Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gyidi Ne Onyankopɔn Suro Ma Yenya Akokoduru

Gyidi Ne Onyankopɔn Suro Ma Yenya Akokoduru

Gyidi Ne Onyankopɔn Suro Ma Yenya Akokoduru

“Yɛ den na yɛ nnam, . . . [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn di w’akyi.”—YOSUA 1:9.

1, 2. (a) Wɔ nnipa ani so no, so na Israelfo betumi adi Kanaanfo so nkonim? (b) Awerɛhyem bɛn na wɔde maa Yosua?

WƆ AFE 1473 A.Y.B. mu no, na Israel man no ayɛ krado sɛ wɔbɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Mose maa nkurɔfo no huu nsɛnnennen a na wobehyia. Ɔkae sɛ: “Worebetwa Yordan nnɛ akɔ akotu amanaman a wɔsosoe na wɔn ho yɛ den sen wo, afa nkurow akɛse a wɔatoto ho afasu akɔ soro, ɔman kɛse a wɔwowaree, Anakfo mma a . . . woate wɔn ho asɛm sɛ: Hena na obegyina Anak mma anim? no.” (Deuteronomium 9:1, 2) Nokwarem no, na saa abran a wonim ako yi agye din yiye! Afei nso, na Kanaanfo no mu bi wɔ asraafo a wɔasiesie wɔn ho wɔ akodi mu yiye, na na wɔwɔ mpɔnkɔ ne nteaseɛnam a ne ntwahonan yɛ nnade.—Atemmufo 4:13.

2 Nanso, na Israel man no de wɔkɔyɛɛ nkoa na wodii mfe 40 wɔ sare so nkyɛe. Enti wɔ nnipa ani so no na ɛte sɛ nea wobedi nkogu. Nanso, na Mose wɔ gyidi; na otumi ‘hui’ sɛ Yehowa di wɔn anim. (Hebrifo 11:27) Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “[Yehowa, NW] wo Nyankopɔn ne nea odi w’anim retwa, . . . ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wɔabrɛ wɔn ase, w’anim.” (Deuteronomium 9:3; Dwom 33:16, 17) Wɔ Mose wu akyi no, Yehowa maa Yosua awerɛhyem sɛ Obedi n’akyi. Ɔkae sɛ: “Sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mũ yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, Israelfo, no so. Obi bi rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; sɛnea midii Mose akyi no, saa ara na medi w’akyi.”—Yosua 1:2, 5.

3. Dɛn na ɛboaa Yosua ma onyaa gyidi ne akokoduru?

3 Ná ɛsɛ sɛ Yosua kenkan Onyankopɔn Mmara, susuw ho, na ɔde bɔ ne bra, na ama Yehowa aboa no. Yehowa kae sɛ: “Ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye. Ɛno menhyɛɛ wo sɛ yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu anaa? Efisɛ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.” (Yosua 1:8, 9) Esiane sɛ Yosua tiee Onyankopɔn nti, onyaa akokoduru yɛɛ den, na nea ɔyɛe nyinaa sii no yiye. Nanso, ne bere sofo dodow no ara anni ahyɛde yi so. Ɛno nti, ansi wɔn yiye na wowuwui wɔ sare no so.

Ahufo a Wonni Gyidi

4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yosua ne Kaleb yɛɛ wɔn ade no yɛ soronko koraa wɔ akwansrafo du no ho? (b) Dɛn na Yehowa kae wɔ gye a nkurɔfo no annye no anni no ho?

4 Mfe 40 a na atwam no, bere a edi kan a Israelfo bɛn Kanaan asase no, Mose somaa mmarima 12 sɛ wɔnkɔhwehwɛ asase no so. Wɔn mu du san bae a na wɔabɔ hu. Wonwiinwii sɛ: “Nkurɔfo a yehuu wɔn wɔ so no nyinaa yɛ abran ara nko; na ɛhɔ na yehuu abran akɛse no, Anak mma a wofi abran akɛse no mu no, na yɛyɛɛ yɛn ankasa ani so sɛ mmebɛw.” So na ‘nkurɔfo no nyinaa’ yɛ Anak abran ampa? Dabi. So na Anakfo no yɛ Nefilim a wɔtraa ase ansa na Nsuriyi no reba no asefo? Dabida! Nanso, esiane sɛ wɔhããhãã wɔn ani kaa asɛm no nti, ɛmaa ehu kɛse kaa Israel man no. Ná nkurɔfo no pɛ sɛ wɔsan kɔ Misraim, ɔman a na wɔakɔyɛ nkoa wɔ hɔ no!—Numeri 13:31–14:4.

