Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛsɛ Sɛ Yenya Obu Ma Yɛn Nhyiam A Ɛyɛ Kronkron No

Ɛsɛ Sɛ Yenya Obu Ma Yɛn Nhyiam A Ɛyɛ Kronkron No

Ɛsɛ Sɛ Yenya Obu Ma Yɛn Nhyiam A Ɛyɛ Kronkron No

“Mede wɔn mɛba me bepɔw kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fi.”—YESAIA 56:7.

1. Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bɛn na yegyina so kyerɛ obu ma yɛn nhyiam ahorow no?

YEHOWA aboaboa ne nkurɔfo a wɔne Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo ano sɛ wɔnsom no wɔ ne “bepɔw kronkron” no so. Ɔma wɔn ani gye wɔ ne “mpaebɔ fi,” ne honhom fam asɔrefie a ɛyɛ ne ‘mpaebɔ fi ma aman nyinaa’ no mu. (Yesaia 56:7; Marko 11:17) Saa nhyehyɛe yi kyerɛ sɛ Yehowa som korɔn, ɛyɛ kronkron, na ɛho tew. Sɛ yɛkyerɛ obu ma nhyehyɛe a wɔayɛ a ɛma yetumi hyiam sua ade na yɛsom Yehowa no a, ɛnde na yebu nneɛma a Yehowa bu no kronkron no sɛ ɛyɛ kronkron.

2. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yehowa bu baabi a wapaw sɛ wɔnsom no no kronkron, na dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔno nso bu no saa?

2 Wɔ tete Israel no, na ɛsɛ sɛ wobu beae a Yehowa apaw sɛ wɔnsom no no kronkron. Ná ɛsɛ sɛ wɔsra ahyiae ntamadan no, emu nneɛma, ne nnwinne a ɛwom no, na wɔtew ho ma ‘ɛbɛyɛ akronkronne mu ade kronkron.’ (Exodus 30:26-29) Ná wɔfrɛ mpia abien a ɛwɔ asɔrefie hɔ no “Kronkronbea” ne “Kronkron mu Kronkronbea.” (Hebrifo 9:2, 3) Akyiri yi, wɔde asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem no besii ahyiae ntamadan no ananmu. Ná wɔfrɛ Yerusalem, baabi a na wɔsom Yehowa no “kurow kronkron.” (Nehemia 11:1; Mateo 27:53) Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, ɔno ankasa kyerɛɛ asɔrefie no ho anisɔ. Ne bo fuw nkurɔfo a wommu asɔrefie no a na wɔde ɛhɔ ayɛ aguadibea no, ne wɔn a na wɔde hɔ ayɛ kwan no.—Marko 11:15, 16.

3. Dɛn na ɛma yehu sɛ na Israelfo no nhyiam ahorow no yɛ kronkron?

3 Ná Israelfo no hyiam daa som Yehowa, na na wɔkenkan ne Mmara no ma wotie. Ná wɔfrɛ wɔn afahyɛ nna no bi nhyiam kronkron, na na ɛkyerɛ sɛnea saa nhyiam ahorow no som bo fa. (Leviticus 23:2, 3, 36, 37) Wɔ baguam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Esra ne Nehemia bere so no, Lewifo no “maa ɔman no huu mmara no mu.” Bere a ‘ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no, wosui.’ Na Lewifo no ‘maa ɔman no nyinaa yɛɛ komm, na wɔkae sɛ: Monyɛ dinn, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron.’ Ɛno akyi no, Israelfo no dii nnanson Asese Afahyɛ no, na wonyaa “anigye kɛse pa.” Bio nso, “wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no mu daa fi da a edi kan no ara de besii da a edi akyiri no. Na wodii nnapɔnna nnanson, na ɛda a ɛto so awotwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiam, sɛnea ne yɛbea te no.” (Nehemia 8:7-11, 17, 18) Ná nhyiam yi yɛ kronkron ankasa ma enti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ ase no nyinaa da obu adi, na wɔyɛ aso tie asɛm a na wɔreka no.

Nhyiam a Yɛyɛ Nnɛ Nso Yɛ Kronkron

4, 5. Nneɛma bɛn na yɛyɛ wɔ yɛn nhyiam ahorow ase a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nhyiam kronkron?

