Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa W’abrabɔ Kyerɛ Sɛ Wowɔ Gyidi

Fa W’abrabɔ Kyerɛ Sɛ Wowɔ Gyidi

Fa W’abrabɔ Kyerɛ Sɛ Wowɔ Gyidi

“Gyidi nso sɛ nnwuma nka ho a, na awu n’ankasa mu.”—YAKOBO 2:17.

1. Dɛn nti na tete Kristofo no maa wɔn ani kuu wɔn gyidi ne wɔn nnwuma nyinaa ho?

TETE Kristofo no nyinaa de wɔn abrabɔ kyerɛe sɛ wɔwɔ gyidi. Osuani Yakobo hyɛɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ: “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛnea nipadua a honhom nnim awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nnim awu.” (Yakobo 1:22; 2:26) Bere a ɔkyerɛw saa asɛm no bɛyɛ mfe 35 akyi no, na Kristofo pii da so ara de wɔn nnwuma kyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom anyɛ saa. Yesu kamfoo Smirna asafo no; nanso ɔka kyerɛɛ Sardi asafo no mufo pii sɛ: “Minim wo nnwuma sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu.”—Adiyisɛm 2:8-11; 3:1.

2. Ɛdefa gyidi ho no, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo bisa wɔn ho?

2 Saa ara na Yesu hyɛɛ wɔn a wɔwɔ Sardi ne obiara a akyiri yi na ɔbɛkenkan ne nsɛm no nkuran sɛ, wɔnkɔ so nkura ɔdɔ a wodii kan nya maa Kristofo nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nokware no mu, na wɔmma wɔn ani nku wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho. (Adiyisɛm 3:2, 3) Yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ: ‘Me nnwuma te dɛn? So me nneyɛe kyerɛ pefee sɛ mereyɛ nea metumi biara wɔ biribiara a meyɛ mu de akyerɛ sɛ mewɔ gyidi wɔ nneɛma a ɛne asɛnka adwuma anaa asafo nhyiam nni abusuabɔ tẽẽ mpo mu?’ (Luka 16:10) Yebetumi asusuw asetra mu nneɛma pii ho, nanso ma yɛmfa biako pɛ nsusuw ho: apontow, a Kristofo ayeforohyia akyi apontow nso ka ho.

Apontow Nketewa

3. Dɛn na Bible ka fa apontow ase a yɛbɛkɔ ho?

3 Yɛn mu dodow no ara ani gye sɛ Kristofo a wɔwɔ anigye bɛto nsa afrɛ yɛn akɔ apontow ase. Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn” a ɔpɛ sɛ n’asomfo ani gye. (1 Timoteo 1:11) Ɔmaa Salomo kyerɛw nokwasɛm yi wɔ Bible mu: “Mekamfoo anigye, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia ase, gye sɛ odidi na ɔnom na n’ani gye, na eyi ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna . . . mu.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 4, 13; 8:15) Anigye a ɛte saa betumi akɔ so wɔ abusua a wɔahyiam redidi ntam anaa wɔ apontow nketewa afoforo a nokware asomfo reyɛ ase.—Hiob 1:4, 5, 18; Luka 10:38-42; 14:12-14.

4. Dɛn na ɛsɛ sɛ obi a ɔreyɛ apontow ho nhyehyɛe ma ɛho hia no?

4 Sɛ woreyɛ apontow a ɛte saa ho nhyehyɛe na sɛ Kristofo kakraa bi na wobɛto nsa afrɛ wɔn ma moadidi abɔ nkɔmmɔ mpo a, ɛsɛ sɛ wususuw ho yiye. (Romafo 12:13) Ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ wobɛma “nyansa a efi soro” akyerɛ wo kwan ma ‘biribiara akɔ so fɛfɛɛfɛ.’ (1 Korintofo 14:40; Yakobo 3:17) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Sɛ moredidi oo, morenom oo, biribi foforo biara a moreyɛ no, monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Nyankopɔn anuonyam. Monhwɛ na moanto obiara hintidua.’ (1 Korintofo 10:31, 32) Apontow no ho nneɛma bɛn na ehia sɛ woma w’ani ku ho? Biribi a ɛte saa a wubedi kan asusuw ho no betumi aboa ma woahwɛ sɛ, nea wo ne w’ahɔho no bɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ mo gyidi nwui.—Romafo 12:2.