5 Nanso akwansrafo no mu baanu, Yosua ne Kaleb de na wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkae sɛ, Kanaanfo no ‘yɛ yɛn aduan. Wɔn kataman afi wɔn so, na yɛn de, Yehowa di yɛn akyi, munnsuro wɔn.’ (Numeri 14:9) So na Yosua ne Kaleb anidaso nni nnyinaso? Ɛnte saa koraa! Na wɔne ɔman no nyinaa ahu sɛnea Yehowa de Ɔhaw Du brɛɛ Misraim man a ɛyɛ den no ase na oguu wɔn anyame anim ase no. Afei nso, wohuu sɛnea Yehowa maa Ɛpo Kɔkɔɔ no faa Farao ne n’asraafo no. (Dwom 136:15) Ɛda adi pefee sɛ, na anka ɛnsɛ sɛ ehu ka akwansrafo du no ne wɔn a wogyee wɔn asɛm dii no. Asɛm no yɛɛ Yehowa yaw yiye ma ɔkae sɛ: “Da bɛn na ɔman yi retew me ahi akosi? Na enkosi da bɛn na wɔrennye me nni, nsɛnkyerɛnne a mayɛ wɔn mu no nyinaa mu?”—Numeri 14:11.

6. Ɔkwan bɛn so na gyidi ne akokoduru wɔ abusuabɔ, na yɛyɛ dɛn hu eyi nnɛ?

6 Yehowa ma wohuu ade pɔtee a ɛma wɔbɔɔ hu no, na ɛyɛ gyidi a wonni. Gyidi ne akokoduru wɔ abusuabɔ a emu yɛ den araa ma ɔsomafo Yohane kyerɛw Kristofo asafo no ne ɔko a wɔreko wɔ honhom fam no ho asɛm sɛ: “Nea adi wiase so nkonim ne yɛn gyidi.” (1 Yohane 5:4) Ɛnnɛ nso, Yehowa Adansefo a wɔboro ɔpepem asia, mpanyin ne mmofra, wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne wɔn a wonni ahoɔden da gyidi a Yosua ne Kaleb daa no adi no bi adi, na eyi ama wɔreka Ahenni no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa. Ɔtamfo biara nni hɔ a watumi ama asraafo a wɔwɔ akokoduru yi agyae asɛm no ka.—Romafo 8:31.

‘Ntwe Wo Ho’

7. Twe a obi ‘twe ne ho’ no kyerɛ dɛn?

7 Esiane sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ adwene a na ɔsomafo Paulo wɔ no bi nti, wɔka asɛmpa no akokoduru so. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛn de, yɛnyɛ nnipa a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu, na mmom yɛyɛ nnipa a wɔwɔ gyidi a egye ɔkra nkwa.” (Hebrifo 10:39) Sɛnea Paulo kae no, ‘twe a obi twe ne ho’ no nkyerɛ ehu a ɛka obi bere tiaa bi mu, efisɛ mmere bi wɔ hɔ a ehu kaa Onyankopɔn asomfo anokwafo pii. (1 Samuel 21:12; 1 Ahene 19:1-4) Mmom no, sɛnea Bible asekyerɛ nhoma bi ka no, nea ɛkyerɛ ne sɛ “obi bɛsan n’akyi, ɔbɛte ada,” anaasɛ “ɔbɛyɛ anibiannaso wɔ nokware no ho.” Ɛde ka ho sɛ twe a obi ‘twe ne ho’ no betumi ayɛ kasakoa a ɛkyerɛ “po so hyɛn ntama a wɔtwetwe kɔ fam ma hyɛn no kɔ brɛoo.” Na sɛ yɛde ba Onyankopɔn som mu a, nea ɛkyerɛ ne sɛ obi brɛ ne som adwuma ase. Nanso, sɛ nsɛnnennen sɔre a, sɛ́ ɛyɛ ɔtaa, ɔyare anaa sɔhwɛ foforo bi no, wɔn a wɔn gyidi yɛ den no ‘mmrɛ’ wɔn som adwuma no ‘ase.’ Mmom no, wɔpere kɔ wɔn anim wɔ Yehowa som mu a wonim sɛ Yehowa dwen wɔn ho na onim nea wobetumi ayɛ ne nea wontumi nyɛ nyinaa. (Dwom 55:22; 103:14) So wowɔ gyidi a ɛte saa?

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyɛɛ tete Kristofo no gyidi den? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ yɛn gyidi den?

