Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma W’ani Nna Yehowa So, Na Nya Akokoduru

Ma W’ani Nna Yehowa So, Na Nya Akokoduru

Ma W’ani Nna Yehowa So, Na Nya Akokoduru

“Ma w’ani nna [Yehowa, NW] so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, na ma w’ani nna [Yehowa, NW] so.”—DWOM 27:14.

1. Mfaso bɛn na ɛwɔ anidaso so, na ɔkwan bɛn so na wɔde di dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm no mu?

YEBETUMI de anidaso a ɛyɛ papa atoto kanea a ɛhyerɛn ho. Ɛboa yɛn ma yɛmfa yɛn adwene nsi ɔtaa a yɛrehyia seesei no so, na ɛma yɛde akokoduru ne anigye hwɛ daakye kwan. Yehowa nkutoo na obetumi ama yɛanya anidaso a edi mu, na ɔnam n’Asɛm Bible no so na ɛyɛ saa. (2 Timoteo 3:16) Nokwarem no, asɛmfua “anidaso” pue mpɛn pii wɔ Bible mu, na ɛkyerɛ anigye a yɛde hwɛ biribi pa kwan, ne nea enti a yɛhwɛ dekode no kwan. * Anidaso a ɛte saa no nte sɛ biribi a yɛhwɛ kwan a entumi mma mu no.

2. Ɔkwan bɛn so na anidaso boaa Yesu wɔ n’asetra mu?

2 Bere a Yesu hyiaa sɔhwɛ ne amanehunu no, wamfa n’adwene ansi n’amanehunu no so, na mmom ɔde n’ani too Yehowa so. “Anigye a na ɛda n’anim nti, ohuu asɛndua ho amane, buu n’ani guu aniwu so, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua no nifa.” (Hebrifo 12:2) Esiane sɛ Yesu de n’adwene sii Yehowa tumidi ho a ɔbɛsan ne Onyankopɔn din ho a ɔbɛtew so titiriw nti, Yesu anyɛ Onyankopɔn so asoɔden da ɛmfa ho amane biara a na saa a ɔbɛyɛ bɛma wahu no.

3. Ɔkwan bɛn so na anidaso boa Onyankopɔn asomfo wɔ wɔn asetra mu?

3 Ɔhene Dawid kaa abusuabɔ a ɛda anidaso ne akokoduru ntam ho asɛm sɛ: “Ma w’ani nna [Yehowa, NW] so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, na ma w’ani nna [Yehowa, NW] so.” (Dwom 27:14) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn bo yɛ duru a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn anidaso yɛ nea enni nnyinaso, na mmom ɛsɛ sɛ yɛma anidaso a yɛwɔ no tra yɛn adwenem fann bere nyinaa, na yɛma ɛda yɛn koma so nso. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasuasua Yesu wɔ sɛnea ɔdaa akokoduru adi na ɔyɛɛ nsi no mu bere a yɛreyɛ asuafoyɛ adwuma a ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ no. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Nokwarem no, wɔ Bible mu no wɔde anidaso bata gyidi ne ɔdɔ ho sɛ ɛyɛ su a ɛho hia a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo da no adi bere nyinaa wɔ wɔn asetra mu.—1 Korintofo 13:13.

So ‘Woaboro so Anidaso Mu’?

4. Dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo “nguan foforo” no de anigye hwɛ kwan?

4 Onyankopɔn nkurɔfo wɔ daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye. Kristofo a wɔasra wɔn no de anigye rehwɛ bere a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no kwan, na “nguan foforo” no nso hwɛ kwan sɛ ‘wobenya ahofadi afi nkoasom a ɛyɛ ɔporɔw mu akɔ Onyankopɔn mma a wɔwɔ asase so anuonyam ahofadi mu.’ (Yohane 10:16; Romafo 8:19-21; Filipifo 3:20) Ogye a yebenya afi bɔne ne amanehunu a bɔne de ba mu no ka saa “anuonyam ahofadi” no ho. Nokwarem no, adepa nkutoo na Yehowa, nea “akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara” fi no no de ma ne nkoa anokwafo.—Yakobo 1:17; Yesaia 25:8.