Ɛbɛyɛ Apontow Bɛn?

5. Dɛn nti na sɛ obi pɛ sɛ ɔto pon a, ɛsɛ sɛ osusuw ho yiye sɛ ebia ɔde mmosa bɛba ase na wabɔ nnwom?

5 Wɔn a wɔyɛ apontow ho nhyehyɛe no mu pii ntumi nhu sɛ wɔmfa mmosa mmra ase anaa. Ɛnyɛ mmosa na ɛbɛma apontow bi ase ayɛ anigye. Kae sɛ Yesu maa paanoo ne nam kakraa bi yɛɛ pii de maa nnipakuw kɛse bi a wɔbaa ne nkyɛn dii. Ɛwom sɛ na Yesu betumi ayɛ anwonwade ma wɔanya bobesa anom de, nanso Bible anka sɛ ɔyɛɛ saa. (Mateo 14:14-21) Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wode mmosa bɛba apontow ase a, ɛsɛ sɛ wohwɛ dodow a wode bɛba no, na wohwɛ sɛ wɔn a wɔmpɛ nsa no benya nea wɔn ani gye ho. (1 Timoteo 3:2, 3, 8; 5:23; 1 Petro 4:3) Nhyɛ obiara ma ɔnte nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔnom biribi a ebetumi ‘aka te sɛ ɔwɔ.’ (Mmebusɛm 23:29-32) Na nnwom a wɔbɔ ne nnwom a wɔto nso ɛ? Sɛ wobɛbɔ nnwom wɔ w’apontow ase a, akyinnye biara nni ho sɛ wode ahwɛyiye bɛpaw nnwom no, na wubesusuw nnwom no nnyigyei ne emu nsɛm nso ho. (Kolosefo 3:8; Yakobo 1:21) Kristofo pii ahu sɛ, sɛ wɔbɔ Kingdom Melodies anaa wɔbom to nnwom a ɛte saa mpo a, ɛma wɔn ani gye. (Efesofo 5:19, 20) Na ɛyɛ papa nso sɛ wobɛtaa ahwɛ nnwom no ano den no, na amma anyɛ den sɛ mobɛbɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ nnwom no tuatua w’afipamfo aso.—Mateo 7:12.

6. Ɛdefa nkɔmmɔbɔ ne nneɛma afoforo ho no, dɛn na obi a ɔreto pon bɛyɛ de akyerɛ sɛ ne gyidi nwui?

6 Sɛ Kristofo hyiam wɔ apontow ase a, wobetumi aka nneɛma pii ho asɛm, wobetumi akenkan biribi den, anaa wɔaka osuahu a ɛyɛ anigye. Sɛ nkɔmmɔbɔ no dan kɔ biribi foforo so a, nea ɔreto pon no betumi afa anifere kwan so de asi kwan mu bio. Ɛsɛ sɛ ɔma n’ani da hɔ nso na wamma obi annye nkɔmmɔ no amfa. Sɛ ohu sɛ obi reyɛ ayɛ saa a, obetumi afa anifere kwan so aka biribi ma obiara de n’ano ato mu bi. Ebia obetumi ama mmofra a wɔwɔ apontow no ase akasa anaa ɔde asɛm bi a ɛbɛma obiara akyerɛ n’adwene ato gua. Mmofra ne mpanyin nyinaa ani begye biribi a ɛte saa a wɔbɛyɛ wɔ apontow no ase ho. Sɛ wode nyansa ne anifere hwɛ nneɛma so yiye wɔ w’apontow ase a, nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa ‘behu wo ntease.’ (Filipifo 4:5) Wobehu sɛ wo gyidi nwui, na ɛka biribiara a woyɛ wɔ w’asetra mu.

