Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsɛnkafo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Ɔsɛnkafo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Ɔsɛnkafo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

TETE agya Hiob kae sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.” (Hiob 14:1) Hwɛ sɛnea mfaso wɔ so sɛ yɛremfa dadwen ne nnwuma a mfaso nni so nsɛe yɛn nkwa nna a ɛyɛ tiaa no! Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode yɛ? Na nneɛma bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ? Nsɛm a nyansa wom a ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛne Ɔsɛnkafo mu no ma yenya eyi ho akwankyerɛ pa. Nsɛm a ɛwɔ mu no ‘tumi du komam adwene ne nsusuwii mu,’ na ebetumi aboa yɛn ma yɛn abrabɔ ayɛ nea mfaso wɔ so.—Hebrifo 4:12.

Afotu pa a ɛma yehu nneɛma a mfaso wɔ so ankasa ne nea mfaso nni so wɔ asetra mu wɔ Ɔsɛnkafo nhoma a tete Israel hene Salomo a na onim nyansa yiye kyerɛwee no mu. Esiane sɛ Salomo kaa adan a na wasisi ho asɛm nti, ɛbɛyɛ sɛ bere a osisii adan no wiei a na onnya nwae mfii nokware som ho ntam hɔ no na ɔkyerɛw Ɔsɛnkafo nhoma no. (Nehemia 13:26) Eyi ma yehu sɛ ɔkyerɛw Ɔsɛnkafo nhoma no wɔ afe 1000 A.Y.B. mu, aka kakra ma Salomo mfe 40 ahenni no aba awiei no.

DƐN NA ƐNYƐ ADE HUHUW?

(Ɔsɛnkafo 1:1–6:12)

Ɔsɛnkafo no kae sɛ: “Ade nyinaa yɛ huhuw.” Na obisae sɛ: “Mfaso bɛn na onipa nya ne brɛ a ɔbrɛ owia yi ase nyinaa mu?” (Ɔsɛnkafo 1:2, 3) “Huhuw” ne “owia yi ase” yɛ nsɛm a epue mpɛn pii wɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mu. Nea Hebri asɛmfua “huhuw” kyerɛ ankasa ne “ɔhome” anaa “osuwusiw,” na ɛkyerɛ biribi a mfaso nni so, biribi a enni gyina, anaasɛ etwam ntɛm. Asɛm “owia yi ase” kyerɛ “asase yi so” anaa “wiase yi mu.” Enti ade nyinaa, a ɛno ne nnwuma a nnipa yɛ a ɛne Onyankopɔn apɛde nhyia nyinaa yɛ ade huhuw.

Salomo kae sɛ: ‘Sɛ worekɔ Onyankopɔn fi a, wɛn w’anan, na bɛn kotie.’ (Ɔsɛnkafo 5:1) Yehowa Nyankopɔn a yɛbɛsom no wɔ nokwarem no nyɛ ade huhuw. Nokwarem no, abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no a yɛbɛma yɛn ani akũ ho no ne ade titiriw a ɛma yɛbɔ ɔbra a mfaso wɔ so.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:4-10—Ɔkwan bɛn so na abɔde mu nneɛma a edi kyinhyia no yɛ “ɔbrɛ nko ara”? Ɔsɛnkafo no kaa nneɛma atitiriw a ɛyɛ adwuma ma abɔde a nkwa wom tumi tra asase so no mu abiɛsa pɛ ho asɛm, na ɛne owia ne mframa a ɛbɔ ne kyinhyia a nsu di no. Nokwarem no, abɔde mu nneɛma pii na edi kyinhyia, na yɛrentumi nsua ho ade nwie. Obi betumi de ne nkwa nna nyinaa asua ho ade de, nanso ɔrentumi nte ne nyinaa ase nwie. Ɛno betumi ayɛ “ɔbrɛ nko ara” ampa. Sɛ yɛde yɛn nkwa nna a ɛyɛ tiaa no toto kyinhyia a saa nneɛma yi di bere nyinaa no ho a, ɛno nso betumi ahaw yɛn adwene. Mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ nneɛma foforo mpo no yɛ ɔbrɛ ara nko. Efisɛ nneɛma a nokware Nyankopɔn no ahyehyɛ na ɛreyɛ adwuma dedaw wɔ amansan yi mu so na yegyina yɛ nneɛma a yɛte nka sɛ ɛyɛ foforo no.

