Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afotu Pa a Wɔde Tete Mmofra

Afotu Pa a Wɔde Tete Mmofra

Afotu Pa a Wɔde Tete Mmofra

“RUTH ka ne nyinsɛn a edi kan ho asɛm sɛ: “Ná madi mfe 19, na na mente mmɛn obusuani biara. Saa bere no, na mensoo dae koraa sɛ mɛtete abofra.” Esiane sɛ na Ruth ankasa da so yɛ abofra nti, na onsusuw ho sɛ ɔbɛyɛ ɔwofo. Ná ɛhe na obetumi anya mmofra ntetee ho afotu pa?

Jan a seesei ɔwɔ mma baanu a wɔanyinyin no nso ka sɛ: “Mekae sɛ mfiase no na mewɔ ahotoso paa sɛ metumi atete me mma, nanso ankyɛ koraa na mibehui sɛ sɛɛ na minni mmofra ntetee ho nimdeɛ biara.” Sɛ́ ebia mfiase no awofo bɛte nka sɛ wonni mmofra ntetee ho nimdeɛ anaasɛ akyiri yi na wobehu sɛ wonni ɛho nimdeɛ no, ɛhe na wobetumi anya afotu pa a wɔde bɛtete wɔn mma?

Ɛnnɛ, awofo pii na wɔrehwehwɛ mmoa wɔ Intanɛt so. Nanso, ebia wubebisa sɛ, so afotu a ɛwɔ Intanɛt so no yɛ papa? Ntease wom sɛ woyɛ ahwɛyiye. So wunim nkurɔfo kõ a wɔrema wo afotu wɔ Intanɛt so no? So wɔatumi atete wɔn ankasa mma amma asi wɔn yiye? Enti akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye bere a wo ne afoforo reka biribi a ɛfa w’abusua ho no. Sɛnea asɛm a edi eyi anim ma yehui no, ɛtɔ mmere bi a animdefo afotu mpo di huammɔ. Sɛ ɛte saa a, ɛnde ɛhe na wubetumi anya afotu a ɛfata?

Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ abusua Hyehyɛfo no ne Obi a ɔwɔ mmofra ntetee ho afotu a eye sen biara. (Efesofo 3:15) Ɔno nkutoo na ɔwɔ mmofra ntetee ho nimdeɛ ankasa. Wama yɛn mmofra ntetee ho akwankyerɛ a mfaso wɔ so na ɛyɛ adwuma yiye wɔ n’Asɛm Bible mu. (Dwom 32:8; Yesaia 48:17, 18) Nanso, sɛ ɛso bɛba yɛn mfaso a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa de yɛ adwuma.

Wobisabisaa awarefo bi nsɛm faa nneɛma a na wɔn ankasa asua bere a na wɔretete wɔn mma ma wɔabɛyɛ mpanyin a wosuro Onyankopɔn na wɔbɔ bra pa no ho. Wɔkae sɛ, nea ɛma wotumi yɛɛ eyi titiriw ne Bible mu nnyinasosɛm a wɔde kyerɛkyerɛɛ wɔn mma no. Wohui sɛ Bible mu afotu yɛ adwuma nnɛ te sɛ bere a wɔkyerɛwee no ara pɛ.

Nya Wo Mma Ho Adagyew

Bere a wobisaa ɛna bi a wɔfrɛ no Catherine a ɔwɔ mma baanu sɛ afotu bɛn na ɛboaa no kɛse no, ɔkae ntɛm ara sɛ ɛyɛ nea ɛwɔ Deuteronomium 6:7 no. Saa kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Fa [Bible mu nnyinasosɛm] kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” Catherine hui sɛ, sɛ obetumi de saa afotu no ayɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ onya ne mma no ho adagyew.