Aware ne Ayeforohyia Apontow

7. Dɛn nti na ɛfata sɛ yesusuw ayeforohyia ne ɛho apontow nhyehyɛe ho?

7 Yɛn ani betumi agye bere a yɛakɔ Kristofo ayeforohyia ase no. Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete, a Yesu ne n’asuafo ka ho no fii wɔn pɛ mu de wɔn ho hyɛɛ anigyede ahorow a ayeforohyia apontow nso ka ho mu. (Genesis 29:21, 22; Yohane 2:1, 2) Nanso nnansa yi, osuahu ama ada adi sɛ, egye mmɔdenbɔ kɛse na Kristofo atumi ada ntease adi na wɔakari pɛ wɔ ayeforohyia apontow nhyehyɛe ho. Eyinom ka nneɛma a nnipa yɛ wɔ asetram no nso ho, na ɛma Kristoni nya hokwan de kyerɛ sɛ ɔwɔ gyidi.

8, 9. Dɛn na ɛkɔ so wɔ ayeforohyia pii ase a ɛma yehu sɛ asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 2:16, 17 no yɛ nokware?

8 Nnipa pii a wonnim Onyankopɔn nnyinasosɛm anaa ɛho nhia wɔn no bu ayeforohyia sɛ bere a wobetumi ayɛ ade ma atra so, anaasɛ ebia wɔbɛyɛ nea wɔpɛ biara. Wɔ Europa nsɛmma nhoma bi mu no, ɔbea bi a w’aware foforo kaa n’ayeforo a okukuruu no kakraa no ho asɛm sɛ: ‘Yɛtraa teaseɛnam a apɔnkɔ mmiako mmiako anan twe mu a na teaseɛnam nketewa 12, ne teaseɛnam foforo a nnwontofo kuw a wɔrebɔ nnwom wom a apɔnkɔ retwe di akyi. Ɛno akyi no, yedii aduan a emu yɛ huam na ɛyɛ dɛ, na yetiee nnwom pa kaa ho; ná ɛsɛ w’ani. Nea na mepɛ ara ni, saa da no na meyɛ ɔhemmaa.’

9 Ɛwom sɛ ɛsono ɔman biara amanne de, nanso nsɛm a ɔbea yi kae yi si nea ɔsomafo Yohane kyerɛwee no so dua: “Nea ɛwɔ wiase biara—honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho—emfi Agya no, na mmom efi wiase.” Wohwɛ a, Kristofo baanu a wɔn ho akokwaw bekukuru ayeforo kakraa na wɔato pon a obiara ntoo bi da? Sɛ́ anka wɔbɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ nhyehyɛe a wɔbɛyɛ no ma ɛda adi sɛ wonim sɛ “nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:16, 17.

10. (a) Dɛn nti na nhyehyɛe pa ho hia na wɔatumi ahyia ayeforo a ɛfata? (b) Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ wosisi wɔ wɔn a wɔbɛto nsa afrɛ wɔn no ho?

10 Bible betumi aboa Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔware no ma wɔada ntease adi, na wɔanyɛ ade a ɛboro wɔn ahoɔden so. Ɛwom sɛ ayeforohyia da no yɛ da titiriw de, nanso ɛsɛ sɛ Kristofo baanu a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa daakye no hu sɛ, afei na wɔrehyɛ ɔbra ase sɛ awarefo. Biribiara nkyekyere wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔto pon kɛse wɔ wɔn ayeforohyia akyi. Sɛ wɔpaw sɛ wɔbɛto pon a, ɛsɛ sɛ wɔn baanu no bom sese apontow no ho ka na wosusuw sɛnea wɔbɛyɛ no ho. (Luka 14:28) Sɛ́ Kristofo a wɔrebɛtra ase abom no, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ, okunu no na ɔyɛ ti. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:22, 23) Enti ayeforokunu no na ayeforohyia akyi apontow no hyɛ no nsa. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ofi ɔdɔ mu ne onii a ɔbɛyɛ ne yere daakye no susuw wɔn a wɔpɛ sɛ wɔto nsa frɛ wɔn anaa wɔn a wobetumi ato nsa afrɛ wɔn aba ayeforohyia apontow no ase bi no ho. Ebia ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛfrɛ wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo nyinaa; enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ wɔ gyinae a wobesisi ho. Ɛsɛ sɛ nnipa baanu no tumi nya awerɛhyem sɛ, sɛ wɔrentumi mfrɛ mfɛfo Kristofo bi a, saafo no bɛte ase, na ɛrenhaw wɔn.—Ɔsɛnkafo 7:9.