8 Bere bi asomafo no tee nka sɛ wɔn gyidi ayɛ mmerɛw ma enti wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Ma yɛn gyidi nnɔɔso.” (Luka 17:5) Wonyaa ade a wofi wɔn komam bisae no ho mmuae, titiriw wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu, bere a wohwiee honhom kronkron a na wɔde ahyɛ asomafo no bɔ guu wɔn so na wonyaa Onyankopɔn Asɛm ne n’atirimpɔw ho ntease kɔɔ akyiri no. (Yohane 14:26; Asomafo Nnwuma 2:1-4) Asuafo no gyidi yɛɛ den, na ɔtaa nyinaa akyi no, wɔkaa asɛmpa no wɔ “abɔde a ɛwɔ soro ase nyinaa mu.”—Kolosefo 1:23; Asomafo Nnwuma 1:8; 28:22.

9 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yesua Kyerɛwnsɛm no susuw ho na yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhon kronkron no na ama yɛn gyidi ayɛ den, na yɛakɔ so ayɛ yɛn som adwuma no. Sɛ yɛde Onyankopɔn asɛm mu nokware no hyɛ yɛn adwene ne yɛn koma mu te sɛ nea Yosua, Kaleb, ne tete Kristofo no yɛe no a, yebenya gyidi, na ɛno bɛma yɛanya akokoduru a yɛde bedi ako wɔ honhom fam na yɛadi nkonim.—Romafo 10:17.

Ɛnnɔɔso sɛ Wubegye Adi sɛ Onyankopɔn wɔ Hɔ

10. Dɛn ne gyidi ankasa?

10 Sɛnea agyidifo a wɔtraa ase tete no kuraa wɔn mudi mu no, gyidi a ɛma obi nya akokoduru ne boasetɔ no kɔ akyiri sen gye a yebegye adi kɛkɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. (Yakobo 2:19) Nea ɛkyerɛ ne sɛ yebebu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa na yɛanya ne mu ahotoso koraa. (Dwom 78:5-8; Mmebusɛm 3:5, 6) Ɛkyerɛ nso sɛ yɛde yɛn koma nyinaa begye atom sɛ mfaso wɔ so koraa sɛ yebegye Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm atom na yɛde abɔ yɛn bra. (Yesaia 48:17, 18) Nea gyidi san kyerɛ ne sɛ yebenya ahotoso koraa sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ ahorow nyinaa abam, na ɔyɛ “wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo.”—Hebrifo 11:1, 6; Yesaia 55:11.

11. Ɔkwan bɛn so na wohyiraa Yosua ne Kaleb wɔ gyidi ne akokoduru a wɔdaa no adi no ho?

11 Gyidi a ɛte saa nyin. Sɛ yɛde nokware no bɔ yɛn bra, ‘ka’ ɛso mfaso hwɛ, ‘hu’ sɛ yenya yɛn mpaebɔ ho mmuae, na akwan foforo so no, yehu sɛ yɛde Yehowa akwankyerɛ reyɛ adwuma a, na yɛn gyidi renyin ara ne no. (Dwom 34:8; 1 Yohane 5:14, 15) Yebetumi anya ahotoso sɛ Yosua ne Kaleb gyidi yɛɛ den bere a wohuu Onyankopɔn papayɛ no. (Yosua 23:14) Susuw saa nsɛm yi ho hwɛ: Wonyaa nkwa wɔ mfe 40 a wɔde tuu kwan wɔ sare so no mu sɛnea na Onyankopɔn ahyɛ wɔn bɔ no. (Numeri 14:27-30; 32:11, 12) Wɔmaa wɔn adwuma titiriw bi wɔ mfe asia a wɔde ko dii Kanaanfo so no mu. Awiei koraa no, wonyaa nkwatenten ne apɔwmuden na wonyaa wɔn ankasa agyapade mpo. Hwɛ sɛnea Yehowa hyira wɔn a wɔde gyidi ne akokoduru som no no!—Yosua 14:6, 9-14; 19:49, 50; 24:29.

12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘nsɛm sõ’ anaa ɛyɛ kɛse?

12 Adɔe a Onyankopɔn yɛɛ Yosua ne Kaleb no ma yɛkae odwontofo no nsɛm yi: “Woama w’asɛm asõ atra wo din nyinaa.” (Dwom 138:2) Sɛ Yehowa hyɛ bɔ bi wɔ ne din mu a, saa bɔhyɛ no mmamu ‘sõ’ anaa ɛyɛ kɛse a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛbam sen sɛnea yɛhwɛ kwan no koraa. (Efesofo 3:20) Yiw, Yehowa renni wɔn a wɔma ‘wɔn ani ka ne ho’ no huammɔ da.—Dwom 37:3, 4.