Ebia w’adwene bɛyɛ wo sɛ ‘ne ka de ɛyɛ mmerɛw na ne yɛ ne asɛm no.’ Bere a wɔ mmusua pii mu no ɛsɛ sɛ ɛna ne agya nyinaa yɛ adwuma ansa na wɔatumi ahwɛ wɔn abusua no, ɛbɛyɛ dɛn na awofo a wonni bere koraa yi anya adagyew ama wɔn mma? Torlief a seesei ne babarima anyin ma ne ba no nso retete ne mma no ka sɛ, nea ehia ne sɛ wode afotu a ɛwɔ Deuteronomium no bɛyɛ adwuma. Baabi a wobɛkɔ biara no, wo ne wo mma no nkɔ, na nkɔmmɔ no ara de ne ho bɛba. Torlief ka sɛ: “Ná me ne me babarima no bom yɛ fie nnwuma. Ná abusua no nyinaa bom tu kwan. Na na yebom didi nso.” Ɔka sɛ ɛno nti “na ɛnyɛ den mma yɛn babarima no koraa sɛ ɔne yɛn bɛbɔ nkɔmmɔ bere nyinaa.”

Nanso, sɛ muntumi mfi mo komam mmɔ nkɔmmɔ, anaa ɛnyɛ mmerɛw sɛ mo ne mo mma bɛbɔ nkɔmmɔ nso ɛ? Biribi a ɛte saa si bere a mmofra no renyinyin no. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde adagyew a mubenya ama mo mma no betumi aboa paa. Catherine kunu Ken, kae sɛ bere a wɔn babea no duu ne mpanyin afe so no, ɔbɔɔ me sobo sɛ sɛ ɔne me rebɔ nkɔmmɔ a, mintie no. Mmabun taa de sobo a ɛte saa bɔ wɔn awofo. Ná dɛn na Ken betumi ayɛ? Ɔka sɛ: “Misii gyinae sɛ menya ne ho adagyew paa, na me ne no atra ase abɔ nkɔmmɔ, ahu n’adwene, sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho, na ama mahu nneɛma a ɛhaw no. Na ɛno boae paa.” (Mmebusɛm 20:5) Nanso, Ken gye di sɛ nea ɛmaa ɔkwan a ɔfaa so no yɛɛ yiye no ne sɛ, na wɔtaa ne wɔn ho wɔn ho bɔ nkɔmmɔ wɔ fie. Ɔtoaa so sɛ, “Na me ne me babea no ntam yɛ papa, enti na ɛnyɛ den koraa mma no sɛ ɔne me bɛbɔ nkɔmmɔ.”

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, wohui wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi mu sɛ, mpɛn dodow a mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so ka sɛ wɔn awofo nnya wɔn ho adagyew ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ no dɔɔso sen nea awofo ka sɛ wɔn mma nnya adagyew ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ no mmɔho abiɛsa. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde dɛn nti na womfa Bible afotu no nyɛ adwuma? Nya wo mma ho adagyew sɛnea wubetumi, bere a woregye w’ahome, bere a woreyɛ adwuma, bere a wowɔ fie ne bere a woretu kwan, bere a moasɔre anɔpa ne bere a morekɔda anadwo. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa wɔn di w’akyi kɔ baabi a wobɛkɔ biara. Sɛnea Deuteronomium 6:7 kyerɛ no, biribiara nni hɔ a wubetumi de asesa adagyew a wubenya ama wo mma.

Kyerɛkyerɛ Wo Mma Abrabɔ Pa

Mario, agya bi a ɔwɔ mma baanu nso ka sɛ: “Nya ɔdɔ ma wo mma na kenkan ade kyerɛ wɔn.” Nanso, ɛnyɛ nea ehia ankasa ne sɛ wobɛma wo mma no adwenem abue. Ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn ma wohu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Mario de ka ho sɛ: “Wo ne wɔn nsua Bible.”

Ɛno nti na Bible tu awofo fo sɛ: “Munnyi mo mma abufuw, na mmom momfa nokware Kristofo kasakyerɛ ne afotu ntete wɔn wɔ ɔdɔ mu” no. (Efesofo 6:4, Weymouth) Ɛnnɛ, wɔmfa abrabɔ pa nkyerɛkyerɛ mmofra wɔ afie pii mu. Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ mmofra nyinyin a wɔn ankasa betumi asisi nea wɔbɛyɛ ho gyinae. Wususuw sɛ nyansa wom sɛ wubenya adwene a ɛte saa? Sɛnea mmofra nkumaa hia aduan pa na ama wɔatumi anyin yiye na wɔanya ahoɔden no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma pa hyɛ wɔn adwene ne wɔn koma mu. Sɛ woamfa abrabɔ pa ankyerɛkyerɛ wo mma wɔ fie a, wɔbɛkɔ akosua abrabɔ bɔne afi wɔn sukuufo ne wɔn akyerɛkyerɛfo hɔ, anaa TV so.