4 Nokwasɛm ne sɛ, ɛnnɛ Yehowa nni kurow kronkron ankasa a wɔasi asɔredan soronko bi wɔ mu a wɔsom no wom wɔ asase so. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ mmeae a yɛsom Yehowa no yɛ kronkron. Dapɛn biara yehyiam mprɛnsa sua Kyerɛwnsɛm no. ‘Wɔkyerɛkyerɛ’ Yehowa Asɛm no ‘mu,’ na sɛnea wɔyɛe wɔ Nehemia bere so no, ‘wɔma yɛte akenkan no ase.’ (Nehemia 8:8) Yɛde mpaebɔ na efi yɛn nhyiam no nyinaa ase, na ɛno nso na yɛde wie. Na yɛto Yehowa ayeyi dwom wɔ nhyiam dodow no ara ase. (Dwom 26:12) Asafo nhyiam ahorow no ka yɛn som ho ankasa, na ɛsɛ sɛ yɛda suban pa adi wɔ ase, na yɛyɛ aso tie asɛm a wɔka wɔ hɔ no.

5 Sɛ Yehowa nkurɔfo hyiam som no, sua n’Asɛm, na wonya Kristofo fekubɔ mu anigye a, ohyira wɔn. Sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam bi a, yebetumi anya ahotoso sɛ ɛhɔ na ‘Yehowa ahyɛ nhyira.’ (Dwom 133:1, 3) Sɛ yɛkɔ nhyiam a ɛte saa na yɛyɛ aso tie Onyankopɔn asɛm a wɔka wɔ hɔ no yiye a, yenya saa nhyira no bi. Bio nso, Yesu kae sɛ: “Nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, na mewɔ wɔn mfinimfini.” Ɛwom sɛ saa asɛm yi fa Kristofo mpanyimfo a wɔahyiam resusuw nsɛnnennen bi a asɔre wɔ Kristofo bi ntam ho tee de, nanso sɛ yɛtrɛw mu a, ɛfa nhyiam ahorow a yɛyɛ nso ho. (Mateo 18:20) Sɛ Kristo nam honhom kronkron no so ka Kristofo ho bere a wɔahyiam wɔ ne din mu a, ɛnde, so ɛnsɛ sɛ yebu nhyiam a ɛte saa no sɛ ɛyɛ kronkron?

6. Dɛn na yebetumi aka afa mmeae a yɛyɛ yɛn nhyiam nketewa ne akɛse no ho?

6 Ɛyɛ nokware sɛ Yehowa nte asɔredan ahorow a nnipa asisi mu. Nanso, yɛn Ahenni Asa ahorow no yɛ mmeae a yɛsom Onyankopɔn nokware mu. (Asomafo Nnwuma 7:48; 17:24) Yehyiam wɔ hɔ sua Yehowa Asɛm, bɔ no mpae, na yɛto n’ayeyi dwom. Saa ara nso na yɛyɛ wɔ yɛn Nhyiam Asa ahorow so. Adan akɛse anaa agumadibea a yegye de yɛ yɛn nhyiam ahorow no nso bɛyɛ mmeae kronkron wɔ mmere a yɛreyɛ nhyiam wɔ hɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma nhyiam nketewa ne akɛse a ɛte saa no, na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe ne yɛn suban da obu a ɛte saa adi.

Akwan a Yɛbɛfa so Akyerɛ Obu Ama Yɛn Nhyiam Ahorow No

7. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yebu yɛn nhyiam ahorow a yɛyɛ no kronkron?

7 Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so akyerɛ obu ama nhyiam ahorow a yɛyɛ no. Emu biako ne sɛ yebedu hɔ ntɛm na yɛato Ahenni dwom a wɔde fi ase no bi. Nnwom no mu pii mu nsɛm te sɛ mpaebɔ ma ɛno enti ɛsɛ sɛ yɛto no nidi mu. Bere a ɔsomafo Paulo refa asɛm a ɛfa Yesu ho a ɛwɔ Dwom 22 aka asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mede nnwonto beyi wo ayɛ wɔ asafo mfinimfini.” (Hebrifo 2:12) Enti, ɛsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn su sɛ yebedu nhyiam ase atra ase ansa na oguamtrani no aka dwom a ɛsɛ sɛ yɛto de fi nhyiam no ase, yɛto bi na yɛde yɛn adwene si nea emu nsɛm kyerɛ no so bere a yɛreto no. Momma yemfi yɛn komam nto dwom sɛnea odwontofo a ɔkyerɛw asɛm a edi so yi yɛe no: “Mede me koma nyinaa mɛkamfo [Yehowa, NW], treneefo guabɔ ne asafo mu.” (Dwom 111:1) Yiw, ayeyi dwom a yɛbɛto ama Yehowa no nso yɛ ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yedu yɛn nhyiam ahorow ase ntɛm na yɛtwɛn kosi sɛ wɔbɛpɔn no.

