Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wɔfrɛɛ Sanhedrin No”

“Wɔfrɛɛ Sanhedrin No”

“Wɔfrɛɛ Sanhedrin No”

NÁ ƆSƆFOPƆN no ne Yudafo akannifo no nhu nea wɔnyɛ. Dɛn na na wɔbɛyɛ ama wɔagyae Yesu Kristo ho asɛm a obiara reka no? Ná wɔatumi ama wɔakum Yesu, nanso na Yesu asuafo no aka ne wusɔre no ho asɛm ma atrɛw Yerusalem nyinaa. Ná wɔbɛyɛ dɛn ama wɔaka wɔn ano atom? Ɔsɔfopɔn no ne n’aboafo ‘frɛɛ Sanhedrin no’ a ɛyɛ Yudafo asɛnnibea kunini no sɛnea ɛbɛyɛ a wobesi ho gyinae.—Asomafo Nnwuma 5:21.

Saa bere no, Roma Amrado Pontio Pilato na na ɔwɔ Israel man no so tumi koraa. Nanso na ɔkwan bɛn na Sanhedrin no fa so ne Pilato di nkitaho? Ná wɔn mu biara di tumi kodu he? Ná henanom na wɔyɛ Sanhedrin no mufo? Dwuma bɛn na na wodi?

Nea Ɛyɛe a Sanhedrin no Bae

Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “Sanhedrin” no kyerɛ ankasa ne sɛ “wo ne obi bɛtra ase.” Sɛ baguafo hyiam a, na wɔtaa frɛ no Sanhedrin. Wɔ Yudafo amammerɛ mu no, na ɛtaa kyerɛ nyamesom asɛnni bagua.

Wɔn a wɔkyerɛw Talmud no wɔ Yerusalem sɛe wɔ afe 70 Y.B. akyi no kaa Sanhedrin no ho asɛm te sɛ nea na ɛyɛ bagua bi a ɛwɔ hɔ fi teteete. Ná wosusuw sɛ emufo yɛ nhomanimfo a na wohyiam susuw Yudafo mmara ho, na na wogye di sɛ wɔhyehyɛɛ Sanhedrin no fi bere a Mose paw mpanyimfo 70 sɛ wɔmmoa no ma onni Israelfo anim no. (Numeri 11:16, 17) Abakɔsɛm akyerɛwfo nnye asɛm yi ntom. Wɔka sɛ, ɛyɛ bere a Persiafo bedii Israelfo so no ansa na wɔrehyehyɛ biribi a ɛte sɛ afeha a edi kan Sanhedrin no. Abakɔsɛm akyerɛwfo san ka sɛ, bagua yi a Talmudfo kyerɛ sɛ ɛyɛ nhomasuabea no sɛ rabifo bagua ahorow a na ɛwɔ hɔ wɔ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa no sen afeha a edi kan Sanhedrin no. Ɛnde, bere bɛn na Sanhedrin no bae?

Bible ma yehu sɛ, na Yudafo a wofi Babilon nkoasom mu san baa Yuda wɔ afe 537 A.Y.B. no wɔ nhyehyɛe a na wɔde bu wɔn man. Nehemia ne Esra bɔ mmapɔmma, mpanyimfo, ne mmakoma din—ebia eyi na akyiri yi wogyinaa so hyehyɛɛ Sanhedrin no.—Esra 10:8; Nehemia 5:7.

Ná nneɛma nkɔ yiye koraa mma Yudafo no fi bere a wɔkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no wiei besi bere a wɔkyerɛw Mateo Asɛmpa no. Wɔ afe 332 A.Y.B. no, Alexander Ɔkɛse bedii Yudea so. Alexander wu akyi no, Yudea bɛhyɛɛ Hela ahemman a na odi so a emu paapae no abien ase—nea edi kan, Ptolemyfo, ne afei Seleucidfo. Yehu Yudafo mmarahyɛ bagua a wodii kan kaa ho asɛm no wɔ Seleucidfo nniso a efii ase wɔ afe 198 A.Y.B. kyerɛwtohɔ mu. Ɛbɛyɛ sɛ na saa bagua yi nni tumi kɛse, nanso ɛma ɛyɛɛ te sɛ nea Yudafo no ankasa na na wodi wɔn ho so.

Wɔ afe 167 A.Y.B. mu no, Seleucidfo hene Antiochus IV (Epiphanes) bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yudafo no agye Hela amammerɛ atom. Ɔde prako bɔɔ afɔre maa wɔn nyame Seus wɔ Yerusalem asɔrefie afɔremuka no so de guu ho fĩ. Eyi maa Yudafo no tew atua, na ɛmaa Maccabeefo tew wɔn ho fii Seleucidfo nniso ase kɔhyehyɛɛ Hasmonfo nniso. * Bere koro no ara nso, akyerɛwfo ne Farisifo a wɔtaa ɔmanfo akyi wɔ atuatew no mu no nyaa tumi wɔ amammu mu sen asɔfo no.