Bible betumi aboa awofo ama wɔakyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔahu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (2 Timoteo 3:16, 17) Jeff a ɔyɛ Kristofo asafo mu panyin a ne ho akokwaw a watete mma baanu no ka sɛ, ɛsɛ sɛ awofo de Bible kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wohu sɛnea wɔbɔ ɔbra pa. Ɔka sɛ: “Sɛ awofo de Bible kyerɛkyerɛ wɔn mma a, ɛboa mmofra no ma wohu sɛnea Ɔbɔadeɛ no te nka wɔ asɛm bi ho, na mmom ɛnyɛ sɛnea Maame ne Paapa te nka. Yehui sɛ Bible no kaa wɔn adwene ne wɔn koma yiye. Sɛ na abofra bi yɛ bɔne anaa onya adwene bi a ɛnteɛ a, na yegye bere de hwehwɛ kyerɛwsɛm bi a ɛfata de boa no. Na yɛne abofra no nkutoo tra ase ma ɔno ankasa kenkan kyerɛwsɛm no. Mpɛn pii no, nea na yehu ne sɛ abofra no tew nusu waawaa bere a wakenkan kyerɛwsɛm no awie no. Ná eyi ma yɛn ho dwiriw yɛn. Ná Bible mu asɛm no ka mmofra no koma yiye sen biribiara a anka yɛbɛka akyerɛ wɔn anaa yɛde bɛyɛ wɔn.”

Hebrifo 4:12 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu, . . . na etumi hu komam adwene ne nsusuwii.” Enti, nsɛm a ɛwɔ Bible mu no nyɛ nnipa a Onyankopɔn nam wɔn so kyerɛwee no ankasa nsusuwii anaa wɔn suahu kɛkɛ. Na mmom, ɛyɛ Onyankopɔn nsusuwii a ɛfa abrabɔ pa ne abrabɔ bɔne ho. Eyi ma Bible mu afotu da nsow koraa wɔ afotu a aka nyinaa ho. Enti sɛ wode Bible no kyerɛkyerɛ wo mma a, na woreboa wɔn ma wɔanya Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho. Ɛma ntetee a wode rema wɔn no yɛ nea edi mu kɛse, na ɛma wo nkyerɛkyerɛ no tumi ka wo mma no koma.

Catherine a yɛaka ne ho asɛm dedaw no gye saa asɛm yi tom. Ɔka sɛ: “Dodow a na asɛm a asɔre no mu yɛ den no, dodow no ara na yɛhwehwɛɛ akwankyerɛ fii Onyankopɔn Asɛm mu, na ɛyɛɛ adwuma yiye!” So wubetumi de Bible no ayɛ adwuma kɛse de akyerɛkyerɛ wo mma ama wɔahu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne?

Monyɛ Nnipa a Wɔte Asɛm Ase

Ɔsomafo Paulo kaa nnyinasosɛm foforo a ehia a ɛboa ma wɔtete mmofra yiye ho asɛm. Ɔhyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo ntease.” (Filipifo 4:5) Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn mma nso ka nkurɔfo a ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ yɛte asɛm ase no ho. Na kae sɛ sɛ yɛte asɛm ase a, na yɛreda “nyansa a efi soro” adi.—Yakobo 3:17.

Nanso, dɛn na ntease a yɛbɛda no adi ne mmofra ntetee wɔ yɛ? Ɛwom sɛ yebetumi de mmoa biara a yɛwɔ ama yɛn mma de, nanso yentumi nkyerɛ wɔn biribiara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Sɛ nhwɛso, Mario a yɛafa n’asɛm aka dedaw no yɛ Yehowa Dansefo, na ɔka sɛ: “Bere nyinaa na yɛne yɛn mma no ka asubɔ, bere nyinaa som adwuma, ne Onyankopɔn som mu botae ahorow ho asɛm. Nanso, yɛma wɔtee ase sɛ sɛ bere no du a, ɛyɛ wɔn ankasa na ɛsɛ sɛ wosi nea wɔbɛyɛ ho gyinae.” Dɛn na efii mu bae? Seesei wɔn mma baanu no nyinaa resom sɛ bere nyinaa asɛmpakafo.