5. Yɛyɛ dɛn ‘boro so anidaso mu’?

5 Dwuma titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo anidaso di wɔ yɛn asetra mu? Romafo 15:13 ka sɛ: “Onyankopɔn a ɔma anidaso no mfa gye a mugye di so mma anigye ne asomdwoe nyinaa nyɛ mo mã, na moaboro so anidaso mu wɔ honhom kronkron ahoɔden mu.” Nokwarem no, yebetumi de anidaso atoto owia hann a ɛhyerɛn anɔpa a ɛma obi nya asomdwoe, anigye, atirimpɔw, ne akokoduru wɔ n’asetra mu no ho, na ɛnte sɛ kyɛnere bi a wɔasɔ asi sum mu. Hyɛ no nsow sɛ sɛ yegye Onyankopɔn Asɛm Bible no di na yenya ne honhom kronkron no a, ɛma ‘yɛboro so anidaso mu.’ Romafo 15:4 ka sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” Enti bisa wo ho sɛ: ‘So meyɛ Bible suani pa a mekenkan Bible no daa a ɛma m’anidaso mu kɔ so yɛ den? So metaa bɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn honhom no?’—Luka 11:13.

6. Ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn anidaso mu ayɛ den?

6 Onyankopɔn Asɛm no na ɛhyɛɛ Yesu a ɔyɛ yɛn Nhwɛsofo no den. Sɛ yesusuw n’asetra ho yiye a, ‘yɛremmrɛ, na yɛrempa abaw.’ (Hebrifo 12:3) Ɛyɛ nokware sɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi anidaso a Onyankopɔn de ama yɛn no anaa yɛma nneɛma foforo, ebia honam fam nneɛma anaa botae bi a yɛde asisi yɛn ani so wɔ wiase no mu twetwe yɛn adwene ne yɛn koma a, ɛrenkyɛ na yɛatɔ nko wɔ Onyankopɔn som mu, na awiei koraa no ɛremma yennya ahoɔden ne akokoduru mfa Onyankopɔn Asɛm mmɔ yɛn bra. Sɛ ɛba saa a, yɛn “gyidi” betumi “agu asu” mpo. (1 Timoteo 1:19) Nanso, anidaso a ɛyɛ papa ma yɛn gyidi yɛ den.

Anidaso Ma Yenya Gyidi

7. Ɔkwan bɛn so na anidaso ma yenya gyidi?

7 Bible ka sɛ: “Gyidi ne awerɛhyem a yɛde twɛn biribi a yɛn ani da so, nneɛma a yenhu ho adanse a ɛda adi pefee.” (Hebrifo 11:1) Enti, anidaso nyɛ gyidi fã bi kɛkɛ; ɛyɛ ade a ɛma yenya gyidi. Susuw Abraham ho hwɛ. Bere a Yehowa hyɛɛ Abraham ne ne yere Sara bɔ sɛ wɔbɛwo ɔba no, na ɛte sɛnea entumi nyɛ yiye, efisɛ wɔ nnipa fam no na wɔatwa awo. (Genesis 17:15-17) Abraham yɛɛ n’ade dɛn? “Ɛwom sɛ na anidaso nni hɔ de, nanso ogyinaa anidaso so gye dii, na wayɛ aman bebree agya.” (Romafo 4:18) Yiw, anidaso a Onyankopɔn maa Abraham nyae no ma onyaa gyidi a emu yɛ den sɛ obenya asefo. Ne gyidi no nso boaa no maa n’anidaso mu yɛɛ den. Yɛyɛ dɛn hu saa? Efisɛ Abraham ne Sara nyaa akokoduru tu fii wɔn kurow ne wɔn abusuafo mu kɔtraa ntamadan mu wɔ ananafo asase so wɔ wɔn nkwa nna nyinaa mu!

8. Ɔkwan bɛn so na boasetɔ hyɛ yɛn anidaso mu den?

8 Abraham kɔɔ so tiee Yehowa wɔ biribiara mu bere mpo a na osetie a ɔbɛyɛ no yɛ den no, na ɛno maa n’anidaso mu kɔɔ so yɛɛ den. (Genesis 22:2, 12) Saa ara na yɛn nso sɛ yɛde osetie ne boasetɔ yɛ Yehowa som adwuma no a, yebetumi anya ahotoso sɛ yɛn nsa bɛka yɛn akatua no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Boasetɔ” de “anisɔ ba,” na anisɔ nso de anidaso ba, “na anidaso no nni huammɔ.” (Romafo 5:4, 5) Paulo san kyerɛwee nso sɛ: “Yɛpɛ sɛ mo mu biara da nsiyɛ koro no ara adi na ama moanya anidaso no mu awerɛhyem a edi mũ akosi ase.” (Hebrifo 6:11) Abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no na ɛma yenya anidaso a ɛte saa, na saa anidaso no betumi aboa yɛn ma yɛanya akokoduru ne anigye de agyina ɔhaw biara ano.