8. Bible mu nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛfata sɛ yɛyɛ aso tie mpae a wɔbɔ wɔ yɛn nhyiam ahorow ase no yiye?

8 Ade foforo a ɛboa ma yɛn nhyiam ahorow no di mũ wɔ Onyankopɔn anim ne mpae a wofi komam bɔ ma wɔn a wɔahyiam nyinaa no. Bere bi, afeha a edi kan no mu Kristofo a wɔwɔ Yerusalem no hyiaam, na “wɔde koma koro maa wɔn nne so” fi komam bɔɔ Onyankopɔn mpae. Ɛno nti, wɔkɔɔ so de “akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm no” ɛmfa ho sɛ wohyiaa ɔtaa. (Asomafo Nnwuma 4:24-31) Wususuw sɛ wɔn a na wɔwɔ nhyiam no ase no mu bi maa wɔn adwene kyinkyinii bere a na wɔrebɔ mpae no? Dabi, “wɔde koma koro” na ɛbɔɔ mpae no. Mpae a wɔbɔ wɔ yɛn nhyiam ahorow ase no fa wɔn a wɔwɔ nhyiam no ase nyinaa ho. Enti, ɛfata sɛ yɛyɛ aso tie saa mpaebɔ no yiye.

9. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn ntadehyɛ ne yɛn suban pa ada no adi sɛ yɛwɔ obu ma yɛn nhyiam ahorow no?

9 Bio nso, yɛnam yɛn ahosiesie so betumi akyerɛ sɛ yebu yɛn asafo nhyiam ahorow no kronkron. Yɛn ntadehyɛ ne sɛnea yɛyɛ yɛn ti nso betumi ama yɛn asafo nhyiam ahorow no ayɛ nea nidi wom kɛse. Ɔsomafo Paulo tuu yɛn fo sɛ: “Mepɛ sɛ mmarima kura mpaebɔ mu baabiara, na wɔma nsa a ɛho tew so a abufuw ne akyinnyegye mma mu. Saa ara nso na mepɛ sɛ mmea de fɛre ne adwenemtew hyɛ ntade a ɛfata, ɛnyɛ mmɛsawɔw soronko ne sika anaa nhene anaa ntade a ne bo yɛ den kɛse mu, na mmom nea ɛfata mmea a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn.” (1 Timoteo 2:8-10) Sɛ yɛkɔ nhyiam akɛse a wɔyɛ wɔ agumadibea no a, yebetumi agyina sɛnea ewim tebea te so asiesie yɛn ho, nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea nidi wom. Afei nso, obu a yɛwɔ ma nhyiam no remma yennidi anaa yɛnnwe kyingam bere a nhyiam no rekɔ so no. Ahosiesie a ɛfata a yɛde kɔ yɛn nhyiam ahorow no ne suban pa a yɛda no adi wɔ ase no hyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam, ɛkamfo ne som, na yɛnam so di yɛn nuanom ni.

Abrabɔ a Ɛfata Onyankopɔn Fiefo

10. Dɛn na ɔsomafo Paulo kae de kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ bra pa wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase?

10 Ɔsomafo Paulo de sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nhyiam ho afotu a nyansa wom mae wɔ 1 Korintofo ti 14. Ɔde afotu no baa awiei sɛ: “Momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.” (1 Korintofo 14:40) Nhyiam ahorow a yɛyɛ no yɛ nnwuma a yɛyɛ wɔ Kristofo asafo no mu fã titiriw, na sɛ yɛkɔ ase a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ bra a ɛfata Yehowa fiefo.

11, 12. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra mmofra a wɔba yɛn nhyiam ahorow ase no adwenem? (b) Ɔkwan pa bɛn na mmofra betumi afa so aka wɔn gyidi ho asɛm akyerɛ wɔ yɛn nhyiam ahorow ase?