“Adidiihwɛfo” Anaa Nea Ɔbɛhwɛ Apontow no So

11. Dɛn na “adidiihwɛfo” no betumi ayɛ wɔ ayeforohyia no ho?

11 Sɛ nnipa baanu a wɔrebɛware no paw sɛ wɔbɛtow pon wɔ ayeforohyia no akyi a, dɛn na wɔbɛyɛ na asɛm biara amma nea ɛbɛkɔ so no ho? Mfe pii ni, Yehowa Adansefo ahu sɛ nyansa wom sɛ wɔde nea ɛkɔɔ so wɔ ayeforohyia a Yesu kɔɔ bi wɔ Kana ase no fã bi ka wɔn nhyehyɛe ho. Ná “adidiihwɛfo” wɔ hɔ, na akyinnye biara nni ho sɛ na ɔbɛyɛ ayeforokunu no yɔnko gyidini a ne ho akokwaw. (Yohane 2:9, 10) Saa ara na ayeforokunu a n’ani so da hɔ de asɛyɛde titiriw yi bɛhyɛ onua Kristoni a ne ho akokwaw nsa. Sɛ nea ɔbɛhwɛ apontow no so no hu nea ayeforokunu no pɛ a, obetumi ahwɛ adi ho dwuma ansa na apontow no adu so, na bere a ɛrekɔ so no nso, ɔbɛyɛ saa ara.

12. Ɛdefa mmosa a wɔde bɛba apontow no ase ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ ayeforokunu no susuw ho?

12 Nea ɛne nea yɛasusuw ho wɔ nkyekyɛm 5 hyia no, sɛ ebinom rebɛware a, wɔmmfa mmosa mma apontow no ase na amma obi annom ammoro so amfa ansɛe anigye a ɛbɛkɔ so wɔ hɔ no. (Romafo 13:13; 1 Korintofo 5:11) Nanso sɛ wɔde mmosa bɛba ase a, ɛsɛ sɛ ayeforokunu no hwɛ hu sɛ ɔremfa pii mma ase. Ná bobesa wɔ ayeforohyia a Yesu kɔe wɔ Kana no ase, na ɔyɛ ma wonyaa bobesa a ɛyɛ papa sen nea na ɛwɔ hɔ no. Eyi maa adidiihwɛfo no kae sɛ: “Obiara de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ nkurɔfo bobow a, afei ɔde nea enye no aba. Wo de, wode nsa pa no asie abesi sesɛɛ.” (Yohane 2:10) Nokwarem no, ɛnyɛ sɛ na Yesu rehyɛ asabow ho nkuran, efisɛ na onim sɛ enye. (Luka 12:45, 46) Sɛnea na bobesa no yɛ papa no maa adidiihwɛfo no ho dwiriw no, na asɛm a ɔkae no kyerɛ sɛ ɛtɔ da bi a nkurɔfo bow nsa wɔ ayeforohyia apontow ase. (Asomafo Nnwuma 2:15; 1 Tesalonikafo 5:7) Enti, ɛsɛ sɛ ayeforokunu no ne Kristoni a ne ho akokwaw a ɔbɛpaw no no baanu nyinaa hwɛ hu sɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa bedi akwankyerɛ yi so: “Mommmow nsa, efisɛ ɛne ahohwisɛm na ɛnam.”—Efesofo 5:18; Mmebusɛm 20:1; Hosea 4:11.

13. Sɛ nnipa baanu a wɔreware no yɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛbɔ nnwom wɔ wɔn ayeforohyia apontow ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho, na dɛn ntia?

