Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma W’ayeforohyia Da Nyɛ Anigye Kɛse na Ɛho Mmra Nyam

Ma W’ayeforohyia Da Nyɛ Anigye Kɛse na Ɛho Mmra Nyam

Ma W’ayeforohyia Da Nyɛ Anigye Kɛse na Ɛho Mmra Nyam

GORDON a waware bɛyɛ mfe 60 ni no kae sɛ: “M’ayeforohyia da yɛ da titiriw a m’ani gyei sen biara wɔ m’asetram no mu biako.” Dɛn na ɛma ayeforohyia da no yɛ da titiriw saa ma nokware Kristofo? Ɛyɛ da a wɔka ntam kyerɛ wɔn adɔfo—wɔn aware mu hokafo ne Yehowa Nyankopɔn. (Mateo 22:37; Efesofo 5:22-29) Ɛyɛ nokware sɛ nnipa a wɔreyɛ nhyehyɛe aware no pɛ sɛ wɔn ani gye, nanso ɛsɛ sɛ wɔhyɛ aware Hyehyɛfo no nso anuonyam.—Genesis 2:18-24; Mateo 19:5, 6.

Dɛn na ayeforokunu betumi ayɛ na ama ayeforohyia da yi ho aba nyam? Dɛn na ayeforo betumi ayɛ de adi ne kunu ne Yehowa ni? Dɛn na afoforo a wɔbɛkɔ bi no betumi ayɛ de aboa ma ayeforohyia da no ayɛ anigye? Bible nnyinasosɛm bi a yebesusuw ho no bɛboa yɛn ma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae. Sɛ yɛde nnyinasosɛm yi di dwuma a, ɛremma yenhyia ɔhaw pii a ebetumi asɛe saa da titiriw yi.

Hena na Ɛyɛ N’asɛde?

Wɔ aman pii so no, ebia mmara bɛma kwan ma Yehowa Dansefo somfo bi agye aware. Wɔ mmeae mpo a ɛsɛ sɛ ɔtemmufo na ogye aware no, wɔn a wɔreware no betumi ama wɔama Bible ho ɔkasa. Wɔ ɔkasa a ɛte saa mu no, wɔtaa ka kyerɛ ayeforokunu no sɛ onsusuw asɛde a Onyankopɔn de ama no sɛ abusua ti no ho. (1 Korintofo 11:3) Enti ayeforokunu no titiriw na ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔbɛhwɛ biribiara a ɛbɛkɔ so wɔ ayeforohyia no ase. Nokwarem no, ɛyɛ ade a wɔtaa susuw aware no ne ebia ɛho apontow ho bere tenten ansa na adu so. Dɛn nti na eyi betumi ayɛ den?

Ade biako ne sɛ, ayeforo no anaa ayeforokunu no abusuafo betumi de wɔn ho agye ayeforohyia no ho nhyehyɛe no mu dodo. Rodolfo a wagye aware pii ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, abusuafo tumi haw ayeforokunu no, titiriw bere a wɔbɛboa ma watua ayeforohyia apontow ho ka no. Ebia wɔbɛkyerɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ ankasa wɔ ayeforohyia ne ɛho apontow no ase. Eyi betumi ama ayɛ den sɛ ayeforokunu no bedi n’asɛde ho dwuma sɛnea Kyerɛwnsɛm ka no.”

Max a wagye aware bɛyɛ mfe 35 ni no ka sɛ: “Mahyɛ no nsow sɛ ayeforo no na ɔtaa kyerɛ nea ɛsɛ sɛ ɛkɔ so wɔ ayeforohyia no ne ɛho apontow ase sen ayeforokunu no.” David a ɔno nso agye aware pii no ka sɛ: “Ebia ayeforokununom no ntaa nni nneɛma anim, ma enti wɔntaa mfa wɔn ho nhyɛ ayeforohyia no ho nhyehyɛe mu.” Ayeforokunu no bɛyɛ dɛn atumi adi n’asɛde ho dwuma yiye?

Nkitahodi De Anigye Kɛse Ba

Sɛ ayeforokunu no betumi adi n’asɛde wɔ ayeforohyia nhyehyɛe no ho dwuma yiye a, ɛsɛ sɛ ɔne nnipa a ayeforohyia no fa wɔn ho no di nkitaho yiye. Bible ka no pefee sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” (Mmebusɛm 15:22) Nanso, sɛ ayeforokunu no di kan ne ayeforo no, abusuafo, ne afoforo a wobetumi de Bible mu afotu ama susuw ayeforohyia no nhyehyɛe ho a, ɛremma onhyia ɔhaw pii.