Ná Sanhedrin a Hela Kyerɛwnsɛm ka ho asɛm no renya nnyinaso. Ná ɛbɛba abɛyɛ ɔman no asoɛe titiriw ne asɛnnibea kunini a wɔkyerɛkyerɛ Yudafo mmara mu.

Wɔmaa Wɔn Tumi Kakra

Ebeduu afeha a edi kan no, na Yudea hyɛ Roma ase. Nanso, na Yudafo no wɔ ahofadi kakra. Ná ɛyɛ Roma nniso no nhyehyɛe sɛ wɔma aman a wodi wɔn so no paw nniso a wɔn ankasa pɛ. Enti, Roma man no mpanyimfo amfa wɔn ho annye asɛnnibea nketewa no adwuma mu, na esiane sɛ ɛsono wɔn amammerɛ nti, wɔhwɛɛ yiye sɛ wɔrenyɛ biribi a ɛde ɔhaw bɛba. Ná adwene no ne sɛ Romafo no bɛma wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no kwan ma wɔadi wɔn ho so, na wɔayɛ nneɛma sɛnea wɔn amammerɛ te, na ama wɔatra ase asomdwoe mu abrɛ wɔn ho ase ama wɔn. Nea na Romafo no yɛ ara ne sɛ wɔbɛpaw ɔsɔfopɔn a na ɔyɛ Sanhedrin no titrani anaa wobetu no ade so, na afei wɔagyigye tow. Ɛno akyi no, sɛ na Romafo no de wɔn ho begye Yudafo nsɛm mu a, na ɛyɛ nea ɛfa Romafo no tumidi ho nkutoo. Sɛnea wodii Yesu asɛm no ma ɛda adi sɛ ɛte sɛ nea Romafo no maa kwan ma wokum Yesu de bɔɔ wɔn tumidi ho ban.—Yohane 18:31.

Enti Sanhedrin no na na wodi Yudafo nsɛm dodow no ara. Ná wɔwɔ awɛmfo a wɔma wɔkyere nkurɔfo. (Yohane 7:32) Ná asɛnnibea nketewa di nsɛm nketenkete ne ɔmanfo ntam nsɛmnsɛm a Romafo no mfa wɔn ho nnye mu. Sɛ asɛnnibea nketewa no antumi ansi asɛm bi ho gyinae a, na wɔde kɔ Sanhedrin no hɔ ma asɛm no kowie wɔ hɔ.

Sɛ na Sanhedrin no bɛkɔ so akura tumi kakra yi mu a, na ɛsɛ sɛ wɔma asomdwoe ba wɔn ntam na wɔboa Roma nniso no. Nanso sɛ Romafo no hu sɛ wɔn tumidi ho reyɛ aba asɛm a, wɔde wɔn ho gye mu yɛ ho biribi sɛnea ɛfata. Ɛho nhwɛso biako ne bere a wɔkyeree ɔsomafo Paulo no.—Asomafo Nnwuma 21:31-40.

Asɛnnibea no Mufo

Ná Sanhedrin no mufo yɛ 71—ɔsɔfopɔn no ne ɔman no mu mmarima atitiriw 70. Wɔ Romafo bere so no, na nnipa atitiriw a wofi asɔfo abusua mu (Sadukifo titiriw), nnipa a wɔyɛ atitiriw wɔ asɔre no mu ne nhomanimfo a wɔyɛ Farisifo na na wɔyɛ Sanhedrin no mufo. Asɔfo no mu atitiriw, ne nnipa a wɔyɛ atitiriw wɔ asɔre no mu na na wɔdɔɔso wɔ Sanhedrin no mu. * Ná Sadukifo no yɛ katee, nanso na Farisifo no yɛ fakãã. Ná Farisifo no mu dodow no ara nyɛ atitiriw ma enti na wotumi ne ɔmanfo bɔ paa. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, na Sadukifo no de amemenemfe na etie Farisifo no asɛm. Esiane sɛ na Paulo nim sɛ ɛsono nea kuw abien no mu biara gye di, na wɔn ntam nnwo nti, ogyinaa so de tetee ne ho wɔ Sanhedrin no anim.—Asomafo Nnwuma 23:6-9.

