Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Boaa Me Ma Migyinaa Asetram Nsɛnnennen Ano

Yehowa Boaa Me Ma Migyinaa Asetram Nsɛnnennen Ano

Asetram Nsɛm

Yehowa Boaa Me Ma Migyinaa Asetram Nsɛnnennen Ano

SƐNEA DALE IRWIN KA KYERƐE

“MMOFRA BAAWƆTWE NO ARA YE! AHINANAN NO AMA ADWUMA NO AYƐ DEN.” Wɔkyerɛw saa asɛm yi wɔ atesɛm krataa bi mu de kaa ahinanan a me yere woo wɔn bɛkaa yɛn mmabea baanan ho no ho asɛm. Meyɛ aberante no, manyɛ m’adwene sɛ mɛware mpo na kampɛsɛ mawo mma. Nanso, me na na manya mma baawɔtwe yi!

WƆWOO me wɔ Mareeba, Australia, wɔ afe 1934 mu. Me na na meyɛ mma baasa no mu kaakyire. Akyiri yi, yɛn abusua no tu kɔtraa Brisbane, na me maame kɔkyerɛɛ ade wɔ Kwasida asɔre a wɔyɛ ma mmofra wɔ Metɔdist asɔre a ɛwɔ hɔ no mu.

Wɔ afe 1938 mfiase no, Australia atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ Joseph F. Rutherford a ofi Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no reba ɔman no mu, nanso anhwɛ a Australia aban mma no mma. Maame bisaa Ɔdansefo bi a ɔbaa yɛn fie no sɛ, “Dɛn nti na wɔreyɛ Owura no saa?” Ɔdansefo no kae sɛ: “Yesu anka sɛ nkurɔfo bɛtaa n’akyidifo anaa?” Maame gyee nhomawa bi a wɔato din Cure, a ɛkyerɛkyerɛ nsonsonoe kɛse a ɛda nokware som ne atoro som ntam no mu. * Maame ani gyee nhomawa no ho araa ma Kwasida a edi hɔ no ɔde ne mma nyinaa kɔɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam bi ase. Mfiase no, na me papa ani nnye ho koraa, nanso ɛtɔ mmere bi a na ɔkyerɛw Bible mu nsɛmmisa de ma Maame kɔma onua bi. Ná onua no nso gyina Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw ne nsɛmmisa no ho mmuae de ma Maame kɔma Paapa.

Kwasida bi me papa ne yɛn kɔɔ asafo nhyiam, a adwene a na okura ne sɛ ɔrekɔka sɛnea n’ani nnye Adansefo ho no ho asɛm. Nanso, bere a ɔmansin sohwɛfo a na wabɛsra yɛn saa bere no ne Paapa kasae no, Paapa sesae araa ma ɔpenee so ma wɔyɛɛ dapɛn biara Bible adesua a wɔyɛ ma anigyefo a wɔwɔ yɛn mpɔtam hɔ no wɔ yɛn fie.

Wɔbɔɔ m’awofo asu wɔ September 1938 mu. Me ne me nuanom a aka no nso bɔɔ asu wɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Hargreave Park wɔ Sydney, New South Wales no ase wɔ December 1941 mu. Ná madi mfe ason. Ɛno akyi no, na me ne m’awofo kɔ asɛnka daa. Saa bere no, na Adansefo no de Bible mu ɔkasa a wɔakyere agu apaawa so hyɛ gramafon mu de kɔ nkurɔfo afie mu kɔbɔ ma wotie.

Ɔdansefo a mekae no paa ne Bert Horton. Ná ɔwɔ kar bi a akasam bi a ano yɛ den si so. Ná ɛyɛ anigye paa sɛ wo ne Bert bɛyɛ adwuma, ne titiriw no abarimaa a ɔte sɛ me. Sɛ nhwɛso no, sɛ na yɛrebɔ Bible mu ɔkasa no wɔ bepɔw bi atifi a, na yɛtaa hu sɛ polisi kar reba baabi a yɛwɔ no. Ná Bert yɛ ntɛm dum afiri no tu kar no ma yɛkɔ bepɔw foforo a ɛmmɛn hɔ so kɔbɔ ɔkasa foforo. Bert ne anuanom anokwafo a wɔyɛ nsi saa no maa misuaa sɛnea mede me ho bɛto Yehowa so na mada akokoduru adi.—Mateo 10:16.

