Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wobɛkɔ “Mpaebɔ Tiefo” No Anim

Sɛnea Wobɛkɔ “Mpaebɔ Tiefo” No Anim

Sɛnea Wobɛkɔ “Mpaebɔ Tiefo” No Anim

“Mpaebɔ tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa ba.”—DWOM 65:2.

1. Dɛn na ɛma nnipa da nsow wɔ asase so abɔde afoforo nyinaa ho, na dɛn na eyi ma wonya?

ABƆDE mpempem pii a nkwa wom a wɔwɔ asase so nyinaa mu no, nnipa nkutoo na wotumi som Ɔbɔadeɛ no. Nnipa nkutoo na wohu sɛ ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsom no. Eyi ma yenya hokwan a ɛyɛ anigye a ɛbɛma yɛne yɛn soro Agya no anya abusuabɔ.

2. Bɔne a nnipa yɛe no kaa wɔne wɔn Bɔfo no ntam abusuabɔ dɛn?

2 Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ ɔkwan bi so a ɛma wotumi ne wɔn Bɔfo no di nkitaho. Wɔbɔɔ Adam ne Hawa no, na bɔne nni wɔn ho. Enti na wotumi kɔ Onyankopɔn anim a na wonsuro te sɛ nea abofra bi tumi kɔ n’agya anim no. Nanso, bɔne ma wɔhweree hokwan kɛse a ɛte saa no. Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden na wɔhweree abusuabɔ pa a na wɔne no wɔ no. (Genesis 3:8-13, 17-24) So eyi kyerɛ sɛ Adam asefo a wɔtɔ sin no ntumi ne Onyankopɔn nni nkitaho bio? Ɛnte saa, Yehowa da so ara ma kwan ma wɔba n’anim, nanso gye sɛ wodi nneɛma bi ho dwuma ansa. Dɛn ne saa nneɛma no?

Nea Ehia na Ama Yɛakɔ Onyankopɔn Anim

3. Dɛn na ehia na ama nipa abɔnefo atumi akɔ Onyankopɔn anim, na nhwɛso bɛn na ɛma yehu eyi?

3 Ade bi a Adam mmabarima no mu baanu yɛe boa yɛn ma yehu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi nnipa a wɔnyɛ pɛ a wɔpɛ sɛ wɔba N’anim no hɔ. Kain ne Habel nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn anim denam afɔre a wɔbɛbɔ ama no so. Onyankopɔn ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no, nanso n’ani ansɔ Kain de no. (Genesis 4:3-5) Dɛn na ɛmaa Onyankopɔn ani sɔɔ Habel de na n’ani anisɔ Kain de no? Hebrifo 11:4 ka sɛ: “Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛsom bo sen Kain [de] maa Nyankopɔn, na ɛnam gyidi so na wodii ne ho adanse sɛ ɔyɛ treneeni.” Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ ehia sɛ obi nya gyidi na ama watumi akɔ Onyankopɔn anim. Yehu ade foforo a ehia sɛ obi yɛ na ama watumi akɔ Onyankopɔn anim no wɔ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Kain no mu: “Sɛ woyɛ yiye a, anka w’anim rentew anaa.” Nokwarem no, sɛ Kain sesaa n’adwene yɛɛ adepa a, anka Onyankopɔn ani bɛsɔ Kain afɔrebɔ no. Nanso, Kain antie Onyankopɔn afotu, okum Habel, na ɔbɛyɛɛ ɔkobɔfo. (Genesis 4:7-12) Efi tete na wɔasi so dua sɛ ehia sɛ nnipa nya Onyankopɔn mu gyidi na wɔyɛ nnwuma pa na ama wɔatumi akɔ Onyankopɔn anim.

4. Sɛ yɛrekɔ Onyankopɔn anim a, dɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom?

4 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ Onyankopɔn anim a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yɛyɛ abɔnefo. Nnipa nyinaa yɛ abɔnefo, na bɔne ne ade a ɛmma yentumi nkɔ Onyankopɔn anim. Odiyifo Yeremia kyerɛw Israelfo no ho asɛm sɛ: “Yɛn ara na yɛatõ mmara . . . Wode omununkum kataa wo ho, na mpaebɔ amfa mu annu.” (Kwadwom 3:42, 44) Ɛmfa ho sɛ nnipa yɛ abɔnefo no, wɔ nnipa asetra nyinaa mu no, Onyankopɔn ada no adi sɛ n’ani gye ho sɛ obetie wɔn a wodi n’ahyɛde so na wɔde gyidi ne koma pa bɔ no mpae no. (Dwom 119:145) Nnipa a wɔyɛɛ saa no bi ne henanom, na dɛn na yebetumi asua afi wɔn mpaebɔ mu?