11 Mmofra titiriw na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ yɛn nhyiam ahorow ase. Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo kyerɛkyerɛ wɔn mma sɛ Ahenni Asa so ne baabi a wɔyɛ Asafo Nhoma Adesua nyɛ baabi a wodi agoru. Na mmom, ɛhɔ na yɛsom Yehowa na yesua n’Asɛm. Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee sɛ: ‘Sɛ worekɔ Onyankopɔn fi a, wɛn w’anan, na kotie.’ (Ɔsɛnkafo 5:1) Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, mpanyin ne “mmofra” nyinaa mmɔ gua. Ɔkae sɛ: ‘Ma ɔman no mmɔ gua na wontie, na wonsua, nsuro Yehowa wo Nyankopɔn, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so: na wɔn mma a wonnim no ntie, na wonsua, nsuro Yehowa.’—Deuteronomium 31:12, 13.

12 Saa ara na ɛnnɛ nso, sɛ mmofra ne wɔn awofo kɔ nhyiam a nea wɔkɔyɛ titiriw ne sɛ wɔrekotie asɛm na wɔasua ade. Sɛ mmofra no fi ase tumi de wɔn adwene di adesua no akyi na wɔte Bible mu nokware atitiriw ase kakra a, wɔn nso betumi ama mmuae ntiantiaa de ‘aka’ wɔn gyidi ho asɛm akyerɛ wɔ baguam. (Romafo 10:10) Abofra kumaa bi betumi afi ase aka nsɛm ntiantiaa de ama asɛmmisa bi a ɔte ase ho mmuae. Mfiase no, ebia ɔbɛkenkan mmuae no, nanso bere rekɔ so no, ɔbɛbɔ mmɔden de n’ankasa nsɛm ama mmuae. Abofra no nya eyi so mfaso na ɛma n’ani gye, na ne gyidi a n’ankasa fi ne tirim ka ho asɛm no ma mpanyin ne wɔn a wɔwɔ nhyiam no ase nyinaa ani gye. Sɛnea ɛte no, sɛ awofo ma mmuae a wɔn mma hwɛ wɔn sua wɔn. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛyɛ papa nso sɛ mmofra no nya wɔn ankasa Bible, nnwom nhoma, ne nhoma kõ a wɔresua no bi. Na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wotumi hwɛ nhoma a ɛte saa no so yiye. Eyi nyinaa bɛtra mmofra no adwenem, na ama wɔahu sɛ yɛn nhyiam ahorow no yɛ nhyiam kronkron.

13. Adwene bɛn na yɛpɛ sɛ wɔn a wɔba yɛn nhyiam ase nea edi kan no nya wɔ yɛn ho?

13 Nokwarem no, yɛmpɛ sɛ yɛn nhyiam ahorow ase bɛyɛ te sɛ sɛnea Kristoman mu asɔreasɔre no yɛ wɔn asɔre no. Wɔn asɔre no ase betumi ayɛ bɔɔ, na wɔn a wɔwɔ ase no ayɛ wɔn ho sɛ akronkronfo anaa wɔama hɔ ayɛ gyegyeegye te sɛ gua so. Yɛpɛ sɛ nhyiam ahorow a yɛyɛ wɔ yɛn Ahenni Asa ahorow so no ase yɛ anigye ne anika, nanso yɛmpɛ sɛ ɛhɔ yɛ te sɛ agodibea. Nea enti a yehyiam ne sɛ yɛbɛsom Yehowa, enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nhyiam no yɛ nea nidi wom bere nyinaa. Nea yɛpɛ ne sɛ, bere a wɔn a wɔba yɛn nhyiam ase nea edi kan no atie ɔkasa ahorow no na wɔahwɛ yɛne yɛn mma suban a yɛda no adi awie no, wɔbɛka sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.”—1 Korintofo 14:25.

Biribi a Yɛyɛ Wɔ Yɛn Som Mu Daa

14, 15. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ‘yɛannyaw yɛn Nyankopɔn fie’? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesaia 66:23 rennya mmamu nnɛ?