13 Sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ apontow afoforo ase no, sɛ wɔbɛbɔ nnwom a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ano den no yiye na ama nnipa a wɔahyiam no atumi abɔ nkɔmmɔ. Kristofo asafo no mu panyin baako hyɛɛ no nsow sɛ: “Ɛtɔ da bi a, ɛrekɔ anwummere no, nnwom no ano tumi yɛ den dodo bere a nkurɔfo ani agye rebɔ nkɔmmɔ anaa wɔafi ase resaw no. Nnwom a mfiase no na ano nyɛ den no ano betumi abɛyɛ den araa ma wɔrente asɛm biara. Ayeforohyia apontow ma yenya hokwan bɔ fekuw pa. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ awerɛhow sɛ yɛbɛbɔ nnwom denneennen de asɛe saa anigye no!” Ɛha nso, ɛsɛ sɛ ayeforokunu no ne nea ɔhwɛ apontow no so no hwɛ sɛ wɔrennyaw nnwom ko a wɔbɛbɔ ne sɛnea ano bɛyɛ den no mma wɔn a wɔbɛhwɛ nnwom so no, sɛ́ ebia wɔafa wɔn retua wɔn ka anaasɛ ɛnte saa no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Biribiara a moyɛ no, kasa mu oo, adwuma mu oo, monyɛ ne nyinaa wɔ Awurade Yesu din mu.” (Kolosefo 3:17) Sɛ ayeforohyia no ba awiei na wɔn a wɔbae no kɔ fie a, so wɔbɛkae sɛ nnwom a wɔbɔe no kyerɛ sɛ na wɔn a wɔreware no reyɛ biribiara wɔ Yesu din mu? Saa na ɛsɛ sɛ ɛba.

14. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo kae wɔ ayeforohyia ho?

14 Nokwarem no, wobetumi akae ayeforohyia a wɔyɛ ho nhyehyɛe yiye no bere nyinaa. Adam ne Edyta a wɔaware mfe 30 ni no kaa ayeforohyia bi ho asɛm sɛ: “Ná wutumi hu sɛ ɛyɛ Kristofo ayeforohyia ampa. Wɔbɔɔ nnwom yii Yehowa ayɛ na wɔyɛɛ nneɛma afoforo a ɛfata nso de gyee wɔn ani. Ná asaw ne nnwonto nyɛ ade titiriw wɔ ase. Nea ɛkɔɔ so wɔ hɔ no hyɛɛ yɛn den na ɛmaa yɛn ani gyei. Ná biribiara ne Bible nnyinasosɛm hyia.” Ɛda adi pefee sɛ ayeforokunu no ne ayeforo no betumi ayɛ nneɛma pii de akyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi.

Akyɛde a Wɔde Ma Awarefo No

15. Sɛ yɛbɛkyɛ ade wɔ ayeforohyia ase a, Bible mu afotu bɛn na yebetumi de adi dwuma?

15 Wɔ aman pii so no, nnamfo ne abusuafo taa ma wɔn a wɔreware no akyɛde. Sɛ wobɛyɛ saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woma ɛtra w’adwenem? Kae asɛm a ɔsomafo Yohane kae wɔ “asetra mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho” no ho no. Ɔde nneɛma a wɔde hoahoa wɔn ho no totoo ‘wiase a ɛretwam’ no ho, na wamfa antoto Kristofo a wɔde nnwuma da wɔn gyidi adi no ho. (1 Yohane 2:16, 17) Esiane nea Onyankopɔn maa Yohane kyerɛwee no nti, so ɛsɛ sɛ wɔn a wɔaware foforo no bobɔ obiara a ɔmaa wɔn akyɛde no din wɔ apontow no ase? Kristofo a wofi Makedonia ne Akaia yii ntoboa de boaa wɔn nnuanom a na wɔwɔ Yerusalem no, nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔbobɔɔ wɔn din. (Romafo 15:26) Kristofo pii a wɔma akyɛde wɔ ayeforohyia ase no rempɛ sɛ wɔbɛbɔ wɔn din de atwe adwene aba wɔn ho so sɛnea ɛnsɛ. Wɔ eyi ho no, kenkan Yesu afotu a ɛwɔ Mateo 6:1-4 no.