5, 6. Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Abraham ne Onyankopɔn kasae no mu?

5 Wɔn mu biako ne Abraham. Onyankopɔn tiee ne mpaebɔ efisɛ Onyankopɔn frɛɛ Abraham sɛ “me dɔfo.” (Yesaia 41:8) Dɛn na yebetumi asua afi Onyankopɔn anim a Abraham kɔe no mu? Tete agya nokwafo yi srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma no ɔba. Ɔkae sɛ: “Ɛdɛn na wode bɛma me? Minni ba.” (Genesis 15:2, 3; 17:18) Bere foforo nso, obisaa nnipa a na Onyankopɔn begye wɔn nkwa ho asɛm bere a na ɔde atemmu reba abɔnefo a wɔwɔ Sodom ne Gomora so no. (Genesis 18:23-33) Abraham srɛ maa afoforo nso. (Genesis 20:7, 17) Mmere bi hɔ a, na Abraham nam afɔrebɔ so kɔ Yehowa anim sɛnea Habel yɛe no.—Genesis 22:9-14.

6 Saa mmere yi nyinaa mu no, Abraham ne Yehowa kasae wɔ ahotoso mu. Nanso, ɛmfa ho sɛ ɔne Onyankopɔn kasae wɔ ahotoso mu no, ɔbrɛɛ ne ho ase wɔ ne Bɔfo no anim. Hyɛ nsɛm a obu wom a ɛwɔ Genesis 18:27 no nsow. Ɛka sɛ: “Hwɛ, meyɛ mfutuma ne nso de, nanso masi me bo sɛ me ne [Yehowa, NW] bɛkasa.” Su pa a ɛsɛ sɛ yesuasua bɛn ara ni!

7. Nneɛma bɛn na tete agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ Yehowa wɔ wɔn mpaebɔ mu?

7 Tete agyanom bɔɔ nneɛma pii ho mpae, na Yehowa tiee wɔn. Yakob nam mpaebɔ so hyɛɛ Yehowa bɔ bi. Bere a ɔsrɛɛ Onyankopɔn mmoa wiei no, ofi ne komam hyɛɛ bɔ sɛ: “Nea wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotoso du du.” (Genesis 28:20-22) Akyiri yi, bere a na Yakob rekohyia ne nua no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmɔ ne ho ban. Na ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo, yi me fi me nua nsam, Esau nsam, efisɛ misuro no.” (Genesis 32:9-12) Tete agya Hiob bɔɔ Yehowa mpae maa n’abusua na ɔbɔɔ afɔre maa wɔn. Bere a Hiob nnamfo baasa no kekaa nsɛm a ɛmfata no, Hiob bɔɔ mpae maa wɔn, na ‘Yehowa hwɛɛ Hiob anim.’ (Hiob 1:5; 42:7-9) Saa nsɛm yi boa yɛn ma yehu nneɛma a yebetumi aka ho asɛm akyerɛ Yehowa wɔ yɛn mpaebɔ mu. Yehu nso sɛ Yehowa ani gye ho sɛ obetie wɔn a wɔba n’anim wɔ ɔkwampa so no mpaebɔ.

Wɔ Mmara Apam no Ase

8. Wɔ Mmara apam no ase no, ɔkwan bɛn na na wɔfa so de nsɛm kɔ Yehowa anim ma ɔman no?

8 Bere a Yehowa gyee Israel man no fii Misraim akyi no, ɔde Mmara apam no maa wɔn. Mmara no kae sɛ wɔmfa asɔfo a wɔapaw wɔn no so nkɔ Onyankopɔn anim. Wɔpaw Lewifo bi sɛ wɔnyɛ asɔfo mma ɔman no. Sɛ nsɛm bi sɔre a ɛfa ɔman no ho a, na obi a ogyina ɔman no ananmu, ɛtɔ mmere bi a ɔhene anaa odiyifo, de asɛm no kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. (1 Samuel 8:21, 22; 14:36-41; Yeremia 42:1-3) Sɛ nhwɛso no, bere a wɔrehyira asɔrefie no so no, Ɔhene Salomo kɔɔ Yehowa anim bɔɔ mpae bi a ɛka koma. Yehowa nso nam n’anuonyam ne nsɛm a ɔkae so kyerɛe sɛ watie Salomo mpaebɔ no. Yehowa kae sɛ: “M’ani bebue na mayɛ asõ mama ɛha yi mpaebɔ.”—2 Beresosɛm 6:12–7:3, 15.

