Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyamesom—Mfaso Bɛn Na Ɛwɔ So?

Nyamesom—Mfaso Bɛn Na Ɛwɔ So?

Nyamesom—Mfaso Bɛn Na Ɛwɔ So?

“METUMI ayɛ onipa pa bere a menkɔ asɔre!” Eyi yɛ asɛm a nnipa pii taa ka. Nnipa pii a wodi nokware, wɔwɔ tema, na wɔwɔ din pa ani nnye nyamesom ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ Europa Atɔe fam no, nnipa pii ka sɛ wogye Onyankopɔn di, nanso wɔn mu kakraa bi na wɔkɔ asɔre. * Wɔ Latin Amerika mpo no, Katolekfo a wɔwɔ hɔ no mu ɔha biara mu 15 kosi 20 pɛ na wɔkɔ asɔre daa.

Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ ɛho nhia sɛ obi kɔ asɔre na ama wabɔ ɔbra pa, ebia saa na wo nso wote nka. Nanso, ebia wunim sɛ mfe pii a atwam no, wɔ wo nananom bere so no, na nnipa pii kɔ asɔre sen nnɛ. Ɛyɛɛ dɛn na anigye a nnipa pii wɔ wɔ nyamesom ho no abrɛ ase saa? So obi a ɔnkɔ asɔre betumi ayɛ onipa pa? So ɔsom bi wɔ hɔ a ebetumi aboa wo?

Nea Enti a Nnipa Pii Ani Nnye Nyamesom Ho Bio

Mfehaha pii a atwam no, ná Kristoman mufo pii gye di sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔyɛ osetie ma no. Ná wɔkɔ asɔre de hwehwɛ Onyankopɔn anim dom. Na na wɔnam amanne a ɔsɔfo bi yɛ anaa akwankyerɛ a ɔsɛnkafo bi de ma so na ɛyɛ saa. Nokwarem no, na nkurɔfo nim nyaatwom a na ɛrekɔ so wɔ nyamesom mu no. Na wonim yiye sɛ nyamesom de ne ho hyehyɛ akodi mu, na saa ara nso na na wonim sɛnea asɔfo binom bra asɛe. Nanso, na nnipa dodow no ara gye di sɛ asɔre no ankasa de asɛm biara nni ho. Afoforo ani gye sɛnea asɔre no yɛ kronkron, amanne a wɔyɛ, ne nnwom a wɔto ho, na ebinom mpo faa no sɛ mfaso wɔ hellgya ho nkyerɛkyerɛ a enni Kyerɛwnsɛm mu a wɔde hunahuna wɔn no so. Afei, nneɛma pii kɔɔ so a ɛmaa adwene a nnipa pii wɔ wɔ asɔre ho sesae.

Nnipa pii ani begyee adannandi nkyerɛkyerɛ ho. Ebinom mpo begye dii sɛ yɛn nkwa mfi Onyankopɔn hɔ, na mmom ɛbae ara kwa. Ɔsom dodow no ara antumi ankyerɛkyerɛ mu yiye sɛ Onyankopɔn ne Nkwamafo. (Dwom 36:9) Bio nso, bere a mfiridwuma ho nimdeɛ nyaa nkɔanim, na aduruyɛ, akwantu, ne nkitahodi mu nkɔso baa ntɛmntɛm no, ɛmaa nnipa nyaa adwene sɛ nyansahu betumi adi ɔhaw biara ho dwuma ama wɔn. Afei nso, wɔbɛtee nka sɛ nyansahufo ne nyansapɛfo tumi de akwankyerɛ pa ma sen asɔre ahorow no. Asɔre ahorow no nso antumi ankyerɛkyerɛ mu yiye sɛ Onyankopɔn mmara a nnipa de bɛbɔ wɔn bra no yɛ papa sen biara.—Yakobo 1:25.