2:1, 2—Dɛn nti na wɔka ɔserew ho asɛm sɛ ɛyɛ ‘adammɔ’? Ɔserew betumi aboa yɛn ma yɛn werɛ afi yɛn haw bere tiaa bi, na anigye nso betumi ama yɛremmu yɛn haw ahorow aniberesɛm. Nanso, ɔserew nyi yɛn haw ahorow no mfi hɔ koraa. Enti, serew a wɔserew de hwehwɛ anigye no yɛ ‘adammɔ.’

3:11—Nneɛma bɛn na Onyankopɔn ayɛ no “fɛfɛ ne bere mu” no? Nneɛma a Yehowa Nyankopɔn ayɛ no “fɛfɛ” anaa sɛnea ɛfata na mfaso wɔ so wɔ ne bere mu no bi ne Adam ne Hawa a ɔbɔɔ wɔn, nyankontɔn apam no, Abraham apam no, Dawid apam no, Mesia no mmae, ne Yesu Kristo a ɔde no sii Onyankopɔn Ahenni so sɛ Ɔhene no. Nanso, biribi foforo wɔ hɔ a Yehowa bɛyɛ no “fɛfɛ” nnansa yi ara. Yebetumi anya ahotoso sɛ wiase foforo a trenee bɛtra mu no bɛba ankasa wɔ bere a ɛsɛ mu.—2 Petro 3:13.

5:9—Ɔkwan bɛn so na ‘asase so mfaso wɔ hɔ ma ade nyinaa’? Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa didi ‘asase so mfaso’ a ɛno ne asase so nnɔbae ho. Ɔhene nso ka ho. Sɛ ɔhene nso benya n’afuw mu nnɔbae a, ɛsɛ sɛ ne nkoa dɔw n’asase anaa wɔyɛ so afuw ma no.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:15. Mfaso biara nni so sɛ yɛbɛsɛe yɛn bere ne yɛn ahoɔden de asiesie nhyɛso ne ntɛnkyea a ɛrekɔ so nnɛ no. Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayi abɔnefosɛm afi hɔ koraa.—Daniel 2:44.

2:4-11. Nneɛma a nnipa yɛ te sɛ adansi, mfikyifuw, nnwonto, ne afɛfɛde nyinaa yɛ “ɔdadwen hunu,” efisɛ ɛmma yennya abotɔyam wɔ asetra mu, na saa ara nso na ɛmma yennya anigye daa.

2:12-16. Nyansa so wɔ mfaso sen nkwaseasɛm, efisɛ ɛboa ma yetumi di ɔhaw ahorow bi ho dwuma. Nanso, owu de, nnipa nyansa ntumi nyɛ ho hwee. Nanso, sɛ obi nya nyansa a ɛte saa ma ogye din mpo a, ɛnkyɛ na nkurɔfo werɛ afi no koraa.

2:24; 3:12, 13, 22. Mfomso biara nni ho sɛ yebedi nea yɛabrɛ anya.

2:26. Wɔde Onyankopɔn nyansa a ɛma obi nya anigye no ma ‘onipa a oye wɔ Yehowa anim.’ Obi a ɔne Onyankopɔn nni abusuabɔ pa no ntumi nnya nyansa a ɛte saa.

3:16, 17. Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wobebu atɛntrenee ama yɛn wɔ asɛm biara mu. Enti sɛ́ anka yebedwennwen nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase yi mu ho de ahaw yɛn ho no, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn Yehowa ma obesiesie nneɛma ma yɛn.

4:4. Adwumaden a yɛbɛyɛ no yiye betumi ama yɛanya anigye. Nanso, sɛ nnipa anim anuonyam a yebenya nti na yɛyere yɛn ho yɛ adwuma a, ɛnde ɛno betumi de akansi, nitan ne ahoɔyaw aba yɛne afoforo ntam. Adwempa na ɛsɛ sɛ yɛde yere yɛn ho yɛ Kristofo som adwuma no.

4:7-12. Onuadɔ ho hia koraa sen ahonyade, na ɛnsɛ sɛ yɛma sikanibere sɛe yɛne afoforo ntam.

4:13. Ɛnyɛ bere nyinaa na dibea a obi wɔ ne mfe a wadi ma afoforo bu no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ dibea no yɛ wɔn ade nyansam.

4:15, 16. Ebia mfiase no, wɔn a ‘wodi’ “aberantewa a otia abien,” nea obedi ɔhene ade no ‘anim no nyinaa’ begyina n’akyi, nanso ‘akyiri yi wɔn ani rennye ne ho.’ Nokwarem no, mpɛn pii no, edin a obi gye ntra hɔ nkyɛ.

5:2. Ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ nea ntease ne obu wom, na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ kasatenten.