16. Dɛn na wɔn a wɔaware foforo no betumi ayɛ wɔ akyɛde a wonya ho na wɔanhaw afoforo?

16 Wɔn a wɔde akyɛde mae a wɔbɛbobɔ wɔn din ma wɔahu nea ne de som bo anaa nea ne bo yɛ den paa no betumi de ‘akansi aba.’ Enti, Kristofo a wɔaware foforo a wɔyɛ wɔn ade nyansa mu no remmobɔ wɔn a wɔkyɛɛ wɔn ade no din. Wɔn din a wɔbɛbobɔ no betumi ahaw afoforo a ebia wɔantumi amfa akyɛde amma no. (Galatifo 5:26; 6:10) Ɛwom, ɛnyɛ mfomso sɛ ayeforokunu ne ayeforo no behu nea ɔde akyɛde bi bae no din. Sɛ onii a ɔde akyɛde no rema no kyerɛw krataa de hyɛ akyɛde no mu a, ebetumi ama awarefo no ahu onii ko. Sɛ́ ebia yɛretɔ ade akɔkyɛ wɔn a wɔrehyia ayeforo, anaasɛ yɛregye akyɛde no, yɛn nyinaa nya hokwan de kyerɛ sɛ yɛn gyidi nwui wɔ kokoam nsɛm a ɛte saa mu. *

17. Ɛdefa Kristofo gyidi ne wɔn nnwuma ho no, botae bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde si wɔn ani so?

17 Ɛnyɛ Kristofo asafo nhyiam anaa asɛnka a yɛbɛkɔ ne ɔbra pa a yɛbɛbɔ nkutoo na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi. Momma yɛn mu biara nkyerɛ sɛ yɛn gyidi nwui wɔ biribiara a yɛyɛ mu. Nokwarem no, yebetumi ‘awie yɛn nnwuma’ de akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi, a asetra mu nneɛma a yɛasusuw ho no nso ka ho.—Adiyisɛm 3:2.

18. Yɛbɛyɛ dɛn de asɛm a ɛwɔ Yohane 13:17 no adi dwuma wɔ Kristofo ayeforohyia ne apontow ase?

18 Bere a Yesu brɛɛ ne ho ase hohoroo n’asomafo anokwafo no nan ho de yɛɛ nhwɛso maa wɔn wiei no, ɔkae sɛ: “Sɛ munim eyinom na moyɛ a, mo ani begye.” (Yohane 13:4-17) Ɛnnɛ, wɔ baabi a yɛte no, ebia ɛho renhia sɛ yɛbɛhohoro ɔhɔho a waba yɛn fie no nan ho. Nanso, sɛnea yɛasusuw ho wɔ asɛm yi mu no, yebetumi ada ɔdɔ adi na yɛasusuw afoforo ho wɔ asetra mu nneɛma afoforo mu, a apontow ne Kristofo ayeforohyia nso ka ho de akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi. Sɛ́ ɛyɛ yɛn aware ase, anaasɛ yɛakɔ obi ayeforohyia ase, anaa yɛakɔ Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn nnwuma kyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi apontow bi ase no, ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi na yesusuw afoforo ho.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 16 Wɔaka ayeforo ne ayeforohyia akyi apontow ho asɛm foforo wɔ asɛm a edi hɔ a ɛne “Ma W’ayeforohyia Da Nyɛ Anigye Kɛse na Ɛho Mmra Nyam” no mu.

Wubebua Dɛn?

Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wowɔ gyidi

• bere a woreyɛ apontow ho nhyehyɛe?

• bere a woreyɛ ayeforohyia anaa ayeforohyia apontow ho nhyehyɛe?

• bere a wode akyɛde rekɔma wɔn a wɔrehyia ayeforo anaa woregye akyɛde no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Sɛ nnipa kakraa bi mpo na wobɛto nsa afrɛ wɔn a, ɛsɛ sɛ woma “nyansa a efi soro” no kyerɛ wo kwan