Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa Hwehwɛ Daa Nkwa

Nnipa Hwehwɛ Daa Nkwa

Nnipa Hwehwɛ Daa Nkwa

EFI teteete na adesamma ahwɛ kwan denneennen sɛ wɔbɛtra ase daa. Nanso, esiane sɛ obiara nnyaa owu ano aduru nti, daa nkwa a wɔhwɛ kwan no nnya mmae. Nanso, nnuruyɛ mu nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi ama nnipa asan anya anidaso sɛ wobetumi ama wɔn nkwa nna ayɛ tenten. Susuw baabi a nyansahufo ayɛ asɛm yi ho nhwehwɛmu akodu no ho hwɛ.

Nyansahufo reyɛ nhwehwɛmu wɔ aduannuru bi a ɛwɔ nipaduam mu ahwɛ sɛ wobetumi ama mpɛn dodow a nkwammoaa tumi yɛ ne ho foforo no anya nkɔanim anaa. Nyansahufo nim sɛ nkwammoaa dedaw wuwu ma foforo besi ananmu. Nokwasɛm ne sɛ, nipadua no san yɛ ne ho foforo mpɛn pii wɔ obi nkwa nna nyinaa mu. Nhwehwɛmufo susuw sɛ sɛ wotumi ma sɛnea nipadua no tumi yɛ ne ho foforo no nya nkɔanim a, “nipadua no betumi ayɛ ne ho foforo bere tenten anaa afebɔɔ.”

Nhwehwɛmu foforo a adwene nhyia wɔ ho ne ka a nhwehwɛmufo bi ka sɛ wobetumi ayi nipadua mu nkwammoaa bi de ayɛ nipadua akwaa bi te sɛ mmerɛbo, asaabo, anaa koma, na sɛ obi hia akwaa a ɛte saa a, wɔde asi ananmu ama no ma ayɛ yiye. Wɔkyerɛ sɛ wɔde ɔyarefo no ankasa nkwammoaa na ɛbɛyɛ saa akwaa no.

Nyansahufo a wɔyɛ abɔde mu nneɛma nketenkete ho nhwehwɛmu hu sɛ bere bi bɛba a nnuruyɛfo betumi de robɔt a n’akɛse te sɛ nkwammoaa ahyɛ ntini a mogya fam mu ma wɔahwehwɛ nkwammoaa a wɔde kokoram ba ne mmoawammoawa foforo a wɔde yare ba na wɔasɛe wɔn. Ebinom gye di sɛ sɛ wɔde nea yɛaka ho asɛm yi, ne nsakrae a wɔyɛ wɔ awosu mu de sa yare no bom yɛ adwuma a, awiei koraa no, ɛbɛma nipadua no atumi atra ase daa.

Nyansahufo bi de nnipa a wɔawuwu afunu hyɛ frigye mu. Adwene a wokura ne sɛ, wɔreyɛ saa akosi sɛ nnuruyɛfo benya nyarewa ano aduru, anya aduru a ɛbɛma nkwakoraa ne mmerewa adan mmabun, ne nea ɛbɛma wɔatumi anyan awufo na wɔasa wɔn yare. American Journal of Geriatric Psychiatry ka sɛ, “Nea wɔyɛ no nnɛ yi te sɛ sɛnea na tete Misrifo hyɛ efunu aduru no.”

Kɔ a onipa kɔ so hwehwɛ owu ano aduru no da no adi sɛ ɔmpɛ sɛ owu. So onipa betumi atra ase daa ma ayɛ yiye? Dɛn na Bible ka wɔ saa asɛm yi ho? Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛanya ɛho mmuae.