Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Atra Ase Daa

Wubetumi Atra Ase Daa

Wubetumi Atra Ase Daa

NNIPA pii a wɔwɔ ɔsom ahorow nyinaa mu hwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa wɔ akwan horow so. Ɛwom sɛ ɛsono baabi a ɔsom biara kyerɛ sɛ wobenya daa nkwa no de, nanso ade biako a wɔn nyinaa hwɛ kwan ne sɛ wɔbɛtra ase anigye mu wɔ baabi a ahotɔ wɔ a wonsuro sɛ wobewu. So ɛnyɛ saa na wo nso wohwɛ kwan? Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ gyidi a ɛte saa a nnipa pii kura no mu? So ɛbere bi bɛba a yebenya daa nkwa?

Kyerɛwnsɛm no ka sɛ Ɔbɔadeɛ no de daa nkwa hyɛɛ nnipa komam fi bere a wɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no pɛɛ. Bible ka sɛ: “[Onyankopɔn de] wiase ahyɛ wɔn komam.”—Ɔsɛnkafo 3:11.

Nanso, na ɛsɛ sɛ nnipa baanu a wodi kan no ma kwan ma Onyankopɔn kyerɛ wɔn nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne, na ama wɔatra ase daa. Na sɛ wɔyɛɛ saa a, anka Yehowa bebu wɔn sɛ wɔfata sɛ ‘wɔtra ase daa’ wɔ Eden turo a na wɔasiesie ama wɔn sɛ wɔntra mu no mu.—Genesis 2:8; 3:22.

Nea Ɛyɛe a Wɔhweree Daa Nkwa

Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn duaa “papa ne bɔne hu dua” wɔ turo no mu, na ɔkae sɛ sɛ Adam ne Hawa di dua no aba no bi a wobewu. (Genesis 2:9, 17) Sɛ Adam ne Hawa anni dua no aba no bi a, na ɛno bɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn di wɔn so. Nanso, sɛ wodi dua no aba no bi a, ɛnde na ɛno bɛkyerɛ sɛ wɔmpɛ sɛ Onyankopɔn di wɔn so. Adam ne Hawa antie Yehowa akwankyerɛ, na wokogyinaa Satan a ɔyɛ honhom abɔde a ɔsɔre tiaa Onyankopɔn tumidi no afã. Ɛno nti, ɛyɛ ne kwan so sɛ Onyankopɔn buu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔtra ase daa.—Genesis 3:1-6.

Ná nea Onyankopɔn de asi wɔn anim ne nkwa anaa owu. Ná nea ebefi asoɔden a wɔbɛyɛ mu aba ne owu, na na wɔremma nkwa mu bio. Ná aduru a eyi nkonyaa anaa ɔkra a enwu da biara nni hɔ a ebetumi ama Adam ne Hawa, anaa wɔn asefo mu biara akɔ so atra ase. *

Asoɔden a Adam yɛe nti na n’asefo nyinaa hu amane no. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ nea efii mu bae no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, maa owu trɛw kaa nnipa nyinaa esiane bɔne a wɔn nyinaa ayɛ nti.”—Romafo 5:12.

Nea Ɛmaa Nnipa San Nyaa Daa Nkwa

Ɔsomafo Paulo de Adam asefo tebea a wɔwom no totoo nkoa a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu tebea ho. Esiane sɛ Adam ne Hawa de bɔne woo wɔn mma nti na wɔbɛyɛɛ “bɔne nkoa” a etwa sɛ wowu ɔkwan biara so no. (Romafo 5:12; 6:16, 17) Sɛ Yehowa amfa mmara kwan so annye Adam ne Hawa mma no a anka wɔbɛkɔ so ayɛ bɔne nkoa, na wɔrennya ahofadi. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea bɔne biako [a Adam yɛe] de afobu baa nnipa ahorow nyinaa so no, saa ara na adetrenee biako ma wobu nnipa ahorow nyinaa bem ma nkwa.” Saa “adetrenee” no na ɛmaa Yesu de ne nkwa a ɛyɛ pɛ bɔɔ afɔre “sɛ agyede a ɛfata maa nnipa nyinaa” no. Wɔ mmara kwan so no, Yehowa buu agyede no sɛ ɛwɔ tumi sɛ egye nnipa fi “atemmu” a ɛde “afobu” aba wɔn so no mu.—Romafo 5:16, 18, 19; 1 Timoteo 2:5, 6.

Ɛno nti na nyansahufo ntumi mfa nipadua mu nhwehwɛmu a wɔyɛ so nnya owu ano aduru no, efisɛ owu ano aduru no wɔ baabi foforo. Sɛnea Bible kyerɛ no, ade a ɛde owu baa nnipa so no fa abrabɔ ne atɛntrenee ho, na mmom ɛmfa nipadua anaa awosu ho. Enti, Yesu agyede afɔrebɔ a wɔnam so bɛma nnipa anya daa nkwa no nso fa atɛntrenee ho. Agyede no nso ma yehu sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee na ɔyɛ adɔe. Ɛnde, henanom na wobenya agyede no so mfaso na wɔanya daa nkwa?