14 Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, Yehowa reboaboa ne nkurɔfo ano, na ɔrema wɔn ani agye wɔ ne “mpaebɔ fi” a ɛne ne honhom fam asɔrefie hɔ. (Yesaia 56:7) Ɔbarima nokwafo Nehemia ka kyerɛɛ ne mfɛfo Yudafo no sɛ, wɔmfa wɔn ahonyade mmoa asɔrefie no mfa nkyerɛ anisɔ. Ɔkae sɛ: “Yɛrennyaw yɛn Nyankopɔn fi no.” (Nehemia 10:39) Bio nso, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nsa a Yehowa ato afrɛ yɛn sɛ yɛmmɛsom no wɔ ne “mpaebɔ fi” no so.

15 Bere a Yesaia reka hia a ehia sɛ yehyiam som Yehowa daa ho asɛm no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Ɛbɛba sɛ ɔsram foforo daa ne homeda daa na ɔhonam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim, [Yehowa, NW] na ose.” (Yesaia 66:23) Eyi rekɔ so nnɛ. Dapɛn biara wɔ ɔsram biara mu no, Kristofo a wɔahyira wɔn ho so hyiam som Yehowa daa. Nneɛma a wɔyɛ no bi ne Kristofo nhyiam ahorow a wɔkɔ daa ne asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ baguam no. So woka wɔn a ‘wɔba bɛsɔre Yehowa anim daa no ho’?

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn su nnɛ sɛ yɛbɛkɔ nhyiam daa?

16 Yesaia 66:23 benya ne mmamu koraa wɔ wiase foforo a Yehowa ahyɛ ho bɔ no mu. Saa bere no, “ɔhonam nyinaa” bɛba abɛsom Yehowa dapɛn biara ne ɔsram biara, ‘abɛsɔre n’anim’ daa anaa wɔabɛsom no afebɔɔ. Esiane sɛ yebehyiam asom Yehowa daa wɔ nhyehyɛe foforo no mu nti, so ɛnsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn su nnɛ sɛ yɛbɛkɔ yɛn nhyiam kronkron no daa?

17. Dɛn nti na ehia sɛ yɛkɔ yɛn nhyiam ahorow no daa ‘titiriw bere a yehu sɛ ɛda no rebɛn no’?

17 Esiane sɛ awiei no abɛn pɛɛ nti, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn su paa sɛ yɛbɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow akɔsom. Esiane sɛ yebu nhyiam ahorow a yɛyɛ no sɛ ɛyɛ kronkron nti, yɛmfa honam fam adwuma, sukuu dwumadi a yɛde ba fie bɛyɛ, anaa sukuu a yɛkɔ no anwummere nyiyi yɛn ho ano ntoto nhyiam a yɛne yɛn mfɛfo gyidifo bɛyɛ no daa no mu. Yehia ahoɔden a yenya fi Kristofo fekubɔ mu no. Yɛn asafo nhyiam ahorow no ma yenya hokwan de hu yɛn nuanom yiye, hyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran, na yɛtwetwe yɛn ho yɛn ho kɔ “ɔdɔ ne nnwuma pa mu.” Ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi ‘titiriw bere a yehu sɛ ɛda no rebɛn no.’ (Hebrifo 10:24, 25) Enti, momma yɛnhyɛ ntade a ɛfata, nna suban pa adi, na yɛnkɔ asafo nhyiam bere nyinaa mfa nkyerɛ sɛ yɛwɔ obu a ɛfata ma yɛn nhyiam kronkron no. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛda no adi sɛ yebu nneɛma a Yehowa bu no kronkron no sɛ ɛyɛ kronkron.

Ntimu

• Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yebu nhyiam ahorow a Yehowa nkurɔfo yɛ no sɛ ɛyɛ kronkron?

• Nneɛma bɛn na yɛyɛ wɔ yɛn nhyiam ahorow ase a ɛma ɛda adi sɛ ɛyɛ nhyiam kronkron?

• Dɛn na mmofra betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wobu nhyiam ahorow a yɛyɛ no sɛ ɛyɛ kronkron?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn su sɛ yɛbɛkɔ nhyiam ahorow daa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Nhyiam a yɛyɛ de som Yehowa no yɛ nhyiam kronkron ɛmfa ho baabiara a yɛyɛ no no

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Yɛn mma nkumaa no kɔ nhyiam ahorow ase sɛ wɔrekotie asɛm na wɔasua ade