5:3-7. Sɛ obi ma honam fam nneɛma gye n’adwene a, ebetumi ama wayɛ pɛsɛmenkominya na wadwennwen nneɛma hunu ho. Ebetumi nso ama obi adwennwen na wayare kɔdaanna. Sɛ obi kasa pii a, ebetumi ama afoforo abu no sɛ ɔyɛ ɔkwasea, na ebetumi ama wapere ne ho ahyehyɛ Onyankopɔn bɔ. ‘Sɛ yesuro nokware Nyankopɔn’ no a, ɛremma yɛnyɛ saa nneɛma yi mu biara.

6:1-9. Sɛ yɛwɔ ahonyade, anuonyam, nkwatenten ne abusua kɛse mpo na biribi nti yentumi mfa nnye yɛn ani a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Na “ɛfanim aniwa adehu,” anaa gye a yebegye sɛnea yɛn tebea no te ankasa atom sen sɛ yɛbɛma yɛn ‘kra akyin,’ kyerɛ sɛ, yɛbɛma yɛn kra kɔn adɔ biribi a yentumi nnya. Ɛnde, ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so abɔ yɛn bra ne sɛ yɛbɛma yɛn ani asɔ “yɛn ano aduan ne nkataho” a yɛwɔ, na yɛde nneɛma a ɛfata agye yɛn ani wɔ asetra mu, na yɛama yɛn ani akũ abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Yehowa wɔ no ho.—1 Timoteo 6:8.

AFOTU A WƆDE MA ANYANSAFO

(Ɔsɛnkafo 7:1–12:8)

Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ din pa a yɛwɔ no ho ban? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ wiase atumfo ne ntɛnkyea a nkurɔfo bu no ho? Esiane sɛ awufo nnim hwee nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nkwa yɛ nnɛ? Ɔkwan bɛn so na mmabun betumi de wɔn bere ne wɔn ahoɔden adi dwuma nyansam? Wɔakyerɛw afotu pa a ɔsɛnkafo no de ma wɔ eyinom ne nneɛma afoforo ho wɔ Ɔsɛnkafo ti 7 kosi ti 12 mu ama yɛn.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

7:19—Ɔkwan bɛn so na nyansa ahoɔden sen ‘atumfo du’? Sɛ wɔde nkyerɛwde 10 ka asɛm wɔ Bible mu a, wɔde gyina hɔ ma biribi a edi mu koraa. Ná Salomo reka sɛ nyansa tumi bɔ nnipa ho ban koraa sen asraafo pii a wɔrebɔ kurow bi ho ban.

10:2—Sɛ wɔka sɛ obi koma wɔ ne “ne nifa” anaa “ne benkum” a, ɛkyerɛ dɛn? Esiane sɛ wɔtaa de nifa gyina hɔ ma gyinabea pa nti, sɛ wɔka sɛ obi koma wɔ ne nifa a, ɛkyerɛ sɛ ne koma kanyan no ma ɔyɛ adepa. Nanso, sɛ obi koma kanyan no ma ɔyɛ adebɔne a, wɔka sɛ ne koma wɔ ne benkum.

10:15—Ɔkwan bɛn so na ‘nkwasea adwumaden yɛ ɔbrɛgu’? Sɛ obi ntumi nsusuw nneɛma ho yiye a, mfaso biara mfi adwumaden a ɔyɛ mu mma. Onnya adwumaden a ɔyɛ no mu anigye. Adwumaden a ɛte saa a ɔyɛ no ma ɔbrɛ gu.

11:7, 8—Asɛm a ɛne sɛ: “Hann yɛ dɛ, na ɛyɛ aniwa fɛ sɛ ehu owia” no kyerɛ dɛn? Hann ne owia ma yɛn ani gye wɔ asetra mu. Ɛha no, na Salomo reka sɛ eye sɛ yɛbɛtra ase na ‘yɛagye yɛn ani’ ansa na esum anaa nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ ama yɛn ahoɔden asa.

11:10—Dɛn nti na mmofraase ne mmerantebere yɛ ahuhude”? Sɛ obi ammɔ ne bra yiye wɔ ne mmofraase anaa ne babunbere mu a, saa mmabunbere mu ahoɔden no betwam akɔ ntɛm te sɛ osuwusiw.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

7:6. Sɛ yɛanserew wɔ bere a ɛsɛ sɛ mu a ɛhyɛ abufuw, na mfaso biara nni so te sɛ nea nsɔe turuturuw wɔ ɔsɛn ase no ara pɛ. Eye sɛ yɛrenserew wɔ ɔkwan a ɛte saa so.

7:21, 22. Ɛnyɛ nsɛm a nkurɔfo ka fa yɛn ho nyinaa na ɛsɛ sɛ yedi akyi.

