Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Bible Mmara Yɛ Den Dodo?

So Bible Mmara Yɛ Den Dodo?

So Bible Mmara Yɛ Den Dodo?

ABERANTE bi a ɔwɔ Finland ka sɛ: “Bere a meyɛ abofra no, wɔamfa Bible ankyerɛkyerɛ me. Wɔammɔ Onyankopɔn din mpo ankyerɛ me.” Nnipa pii na wɔte saa nnɛ. Nnipa pii, titiriw mmofra, susuw sɛ Bible bere atwam koraa, na emu afotu nso yɛ nhyɛ dodo. Nkurɔfo bu wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde Bible bɔ wɔn bra no sɛ nnipa a wɔde mmara bi akyekyere wɔn ho a wɔyɛ wɔn ho hwee a ɛnyɛ yiye. Enti, nnipa pii te nka sɛ ɛyɛ papa sɛ yɛde Bible bɛto baabi na yɛahwehwɛ akwankyerɛ afi baabi foforo.

Sɛnea Kristoman mu asɔre ahorow no hyɛɛ nnipa so mfe pii no na ama nkurɔfo anya adwene a ɛte saa wɔ Bible ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ bere bi a abakɔsɛm akyerɛwfo frɛ no Bagyimibere mu no, ɛkame ayɛ sɛ na Katolek Asɔre a ɛwɔ Europa no di nkurɔfo asetra so wɔ biribiara mu. Obiara a na ɔbɛbɔ ne ho mmusu sɛ ɔne asɔre no nyɛ adwene wɔ biribi ho no, na wɔyɛ no ayayade anaa wokum no mpo. Protestant asɔre ahorow a ɛbaa akyiri yi no nso hyɛɛ nkurɔfo so. Ɛnnɛ, nnipa bi a wonim Protestant asɔre ahorow no ho nsɛm yiye no ka sɛnea na saa asɔre ahorow no de asotwe a emu yɛ den ma nkurɔfo no ho asɛm. Esiane sɛ asɔre ahorow no hyɛɛ nnipa so nti, ɛmaa nkurɔfo nyaa adwene a ɛmfata sɛ ɛbɛyɛ sɛ Bible nkyerɛkyerɛ hyɛ nnipa so.

Wɔ mfehaha kakra a atwam yi mu no, anyɛ yiye koraa no, wɔ aman bi so no, asɔre ahorow no ahwere tumi a na wɔwɔ wɔ nkurɔfo asetra so no. Bere a nkurɔfo tetee wɔn ho fii asɔre no nkyerɛkyerɛ ahorow ho no, wɔabenya adwene bi sɛ wɔn ankasa wɔ ho kwan sɛ wɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Dɛn na ɛde aba? Ahti Laitinen a ɔyɛ abɔnefosɛm ne atemmu ho ɔbenfo no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obu a nnipa wɔ ma tumidi no akɔ fam, na adwene a nkurɔfo wɔ wɔ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɛne ho no resɛe koraa.” Anwonwasɛm ne sɛ, asɔre akannifo mpo agye saa adwene yi atom. Lutheran sɔfopɔn bi a wagye din kae sɛ: “Me de, minnye adwene a ɛne sɛ sɛ obi pɛ abrabɔ ho akwankyerɛ a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Bible mu anaa ɔsɔfo bi nkyɛn no ntom.”

So Ɛyɛ Papa sɛ Wɔma Obiara Yɛ Nea Ɔpɛ?