“Munni Ahurusi Anidaso no Mu”

9. Dɛn na sɛ yɛyɛ no daa a, ebetumi aboa yɛn ma ‘yɛadi ahurusi anidaso no mu’?

9 Anidaso a Onyankopɔn ama yɛanya no sen biribiara a yebetumi anya afi saa wiase yi mu koraa. Dwom 37:34 ka sɛ: “Twɛn [Yehowa, NW], na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.” Yiw, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ ‘yedi ahurusi anidaso no mu.’ (Romafo 12:12) Nanso, nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ saa no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi yɛn anidaso no da. So wususuw anidaso a Onyankopɔn ama woanya no ho daa? So wubetumi de w’adwene abu sɛ wowɔ Paradise a wote apɔw, wunni ɔhaw biara, a nnipa a wo ne wɔn te nyinaa dɔ wo, na woreyɛ adwuma a ɛma wunya akomatɔyam ankasa? So ɛyɛ a wususuw Paradise ho mfonini a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu no ho? Yebetumi de nneɛma a yesusuw ho daa no atoto mpomma a ɛyɛ ahwehwɛ a yɛbɛpopa anim na ama yɛatumi ahu abɔnten yiye no ho. Sɛ yɛampopa ahwehwɛ no anim a, ɛrenkyɛ mfuturu bɛma ahwehwɛ no anim ayɛ fĩ, na yɛrenhu nneɛma a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ abɔnten no yiye. Sɛ ɛba saa a, nneɛma afoforo bɛtwetwe yɛn adwene. Mommma ɛmma saa da wɔ yɛn fam!

10. Dɛn nti na akatua a yɛhwɛ kwan sɛ yebenya no ma yɛne Yehowa nya abusuabɔ pa?

10 Nokwarem no, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ade titiriw nti a ɛma yɛsom no. (Marko 12:30) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛde anigye hwɛ yɛn akatua no kwan. Nokwarem no, Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ saa! Hebrifo 11:6 ka sɛ: “Gyidi nni hɔ a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani, efisɛ ɛsɛ sɛ nea ɔba ne nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo.” Dɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yebu no sɛ ɔno ne Ɔkatuafo? Efisɛ yɛyɛ saa a, yɛda no adi sɛ yenim yɛn soro Agya no yiye. Ɔyɛ ɔyamyefo, na ɔdɔ ne mma. Sɛ yenni “awiei pa ne anidaso” a, hwɛ sɛnea anka yɛn werɛ bɛhow na yɛn abam abu afa.—Yeremia 29:11.

11. Ɔkwan bɛn so na anidaso a Onyankopɔn maa Mose nyae no ma osisii gyinae a nyansa wom?

11 Mose yɛ obi a ɔde n’ani sii anidaso a Onyankopɔn de maa no no so titiriw. Sɛ́ “Farao babea ba” no, na Mose wɔ tumi, dibea, ne Misraim ahonyade a na obetumi de ayɛ nea ɔpɛ biara. So na ɔbɛsom Yehowa anaa ɔbɛkɔ so adi saa nneɛma no akyi? Mose de akokoduru pawee sɛ ɔbɛsom Yehowa. Dɛn ntia? Efisɛ “ogyen n’ani hwɛɛ akatua no.” (Hebrifo 11:24-26) Yiw, akyinnye biara nni ho sɛ Mose ammu n’ani angu anidaso a na Yehowa de asi n’anim no so.

12. Dɛn nti na Kristofo anidaso te sɛ dade kyɛw?

12 Ɔsomafo Paulo de anidaso totoo dade kyɛw ho. Yɛn sɛnkyerɛnne kwan so dade kyɛw no bɔ yɛn adwene ho ban, na ɛma yetumi sisi gyinae nyansam de nneɛma a ɛho hia paa sisi yɛn anim, na yekura yɛn mudi mu. (1 Tesalonikafo 5:8) So wohyɛ wo sɛnkyerɛnne kwan so dade kyɛw no bere nyinaa? Sɛ saa a, ɛnde woremfa w’ani nnto ‘ahonyade a enni nnyinaso so, na mmom wode bɛto Onyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ebu so ma yɛn ani gye no so’ te sɛ nea Mose ne Paulo yɛe no. Nokwarem no, egye akokoduru na ama woatwe wo ho afi wiase nneɛma a nnipa pii di akyi no ho, nanso sɛ woyɛ saa a wubenya so mfaso kɛse! Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode biribi a mfaso nni so sesa “nkwa ankasa” a wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔn ani da no so hwɛ kwan no?—1 Timoteo 6:17, 19.