9. Dɛn na na ɛfata sɛ wɔyɛ na ama wɔatumi akɔ Yehowa anim wɔ asɔrefie hɔ?

9 Wɔ Mmara a Yehowa de maa Israel no mu no, ɔkyerɛɛ biribi a na ɛfata sɛ wɔyɛ na ama wɔatumi aba n’anim wɔ asɔrefie hɔ. Ná ɛyɛ dɛn? Wɔ mmoa a na wɔde bɔ afɔre akyi no, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfopɔn no hyew aduhuam wɔ Yehowa anim anɔpa ne anwummere biara. Akyiri yi, wɔmaa asɔfo nkumaa no nso hyew aduhuam, gye Mpata Da no nkutoo. Sɛ asɔfo no anyɛ ɔsom adwuma a na wɔde da obu adi kyerɛ Yehowa no a, na Yehowa ani rensɔ wɔn som adwuma no.—Exodus 30:7, 8; 2 Beresosɛm 13:11.

10, 11. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa tiee ankorankoro bi mpaebɔ?

10 Wɔ tete Israel no, so na nnipa a wɔapaw wɔn nkutoo so na na wɔnam tumi kɔ Onyankopɔn anim? Dabi, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ na Yehowa ani gye ho sɛ obetie ankorankoro mpaebɔ. Wɔ mpae a Salomo bɔ de hyiraa asɔrefie no so mu no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Mpaebɔ biara, nkotɔsrɛ biara a onipa biara wɔ na wo man Israel nyinaa wɔ . . . na ɔbɛtrɛw ne nsam akyerɛ ofi yi no, wo ara tie ɔsoro . . . hɔ.” (2 Beresosɛm 6:29, 30) Luka kyerɛwtohɔ no nso ka kyerɛ yɛn sɛ bere a Sakaria, Yohane Osuboni no agya rehyew aduhuam wɔ kronkronbea hɔ no, na Yehowa asomfo pii a wɔnyɛ asɔfo gyina “adiwo rebɔ mpae.” Ɛda adi sɛ na nkurɔfo taa gyina asɔrefie no adiwo bɔ mpae bere a wɔrehyew aduhuam ama Yehowa wɔ sika afɔremuka no so no.—Luka 1:8-10.

11 Enti, sɛ wɔkɔ Yehowa anim wɔ ɔkwampa so a, na Yehowa de anigye tie wɔn a wɔregyina ɔman mũ no ananmu ne ankorankoro a wɔn ankasa ba n’anim no mpaebɔ. Yenni Mmara apam no ase nnɛ. Nanso, yebetumi anya mpaebɔ ho asuade titiriw bi afi akwan a Israelfo a wɔtraa ase tete no faa so kɔɔ Onyankopɔn anim no mu.

Wɔ Kristofo Nhyehyɛe Ase

12. Nhyehyɛe bɛn na ɛwɔ hɔ a Kristofo fa so kɔ Yehowa anim?

12 Seesei yɛwɔ Kristofo nhyehyɛe ase. Yenni asɔrefie ankasa a asɔfo gyina Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa ananmu wom nnɛ, anaa nea yebetumi akɔ mu akɔbɔ Onyankopɔn mpae. Nanso, Yehowa da so ara wɔ nhyehyɛe bi a yɛfa so akɔ n’anim. Ɛyɛ nhyehyɛe bɛn? Bere a wɔsraa Kristo wɔ afe 29 Y.B. na wɔpaw no Sɔfopɔn no, wobenyaa honhom fam asɔrefie bi. * Saa honhom fam asɔrefie yi yɛ nhyehyɛe foforo a yegyina Yesu Kristo mpata afɔre no so kɔ Yehowa anim kɔsom no.—Hebrifo 9:11, 12.