Midii mfe 12 no, sɛ mepɔn sukuu a na me nkutoo mitumi kɔ asɛnka. Bere bi, mihyiaa abusua bi a wɔfrɛ wɔn Adshead. Bere bi akyi no, awofo no ne wɔn mma baawɔtwe, ne wɔn nenanom pii besuaa nokware no. Meda Yehowa ase sɛ ɔmaa abarimaa kumaa sɛ me de Bible mu nokware no kɔkyerɛkyerɛɛ abusua yi.—Mateo 21:16.

Ɔsom Hokwan a Minyae Wɔ Me Mmeranteberem

Midii mfe 18 no, minyaa hokwan somee sɛ daa kwampaefo wɔ Maitland, New South Wales. Wɔ afe 1956 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra mɛyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Sydney, Australia no. Ná adwumayɛfo 20 a na wɔwɔ hɔ no mu bɛyɛ baason yɛ wɔn a wɔasra wɔn a wɔn anidaso ne sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ ɔsoro Ahenni mu no. Hwɛ hokwan kɛse a minyae sɛ me ne wɔn yɛɛ adwuma!—Luka 12:32; Adiyisɛm 1:6; 5:10.

Me tirim a na mabɔ sɛ mɛyɛ osigyani no tu yerae bere a mihyiaa Judy Helberg, onuawa ɔkwampaefo ɔhoɔfɛfo bi a ɔbaa Betel bere tiaa bi mu bɛboaa me wɔ adwuma kɛse bi a na mereyɛ no. M’ani begyee Judy ho, na ɔno nso ani gyee me ho, na mfe abien akyi no, yɛwaree. Ɛno akyi no, yɛkɔyɛɛ ɔmansin adwuma, na dapɛn biara na yetu kwan kɔsra Yehowa Adansefo asafo bi kɔhyɛ anuanom nkuran.

Judy woo yɛn babea a odi kan, Kim, wɔ afe 1960 mu. Ɛnnɛ, sɛ obi reyɛ ɔmansin adwuma na sɛ ɔwo a, ɛsɛ sɛ ogyae adwuma no ba fie bɛhwɛ n’abusua. Nanso, nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa kɛse ne sɛ, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛtoa ɔmansin adwuma no so. Bere a yɛde mpaebɔ susuw ho kɔɔ akyiri no, yɛpenee so, na bɛboro asram ason a edi hɔ no, yɛne Kim de bɔs, wimhyɛn, ne keteke, tutuu akwan kilomita 13,000 kɔsrasraa asafo ahorow a na apete wɔ Queensland ne Northern Territory mu no. Saa bere no, na yenni kar.

Ná yɛtra anuanom mmarima ne mmea afie mu bere nyinaa. Esiane sɛ Australia yɛ hyew nti, saa bere no na wɔmfa apon nsisi adan a wɔda mu ano, na mmom na wɔde ntama na ɛsensɛn ano, na sɛ ɛba sɛ Kim su anadwo a, na yɛn ho yeraw yɛn kɛse. Eduu baabi no, na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛhwɛ yɛn ba no asan ayɛ yɛn som adwuma no. Enti yɛtraa Brisbane, na meyɛɛ mfonini tɔnee wɔ hɔ. Kim dii mfe abien no, yɛwoo ɔbabea foforo a ne din de Petina.

Sɛnea Yegyinaa Yɛn Awerɛhosɛm Ano

Wɔ afe 1972 mu no, bere a na yɛn mmabea no adi mfe 12 ne 10 no, kokoram kum Judy. Ne wu no maa yɛn abusua no dii awerɛhow yiye. Nanso, wɔ Judy yare mu ne ne wu akyi nyinaa no, Yehowa nam n’Asɛm, ne honhom kronkron, ne yɛn nuanom so kyekyee yɛn werɛ. Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a yɛn nsa kae wɔ Judy wu akyi pɛɛ nso kyekyee yɛn werɛ. Na ɛka sɛnea yebetumi agyina sɔhwɛ ahorow a yehyia ne yɛn adɔfo wu ano ho asɛm, na ɛma yehuu sɛnea sɔhwɛ betumi aboa yɛn ma yɛanya su a ɛbɛma yɛne Yehowa ntam akɔ so ayɛ papa te sɛ boasetɔ, gyidi, ne nokwaredi. *Yakobo 1:2-4.