Nokwarem no, ɛho hia sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no di kan ne wɔn ho susuw aware no ho nhyehyɛe ne nneɛma a wobetumi ayɛ ho. Dɛn ntia? Tie nsɛm bi a Ivan ne ne yere Delwyn a ɛsono ntetee a wɔn mu biara nyae ne baabi a wofi, nanso wɔde mfe pii aware a wɔwɔ anigye no kae. Ivan ka wɔn ayeforohyia nhyehyɛe no ho asɛm sɛ: “Ná minim sɛnea mepɛ m’ayeforohyia no. Ná mepɛ sɛ meto pon wɔ ɛno akyi ma me nnamfonom nyinaa ba bi. Ná mepɛ sɛ meyɛ ayeforo keeki, na me yere nso hyɛ atade yuu fitaa. Nanso na Delwyn mpɛ sɛ yɛyɛ ayeforo kɛse a yɛbɛyɛ ayeforo keeki biara. Ná ɔmpɛ sɛ ɔbɛhyɛ ayeforo atade mpo.”

Ɛyɛɛ dɛn na nnipa baanu yi adwene hyiae? Wofii ayamye mu dii nkitaho pa. (Mmebusɛm 12:18) Ivan de ka ho sɛ: “Yesuaa ayeforohyia ho nsɛm a egyina Bible so, te sɛ nea ɛwɔ October 1, 1984, Ɔwɛn-Aban mu no. * Saa asɛm yi boaa yɛn ma yenyaa Onyankopɔn adwene wɔ ayeforohyia ho. Esiane sɛ ɛsono ntetee a yɛn mu biara nyae ne baabi a yefi nti, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ nneɛma ahorow bi a yɛpɛ mu. Yɛn adwene tumi hyiae wɔ nneɛma bi ho.”

Aret ne Penny nso yɛɛ biribi a ɛte saa. Aret ka n’ayeforohyia da no ho asɛm sɛ: “Me ne Penny susuw nneɛma a na yɛn mu biara pɛ wɔ ayeforohyia no ho, na yɛn adwene tumi kɔɔ bɛnkoro mu. Yɛsrɛɛ Yehowa sɛ onhyira yɛn ayeforohyia da no so. Afei nso migyee afotu fii yɛn awofo ne awarefo afoforo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ asafo no mu hɔ. Wɔn nyansahyɛ no boae paa. Ɛmaa yɛn ayeforohyia no yɛɛ anigye.”

Ma W’ahosiesie Ho Mmra Nyam

Ntease wom sɛ ayeforo no ne ayeforokunu no nyinaa bɛpɛ sɛ wosiesie wɔn ho yiye wɔ ayeforohyia da no. (Dwom 45:8-15) Ebia ebegye bere, mmɔdenbɔ ne sika na wɔatumi anya ntade a ɛfata. Bible nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa wɔn ma wɔapaw nea ɛyɛ fɛ na ɛho wɔ nyam nso?

Susuw nea ayeforo no bɛhyɛ saa da no ho hwɛ. Ɛwom sɛ ɛsono nea obiara pɛ ne nea wogye tom wɔ ɔman biara mu de, nanso wotumi de Bible mu afotu yɛ adwuma wɔ baabiara. Ɛsɛ sɛ mmea “de fɛre ne adwenemtew hyɛ ntade a ɛfata.” Eyi fa Kristofo mmea ho wɔ bere biara mu, na ayeforohyia da no nso ka ho. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ “ntade a ne bo yɛ den kɛse” na ɛma ayeforohyia bi yɛ anigye. (1 Timoteo 2:9; 1 Petro 3:3, 4) Hwɛ sɛnea sɛ wɔde saa afotu yi yɛ adwuma a, ɛma akomatɔyam!