13. Dɛn ne ade biako a na wɔyɛ wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ a egyina hɔ ma mpae a wɔbɔ wɔ honhom fam asɔrefie no mu?

13 Nneɛma a na ɛwɔ Yerusalem asɔrefie no mu pii yɛ honhom fam asɔrefie no nsusuwso a nneɛma a ɛfa mpaebɔ ho ka ho. (Hebrifo 9:1-10) Sɛ nhwɛso no, aduhuam a na wɔhyew wɔ asɔrefie hɔ anɔpa ne anwummere wɔ afɔremuka no so wɔ Kronkronbea hɔ no gyina hɔ ma dɛn? Sɛnea Adiyisɛm nhoma no kyerɛ no, “aduhuam no yɛ akronkronfo no mpaebɔ.” (Adiyisɛm 5:8; 8:3, 4) Honhom kronkron maa Dawid kyerɛwee sɛ: “Ma me mpaebɔ mmesi w’anim sɛ ohuam.” (Dwom 141:2) Enti, wɔ Kristofo nhyehyɛe mu no, aduhuam no gyina hɔ ma mpae a wɔbɔ ne ayeyi a ɛsɔ Yehowa ani a wɔde ma no no.—1 Tesalonikafo 3:10.

14, 15. (a) Dɛn na yebetumi aka afa ɔkwan a Kristofo a wɔasra wɔn no fa so kɔ Yehowa anim no ho? (b) Dɛn na yebetumi aka afa ɔkwan a “nguan foforo” no fa so kɔ Yehowa anim no ho?

14 Henanom na wobetumi akɔ Onyankopɔn anim wɔ honhom fam asɔrefie yi mu? Wɔ Yerusalem asɔrefie no mu no, asɔfo ne Lewifo nyaa hokwan somee wɔ fam abangua no so, nanso asɔfo no nkutoo na na wotumi kɔ Kronkronbea hɔ. Fam abangua ne Kronkronbea no gyina hɔ ma honhom fam gyinabea soronko a Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no wom, na ɛno na ɛma wotumi kamfo Onyankopɔn na wɔbɔ no mpae.

15 Na wɔn a wɔwɔ asase so anidaso a wɔne “nguan foforo” no nso ɛ? (Yohane 10:16) Odiyifo Yesaia kae sɛ nnipa a wofi aman pii mu bɛba abɛsom Yehowa wɔ “nna a edi akyiri no mu.” (Yesaia 2:2, 3) Ɔkyerɛwee nso sɛ, “ananafo” bɛba abɛbata Yehowa ho. Bere a Onyankopɔn rekyerɛ sɛ n’ani gye ho sɛ ananafo bɛba ne nkyɛn no, ɔkae sɛ: ‘Mɛma wɔn ani agye me mpaebɔ fie.’ (Yesaia 56:6, 7) Adiyisɛm 7:9-15 de nkyerɛkyerɛmu foforo ma, na ɛka “nnipakuw kɛse” a wofi “amanaman” nyinaa mu a wɔbɛboaboa wɔn ho ano abɛsom Onyankopɔn na wɔabɔ no mpae “awia ne anadwo” wɔ honhom fam asɔrefie no akyiri fam abangua no so ho asɛm. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa betumi akɔ Onyankopɔn anim a wonsuro na wɔwɔ ahotoso koraa sɛ obetie wɔn!

Mpaebɔ Bɛn na Wotie?

16. Dɛn na yebetumi asua afi mpae a tete Kristofo no bɔe mu?

16 Ná tete Kristofo no ani gye mpaebɔ ho. Nneɛma bɛn na na wɔbɔ ho mpae? Kristofo mpanyimfo bisaa akwankyerɛ a na wɔde bɛpaw mmarima ma wɔde asafo no mu asɛyɛde ahorow ahyehyɛ wɔn nsa. (Asomafo Nnwuma 1:24, 25; 6:5, 6) Epafra bɔɔ mpae maa ne mfɛfo gyidifo. (Kolosefo 4:12) Yerusalem asafo no mufo bɔɔ mpae maa Petro bere a na ɔda afiase no. (Asomafo Nnwuma 12:5) Tete Kristofo no srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wɔn akokoduru na wɔmfa nnyina ɔsɔretia ano. Wɔbɔɔ mpae sɛ: “Yehowa, hwɛ wɔn ahunahuna no na ma wo nkoa nkɔ so mfa akokoduru nyinaa nka w’asɛm.” (Asomafo Nnwuma 4:23-30) Osuani Yakobo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ sɛ wohyia sɔhwɛ a, wɔmmɔ Onyankopɔn mpae mfa nhwehwɛ nyansa. (Yakobo 1:5) So ɛyɛ a wode saa nneɛma yi ho asɛm to Yehowa anim wɔ wo mpaebɔ mu?