Judy wu akyi no, me ne me mmabea no ntam abusuabɔ mu bɛyɛɛ den paa. Nokwarem no, na ɛyɛ den ma me paa sɛ mɛyɛ nnwuma a agya ne ɛna yɛ no nyinaa. Nanso, me mmabea baanu no maa m’adwuma no yɛɛ mmerɛw koraa.

Mewaree Bio Nyaa Abusua Kɛse

Bere bi akyi no, mesan waree. Ɛkame ayɛ sɛ, na me ne me yere foforo Mary nyinaa ahyia ɔhaw biako. Ná kokoram akum ɔno nso kunu. Ná ɔno nso wɔ mmabea baanu a wɔn din de Colleen ne Jennifer. Ná Petina kyɛn Colleen bɛyɛ mfe abiɛsa. Enti saa bere no, yebenyaa mmofra baanan wɔ yɛn abusua no mu, na wɔadi mfe 14, 12, 9, ne 7.

Mfiase no, me ne Mary nyinaa sii gyinae sɛ obiara nteɛ n’ankasa mma so nkosi sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw ama mmofra no sɛ wobegye yɛn mu biara nteɛso atom. Sɛ́ okunu ne ɔyere no, me ne Mary nyinaa hyehyɛɛ mmara abien bi a ɛho hia maa yɛn ho. Nea edi kan no, yɛanna yɛn abufuw adi wɔ yɛn mma no anim da, nea ɛto abien no, yɛyɛɛ ade maa ɛne Bible nnyinasosɛm a ɛwɔ Efesofo 4:26 no hyiae sɛ, sɛ yɛn adwene nhyia wɔ biribi ho na sɛ ebegye nnɔnhwerew pii mpo ansa na yɛatumi asiesie a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa!

Anigyesɛm ne sɛ yɛn mu biara bɔɔ mmɔden maa asomdwoe traa abusua a na mmanoma wom no mu, nanso yɛn werɛ amfi yɛn adɔfo a wɔawuwu no ntɛm. Sɛ nhwɛso no, na Dwoda anwummere biara yɛ Mary “su da.” Sɛ yɛyɛ yɛn abusua adesua wie na mmofra no kɔda a, na Mary su de yi n’awerɛhow a ahyɛ no so no.

Ná Mary pɛ sɛ me no wo. Awerɛhosɛm ne sɛ, nyinsɛn no sɛee. Bere a Mary san nyinsɛnee no, wɔkaa biribi a na yɛnhwɛ kwan koraa ho asɛm kyerɛɛ yɛn. Nipaduam nhwehwɛmu a ɔkɔyɛe ma yehui sɛ ɛnyɛ abofra biako pɛ na ɔda Mary yam, na mmom mmofra baanan! Me ho dwiriw me yiye. Ná ɛrenkyɛ koraa na obi a madi mfe 47 no anya mma baawɔtwe! Mary nyinsɛn asram ason no, wɔyɛɛ no oprehyɛn yiyii mmofra baanan no wɔ February 14, 1982. Sɛnea woyiyii mmofra no nnidiso nnidiso ne wɔn mu duru na edi so yi, na Clint mu duru yɛ kilogram 1.6; Cindy, 1.9; Jeremy, 1.4; ne Danette, 1.7. Ná ɛsono wɔn mu biara ne n’anim.

Mary woe akyi no, oduruyɛfo a ogyee no awo no bɛtraa me nkyɛn.

Obisaa me sɛ: “Woredwen sɛnea wobɛhwɛ mmofra no ho?”

Mekae sɛ: “Minhyiaa saa asɛm yi bi da.”

Asɛm a ɔsan kae no yɛɛ me nwonwa, na ɛmaa me ho dwiriw me.

Ɔkae sɛ: “W’asafo no mufo bɛboa wo. Nea ehia ara ne sɛ wobɛbɔ wo nsa ano, wɔbɛyɛ nea wuhia biara ama wo!”

Oduruyɛfo a onim adwuma yiye yi ne n’aboafo no ka ho bi paa na ɛma yɛde mmofra baanan a wɔte apɔw no tumi fii ayaresabea hɔ kɔɔ fie wɔ asram abien pɛ ntam no.

