛ wɔ adwumam anaa sukuu mu a ebetumi ama yɛabu yɛn ani agu Bible mu afotu so. Ebia wɔn a wɔnyɛ Adansefo bɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛne wɔn nkɔyɛ nneɛma bi a ɛmfata sɛ Kristoni yɛ. Wobetumi aka akyerɛ yɛn sɛ yemmu ɔbra bɔne bi. Ɛyɛ papa sɛ yetie Yesu afotu no na yɛbɔ mpae wɔ mmere a ɛtete saa mu. Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn mma yennyina sɔhwɛ ano. Na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa bere a yennya nhyiaa sɔhwɛ ne bere a sɔhwɛ ankasa ato yɛn no sɛ ɔmmoa yɛn na yɛanhwe ase.

12. Nneɛma a ɛtaa de dadwen ba bɛn na ebetumi aka yɛn ma yɛabɔ mpae, na dɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ?

12 Nhyɛso ne dadwen ahorow to Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ. Ɔyare ne adwennwen na ɛtaa de dadwen no mu fa kɛse no ara ba. Abɔnefosɛm a atwa yɛn ho ahyia nso ma yɛn ho yeraw yɛn. Sikasɛm mu ahokyere ma ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebenya nneɛma a yehia wɔ yɛn asetra mu. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Yehowa tie n’asomfo a wɔde saa nneɛma yi ba n’anim wɔ mpaebɔ mu no! Dwom 102:17 ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Wadan n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ.”

13. (a) Nneɛma a ehia yɛn bɛn na ɛfata sɛ yɛbɔ ho mpae? (b) Ma osuahu bi a ɛfa mpaebɔ a ɛte saa ho.

13 Nokwarem no, ɛyɛ papa sɛ yɛbɔ biribiara a ɛka ɔsom a yɛde ma Yehowa anaa yɛne ne ntam abusuabɔ no ho mpae. (1 Yohane 5:14) Sɛ ɛsɛ sɛ wusi gyinae fa aware, adwuma, anaa wo som adwuma a wobɛtrɛw mu ho a, ntwentwɛn wo anan ase sɛ wode bɛkɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu ahwehwɛ n’akwankyerɛ. Sɛ nhwɛso no, na ababaa bi a ɔwɔ Philippines pɛ sɛ ɔyɛ bere nyinaa som adwuma. Nanso, na onni adwuma a ɔbɛyɛ de ahwɛ ne ho. Ɔkae sɛ: “Memeneda bi, mebɔɔ Yehowa mpae wɔ akwampae adwuma no ho. Saa da no ara, bere a na mewɔ asɛnka mu no, memaa ababaa bi nhoma. Ababaa no kaa asɛm bi ma me ho dwiriw me. Ɔkae sɛ: ‘Dwoda anɔpa kɔ me sukuu mu ansa na wobɛkɔ baabi a, woakɔ.’ Mibisaa no sɛ, ‘Dɛn ntia?’ Ɔka kyerɛɛ me sɛ wɔpɛ obi ma wayɛ adwuma bi anim anim yi ara. Mekɔe, na wɔfaa me saa da no ara. Asɛm no yɛɛ me nwonwa paa.” Adansefo pii a wɔwɔ wiase nyinaa anya osuahu a ɛtete saa. Enti ntwentwɛn wo anan ase sɛ wode wo komam asɛm bɛkɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu!

Sɛ Yɛayɛ Bɔne Bi Nso Ɛ?

14, 15. (a) Sɛ obi ayɛ bɔne mpo a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ogyae mpae bɔ? (b) Sɛ onii no ankasa bɔ mpae wie a, dɛn bio na obetumi ayɛ na aboa no ma wasiesie ɔne Onyankopɔn ntam?

14 Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi aboa obi a wayɛ bɔne? Aniwu nti ebinom a wɔayɛ bɔne mmɔ mpae. Nanso, nyansa nnim sɛ yɛbɛyɛ saa. Mfatoho bi ni: Obi a ɔyare nim sɛ ɛsɛ sɛ ɔka ne haw nyinaa kyerɛ oduruyɛfo. Nanso, sɛ fɛre nti wanka dekode a ɛhaw no pɔtee no ankyerɛ oduruyɛfo no a, yare no betumi akum no! Saa ara na obi a wayɛ bɔne na ɛyɛ no aniwu sɛ ɔbɛka akyerɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu no betumi asɛe n’asɛm koraa. Ɛnsɛ sɛ bɔne a yɛayɛ ho aniwu nti, yegyae sɛ yɛbɛbɔ Yehowa mpae. Nokwarem no, Onyankopɔn to nsa frɛ wɔn a wɔayɛ bɔne a anibere wom no sɛ wɔmmra n’anim wɔ mpaebɔ mu. Odiyifo Yesaia ka kyerɛɛ ne bere sofo a wɔayɛ bɔne no sɛ wɔnkɔ Yehowa nkyɛn, “na ne firi a ɔde befiri dɔɔso.” (Yesaia 55:6, 7) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa di kan brɛ yɛn ho ase, gyae bɔne no, na yenu yɛn ho nokwarem na ama yɛatumi ‘asrɛ Yehowa.’—Dwom 119:58; Daniel 9:13.