“Merennyaw Wo”

13. Awerɛhyem bɛn na Yehowa de ma n’asomfo anokwafo?

13 Bere a wiase no “awoko yaw” no mu kɔ so yɛ den no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn ani to mprempren nneɛma nhyehyɛe yi so no susuw nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba wɔn so daakye no ho anibere so. (Mateo 24:8) Nanso, wɔn a wɔn ani da Yehowa so no nsuro biribi a ɛte saa. Wɔbɛkɔ so ‘atra hɔ komm, na wɔn ho adwo wɔn a wonsuro sɛ amane reba.’ (Mmebusɛm 1:33) Esiane sɛ wɔmfa wɔn ani nto mprempren nhyehyɛe yi so nti, wɔde anigye tie Paulo afotu yi: “Mommma sikanibere mmma mo asetra mu, na momma nea mowɔ no ara nnɔɔso mma mo. Na waka sɛ: ‘Merennyaw wo na merempa wo nso da.’”—Hebrifo 13:5.

14. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo dwennwen nea wohia wɔ wɔn asetram de haw wɔn ho?

14 Saa nsɛm yi, “merennyaw wo” ne “merempa wo” a wɔahyɛ da asi so dua yiye no da no adi pefee sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ yɛn. Yesu nso maa yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho. Ɔkae sɛ: “Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan, na ɔde nneɛma a aka [nneɛma a muhia wɔ asetra mu] yi nyinaa bɛka ho ama mo. Enti, monnnwennwene adekyee ho, na adekyee ankasa benya ne dadwen. Da biara mu bɔne ankasa dɔɔso ma da no.” (Mateo 6:33, 34) Yehowa nim sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyere yɛn ho ayɛ n’Ahenni adwuma no na bere koro no ara yɛn ankasa ahwehwɛ honam fam nneɛma a yehia. Enti momma yennya ahotoso koraa sɛ Yehowa betumi ama yɛn nsa aka nea yehia, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa nso.—Mateo 6:25-32; 11:28-30.

15. Dɛn na Kristofo yɛ de kyerɛ sɛ wɔn ‘aniwa hwɛ tee’?

15 Sɛ yɛma yɛn ‘aniwa hwɛ tee’ a, na yɛreda no adi sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. (Mateo 6:22, 23) Yɛn aniwa a yɛbɛma ahwɛ tee no kyerɛ sɛ yedi nokware, yɛn adwenem tew, yɛnyɛ adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya. Yɛn aniwa a yɛbɛma ahwɛ tee no nkyerɛ sɛ yebedi ohia buruburoo anaasɛ yebebu yɛn ani agu yɛn Kristofo asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ adwuma de ahwɛ yɛn ho no so. Mmom no, nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛbɛma yɛn ‘adwenem atew’ bere a yɛkɔ so de Yehowa som adwuma di kan wɔ yɛn asetra mu no.—2 Timoteo 1:7.

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya gyidi ne akokoduru na ama yɛn aniwa akɔ so ahwɛ tẽẽ?

16 Ɛsɛ sɛ yenya gyidi ne akokoduru na ama yɛn aniwa akɔ so ahwɛ tee. Sɛ nhwɛso no, sɛ adwumawura bi ka sɛ fa bere a wode kɔ Kristofo nhyiam no yɛ adwuma daa a, so wubenya akokoduru agyina pintinn akɔ so ayɛ nea Onyankopɔn akyerɛ wo sɛ yɛ no? Sɛ obi nnye nni sɛ Yehowa bɛhwɛ N’asomfo sɛnea Wahyɛ bɔ no a, ɛnde nea Satan bɛyɛ ara ne sɛ ɔbɛma adwumawura no akɔ so ahyɛ no na onipa a ɔte saa no betumi agyae asafo nhyiam kɔ koraa. Yiw, sɛ yɛanna gyidi adi a, ebetumi ama Satan adi yɛn so, na ɔno Satan mmom bɛkyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ asetra mu na ɛnyɛ Yehowa. Hwɛ sɛnea eyi bɛyɛ awerɛhow afa!—2 Korintofo 13:5.

‘Twɛn Yehowa’

17. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no nya nhyira nnɛ mpo?