Ahinanan no Ntetee Mu Nsɛnnennen

Nea ɛbɛyɛ na biribiara akɔ so pɛpɛɛpɛ no, me ne Mary nyinaa yɛɛ adwuma a yɛbɛyɛ no da biara da ho nhyehyɛe too hɔ. Mmabea baanan a na wɔanyinyin no boaa yɛn wɔ mmofra no hwɛ mu paa. Oduruyɛfo no asɛm a ɔka kyerɛɛ me no baa mu ampa, efisɛ minya “bɔɔ me nsa ano” ara pɛ na asafo no mufo aba sɛ wɔrebɛboa yɛn. Ansa na wɔrewo mmofra no, na MacArthur a ɔyɛ yɛn adamfo no aboaboa Adansefo a wonim ɔdan si ano ma wɔabɛtrɛw yɛn fie no mu. Yɛde mmofra no baa fie no, anuanom mmea bi ba bɛboa ma yɛhwɛɛ wɔn. Ayamye a wɔdaa no adi yi nyinaa yɛ Kristofo dɔ a wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn.—Efesofo 4:26.

Sɛ yɛbɛka a, na ahinanan no yɛ “asafo no mma.” Ɛde besi nnɛ mpo, ahinanan no bu anuanom mmarima ne mmea pii a wɔwɔ dɔ a wɔboa ma yɛhwɛɛ wɔn no sɛ yɛn abusuafo. Mary ada ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔyere pa ne ɛna a okum ne ho ma ne mma. Ɔde nea wasua afi Onyankopɔn Asɛm ne ahyehyɛde no mu adi dwuma ankasa. Afotu biara nni hɔ a ɛsen eyi!—Dwom 1:2, 3; Mateo 24:45.

Ɛwom sɛ na mmofra baanan no hwɛ nna fam de, nanso na yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow ne asɛnka dapɛn biara. Nea ɛboaa yɛn paa saa bere no ne mmea baanu bi ne wɔn kununom a na wɔba yɛn fie ma yɛne wɔn sua Bible no. Ɛwom mpo sɛ eyi maa nneɛma mu yɛɛ mmerɛw maa yɛn de, nanso ɛtɔ mmere bi a na Mary brɛ araa ma sɛ yɛreyɛ adesua no a, na ɔretɔ nko bere a abofra da ne nsa so. Bere bi akyi no, saa awarefo no bɛyɛɛ Yehowa asomfo.

Yɛde Onyankopɔn Som Tetee Wɔn Fii Mfiase Pɛɛ

Ansa na mmofra no resua nantew mpo no, na me ne Mary, ne yɛn mmabea mpanyimfo no de wɔn kɔ asɛnka. Bere a mmofra no retutu no, na mefa wɔn mu baanu ma Mary nso fa baanu, na na ɛno mmoro yɛn so. Nokwarem no, na yɛde wɔn kɔ asɛnka a, na afiewuranom a wɔn anim tew ka mmofra no ho asɛm, na na yegyina ɛno so fi nkɔmmɔbɔ ase. Da bi, mihyiaa ɔbarima bi a ɔkae sɛ, nnipa a wɔwo wɔn ɛda pɔtee bi wɔ ɔsram koro mu no yɛ wɔn ade ɔkwan koro so. Me ne no annye akyinnye, na meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ mekɔ na mesan ba akyiri yi. Ɔpenee so, enti mekɔfaa me mma ahinanan no kaa me ho kɔe. Mede mmofra no gyinagyinaa hɔ fi ɔpanyin so kosii akumaa so, na na ɔhwɛ me a na onhu nea merepɛ akyerɛ. Afei, yɛbɔɔ nkɔmmɔ bi a na ɛyɛ anigye, na mmofra no nsɛ, saa ara nso na na wɔn mu biara suban nko, na ɛno bɔɔ n’asɛm no gui koraa. Ɔbarima no kae sɛ: “Ɛyɛ me sɛ mansusuw asɛm a meka kyerɛɛ wo no ho ankɔ akyiri. Ɛsɛ sɛ mesan kɔyɛ saa asɛm yi mu nhwehwɛmu kɔ akyiri, anaa meboa?”