Onipa a “Ɔsɔ Onyankopɔn Ani”

13, 14. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Henok nya gyidi ne akokoduru?

13 Sɛ yesusuw Henok, ɔbarima bi a ɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba no nhwɛso ho a, yebetumi asua gyidi ne akokoduru ho nneɛma pii. Ansa na Henok refi ase ahyɛ nkɔm no, na onim mpo sɛ obehyia ne gyidi ne n’akokoduru ho sɔhwɛ. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ na Yehowa aka wɔ Eden sɛ ɔtan anaa nitan bɛda wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔsom Satan Ɔbonsam ntam. (Genesis 3:15) Ná Henok nim nso sɛ saa ɔtan no sɔree wɔ nnipa abakɔsɛm mfiase pɛɛ, bere a Kain kum ne nua Habel no. Nokwarem no, wɔwoo Henok akyi no, Kain ne Habel agya Adam traa ase bɛyɛ mfe 310.—Genesis 5:3-18.

14 Nanso, saa nsɛm yi nyinaa akyi no, Henok nyaa akokoduru ‘ne Nyankopɔn nantewee,’ na ɔkasa tiaa “nsɛm a ɛyɛ den” a nkurɔfo keka tiaa Yehowa no. (Genesis 5:22; Yuda 14, 15) Saa akokoduru a Henok de gyinaa nokware som akyi no ma onyaa atamfo pii, na ɛde ne nkwa mpo too asiane mu. Yehowa amma ne diyifo no ante yaw wɔ ne wu mu. Bere a Onyankopɔn maa Henok hui sɛ ‘ɔsɔ n’ani’ no, Yehowa ‘faa no kɔe’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ ebia Onyankopɔn maa ade tɔɔ no so, na ɔfaa mu wui.—Hebrifo 11:5, 13; Genesis 5:24.

15. Nhwɛso pa bɛn na Henok yɛ maa Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ?

15 Bere a Paulo kaa Henok a wɔfaa no kɔe ho asɛm wiei no, osii hia a gyidi ho hia so dua. Ɔkae sɛ: “Bio nso, gyidi nni hɔ a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifo 11:6) Yiw, gyidi a na Henok wɔ no na ɛma onyaa akokoduru ne Yehowa nantewee na ɔkaa Onyankopɔn atemmusɛm kyerɛɛ nnebɔneyɛfo no. Henok yɛɛ eyi ho nhwɛso pa maa yɛn. Yɛwɔ adwuma a ɛte saa ara a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ wiase a ɛsɔre tia nokware som na bɔne ahorow nyinaa bi ahyɛ mu ma yi mu.—Dwom 92:7; Mateo 24:14; Adiyisɛm 12:17.

Onyankopɔn Suro Ma Yenya Akokoduru

16, 17. Hena ne Obadia, na tebea bɛn na na ɔwom?

16 Gyidi akyi no, su foforo wɔ hɔ a ɛboa yɛn ma yenya akokoduru, na ɛno ne Onyankopɔn ho suro pa. Ma yensusuw nhwɛso titiriw bi a ɔbarima bi a osuro Onyankopɔn a ɔtraa ase wɔ odiyifo Elia ne Ɔhene Ahab a odii Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no so yɛe no ho nhwɛ. Wɔ Ahab nniso mu no, ahemman a ɛwɔ atifi fam no mufo dodow no ara de wɔn ho hyɛɛ Baal som mu fee. Nokwarem no, Baal adiyifo 450 ne Asera nnua adiyifo 400 na na “wodidi Isebel” a ɔyɛ Ahab yere no “pon so.”—1 Ahene 16:30-33; 18:19.

17 Yehowa tamfo tirimɔdenfo Isebel bɔɔ mmɔden sɛ obetu nokware som ase koraa afi asase no so. Okunkum Yehowa adiyifo binom, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekum Elia mpo. Nanso, Onyankopɔn maa Elia twaa Yordan asubɔnten no guanee. (1 Ahene 17:1-3; 18:13) So wubetumi de w’adwene abu sɛnea na ɛbɛyɛ den ama obi sɛ ɔbɛkɔ so asom Onyankopɔn nokware mu wɔ ahemman a ɛwɔ atifi fam no mu saa bere no? Na sɛ na obi yɛ adwuma wɔ ahemfie hɔ de a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa. Eyi ne tebea a na Obadia, * ɔbarima a osuro Onyankopɔn a na ɔhwɛ Ahab fie so no wom.—1 Ahene 18:3.