17. Henanom mpaebɔ na Yehowa tie?

17 Ɛnyɛ mpaebɔ nyinaa na Onyankopɔn tie. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn anya ahotoso sɛ sɛ yɛbɔ mpae a, obetie yɛn? Anokwafo a Onyankopɔn tiee wɔn mpaebɔ tete no de koma pa ne nokwaredi na ɛkɔɔ n’anim. Wɔdaa gyidi ne nnwuma pa adi. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa betie wɔn a wɔkɔ n’anim nnɛ wɔ saa kwan yi so no mpaebɔ?

18. Ade foforo bɛn na wɔhwehwɛ fi Kristofo hɔ na ama wɔatie wɔn mpaebɔ?

18 Ade foforo wɔ hɔ. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ eyi mu sɛ: “Ɔno na wama yɛn . . . atumi aba Agya no nkyɛn denam honhom biako so.” Bere a Paulo kyerɛwee sɛ “ɔno” no, na hena ho asɛm na ɔreka? Na ɛyɛ Yesu Kristo ho asɛm na ɔreka. (Efesofo 2:13, 18) Yiw, Yesu nkutoo so na yɛnam betumi akɔ Agya no anim a biribiara rensi yɛn kwan.—Yohane 14:6; 15:16; 16:23, 24.

19. (a) Bere bɛn na aduhuam a wɔhyewee wɔ Israel no hyɛɛ Yehowa abufuw? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn mpaebɔ ayɛ sɛ aduhuam ama Yehowa?

19 Sɛnea yɛaka dedaw no, aduhuam a tete Israelfo asɔfo hyewee no gyina hɔ ma Onyankopɔn asomfo anokwafo mpaebɔ a ogye tom no. Nanso, mmere bi wɔ hɔ a aduhuam a Israelfo no hyewee no hyɛɛ Yehowa abufuw. Ná eyi yɛ bere a Israelfo no rehyew aduhuam wɔ asɔrefie hɔ na bere koro no ara wɔrekotow ahoni no. (Hesekiel 8:10, 11) Saa ara na ɛnnɛ wɔn a wɔka sɛ wɔsom Yehowa na bere koro no ara wɔyɛ nneɛma bɔne no mpaebɔ yɛ Yehowa akyide. (Mmebusɛm 15:8) Ɛnde, momma yɛnkɔ so mma yɛn ho ntew wɔ yɛn asetra mu biribiara mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn mpaebɔ bɛyɛ sɛ aduhuam ama Onyankopɔn. Yehowa ani gye wɔn a wɔnantew ne trenee kwan so no mpaebɔ ho. (Yohane 9:31) Nanso, nsɛmmisa bi da so ara wɔ hɔ. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae? Dɛn na yebetumi abɔ ho mpae? Na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bua yɛn mpaebɔ? Yebesusuw nsɛmmisa yi ne afoforo ho wɔ adesua edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Nnipa a wɔnyɛ pɛ bɛyɛ dɛn atumi akɔ Onyankopɔn anim wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua tete agyanom wɔ yɛn mpaebɔ mu?

• Dɛn na yesua fi tete Kristofo no mpaebɔ mu?

• Bere bɛn na yɛn mpaebɔ yɛ sɛ aduhuam ma Onyankopɔn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dɛn nti na Onyankopɔn ani sɔɔ Habel afɔrebɔ na n’ani anisɔ Kain de no?

[Mfonini wɔ kratafa 24]

“Meyɛ mfutuma ne nso”

[Mfonini wɔ kratafa 25]

“Mɛma wo so ntotoso du du”

[Mfonini wɔ kratafa 26]

So wo mpaebɔ te sɛ aduhuam ma Yehowa?