Esiane sɛ na nnipa atitiriw na wɔwɔ Sanhedrin no mu nti, na wonyi obi mfi mu gye sɛ wawu anaasɛ wayɛ bɔne bi ansa na kuw no mufo apaw nipa foforo asi n’ananmu. Sɛnea Yudafo atetesɛm nhoma a wɔfrɛ no Mishnah ka no, na ɛsɛ sɛ wɔpaw nnipa foforo fi “asɔfo, Lewifo, ne Israelfo a wɔn mmabea wɔ hokwan sɛ wɔware asɔfo” no mu. Eyi kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ onii no yɛ Yudani mapa. Esiane sɛ na asɛnnibea kɛse no na ɛhwɛ ɔman mũ no nyinaa asɛnnibea ahorow so nti, ntease wom sɛ na wɔbɛpaw asɛnnibea nketewa no mufo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden no ama wɔn dibea wɔ Sanhedrin no mu.

Baabi a Wɔn Tumi Kodu

Ná Yudafo no bu Sanhedrin no kɛse, na na ɛsɛ sɛ atemmufo a wɔwɔ asɛnnibea nketewa mu no gye Sanhedrin no atemmu tom, sɛ anyɛ saa a, na wɔde wɔn nkwa betwa so. Ade a na ehia Sanhedrin no paa ne sɛ wɔbɛpaw asɔfo a wɔfata, na wɔadi nsɛm a ɛfa Yerusalem, n’asɔrefie, ne asɔrefie hɔ som ho. Sɛ yɛbɛka paa a, na Sanhedrin no di tumi wɔ Yudea nkutoo. Nanso esiane sɛ na wobu Sanhedrin no sɛ wonim Mmara no yiye sen obiara nti, wɔn na na wɔkyerɛ Yudafo a wɔwɔ baabiara mmara a ɛsɛ sɛ wɔde bɔ wɔn bra. Sɛ nhwɛso no, ɔsɔfopɔn no ne ne baguafo de akwankyerɛ maa hyiadan ahorow a ɛwɔ Damasko no mu mpanyimfo sɛ wɔmmoa mma wɔnkyere Kristo akyidifo. (Asomafo Nnwuma 9:1, 2; 22:4, 5; 26:12) Saa ara na ɛbɛyɛ sɛ Yudafo a wɔbaa Yerusalem bedii afahyɛ no nso de Sanhedrin no nsɛm a wɔkae kɔe.

Sɛnea Mishnah no kyerɛ no, na Sanhedrin no nkutoo na wodi ɔman no ho nsɛm a ehia. Ná wodi atemmufo a wonnye wɔn gyinaesi ntom ne atoro adiyifo nso asɛm. Bere a wɔde Yesu ne Stefano kɔɔ asɛnnibea no anim no, asɛnnibea no mufo kae sɛ wɔaka abususɛm, wɔkae sɛ Petro ne Yohane tutu ɔman ase, na wɔbɔɔ Paulo nso sobo sɛ wagu asɔrefie no ho fĩ.—Marko 14:64; Asomafo Nnwuma 4:15-17; 6:11; 23:1; 24:6.

Wobuu Yesu ne N’asuafo Atɛn

Ná Sanhedrin no tra ase daa di asɛm fi anɔpa afɔrebɔ bere kosi anwummere afɔrebɔ bere, gye Homeda ne nna kronkron nkutoo. Ná wonni asɛm anadwo. Sɛ wobebu obi kumfo a, na wɔmmɔ so kosi adekyee, enti sɛ na ade rebɛkye ama wɔadi Homeda anaa afahyɛ a, na ɛnsɛ sɛ wodi nsɛm a ɛtete saa. Wɔmaa adansefo huu aniberesɛm a ɛwɔ obi a ɔnyɛɛ bɔne biara a wobebu no kumfɔ no mu. Enti, Yesu a wodii n’asɛm buu no kumfo wɔ Kaiafa fie anadwo a na ade rebɛkye ma wɔadi afahyɛ no tia mmara. Nea enye koraa ne sɛ, atemmufo no ankasa kɔhwehwɛɛ adansekurumfo, na wɔhyɛɛ Pilato sɛ ɔmma wonkum Yesu.—Mateo 26:57-59; Yohane 11:47-53; 19:31.

Talmud no ka sɛ, na atemmufo a wodi asɛm a ebetumi ama wɔabu obi kumfo no bɔ mmɔden sɛ wobetwitwa agye nea wɔredi n’asɛm no, ma enti na wɔmpere wɔn ho wɔ asɛnni mu. Nanso, wɔanyɛ saa bere a wodii Yesu ne Stefano asɛm no. Asɛm a Stefano kae de yii ne ho ano wɔ Sanhedrin no anim no maa wosiw no abo. Sɛ ɛnyɛ Romafo a wɔde wɔn ho gyee Paulo asɛm mu a, anka wokum no saa ara. Nokwasɛm ne sɛ, atemmufo a wɔwɔ Sanhedrin no mu no bɔɔ pɔw sɛ wobekum no.—Asomafo Nnwuma 6:12; 7:58; 23:6-15.