Bere a na ahinanan no yɛ mmofra no, sɛ wodi mfomso bi na yɛka wɔn bom teɛ wɔn so a, na wɔn bo fuw, enti na yɛteɛ wɔn so mmiako mmiako. Nanso, wohui sɛ mmara koro no ara na ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa di so. Sɛ na asɛm bi sɔre wɔ sukuu mu a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ahonim di ho dwuma a, na wodi Bible mu nnyinasosɛm akyi pɛpɛɛpɛ, na wɔn nyinaa yɛ biako, na Cindy na na ɔkasa ma wɔn. Ankyɛ koraa na nkurɔfo hui sɛ sɛ wode w’asɛm kɔ ahinanan no so a, w’ankasa wubehu sɛ woahyia paa!

Mmofra no duu wɔn mpanyin afe so no, me ne Mary hyiaa nsɛnnennen a awofo dodow no ara hyia bere a wɔreboa wɔn mma a wɔadu wɔn mpanyin afe so ma wɔakɔ so adi Yehowa nokware no. Sɛ ɛnyɛ mmoa a yenya fii asafo no mufo a wɔwɔ dɔ ne honhom fam aduan pii a yenya fii Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no hɔ a, anka mmofra no ntetee bɛyɛ den paa. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ abusua Bible adesua daa, na yɛne mmofra no fii yɛn komam bɔɔ nkɔmmɔ bere nyinaa, na na ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ saa. Nanso, nea yɛyɛe no so aba mfaso efisɛ mmofra baawɔtwe no nyinaa resom Yehowa.

Sɛnea Meregyina Onyin Mu Haw Ano

Mfe a abɛsen kɔ no mu no, manya ɔsom hokwan pii wɔ asafo no mu: masom sɛ asafo mu panyin, kurow sohwɛfo, ne ɔmansin sohwɛfo nanmusini. Masan asom sɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw no muni a yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛboa Adansefo a wɔyare ma wɔanya nnuruyɛfo a wɔte yɛn ase bere a mogya ho asɛm asɔre no. Mfe 34 ni a wɔama me tumi wɔ asafo no mu sɛ menhwɛ ma wɔmfa aware nhyɛ aban mmara ase. Na mahwɛ ama wɔde aware bɛyɛ 350 a me mmabea baasia de ka ho ahyɛ mmara ase.

Meda Yehowa ase bere nyinaa wɔ mmoa a makɔ so anya afi me yere a odi kan, Judy, ne me yere Mary a mewaree no akyiri yi hɔ no ho. (Mmebusɛm 31:10, 30) Bere a wɔboaa me ma meyɛɛ m’adwuma sɛ asafo mu panyin no, wɔyɛɛ nhwɛso pa nso wɔ asɛnka adwuma no mu, na wɔboae ma yɛde Onyankopɔn suro tetee yɛn mma no.

Wɔ afe 1996 mu no, wohui sɛ manya adwenemyare a ɛma me nsa wosowosow, na menantew a mekɔ afããfã. Enti mintumi nyɛ mfonini ntɔn bio. Nanso, meda so ara de anigye pii resom Yehowa ɛmfa ho sɛ mintumi nyɛ pii no. Nea eye wom ne sɛ, ama manya tema kɛse ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim.

Sɛ metra ase susuw m’asetra ho a, meda Yehowa ase bere nyinaa sɛ ɔwɔ m’afã na ɔboa me ne m’abusua ma yɛde anigye gyina ɔhaw pii a yehyia no ano. (Yesaia 41:10) Me ne Mary, ne yɛn mma baawɔtwe no ani sɔ mmoa a ɛso bi nni a yenya fii yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛne wɔn resom Onyankopɔn sɛ abusua no hɔ no. Wɔn nyinaa ada wɔn dɔ adi wɔ akwan horow a yentumi nka ho asɛm mpo so.—Yohane 13:34, 35.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Yehowa Adansefo na wotintimii, nanso seesei wɔagyae tintim.

^ nky. 17 Hwɛ March 15, 1972, Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 174-80.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Me ne Maame, me nuabarima panyin Garth, ne me nuabea Dawn, rebɛkɔ ɔmantam nhyiam wɔ Sydney wɔ afe 1941 mu

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Me ne Judy ne yɛn ba Kim, bere a na meyɛ ɔmansin adwuma wɔ Queensland no

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Bere a yɛwoo yɛn mma ahinanan no, yɛn mmabea mpanyimfo baanan no ne asafo no mufo boaa yɛn kɛse