18. Dɛn na ɛmaa Obadia yɛɛ Yehowa somfo a ɔda nsow?

18 Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛsɛ sɛ Obadia som Yehowa wɔ anifere ne nyansa mu. Nanso, wantoto ne som ase. Nokwarem no, 1 Ahene 18:3 ka sɛ: ‘Obadia de, osuro Yehowa sɛ.’ Yiw, na Obadia suro Onyankopɔn yiye! Osuro pa yi nso ma onyaa akokoduru soronko, na ɔdaa no adi bere a Isebel kunkum Yehowa adiyifo no akyi pɛɛ.

19. Dɛn na Obadia yɛe de kyerɛe sɛ ɔwɔ akokoduru?

19 Yɛkenkan sɛ: “Isebel retwitwa [Yehowa, NW] adiyifo agu no, Obadia faa [Yehowa, NW] adiyifo ha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kosiee ɔbodan mu, na ɔde aduan ne nsu hwɛɛ wɔn.” (1 Ahene 18:4) Sɛnea wubetumi ahu no, sɛ́ obi bewia ne ho ama nnipa ɔha aduan no yɛ adwuma a ɛyɛ hu yiye. Ɛnyɛ Ahab ne Isebel nko na na ɛsɛ sɛ ɔde adwuma yi sie wɔn, na mmom na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye na atoro adiyifo 850 a na wodi ahemfie hɔ akɔneaba no nso anhu akyiri. Afei nso, akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ anka atoro asomfo afoforo pii a na wɔwɔ asase no so, efi mpapahwekwa so kosi adehye so no bi huu Obadia a, anka wobeyi no ama de akɔhwehwɛ ɔhene no ne ɔhemmaa no anim dom. Nanso, abosonsomfo yi anim pɛɛ na na Obadia de akokoduru rehwɛ Yehowa adiyifo no. Hwɛ sɛnea Onyankopɔn suro betumi ama yɛanya akokoduru!

20. Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn suro boaa Obadia, na ɔkwan bɛn so na ne nhwɛso no bɛboa wo?

20 Esiane sɛ Obadia de Onyankopɔn suro daa akokoduru adi nti, ɛda adi sɛ Yehowa na ɔbɔɔ ne ho ban wɔ n’atamfo anim. Mmebusɛm 29:25 ka sɛ: “Onipa ho suro sum afiri, na nea ɔde ne ho to [Yehowa, NW] so no ho bɛyɛ sonn.” Ná Obadia yɛ onipa te sɛ yɛn ara; na osuro sɛ wobetumi akyere no akum no, sɛnea anka yɛn nso yebesuro no ara pɛ. (1 Ahene 18:7-9, 12) Nanso, Onyankopɔn suro ma otumi dii onipa ho suro biara a ebia na ɔwɔ no so. Obadia yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn nyinaa, titiriw wɔn a Yehowa som nti wɔahwere wɔn ahofadi anaa wɔde wɔn nkwa ato asiane mu no. (Mateo 24:9) Yiw, momma yɛn nyinaa mmɔ mmɔden mfa “nyamesuro ne ahopopo” nsom Yehowa.—Hebrifo 12:28.

21. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

21 Ɛnyɛ gyidi ne Onyankopɔn suro nkutoo ne su ahorow a ɛboa yɛn ma yenya akokoduru; ɔdɔ yɛ su titiriw paa a ɛma yenya akokoduru. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom tumi ne ɔdɔ ne adwenemtew de.” (2 Timoteo 1:7) Wɔ adesua a edi hɔ no mu no, yebehu sɛnea ɔdɔ boa yɛn ma yɛde akokoduru som Yehowa wɔ nna a edi akyiri yi mu.—2 Timoteo 3:1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Ɔnyɛ odiyifo Obadia.

Wubetumi Abua?

• Dɛn na ɛboaa Yosua ne Kaleb ma wonyaa akokoduru?

• Dɛn ne gyidi ankasa?

• Dɛn nti na Henok ansuro sɛ ɔbɛka Onyankopɔn atemmusɛm?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn suro ma yenya akokoduru?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Yehowa hyɛɛ Yosua sɛ: “Yɛ den na yɛ nnam”

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Obadia hwɛɛ Onyankopɔn adiyifo no, na ɔbɔɔ wɔn ho ban

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Henok kaa Onyankopɔn asɛm akokoduru so