Nkwa a Owu Nnim Akyɛde No

Yehowa yɛ Onyankopɔn a ‘ofi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri.’ Ɔwɔ nkwa a owu nnim. (Dwom 90:2) Onipa a odi kan a Yehowa maa no nkwa a owu nnim akyɛde no bi ne Yesu Kristo. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yenim sɛ seesei a wɔanyan Kristo afi awufo mu no, ɔrenwu bio; owu nni ne so tumi bio.” (Romafo 6:9) Nokwarem no, bere a na Paulo de atumfoɔ a wɔwɔ asase so retoto Yesu a wɔanyan no afi awufo mu ho no, ɔkae sɛ Yesu nkutoo ne obi a ɔwɔ nkwa a owu nnim. Yesu bɛkɔ so ‘atra ase daa.’ ‘Wɔresɛe’ ne nkwa da.—Hebrifo 7:15-17, 23-25; 1 Timoteo 6:15, 16.

Ɛnyɛ Yesu nkutoo ne obi a obenya akyɛde a ɛte saa. Kristofo a wɔde honhom asra wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wɔnkɔyɛ ahemfo wɔ soro anuonyam mu no benya owusɔre koro no ara a Yesu nyae no bi. (Romafo 6:5) Ɔsomafo Yohane kae sɛ nnipa 144,000 na wobenya hokwan soronko yi. (Adiyisɛm 14:1) Wɔn nso benya nkwa a owu nnim. Paulo kaa wɔn wusɔre no ho asɛm sɛ: “Honam ne mogya ntumi nnya Nyankopɔn ahenni, . . . Na torobɛnto no bɛhyɛn, na wɔanyan awufo sɛ wɔn a wɔmporɔw, na yɛbɛsesã. Na ɛsɛ sɛ nea ɛporɔw yi hyɛ nea ɛmporɔw, na nea ewu yi hyɛ nea enwu.” Wɔn a wobenya owusɔre a ɛte saa no renwu da.—1 Korintofo 15:50-53; Adiyisɛm 20:6.

Anisoadehu a Onyankopɔn de mae yi yɛ nwonwa ankasa. Ɛmfa ho sɛ abɔfo yɛ honhom abɔde no, wɔamma wɔn nkwa a owu nnim. Nea ɛma yehu eyi ne sɛ wɔbɛsɛe abɔfo a wɔkɔkaa Satan ho ma wɔtew atua no. (Mateo 25:41) Nanso, wɔama wɔn a wɔbɛka Yesu ho ne no adi ade no nkwa a owu nnim akyɛde no, na ɛno yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ wɔn mu ahotoso paa sɛ wɔbɛkɔ so adi nokware.

So eyi kyerɛ sɛ nnipa 144,000 no a sɛ yɛde wɔn toto nnipa ɔpepepem pii a wɔatra ase pɛn no ho a, wɔyɛ nnipa kakraa bi no nkutoo na wobenya daa nkwa? Dabi. Ma yɛnhwɛ nea enti a ɛte saa.

Daa Nkwa wɔ Paradise Asase So

Bible mu nhoma a ɛne adiyisɛm no ka nnipakuw kɛse a wontumi nkan wɔn a wɔama wɔn daa nkwa wɔ paradise asase so ho asɛm. Wɔn mu bi ne nnipa a wowui na wɔanyan wɔn ama wɔasan akɔ wɔn mmerantebere ne mmabaabere mu no. (Adiyisɛm 7:9; 20:12, 13; 21:3, 4) Wɔde wɔn kɔ “nkwa nsu asubɔnten a ani tew te sɛ ahwehwɛbo a ɛsen fi Nyankopɔn . . . ahengua no mu” ho. ‘Nkwa nnua a wɔde ne nhaban sa amanaman no yare’ sisi asubɔnten no asukɔn so. Yehowa Nyankopɔn fi ayamye mu to nsa frɛ yɛn sɛ: “Nea osukɔm de no biara mmra; na ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.”—Adiyisɛm 22:1, 2, 17.

Saa nnua ne nsu yi nyɛ owu ano aduru anaa nsu a sɛ obi nom bi a, ɛma ɔsan dan ɔbabun a nyansahufo ne nhwehwɛmufo fi teteete ahwehwɛ no. Mmom no, egyina hɔ ma nhyehyɛe a Onyankopɔn nam Yesu Kristo so ayɛ a ɔbɛsan ama nnipa akɔ pɛyɛ mu te sɛ nea na ɛte mfiase no.

Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma adesamma asoɔmmerɛfo anya daa nkwa wɔ asase yi so no nsesae. Esiane sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo nti, saa asɛm yi bɛbam. Dwom 37:29 ka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” Saa bɔhyɛ yi kanyan yɛn ma yɛne nnipa a wɔama wɔn nkwa a owu nnim wɔ soro no bom ka sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Mmeresanten Hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware. Yehowa, hena na ɔrensuro wo na ɔnhyɛ wo din anuonyam, efisɛ wo nkutoo ne ɔnokwafo? Amanaman nyinaa bɛba w’anim abɛsom wo, efisɛ w’ahyɛde a ɛteɛ no ada adi.”—Adiyisɛm 15:3, 4.

So w’ani gye daa nkwa akyɛde a ɛsom bo no ho? Sɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ wudi “Mmeresanten Hene” no nokware na woyɛ osetie ma no. Ɛho hia nso sɛ wusua Yehowa ne Yesu Kristo a ɔnam no so ma yenya nkwa a ɛte saa no ho ade. Wɔn a wogye Onyankopɔn gyinapɛn a ɛfa papa ne bɔne ho tom no nyinaa benya daa nkwa akyɛde no.—Yohane 17:3.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Sɛ wopɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra a enwu da ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So? nhomawa a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]

Anidaso a Ɛtra Hɔ Daa

Wɔ Gilgamesh a ɔyɛ Mesopotamia hene no anwensɛm a wɔkyerɛ sɛ wɔkyerɛw no mfe mpem abien A.Y.B. mu no, wɔkaa obi a na odi akoten wɔ ne nhoma no mu ho asɛm sɛ ɔhwehwɛɛ aduru a ɛbɛma obi akɔ so ayɛ ɔbabun bere nyinaa. Tete Misrifo hyɛɛ wɔn afunu aduru, na adwene na wɔde yɛ saa ne sɛ akra a wosusuw sɛ enwu da no bɛsan abɛhyɛ afunu no mu bio ma wɔanya nkwa. Enti, na Misrifo no de nneɛma biara a na wosusuw sɛ awufo no behia gu wɔn adamoa mu ma wɔde kɔ asamando.

Anyɛ yiye koraa no, efi afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no, na Chinafo nyansahufo gye di sɛ nnipa ntumi nwu; na eduu afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu no, na wogye di sɛ sɛ obi nom aduru a eyi nkonyaa a, ebetumi ama watra ase daa. Europafo ne Arabfo nyansahufo a wɔtraa ase tete no bɔɔ mmɔden hwehwɛe sɛ wɔn ankasa benya aduru bi a sɛ wɔnom a wɔrenwu da. Enti, nneɛma a wɔde frafra yɛɛ aduru no bi ne dwetɛ nsu ne sufre. Ɛbɛyɛ sɛ saa nnuru yi kunkum nnipa pii a wɔnom bi no!

Afei nso, mmere bi na nkurɔfo taa to anansesɛm bi a ɛfa Nsu a Ɛma Obi Dan Ɔbabun, nsuti bi a wɔkyerɛ sɛ wɔn a wɔnom bi nyinaa nya ahoɔden ho.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]

So Daa Nkwa Bɛfono Nnipa?

Ebinom ka sɛ daa nkwa bɛfono nnipa, na ɛbɛyɛ asetra tenteenten a anigye biara nnim. Ebia wɔhwɛ kwan sɛ daa nkwa bɛyɛ te sɛ asetra a yɛwom yi a wɔbɛma ayɛ tenteenten, na ɛbɛyɛ mfonoe ama nnipa pii, na ayɛ nea mfaso biara nni so. Nanso, wɔ Paradise a Onyankopɔn bɛsan de aba mu no, wahyɛ nnipa bɔ sɛ ‘wobegye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’ (Dwom 37:11) Asetra a ɛte saa bɛma adesamma anya hokwan asua nneɛma a Yehowa abɔ ho ade, na wɔanya bere pii de asua nneɛma a wɔn ani gye ho, na wobetumi ayɛ nnwuma a ɛnnɛ sɛ wonyae a anka wɔbɛyɛ no.

Ɔbenfo Aubrey de Grey, a ɔyɛ awosu ho nimdefo wɔ Cambridge University no yɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ sɛnea nnipa nkwa nna bɛyɛ tenten ho. Ɔkae sɛ: “Nnipa a wɔasua nhoma akɔ akyiri na wonya bere de nea wɔasua no yɛ adwuma no wɔ biribi yɛ bere nyinaa nnɛ. Na wonnya adwene bi sɛ bere bi bɛba a wɔrennya biribi foforo nyɛ.” Ɛno mpo no, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, “anka onipa renhu adwuma a Onyankopɔn yɛ fi mfiase kosi awiei no.”—Ɔsɛnkafo 3:11.