Ebia mmabun titiriw ani begye adwene a ɛne sɛ obiara betumi ayɛ nea ɔpɛ no ho. Nokwarem no, obiara nni hɔ a n’ani gye ho sɛ wɔde n’anim betwitwiw fam na wɔakyerɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ ɔyɛ bere nyinaa. Nanso, so ɛsɛ sɛ obiara yɛ nea ɔpɛ? Ansa na wobɛma asɛmmisa yi ho mmuae no, di kan susuw mfatoho yi ho hwɛ. Wode susuw kurow bi a karka ho mmara biara nnim ho hwɛ. Wɔnhwehwɛ sɛ obi kɔyɛ karka ho sɔhwɛ gye tumi krataa ansa na waka kar. Nkurɔfo tumi ka kar sɛnea wɔpɛ biara, na sɛ wɔbow nsa mpo a wɔma wɔde ka kar, wotumi de kar tu mmirika sɛnea wɔpɛ biara, karka ho agyiraehyɛde biara nsisi kwan ho, kanea a ɛsɔ ma kar gyina biara nni hɔ, agyiraehyɛde biara nni hɔ a wɔde kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ kar bɔ nsianho wɔ ɔkwan pɔtee bi so, anaa baabi a nnipa a wɔnam kwan ho twa ɔkwan mu nni hɔ. So ɛyɛ papa sɛ obiara “yɛ nea ɔpɛ”? Dabida! Eyi bɛma nkurɔfo adwene atu afra, na ɛde basabasayɛ ne asiane na ɛbɛba. Ɛwom sɛ karka ho mmara mma nkurɔfo nyɛ nea wɔpɛ biara de, nanso saa mmara no bɔ wɔn a wɔka kar ne wɔn a wɔnam kwan ho nyinaa ho ban.

Saa ara nso na Yehowa ma yɛn akwankyerɛ wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ho. Yenya eyi so mfaso. Sɛ yɛannya akwankyerɛ a ɛte saa a, yɛbɛkɔ so asɔ nneɛma ahwɛ, na yɛyɛ saa a, yebetumi apira yɛn ho ne afoforo. Sɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ bere a yenni akwankyerɛ biara a yedi akyiri a, ɛrenyɛ papa, na ɛbɛyɛ nea asiane wom te sɛ nea yɛreka kar wɔ kurow bi a karka ho mmara biara nnim mu no. Nokwarem no, sɛnea nnipa dodow no ara gye tom no, yehia mmara ne akwankyerɛ bi wɔ yɛn asetra mu.

“M’adesoa Mu Yɛ Hare”

Karka ho mmara a wɔhyehyɛ betumi ayɛ nea ɛdɔɔso pii, na wɔ aman bi so no, baabi a ɛsɛ sɛ wɔde kar sisi ho mmara a wɔayɛ dɔɔso yiye. Nanso, wɔnhyehyɛɛ mmara pii saa wɔ Bible mu. Mmom no, ɛde nnyinasosɛm atitiriw na ɛma, na saa nnyinasosɛm yi nhyɛ nnipa so na ɛsodi nso nyɛ den. Yesu Kristo ka kyerɛɛ ne bere sofo no sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa mu yɛ hare.” (Mateo 11:28, 30) Wɔ krataa a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo asafo a na ɛwɔ Korinto mu no, ɔkae sɛ: “Faako a Yehowa honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ.”—2 Korintofo 3:17.

Nanso, saa ahofadi no wɔ baabi a ekosi. Yesu maa emu daa hɔ pefee sɛ Onyankopɔn ahyɛde ahorow no bi yɛ tẽẽ. Sɛ nhwɛso no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “M’ahyɛde ne sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no.” (Yohane 15:12) Sɛ obiara de saa ahyɛde yi reyɛ adwuma a, hwɛ sɛnea anka asetra bɛyɛ! Enti, Kristofo ahofadi nyɛ nea anohyeto nnim. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Monyɛ sɛ wɔn a wɔade wɔn ho, nanso mommfa mo ahofadi no nnyɛ bɔne nkataanim, na mmom sɛ Nyankopɔn nkoa.”—1 Petro 2:16.

Enti, ɛwom sɛ wɔnhyehyɛɛ mmara pii mmaa Kristofo de, nanso wɔmfa wɔn ankasa adwene nkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Onyankopɔn nkutoo na obetumi de akwankyerɛ a nnipa hia no ama wɔn. Bible ka no pefee sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Sɛ yedi Onyankopɔn akwankyerɛ so a, yebenya so mfaso pii.—Dwom 19:11.

