Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yudafo Amanne Kwan so Aguare—Ɛno Mu Na Asubɔ Fi Bae?

Yudafo Amanne Kwan so Aguare—Ɛno Mu Na Asubɔ Fi Bae?

Yudafo Amanne Kwan so Aguare—Ɛno Mu Na Asubɔ Fi Bae?

YOHANE OSUBONI kaa “asubɔ a egyina hɔ ma adwensakra” ho asɛm. Yesu nso hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ asuafo na wɔmmɔ wɔn asu.—Marko 1:4; Mateo 28:19.

Sɛnea Bible kyerɛ no, Kristofo asubɔ hwehwɛ sɛ wɔde obi hyɛ nsu mu koraa. Nyamesom nhoma bi ka sɛ, “Efi tete besi nnɛ, wɔayɛ amanne a ɛte saa ara wɔ ɔsom ahorow mu, wɔ aman ne mmusua pii mu.” Nhoma no ka sɛ “Kristofo asubɔ . . . fi Yudasom mu.” (Jesus and His World) Ntease bɛn na ɛwɔ asɛm yi mu?

Atare a na Yudafo Guare Wom De Yɛ Amanne

Bere a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu tutuu beae a ɛbɛn Yerusalem Asɔrefie Bepɔw no, wohuu atare bɛyɛ 100 a na woguare wom de yɛ amanne. Wɔkyerɛ sɛ wotuu atare yi wɔ afeha a edi kan A.Y.B. ne afeha a edi kan Y.B. mu hɔ. Nkyerɛwee a ɛwɔ hyiadan bi ho fi afeha a ɛto so abien ne abiɛsa Y.B. no kyerɛ sɛ wɔyɛɛ atare a ɛte saa maa “ahɔho a na wohia no.” Wɔahu atare afoforo wɔ Yerusalem mmeae bi a na adefo ne asɔfo ne wɔn mmusua te; ɛkame ayɛ sɛ na ofie biara wɔ ɔtare yi bi.

Ná wotu atare a woguare wom no wɔ abo mu anaa wotu fam hyehyɛ ntayaa anaa abo wom. Ná wɔkokwaw mu na ampaapae. Ná dodow no ara ntrɛwmu yɛ anammɔn asia, na na ne tenten yɛ anammɔn akron. Ná osu a ɛtɔ tumi fa dorobɛn mu kogu mu. Ná nsu a emu nnɔ koraa no yɛ anammɔn anan a sɛ obi kotow mu a, etumi kata no so koraa. Ɛtɔ mmere bi a, na wɔto ɔfasu tiatiaa de kyɛ atrapoe a wɔnam so kɔ ɔtare no mu no mu. Wɔkyerɛ sɛ sɛ obi a ne ho agu fĩ rekoguare a, na ɛsɛ sɛ ɔfa atrapoe no fã biako, na sɛ oguare wie ma ne ho tew a, na wafa ɔfã foforo no na ne ho angu fĩ.

Ná Yudafo no guare wɔ atare yi mu de tew wɔn ho. Dɛn na na eyi hwehwɛ sɛ wɔyɛ?

Aguare Ho Mmara ne Amanne

Mose Mmara no sii hia a na ehia sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔn ho tew wɔ honhom fam ne honam fam nyinaa so dua. Ná nneɛma pii wɔ hɔ a ebetumi ama Israelfo no ho agu fĩ ma enti na ɛsɛ sɛ woguare na wɔhoro wɔn ntade ma wɔn ho tew.—Leviticus 11:28; 14:1-9; 15:1-31; Deuteronomium 23:10, 11.

Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Nyankopɔn ho tew na ɔyɛ kronkron. Enti wɔka kyerɛɛ asɔfo ne Lewifo no sɛ wɔnhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho ansa na wɔakɔ afɔremuka no ho, anyɛ saa a wobewuwu.—Exodus 30:17-21.

Nhomanimfo gye di sɛ ebeduu afeha a edi kan Y.B. no, Yudafo nyamesom ahyehyɛde no hwɛɛ kwan sɛ na wɔn a wɔnyɛ Lewifo no nso bɛtew wɔn ho te sɛ asɔfo no ara pɛ. Ná Essenfo ne Farisifo no nyinaa taa de wɔn ho hyɛ amanne kwan so aguare mu. Nhoma bi ka Yesu bere sofo ho asɛm sɛ: “Ansa na Yudani bi bɛkɔ Asɔrefie Bepɔw so, anaa ɔbɛkɔ akɔbɔ afɔre, anaa ɔsɔfo bɛbɔ afɔre ama no ayɛ nneɛma afoforo a ɛte saa ama no no, na ɛsɛ sɛ ɔfa amanne kwan so aguare no mu bi de tew ne ho.” Talmudfo nhoma ka sɛ, na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wobeguare no de wɔn ho nyinaa hyɛ nsu mu koraa.