17 Kyerɛwnsɛm no ka no mpɛn pii sɛ wɔn a wɔtwɛn Yehowa na wɔde wɔn ho to no so renni nkogu da. (Mmebusɛm 3:5, 6; Yeremia 17:7) Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔrennya nneɛma a wohia wɔ asetra mu nyinaa de, nanso sɛ wɔde nneɛma kakra a wɔbɛhwere no toto nhyira pii a wobenya no ho a, na nea wɔhwere no yɛ ketewa bi. Enti wɔnam nneɛma kakra a wɔwɔ a wɔpene so no so da no adi sɛ ‘wɔtwɛn Yehowa,’ na wɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛma n’asomfo anokwafo nsa aka nea wɔn koma pɛ a ɛfata nyinaa. (Dwom 37:4, 34) Enti, nnɛ mpo wɔwɔ anigye ankasa. “Treneefo anidaso bɛyɛ anigye, na nea abɔnefo hwɛ no kwan no bɛyera.”—Mmebusɛm 10:28.

18, 19. (a) Awerɛhyem a ɔdɔ wom bɛn na Yehowa de ma yɛn? (b) Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛde Yehowa agyina yɛn “nifa” so?

18 Sɛ abarimaa kumaa bi kura n’agya nsam na ɔne no nam a, onsuro hwee. Saa ara na yɛn nso sɛ yɛne yɛn soro Agya no nam a, yensuro hwee. Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, . . . meboa wo, . . . Na me, [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, mikura wo nifa mu; me na mise wo sɛ: Nsuro, me ara mɛboa wo!”—Yesaia 41:10, 13.

19 Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ Yehowa bekura obi nsam! Dawid kyerɛwee sɛ: “Mede [Yehowa, NW] masi m’anim daa yi, na ɔwɔ me nifa yi, merenhim.” (Dwom 16:8) Yɛyɛ dɛn de Yehowa gyina yɛn “nifa” so? Anyɛ yiye koraa no, yɛyɛ saa wɔ akwan abien so. Nea edi kan no, yɛma n’Asɛm no kyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn asetra mu biribiara mu; nea ɛto so abien no yɛde yɛn ani to akatua a anuonyam wom a Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no so. Odwontofo Asaf too dwom sɛ: “Me de, mɛtra wo nkyɛn daa yi, woaso me nsa nifa mu. Wonam w’atirimpɔw so kyerɛkyerɛ me kwan, na akyiri no, woagye me akɔ anuonyam mu.” (Dwom 73:23, 24) Awerɛhyem a ɛte saa a yɛwɔ no betumi ama yɛde akokoduru agyina nea yebehyia daakye biara ano.

“Mo Gye Rebɛn”

20, 21. Dɛn na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no benya daakye?

20 Da biara a ade bɛkye no, ɛho behia paa sɛ yɛkɔ so de Yehowa gyina yɛn nifa so. Ɛrenkyɛ, ahohiahia bi a ebi mmae da bɛba Satan wiase no so, na atoro som sɛe na ebedi kan. (Mateo 24:21) Ehu bɛka nnipa a wonni gyidi nyinaa. Nanso, Yehowa asomfo a wɔwɔ akokoduru no ani begye anidaso a wɔwɔ no mu wɔ saa bere a ɛyɛ hu no mu! Yesu kae sɛ: “Sɛ nneɛma yi fi ase sɛ ɛresisi a, monsɔre nnyina na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”—Luka 21:28.

21 Enti momma yɛn ani nnye anidaso a Onyankopɔn de ama yɛn no mu, na mommma Satan nnnaadaa yɛn anaasɛ ɔmmfa nyansakwan so mmfa nneɛma nntwetwe yɛn adwene. Saa ara nso na momma yɛnyere yɛn ho nnya gyidi, ɔdɔ, ne Onyankopɔn suro. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya akokoduru de ayɛ osetie ama Yehowa wɔ tebea ahorow nyinaa mu, na yɛasiw Ɔbonsam kwan. (Yakobo 4:7, 8) Yiw, “monhyɛ mo ho den na mumpirim mo bo, mo a motwɛn [Yehowa, NW] nyinaa.”—Dwom 31:24.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 1 Ɛwom sɛ wɔde asɛmfua “anidaso” di dwuma wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu de ka akatua a Kristofo a wɔasra wɔn no benya wɔ soro ho asɛm de, nanso wɔ asɛm yi mu de, wɔde anidaso reka nneɛma pii ho asɛm.

Wubetumi Abua?

• Ɔkwan bɛn so na anidaso maa Yesu nyaa akokoduru?

• Abusuabɔ bɛn na gyidi ne anidaso wɔ?

• Ɔkwan bɛn so na anidaso ne gyidi betumi ama Kristoni de nneɛma a ɛho hia paa asisi n’anim wɔ asetra mu?

• Dɛn nti na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no betumi de ahotoso ahwɛ nneɛma a ɛbɛba daakye kwan?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Sɛ́ woyɛ abofra anaa panyin no, so wubetumi de w’adwene abu sɛ wowɔ Paradise?