Nea asɔre bebree yɛe ne sɛ wɔsesaa ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ no. Asɔfo ne asɛnkafo ankyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ osetie ma no bio. Mmom no, wɔn mu pii kyerɛkyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ obi tra hɔ ma obi kyerɛ no nea ɛyɛ papa ne bɔne. Nea ɛbɛyɛ na asɔre akannifo binom ama nkurɔfo ani agye wɔn ho no, wɔkae sɛ ɛmfa ho ɔbra biara a obi bɔ no, Onyankopɔn gye no tom. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no ma yɛkae asɛm bi a Bible ka too hɔ. Ɛka sɛ: “Bere bi bɛba a wɔrentra nkyerɛkyerɛ pa no mu, na mmom wɔbɛboaboa akyerɛkyerɛfo ano afa ma wɔanunu wɔn asom, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te.”—2 Timoteo 4:3.

Sɛ́ anka nkyerɛkyerɛ a ɛte saa bɛma nkurɔfo ani agye asɔrekɔ ho no, ɛma wogyaee mmom. Wonyaa adwene sɛ: ‘Sɛ asɔre ahorow no nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde bɔ ade ne nyansa a ɔde hyehyɛ mmara a, ɛnde sɛ mekɔ asɔre a mfaso bɛn na menya? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mehaw me ho kyerɛkyerɛ me mma Onyankopɔn som?’ Nnipa bi a na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ bra pa fii ase hui sɛ nyamesom ho nhia. Wogyaee asɔre kɔ, na nyamesom ho anhia wɔn bio. Dɛn na ɛtotoe a enti ade a ɛsɛ sɛ ɛso ba mfaso no abɛyɛ biribi a ɛho nhia saa? Bible ma yenya ɛho nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ.

Wɔyɛ Nneɛma Bɔne Wɔ Nyamesom Din Mu

Ɔsomafo Paulo bɔɔ tete Kristofo no kɔkɔ sɛ ebinom bɛyɛ bɔne wɔ Kristosom din mu. Ɔkae sɛ: “Minim sɛ me kɔ akyi no mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenyɛ nguankuw no brɛbrɛ, na mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre akasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Asomafo Nnwuma 20:29, 30) Roma Katolek nyamekyerɛfo Augustine ne obi a ‘ɔkasa kyinkyim nsɛm.’ Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ Kyerɛwnsɛm no na wɔmfa nkyerɛkyerɛ nkurɔfo mma wonnye nni. Nanso, Augustine kyinkyim ntease a ɛwɔ Yesu asɛm a ɛwɔ Luka 14:23 a ɛka sɛ “Hyɛ wɔn ma wɔmmra mu” no ma ɛbɛyɛɛ sɛ ɛnyɛ bɔne sɛ wɔbɛhyɛ obi ma wabɛyɛ Kristoni. (Mateo 28:19, 20; Asomafo Nnwuma 28:23, 24) Ɛno nti Augustine de nyamesom hyɛɛ nkurɔfo so.

Ɛyɛ ɔbɔfo tuatewfo a wɔfrɛ no Satan na ɔma nkurɔfo yɛ nneɛma bɔne wɔ nyamesom din mu de sɛe no. Ɛyɛ Satan na opiapiaa nyamesomfo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu de bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe Kristofo asafo no. Bible ka nnipa a wɔte saa ho asɛm sɛ: “Saa nnipa no yɛ asomafo atorofo, adwumayɛfo nkontompofo a wɔyɛ wɔn ho sɛ Kristo asomafo. Na ɛnyɛ nwonwa, efisɛ Satan mpo kɔ so ara dan ne ho hann bɔfo. Enti sɛ n’asomfo nso dan wɔn ho trenee asomfo a, ɛnyɛ ade kɛse biara.”—2 Korintofo 11:13-15.

Satan da so ara de ɔsom ahorow a wɔboapa yɛ wɔn ho sɛ Kristofo a wɔbɔ ɔbra pa, na wɔwɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ di dwuma na ama nkurɔfo ayɛ nea ɔno Satan pɛ sen sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. (Luka 4:5-7) Ebia woahu sɛ asɔfo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ nam nyamesom so ama wɔn ho abodin akɛseakɛse de amema wɔn ho so. Na wɔnam saayɛ so gyigye sika fi wɔn asɔremma hɔ. Wiase nniso ahorow de nyamesom adi dwuma adaadaa wɔn manfo ama wɔakɔ kõ akowuwu.