Yesu kaa Farisifo no anim sɛ wɔhyɛɛ afoforo ma wɔde wɔn ho hyɛɛ amanne kwan so aguare mu. Ɛda adi sɛ wɔde wɔn ho hyɛɛ “asubɔ” ahorow a na “nkuruwa ne mpɔre ahorow ne kɔberesɛn ahorow a wɔde nu nsu mu” ka ho mu. Yesu kae sɛ Farisifo no de Onyankopɔn mmara too nkyɛn de wɔn atetesɛm sii hɔ. (Hebrifo 9:10; Marko 7:1-9; Leviticus 11:32, 33; Luka 11:38-42) Mose Mmara no fã biara nni hɔ a na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi de ne ho nyinaa hyɛ nsu mu.

So Kristofo asubɔ fi Yudafo amanne kwan so aguare no mu? Dabida!

Amanne Kwan So Aguare ne Kristofo Asubɔ

Ná Yudafo no ankasa yɛ amanne de tew wɔn ho. Nanso, asu a Yohane bɔe no nte sɛ Yudafo amanne kwan so aguare no. Frɛ a wɔfrɛɛ Yohane sɛ Osuboni no kyerɛ sɛ asu a na ɔbɔ afoforo no yɛ soronko. Yudafo nyamesom akannifo no mpo somaa nkurɔfo ma wokobisaa Yohane sɛ: “Adɛn nti na wobɔ asu?”—Yohane 1:25.

Mpɛn dodow a na Onyankopɔn somfo bi ho begu fĩ no, na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ ɔtew ne ho. Ná Yohane asubɔ no ne asu a akyiri yi Kristofo bɔe no nte saa. Ná Yohane asubɔ no kyerɛ sɛ obi anu ne ho na wagyae abrabɔ a na kan ɔwom no. Kristofo asubɔ yɛ sɛnkyerɛnne a na ɛkyerɛ sɛ obi ahyira ne ho so ama Onyankopɔn. Ná Kristoni yɛ no pɛnkoro pɛ, ɛnyɛ mpɛn pii.

Wɔ nnipa ani so no, na amanne kwan so aguare a na ɛkɔ so wɔ Yudafo asɔfo afie ne atare a na ɛbɛn Asɔrefie Bepɔw no te sɛ Kristofo asubɔ. Nanso na nsonsonoe kɛse wɔ Yudafo amanne kwan so aguare ne Kristofo asubɔ no mu. Bible nsɛmfua asekyerɛ nhoma bi ka sɛ: “Nhomanimfo pii gye tom sɛ Yohane [Osuboni no] anhwɛ nea na ne bere sofo, [Yudasom mufo] no yɛ no ansuasua.” (The Anchor Bible Dictionary) Saa ara na asu a Kristofo asafo no bɔe nso te.

Kristofo asubɔ yɛ “adesrɛ a wɔde to Nyankopɔn anim de pɛ ahonim pa.” (1 Petro 3:21) Ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ obi ahyira ne ho so koraa ama Yehowa sɛ ɔbɛsom no sɛ ne Ba no suani. Nsu mu a wɔde obi nu koraa no yɛ ahosohyira a ɛte saa ho sɛnkyerɛnne a ɛfata. Nsu mu a wɔde obi nu no gyina hɔ ma wu a owu ma ne kan abrabɔ. Nsu no mu a woyi onii no fi no kyerɛ sɛ waba nkwa mu sɛ ɔrebɛyɛ Onyankopɔn apɛde.

Yehowa Nyankopɔn ma wɔn a wohyira wɔn ho so bɔ asu saa kwan yi so no nya ahonim pa. Enti Onyankopɔn maa ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ ne mfɛfo gyidifo sɛ: ‘Asubɔ na seesei egye mo nkwa.’ Eyi yɛ biribi a Yudafo amanne kwan so aguare dodow biara rentumi mma obi nnya.