Nanso ɛte sɛ nea na Sanhedrin no mufo kakra yɛ nnipa pa. Ɛbɛyɛ sɛ na aberante a ɔyɛ Yudani kannifo a ɔne Yesu kasae no yɛ Sanhedrin no muni. Ɛwom sɛ ɔbarima no ahode twitwaree n’akwan mu de, nanso na ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ onipa pa, efisɛ Yesu frɛɛ no sɛ ommedi n’akyi.—Mateo 19:16-22; Luka 18:18, 22.

Esiane sɛ na Nikodemo “a ɔyɛ Yudafo panyin” no suro nea na ne mfɛfo atemmufo no bɛka nti na gyama ɔkɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no. Nanso, Nikodemo gyinaa Yesu akyi wɔ Sanhedrin no anim bere a obisae sɛ: “Yɛn mmara mmu obi atɛn gye sɛ edi kan te n’anom asɛm na ehu nea ɔreyɛ, ɛnte saa?” Akyiri yi, Nikodemo “de kurobow ne aloe mfrafrae” bae ma wɔde siesiee Yesu amu no.—Yohane 3:1, 2; 7:51, 52; 19:39.

Yosef a ofi Arimatea a ɔno nso yɛ Sanhedrin no muni fi akokoduru mu bisaa Yesu amu fii Pilato hɔ de no kɔtoo n’ankasa ɔboda a ɛyɛ foforo mu. Ná Yosef “retwɛn Onyankopɔn ahenni no,” nanso esiane Yudafo ho suro nti, wanna ne ho adi sɛ Yesu suani. Ne nyinaa akyi no, Yosef fata nkamfo efisɛ wamfa ne ho anhyɛ pɔw a Sanhedrin no bɔe sɛ wobekum Yesu no mu.—Marko 15:43-46; Mateo 27:57-60; Luka 23:50-53; Yohane 19:38.

Gamaliel a na ɔyɛ Sanhedrin no muni no fi nyansam tuu ne mfɛfo atemmufo no fo sɛ wonyaa Yesu asuafo no. Ɔkae sɛ, “Anyɛ saa a, ɛbɛyɛ te sɛ nea mo ne Nyankopɔn ankasa na ɛreko.” (Asomafo Nnwuma 5:34-39) Dɛn na amma asɛnnibea kɛse no anhu sɛ na Onyankopɔn taa Yesu ne n’asuafo no akyi? Sɛ́ anka Sanhedrin no begye Yesu anwonwade no atom no, wɔkae sɛ: “Ɛdɛn na yɛnyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne bebree? Sɛ yegyaa no saa a, wɔn nyinaa begye no adi, na Romafo no bɛba abɛfa yɛn ha ne yɛn man nyinaa.” (Yohane 11:47, 48) Tumi a na adi Yudafo asɛnnibea kɛse no mufo ti nti, wɔammu atɛntreene. Esiane sɛ na “ahoɔyaw” ahyɛ nyamesom akannifo no mã nti, bere a Yesu asuafo no saa nkurɔfo yare no anyɛ wɔn dɛ. (Asomafo Nnwuma 5:17) Ná anka ɛsɛ sɛ atemmufo no mmom suro Onyankopɔn na wobu atɛntreenee, nanso na wɔyɛ asisifo a wonni nokware.—Exodus 18:21; Deuteronomium 16:18-20.

Onyankopɔn Atemmu

Esiane sɛ Israelfo anni Onyankopɔn Mmara so na wɔpoo Mesia no nti, awiei koraa no, Yehowa poo ɔman a na ɔde wɔn ayɛ ne de no. Wɔ afe 70 Y.B. mu no, Romafo no sɛee Yerusalem kurow no ne asɔrefie no, na wɔsɛee Yudafo nhyehyɛe no nyinaa, na akyiri yi woguu Sanhedrin no.

Yehowa Temmufo a wapaw no, Yesu Kristo, na ɔbɛkyerɛ afeha a edi kan Sanhedrin no mufo a wɔfata owusɔre ne wɔn mu nea ɔyɛɛ bɔne tiaa honhom kronkron no. (Marko 3:29; Yohane 5:22) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu bebu atɛntreenee wɔ nsɛm a ɛtete saa mu.—Yesaia 11:3-5.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ Maccabeefo ne Hasmonfo ho nsɛm a, hwɛ Ɔwɛn-Aban, November 15, 1998, kratafa 21-24, ne June 15, 2001, kratafa 27-30.

^ nky. 16 Sɛ Bible ka “asɔfo mpanyin” ho asɛm a, ɛkyerɛ asɔfopɔn a na wɔwɔ hɔ saa bere no, ne wɔn a wɔaba atwam, ne wɔn mmusua mufo a na wɔfata sɛ daakye wɔbɛyɛ asɔfo mpanyin.—Mateo 21:23.