Bible bɔ agyanom kɔkɔ wɔ Kolosefo 3:21 sɛ: “Agyanom monnhyɛ mo mma abufuw na wɔn abam ammu.” Catherine ani gye saa kyerɛwsɛm yi ho. Sɛ ɔwofo bi abotare sã a, ɛnyɛ den koraa sɛ ne bo befuw ne mma anaasɛ ɔbɛhyɛ wɔn so. Nanso, Catherine ka sɛ, “Nhyɛ wo ba sɛ ɔnyɛ nneɛma a wo wubetumi ayɛ no.” Catherine nso yɛ Yehowa Dansefo, na ɔno nso ka sɛ: “Ma Yehowa som nyɛ anigye.”

Jeff a yɛadi kan aka ne ho asɛm no de nyansahyɛ a mfaso wɔ so yi ma sɛ: “Bere a na yɛn mma no renyin no, yɛn adamfo pa bi ka kyerɛɛ yɛn sɛ, mpɛn pii na wampene nneɛma a ne mma bisaa no no so. Saa a ɔyɛe no maa mmofra no yɛɛ basaa, na wɔtee nka sɛ yɛhyɛ wɔn so. Nea ɛbɛyɛ na yenni saa mfomso koro no ara bi no, yɛn adamfo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛmpɛ akwan bi a yɛbɛfa so apene nneɛma a yɛn mma no bebisa yɛn no so.

Jeff ka sɛ, “Yehui sɛ eyi yɛ afotu pa. Ná yɛhwehwɛ akwan bi a yɛbɛfa so ama yɛn mma no ne afoforo ayɛ nneɛma bi a yehu sɛ mfaso wɔ so. Enti na yebisa wɔn sɛ: ‘Moate sɛ asomasi reyɛ biribi? Dɛn nti na mo ne no nkɔyɛ?’ Anaasɛ, sɛ mmofra no ka sɛ yɛmfa wɔn nkɔ baabi na sɛ yɛabrɛ mpo a, na yɛbɔ mmɔden biara ne wɔn kɔ. Yɛyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrente nka sɛ sɛ wobisa yɛn biribiara a yɛnyɛ mma wɔn.” Nea ɛkyerɛ sɛ yɛte asɛm ase ankasa ne sɛ yɛrenyɛ nnipa a wɔyɛ nhwɛanim, na mmom yɛda yɛn ho adi sɛ yɛwɔ tema, na yetie nea afoforo ka bere a emmu Bible mu nnyinasosɛm so no.

Nya Afotu Pa so Mfaso

Seesei, awarefo a yɛaka wɔn ho asɛm no mu dodow no ara abenya mmanananom. Na wɔn ani gye sɛ wohu sɛ wɔn mma no nso de Bible mu nnyinasosɛm retete wɔn mma. So wo nso wubetumi anya Bible mu afotu so mfaso?

Bere a Ruth a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no bɛyɛɛ ɔwofo no, ɛtɔ mmere bi a na ɔne ne kunu te nka sɛ wonni obiara a ɔbɛboa wɔn na wama wɔn akwankyerɛ. Nanso, na ɛnte saa. Na wɔwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu afotu a edi mu. Yehowa Adansefo ayɛ nhoma a edi mu pii a wɔde sua Bible a ebetumi aboa awofo ma wɔatete wɔn mma. Emu bi ne Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No, Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, Questions Young People Ask—Answers That Work, ne Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Ruth kunu Torlief ka sɛ: “Ɛnnɛ, awofo wɔ Bible mu afotu pii a wobetumi de akyerɛkyerɛ wɔn mma. Enti sɛ wosua nkutoo a, wobenya mmoa a wɔde bɛtete wɔn mma afi wɔn mmofraase akosi sɛ wobenyin.”

