Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Medɔ Wo Mmara Dɛn Ara!”

“Medɔ Wo Mmara Dɛn Ara!”

“Medɔ Wo Mmara Dɛn Ara!”

DWOM 119 ma yehu sɛnea na odwontofo no te nka wɔ Onyankopɔn asɛm ho. Odwontofo no too dwom sɛ: “Mede wo nsɛm makora me komam.” “W’ahyɛde ho na me ho sɛpɛw me.” “Me kra posaw daa nyinaa, w’atemmu ho anigyina mu.” “W’adansesɛm yɛ m’adɔde ara.” “Mafe wo nsiesiei.” “Me ho bɛsɛpɛw me wo mmara nsɛm ho, na ɛno na madɔ no.” “Madwen w’ahyɛde ho.” “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.”—Dwom 119:11, 16, 20, 24, 40, 47, 48, 97.

Hwɛ anisɔ ara a na odwontofo no wɔ ma Onyankopɔn asɛm! So wote nka saa ara wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible no ho? So w’ani begye sɛ wunya ho anigye a ɛte saa? Sɛ saa a, ehia sɛ wode yɛ wo su sɛ wobɛkenkan Bible bere nyinaa, na sɛ ɛbɛyɛ yiye mpo a, woakenkan no da biara da. Yesu Kristo kae sɛ: “Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtra ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom.” (Mateo 4:4) Nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ wususuw nea wokenkan no ho. Sɛ wususuw Onyankopɔn, ne su ahorow, n’apɛde ne n’atirimpɔw ho a, ɛbɛboa wo ma woakyerɛ Bible ho anisɔ kɛse. (Dwom 143:5) Nea ehia paa no, fa emu afotu pa no bɔ wo bra bere nyinaa.—Luka 11:28; Yohane 13:17.

Wobɛyɛ dɛn anya Bible ho anigye a wobɛkyerɛ no so mfaso? Dwom 119:2 ka sɛ: ‘Nhyira ne wɔn a wodi Onyankopɔn nkaesɛm so.’ Bible mu nkaesɛm betumi aboa wo ma woagyina asetra mu nsɛnnennen ano. (Dwom 1:1-3) Ɛbɛma wo nyansa, nhumu ne ntease, na ɛbɛboa wo ma ‘worentu wo nan nsi ɔkwammɔne biara so.’ (Dwom 119:98-101) Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ma asase ho nokware nimdeɛ a wubenya no bɛma asi wo yiye wɔ asetra mu, na ɛbɛhyɛ w’anidaso mu den.—Yesaia 45:18; Yohane 17:3; Adiyisɛm 21:3, 4.

Yehowa Adansefo ani gye ho paa sɛ wɔbɛboa afoforo ma wɔahu Bible no mu yiye na wɔanya emu asɛm ho anigye. Sɛ w’ani gye nsrahwɛ ho asɛm a edi so yi ho a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ Yehowa Adansefo.