David a yɛaka ne ho asɛm no ka sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no mu dodow no ara bɔ mmɔden sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bedi dwuma, na wɔfata nkamfo. Nanso ɛtɔ mmere bi a, ayeforo binom ne wɔn mmaawa no ntade mfata, wotumi twa wɔn ntade no kɔn mu ma ɛkɔ fam dodo anaasɛ ntade a wɔhyɛ no ma wɔn ho gu hɔ.” Nea Kristofo asafo mu panyin bi a ne ho akokwaw nso yɛ ne sɛ, odi kan ne ayeforo ne ayeforokunu no hyia susuw nsɛm ho boa wɔn ma wonya Onyankopɔn adwene wɔ ayeforohyia no ho. Ɔyɛ no dɛn? Obisa wɔn atade a wɔpɛ sɛ wɔhyɛ de hyia ayeforo no sɛ ebia ɛyɛ nea ɛfata a wobetumi de akɔ Kristofo nhyiam. Ɛwom sɛ ebia ɛnyɛ atade a wohyɛ kɔ asafo nhyiam daa no na wobɛhyɛ ahyia ayeforo, na ebia nea wobɛhyɛ no fata baabi a mowɔ no de, nanso ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ wobɛhyɛ atade a ɛfata sɛ Kristofo hyɛ. Sɛ ebia wɔn a wɔnsom Nyankopɔn no binom bu Bible mmara sɛ ɛyɛ den dodo mpo a, nokware Kristofo ani gye ho sɛ wɔremma wiase no nkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ.—Romafo 12:2; 1 Petro 4:4.

Penny ka sɛ: “Sɛ́ anka yɛbɛma ntade a yɛbɛhyɛ anaa apontow no agye yɛn adwene dodo no, me ne Aret de yɛn adwene sii aware no ne ɛho kasa a egyina Kyerɛwnsɛm so no so kɛse. Ná ɛno ne ade a ehia yɛn paa saa da no. Ɛnyɛ atade a mehyɛe anaa aduan a midii ne ade titiriw a mekae, na mmom nnipa a me ne wɔn nyaa fekubɔ ne anigye a minyae sɛ mereware ɔbarima a medɔ no no.” Ɛsɛ sɛ Kristofo baanu a wɔreware no ma nsɛm a ɛte saa tra wɔn adwenem bere a wɔreyɛ ayeforohyia ho nhyehyɛe no.

Ahenni Asa—Beae a Ɛfata

Sɛ hokwan wɔ hɔ a, Kristofo pii ani gye ho sɛ wobehyia ayeforo wɔ Ahenni Asa so. Dɛn nti na wɔpɛ no saa? Awarefo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yehui sɛ aware yɛ ade kronkron a Yehowa ahyehyɛ. Ahenni Asa, faako a yɛsom Onyankopɔn a yɛwaree no boaa yɛn ma yehu fii mfiase pɛɛ sɛ ɛho hia sɛ yɛma Yehowa ba yɛn aware mu. Mfaso foforo a yenya fii Ahenni Asa so a yɛwaree sen sɛ yɛde bɛkɔ baabi foforo no ne sɛ, ɛmaa yɛn abusuafo a wonni Kristofo asafo no mu a wɔbaa bi no huu sɛnea yɛmfa Yehowa som nni agoru.”

Sɛ asafo mu mpanyimfo a Ahenni Asa no hyɛ wɔn nsa no ma kwan sɛ wobetumi ahyia ayeforo no wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no di kan ka wɔn nhyehyɛe ho asɛm kyerɛ wɔn. Ɔkwan biako a ayeforo no ne ayeforokunu no betumi akyerɛ obu ama wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn aba ayeforohyia no ase ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden adi bere a wɔahyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Na akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ biribiara ma ɛho ba nyam. * (1 Korintofo 14:40) Enti wɔrenyɛ biribiara a ɛmfata a ɛkɔ so wɔ wɔn a wɔnsom Onyankopɔn ayeforohyia ase no bi wɔ hɔ.—1 Yohane 2:15, 16.

Wɔn a wɔkɔ ayeforohyia no ase bi no nso betumi akyerɛ sɛ wɔwɔ Yehowa adwene wɔ aware ho. Sɛ nhwɛso no, wɔrenhwɛ kwan sɛ ayeforohyia no bɛkyɛn Kristofo afoforo de, te sɛ nea wɔresi akan ahwɛ nea n’ayeforohyia kyɛn so. Kristofo a wɔn ho akokwaw hu sɛ mfaso wɔ so, na ɛho hia sɛ wɔbɛkɔ Ahenni Asa so akotie ɔkasa a egyina Bible so no mmom sen sɛ wɔbɛkɔ ayeforohyia akyi apontow ase. Sɛ ebia Kristoni bi bere anaa ne tebea remma no kwan mma ɔnkɔ abien no nyinaa a, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔbɛkɔ Ahenni Asa so de no mmom. Asafo mu panyin bi a wɔfrɛ no William ka sɛ: “Sɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no nni biribi titiriw nti a wɔamma Ahenni Asa so, na mmom akyiri yi wɔkɔ apontow no ase a, ɛkyerɛ sɛ wommu sɛnea ayeforohyia no yɛ kronkron no. Sɛ wɔanto nsa amfrɛ yɛn ankɔ apontow no ase mpo a, yebetumi akɔ Ahenni Asa so de akyerɛ sɛ yɛtaa ayeforo no ne ne kunu no akyi, na ama ayɛ adanse pa ama abusuafo a wonni Kristofo asafo no mu a wɔbɛba bi no.”