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]

Nea ANIMDEFO Ka . . . Nea BIBLE Ka

Ɔdɔ a Wɔda no Adi:

Ɔbenfo John Broadus Watson hyɛɛ awofo nkuran wɔ ne nhoma The Psychological Care of Infant and Child (1928) mu sɛ: “Ɛnyɛ wo” mma “atuu na mfew wɔn ano da. Mfa wɔn nsi wo srɛ so da.” Nanso, nnansa yi abenfo Vera Lane ne Dorothy Molyneaux kae wɔ Our Children nsɛmma nhoma (March 1999) mu sɛ: “Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, mmofra nkumaa a wonso wɔn mu ne wɔn nni agoru na wɔnna ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn no ntaa nyin yiye.”

Yesaia 66:12 nso ka sɛ Onyankopɔn da ne dɔ adi kyerɛ ne nkurɔfo te sɛ nea awofo yɛ ma wɔn mma no. Saa ara na bere a Yesu asuafo no yɛe sɛ wɔremma nkurɔfo mfa wɔn mma mma Yesu nkyɛn no, Yesu teɛɛ wɔn so kae sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn; na munnsiw wɔn kwan.” Afei “ɔbam mmofra no, na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.”—Marko 10:14, 16.

Abrabɔ Pa a Wɔbɛkyerɛkyerɛ Mmofra:

Ɔbenfo Bruno Bettelheim sii so dua wɔ New York Times Magazine a ɛbae wɔ afe 1969 mu sɛ: “Ɛnsɛ sɛ [awofo] dwen ma wɔn mma anaa [wɔhyɛ wɔn], na mmom ɛsɛ sɛ wɔma abofra no ankasa de n’adwene yɛ adwuma bere a ɔrenyin no, na ɔno ankasa behu sɛnea ɔbɛyɛ n’ade afa.” Nanso, ɛno akyi bɛyɛ mfe 30 no, Ɔbenfo Robert Coles, a ɔkyerɛw The Moral Intelligence of Children (1997) no kae sɛ, ɛsɛ sɛ awofo ne mpanyin afoforo kyerɛ “mmofra abrabɔ pa ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ wɔn asetra mu.”

Mmebusɛm 22:6 hyɛ awofo nkuran sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “kyerɛ” no san kyerɛ “fi ase,” na ɛha no, ɛkyerɛ ntetee a wofi ase de ma akokoaa. Ɛno nti, wɔhyɛ awofo nkuran sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma abrabɔ pa fi wɔn mmofraase pɛɛ. (2 Timoteo 3:14, 15) Ɛda adi sɛ mmofra no werɛ remfi nneɛma a wosua wɔ wɔn mmofraase no da.

Nteɛso:

Ɔbenfo James Dobson kyerɛw wɔ ne nhoma The Strong-Willed Child (1978) mu sɛ: “Sɛ ɔwofo bi a ɔwɔ dɔ hwe ne ba a, na ɔreyi subammɔne bi afi abofra no mu.” Nanso, asɛm bi a wɔfa fii nhoma a nnipa pii kenkan a wɔato din Baby and Child Care (1998) po a ɛto so ason a Ɔbenfo Benjamin Spock kyerɛwee mu ka sɛ: “Sɛ obi hwe abofra a, na ɔrekyerɛ abofra no sɛ wanyin sen no, na ne ho yɛ den sen no nti otumi yɛ nea ɔpɛ biara, sɛ́ n’asɛm yɛ dɛ anaa n’asɛm nyɛ dɛ no.”

Bible ka nteɛso ho asɛm sɛ: “Abaa ne animka ma nyansa.” (Mmebusɛm 29:15) Nanso, ɛnyɛ mmofra nyinaa na ɛsɛ sɛ wɔhwe wɔn. Mmebusɛm 17:10 ka sɛ: “Nkaanim hyɛn nhumufo mu kyɛn sɛ mmaa ɔha hyɛn ɔkwasea mu.”

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Ka Bible mu asɛm ma ɛnka abofra no koma

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Awofo a wonim nyansa yɛ nhyehyɛe ne wɔn mma gye wɔn ani