Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Dɛn Nti na Yɛwɔ Ha?”

“Dɛn Nti na Yɛwɔ Ha?”

“Dɛn Nti na Yɛwɔ Ha?”

ELIE WIESEL a ɔfaa Nasi aninyanne mu a akyiri yi onyaa Nobel Abasobɔde no kae sɛ “asɛm bi wɔ hɔ a ɛho hia sen biara a ɛsɛ sɛ onipa desani susuw ho.” Ɛyɛ asɛm bɛn? Ɛne sɛ: “Dɛn nti na yɛwɔ ha?”

Woasusuw asɛmmisa yi ho pɛn? Nnipa pii asusuw ho, nanso wonnyaa ho mmuae. Bere a Britania abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee bɔɔ mmɔden sɛ obehu nea enti a yɛte nkwa mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Onipa atirimpɔw titiriw paa ne sɛ ɔbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam na wanya Ne mu anigye daa daa.”

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, bɛyɛ mfe mpem abiɛsa a atwam ni no, na ɔbarima bi a wonim no yiye sɛ osusuw nnipa asetra ho no anya asɛmmisa yi ho mmuae. Ɔhene Salomo nyansafo no kae sɛ: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—Ɔsɛnkafo 12:13.

Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo foaa asɛntitiriw yi so. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mmɔden paa sɛ ɔbɛhyɛ ne soro Agya no anuonyam. Som a Yesu som ne Bɔfo no maa n’asetra tuu mpɔn. Ɛwowaw no ma enti otumi kae sɛ: “M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde.”—Yohane 4:34.

Ɛnde, dɛn nti na yɛwɔ ha? Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde sɛnea Yesu, Salomo, ne Onyankopɔn asomfo afoforo yɛe no a, yebenya asetra mu atirimpɔw ankasa ne anigye a enni awiei. So wobɛpɛ sɛ wuhu sɛnea wubetumi asom Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu”? (Yohane 4:24) Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woabua asɛmmisa a ɛne sɛ: “Dɛn nti na yɛwɔ ha?”