Mfaso ahorow no bi ne anigye. Sɛ nhwɛso no, na aberante a yɛadi kan aka ne ho asɛm no yɛ ɔkorɔmfo ne ɔtorofo. Ná ɔbɔ aguaman nso. Bere a osuaa abrabɔ pa a Bible ka ho asɛm no, ɔsesaa n’abrabɔ, na ɔde Bible mu akwankyerɛ no bɔɔ ne bra. Ɔkae sɛ: “Ɛwom sɛ mfiase no mantumi anni nea Bible ka no nyinaa so prɛko pɛ de, nanso mihuu mfaso a ɛwɔ so no. Ɔbra a mebɔe wɔ bere bi a atwam mu no amma mannya anigye a mewɔ seesei no. Bible gyinapɛn a wode bɛbɔ wo bra no bɛma asetra ayɛ mmerɛw ama wo. Ɛma wuhu nea enti a wote ase ne nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne.”

Nnipa ɔpepem pii afa asetra a ɛte saa mu. Akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu a wɔde bɔ wɔn bra no aboa wɔn pii, na emu bi ne sɛ ama wɔne afoforo ntam abusuabɔ ayɛ papa, wɔanya adwuma ho adwempa, wɔatwe wɔn ho afi subammɔne ho, na wɔanya anigye wɔ wɔn asetra mu. Markus, * aberante bi a bere bi na ɔmfa Bible mmɔ ne bra na seesei de ɔde Bible bɔ ne bra no ka n’asetra ho asɛm sɛ: “Bible no a mede bɔ me bra no aboa me ama manya obu ama me ho.” *

Dɛn Na Wobɛka?

So Bible mmara yɛ den? Yiw, ɛyɛ den, nanso ɛso wɔ mfaso ma yɛn nyinaa. Na so, Bible mmara yɛ den dodo? Ɛno de, ɛyɛ dabi. Sɛ wɔma obiara yɛ nea ɔpɛ a, ɛyɛ ɔhaw ara nko na ɛde ba. Mfaso wɔ Bible gyinapɛn ahorow so, ɛma yɛn asetra yɛ yiye na yenya anigye. Markus ka sɛ: “Nea akɔ so no ama mahu sɛ nyansa wom sɛ obi de Onyankopɔn Asɛm bɛbɔ ne bra. Ɛwom sɛ m’asetra ayɛ soronko koraa wɔ nnipa dodow no ara de ho de, nanso mentee nka da sɛ mahwere biribi a ɛho hia wɔ m’asetra mu.”

Sɛ wufi ase hu sɛ worenya Bible gyinapɛn ahorow a wode bɔ wo bra no so mfaso a, ɛbɛma anisɔ a wowɔ ma Onyankopɔn Asɛm no ayɛ kɛse. Eyi bɛma woanya nhyira pii, na ɛbɛma woabenya Yehowa Nyankopɔn a Ɔma wɔkyerɛw Bible no ho dɔ. “Eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; nanso n’ahyɛde nyɛ den.”—1 Yohane 5:3.

Yehowa ne yɛn Bɔfo ne yɛn soro Agya. Ɔno na onim nea eye koraa ma yɛn. Sɛ́ anka ɔbɛhyɛ yɛn no, ɔma yɛn akwankyerɛ a ɔdɔ wom a ɛbɛboa yɛn. Yehowa nam anwensɛm yi so hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:18.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 Wɔasesa edin no.

^ nky. 13 Sɛ wopɛ abrabɔ ho nsɛm a wɔada no adi wɔ Bible mu a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? a Yehowa Adansefo tintimii no ti 12.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Yesu kae sɛ Onyankopɔn ahyɛde ahorow bɛma yɛn ho adwo yɛn

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Onyankopɔn akwankyerɛ a yɛde yɛ adwuma no ma yɛn ani gye, na ɛma yenya obu ma yɛn ho