Ayeforohyia Da Akyi Anigye a Ɛbɛtra Hɔ Daa

Aguadifo ama ayeforohyia abɛdan adwuma a wɔde pɛ mfaso pii. Amanneɛbɔ bi a wɔde too gua nnansa yi kyerɛ sɛ wɔ United States no, wɔammmɔ ayeforohyia ho ka koraa no, “na ɛnyɛ Amerika dɔla 22,000 (¢200,200,000), anaa abusua bi afe mũ nyinaa akatua fã.” Aguadi ho dawurubɔ daadaa wɔn a wɔware foforo anaa wɔn abusuafo ma wɔbɔ saa da no nkutoo ho ka kɛse ma ɛbɛyɛ wɔn so adesoa mfe pii. So eyi yɛ ɔkwan a nyansa wom a obi de befi n’aware ase? Wɔn a wonnim Bible nnyinasosɛm anaa ɛmfa wɔn ho no betumi akukuru wɔn ayeforo kakraa saa, nanso hwɛ sɛnea ɛsono nokware Kristofo de!

Kristofo pii a wɔato nsa afrɛ nnipa dodow a wɔn nsa bɛso wɔn so aba wɔn ayeforohyia ase, na wɔde wɔn adwene asi ayeforohyia no fã a wɔbɛyɛ wɔ Ahenni Asa so no ama wɔatumi de wɔn bere ne wɔn ahode adi dwuma yiye sɛ nnipa a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn. (Mateo 6:33) Susuw Lloyd ne Alexandra a wɔde mfe 17 akɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma wɔ wɔn aware akyi no ho hwɛ. Lloyd ka sɛ: “Ebia ebinom buu yɛn ayeforohyia no sɛ na ɛnkyɛn so biara de, nanso me ne Alexandra ani gyei paa. Ná yɛte nka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛn ayeforohyia yɛ biribi a ɛbɛma yɛabɔ ka kɛse, na mmom ɛyɛ Yehowa nhyehyɛe a ɛbɛma nnipa baanu anya anigye kɛse.”

Alexandra de ka ho sɛ: “Ansa na yɛrebɛware no, na meyɛ ɔkwampaefo, na na mempɛ sɛ mehyia ayeforo kakraa ama hokwan yi abɔ me. Ná yɛn ayeforohyia da no yɛ da titiriw paa. Nanso, na ɛyɛ da a edi kan a yɛrebɛbom atra wɔ yɛn nkwa nna a aka mu ara kwa. Yɛde afotu a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si aware a yɛbɛware kɛkɛ saa da no so dodo no yɛɛ adwuma, na yɛde Yehowa akwankyerɛ abɔ yɛn bra sɛ awarefo. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ama yɛanya Yehowa nhyira.” *

Nokwarem no, w’ayeforohyia da yɛ da titiriw. Sɛnea mobɛbɔ mo bra sɛ awarefo daakye no begyina suban a mobɛda no adi ne nea mobɛyɛ saa da no so. Enti monhwehwɛ akwankyerɛ mfi Yehowa hɔ. (Mmebusɛm 3:5, 6) Ma nea wobɛyɛ ama asɔ Onyankopɔn ani saa da no ntra w’adwenem kɛse. Obiara mmoa ne yɔnko ma onni asɛyɛde a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa no ho dwuma. Monam saayɛ so bɛto fapem pa ama mo aware, na Yehowa behyira mo ma moanya anigye a ɛbɛtra hɔ daa wɔ mo ayeforohyia da no akyi.—Mmebusɛm 18:22.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 11 Ayeforohyia ho nsɛm foforo puei wɔ February 8, 2002, Nyan! a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

^ nky. 20 Sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no yɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛma obi atwa mfonini anaa wakyere dwumadi a ɛbɛkɔ so wɔ Ahenni Asa so no agu video so a, ɛsɛ sɛ awarefo no di kan hwɛ hu sɛ biribiara a ɔbɛyɛ wɔ hɔ no bɛma aware no ho aba nyam.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ɛsɛ sɛ nnipa baanu a wɔrebɛware no fi obu mu susuw wɔn ayeforohyia nhyehyɛe ho a wɔremfa biribiara nsie

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Ma nea wobɛyɛ ama asɔ Onyankopɔn ani saa da no ntra w’adwenem kɛse