Ɔbonsam de nyamesom di dwuma kɔ akyiri sen sɛnea nnipa pii nim. Ebia w’adwene bɛyɛ wo sɛ nyamesom mu anuɔdenfo kakraa bi na Satan de wɔn reyɛ adwuma. Nanso sɛnea Bible ka no, ‘nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan no na ɔredaadaa asase sofo nyinaa.’ Bible ka nso sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (Adiyisɛm 12:9; 1 Yohane 5:19) Sɛ ɔsom bi ma kwan ma n’akannifo ne wiase akannifo a nea wɔpɛ ara ne sɛ wɔbɛtwe nkurɔfo adi wɔn akyi de wɔn ayɛ nea wɔpɛ di dwuma a, Onyankopɔn bɛte nka dɛn wɔ ɔsom a ɛte saa ho?

Dɛn na Ɛyɛ Ma Me?’

Sɛ nneyɛe bɔne a ɛrekɔ so wɔ Kristoman asɔre ahorow mu no ma wo ho dwiriw a, ɛnde hu sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ani nnye wɔn ho koraa. Kristoman ka sɛ wɔne Onyankopɔn ayɛ apam, na saa ara na tete Israelfo nso kae. Wɔn nyinaa anni nokware. Enti, sɛnea Yehowa poo Israelfo no, saa ara na ɛnnɛ nso ɔbɛpo Kristoman. Yehowa kae sɛ: “Wɔanyɛ asõ amma me nsɛm, na me mmara nso wɔapa. Dɛn na aduhuam a wɔde fi Saba ba . . . no yɛ ma me? Mo hyew afɔre nsɔ m’ani.” (Yeremia 6:19, 20) Onyankopɔn ani ansɔ nyaatwomfo no som. Ná n’ani nnye wɔn afahyɛ ne wɔn mpaebɔ ahorow ho. Ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Mo asram foforo ne mo afahyɛ no, me kra kyi; ɛyɛ me ɔhaw, emu kura apurow me. Na sɛ motrɛw mo nsam a, meyi m’ani mahintaw mo; nso sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie.”—Yesaia 1:14, 15.

So Yehowa ani gye afahyɛ ahorow a na wɔde hyɛ atoro anyame anuonyam a asɔre ahorow no de ayɛ Kristofo afahyɛ no ho? So Yehowa tie asɔfo a wɔsɛe Kristo nkyerɛkyerɛ no mpaebɔ? So Onyankopɔn gye ɔsom a ɛmfa ne mmara nyɛ adwuma no tom? Wubetumi anya awerɛhyem sɛ sɛnea Yehowa poo tete Israelfo afɔrebɔ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Dɛn na ɛyɛ ma me?’ no, saa ara na ɛnnɛ nso ɔpo asɔre afahyɛ ahorow no.

Nanso, Yehowa ani sɔ nokware som a nnipa komapafo de ma no no yiye. Sɛ nnipa kyerɛ nea wonya fi Onyankopɔn hɔ no nyinaa ho anisɔ a, ɛma n’ani gye. (Malaki 3:16, 17) Wubetumi ayɛ onipa pa wɔ bere a worensom Onyankopɔn anaa? So obi a obu n’ani gu n’awofo a wɔhwɛɛ no so betumi aka sɛ ɔyɛ onipa pa? So obi a ɔnsom Onyankopɔn betumi aka sɛ ɔyɛ onipa pa? Ntease wom sɛ yɛsom nokware Nyankopɔn a ɔma nkwa no yiye. Wɔ asɛm a edi hɔ mu no, yebehu sɛnea nokware som hyɛ Onyankopɔn anuonyam na yenya so mfaso nso.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 “Wɔ aman pii mu no, nnipa pii fii ase gyaee asɔre kɔ . . . wɔ afe 1960 mfe no mu.”—The Decline of Christendom in Western Europe, 1750-2000.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

So asɔre ahorow no atumi de adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa ama?

[Mfonini wɔ kratafa 5]

So Onyankopɔn nanmusini bɛyɛ biribi a ɛte sɛɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Onyankopɔn bu saa afahyɛ yi dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 5]

AP Photo/Georgy Abdaladze