8:2, 3; 10:4. Sɛ adwumam panyin anaa adwumawura bi kasa tia yɛn anaa ɔteɛ yɛn so a, nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ komm. Saa a wobɛyɛ no yɛ papa sen sɛ ‘wubegyae w’afã,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ wode abufuw begyae adwuma.

8:8; 9:5-10, 12. Yɛn nkwa betumi afi yɛn nsa mpofirim te sɛ nea woyi mpataa asawu mu anaa nnomaa a woyi wɔn afiri mu no. Afei nso, onipa biara nni hɔ a obetumi asiw nkwa tumi a ɛrefi onipa a ɔrewu mu no ano, na saa ara nso na onipa biara nni hɔ a obetumi agye yɛn afi owu nsam. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛsɛe yɛn bere kwa. Yehowa pɛ sɛ yebu nkwa a ɔde ama yɛn no sɛ ɛsom bo, na ɛsɛ sɛ yɛde gye yɛn ani wɔ ɔkwampa so. Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa som adwuma di kan wɔ yɛn asetra mu.

8:16, 17. Yɛrentumi nte biribiara a Onyankopɔn ayɛ ne nneɛma a wama kwan ma ɛresisi wɔ nnipa asetra mu no ase nwie, na sɛ yesi pɛ sua ho ade mpo a, yentumi nte ase. Sɛ yɛka sɛ yebedwennwen bɔne ahorow a wɔayɛ wɔ wiase nyinaa ho a, yɛn ani rennye wɔ asetra mu.

9:16-18. Sɛ nnipa dodow no ara mmu nyansa mpo a, yɛn de ɛsɛ sɛ yebu nyansa. Asɛm a onyansafo ka no komm ye sen ɔkwasea nteɛm.

10:1. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe yiye. Sɛ obi a ɔwɔ din pa amma n’ani anna hɔ na ɔma ne bo fuw, ɔnom nsa bow da koro mpo, anaasɛ okodi ɔbarima ne ɔbea nna ho agobɔne bi a, adeyɛ ketewa a ɛte saa no betumi asɛe din pa a ɔwɔ no.

10:5-11. Sɛ wɔma obi a ɔmfata dibea bi a, mma w’ani mmere no. Sɛ obi anyɛ adwuma ketewa bi mpo yiye a, etumi de ɔhaw kɛse ba. Mmom no, ‘mfaso wɔ so sɛ yɛde nyansa’ di dwuma yiye. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɛma yɛn ho akokwaw wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu!

11:1, 2. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma mu yɛ adɔe. Na sɛ yɛyɛ saa a, ɛma afoforo nso yɛ yɛn adɔe.—Luka 6:38.

11:3-6. Ɛnsɛ sɛ mmere a edi adannan no ma yɛyɛ nnipa a yentumi nsi gyinae.

11:9; 12:1-7. Mmerante ne mmabaa bebu akontaa akyerɛ Yehowa. Enti, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden som Onyankopɔn ansa na nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ ama wɔn ahoɔden asa.

“ANYANSAFO NSƐM” A ƐBƐKYERƐ YƐN KWAN

(Ɔsɛnkafo 12:9-14)

Ɛsɛ sɛ yebu “nsɛm a ɛyɛ dɛ” a ɔsɛnkafo no hwehwɛe na ɔkyerɛwee no dɛn? “Anyansafo nsɛm te sɛ anantwikafo mpeaw ne nnadewa a nhyiam mu akunini de ama a ɔhwɛfo biako na ɔde mae” no, na ɛnte sɛ “nhoma bebree” a nnipa de wɔn nyansa akyerɛw no. (Ɔsɛnkafo 12:10-12) Yehowa, “ɔhwɛfo biako” no nsɛm a nyansa wom no ma yɛn asetra yɛ nea edi mu.

Nokwarem no, sɛ yɛde afotu a nyansa wom a ɛwɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mu yɛ adwuma a, ɛbɛboa ama yɛn abrabɔ ayɛ papa, na yɛn ani agye wɔ asetra mu. Bio nso, wɔama yɛn awerɛhyem sɛ: “Ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn na wɔfrɛ no no yiye.” Ɛnde, momma yensi yɛn bo denneennen ‘nsuro Onyankopɔn, na yenni ne mmara nsɛm so.’—Ɔsɛnkafo 8:12; 12:13.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Onyankopɔn nsa ano nnwuma a ɛyɛ fɛ yiye no mu biako bɛbam wɔ bere a ɛsɛ mu

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Onyankopɔn akyɛde no bi ne adidi, ɔnom, ne ade pa a yehu wɔ yɛn brɛ nyinaa mu