15 Sɛ yɛyɛ bɔne a, ade foforo bi wɔ hɔ a ɛho hia a enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae. Osuani Yakobo ka kyerɛ obi a wayɛ bɔne a ɔpɛ sɛ osiesie ɔne Onyankopɔn ntam no sɛ: “Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo na wɔmmɔ mpae mma no . . . na Yehowa bɛma no so.” (Yakobo 5:14, 15) Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ onii no ankasa ka ne bɔne kyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu, na obetumi nso aka akyerɛ mpanyimfo no ma wɔabɔ mpae ama no. Eyi bɛboa no ma wasiesie ɔne Onyankopɔn ntam.

Sɛnea Wobua Mpaebɔ

16, 17. (a) Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so bua mpaebɔ? (b) Osuahu ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ mpaebɔ ne asɛnka adwuma no wɔ abusuabɔ?

16 Ɔkwan bɛn so na wobua mpaebɔ? Mpaebɔ bi wɔ hɔ a, wobua no ntɛm ma yehu. (2 Ahene 20:1-6) Ebia mpaebɔ afoforo ho mmuae begye bere kakra, na ɛbɛyɛ den sɛ yebehu ɔkwan a wɔfaa so buae no. Ɛtɔ mmere bi a ɛho behia sɛ yɛkɔ so de yɛn ahiasɛm bi to Onyankopɔn anim te sɛ okunafo bi a ɔkɔɔ so de n’adesrɛ too ɔtemmufo bi anim a ɛho asɛm wɔ Yesu mfatoho no mu no. (Luka 18:1-8) Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ yɛbɔ mpae ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia a, Yehowa renka nkyerɛ yɛn da sɛ: “Gyae me haw.”—Luka 11:5-9.

17 Yehowa nkurɔfo ahu mpɛn pii sɛ wɔabua wɔn mpaebɔ. Yɛtaa nya osuahu yi wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ nhwɛso no, na Kristofo mmea baanu bi a wɔwɔ Philippines rekyekyɛ Bible ho nhoma wɔ akuraa bi ase. Bere a wɔde nhomawa no bi maa maame bi no, osui. Maame no kae sɛ: “Nnɛra anadwo mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔnsoma obi ma ɔmɛkyerɛkyerɛ me Bible no, na migye di sɛ me mpaebɔ no ho mmuae ni.” Ɛno akyi bere tiaa bi na maame no fii ase kɔɔ nhyiam ahorow no nyinaa bi wɔ Ahenni Asa so. Wɔ Asia Anafo fam ɔman foforo bi so no, na Kristoni barima bi suro sɛ ɔbɛkɔ akɔka asɛm no wɔ adan bi a wɔabɔ ho ban yiye mu. Nanso, ɔbɔɔ Yehowa mpae nyaa akokoduru na ɔkɔɔ hɔ. Ɔbɔɔ dan no biako pon mu no, ababaa bi pue bae. Bere a onua no kaa nea enti a waba hɔ no, ababaa no fii ase sui. Ɔkae sɛ na wahwehwɛ Yehowa Adansefo araa ma wabɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa no mma onhu wɔn. Onua no de anigye boaa no ma ohuu Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ baabi a ɔte no.

18. (a) Sɛ yehu sɛ wɔabua yɛn mpaebɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Sɛ yɛbɔ mpae bere nyinaa a, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

18 Nokwarem no, mpaebɔ yɛ ade a Yehowa de adom yɛn. Yehowa ayɛ krado sɛ obetie yɛn mpaebɔ na wama yɛn ho mmuae. (Yesaia 30:18, 19) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani to fam na ama yɛahu sɛnea Yehowa bua yɛn mpaebɔ. Ebia ɛnyɛ sɛnea yɛhwɛ kwan sɛ yebenya yɛn mpaebɔ ho mmuae no na yenya bere nyinaa. Nanso, sɛ yehu biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔabua yɛn mpaebɔ no a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ yɛbɛda Yehowa ase na yɛayi no ayɛ. (1 Tesalonikafo 5:18) Afei nso, kae ɔsomafo Paulo afotu yi bere nyinaa: “Momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Nyankopɔn anim ade nyinaa mu.” Yiw, wo ne Onyankopɔn nkasa bere nyinaa. Sɛ woyɛ saa a, wobɛkɔ so ahu sɛ asɛm a ɔsomafo Paulo ka faa wɔn a Onyankopɔn bua wɔn mpaebɔ ho no yɛ nokware. “Nyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban.”—Filipifo 4:6, 7.

Wubetumi Abua?

• Akwan bɛn na yebetumi afa so abɔ mpae?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae?

• Nneɛma bɛn na yebetumi aka ho asɛm wɔ yɛn mpaebɔ mu?

• Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ boa obi a wayɛ bɔne?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Mpae a yefi komam bɔ boa yɛn ma yetumi gyina sɔhwɛ ahorow ano

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Yɛnam mpaebɔ so da Onyankopɔn ase, na yɛde yɛn ahiade ne yɛn adesrɛ to n’anim