Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubu Nneɛma A Yehowa Bu No Kronkron No Sɛ Ɛyɛ Kronkron?

So Wubu Nneɛma A Yehowa Bu No Kronkron No Sɛ Ɛyɛ Kronkron?

So Wubu Nneɛma A Yehowa Bu No Kronkron No Sɛ Ɛyɛ Kronkron?

“Monhwɛ yiye . . . sɛnea ɛbɛyɛ na obiara anyɛ oguamammɔfo anaa obi a ommu akronkronne.”—HEBRIFO 12:15, 16.

1. Su a nkurɔfo da no adi nnɛ bɛn na Yehowa asomfo nna no adi?

NNIPA a wɔwɔ wiase mu dodow no ara na wommu nneɛma a ɛyɛ kronkron. Franseni Edgar Morin a ɔyɛ nnipa asetra ho nimdefo kae sɛ: “Nkurɔfo mfa nea wogyina so bɔ bra pa a ɛno ne Onyankopɔn, adebɔ, ɔman a obi fi mu, abakɔsɛm ne ntease nyɛ hwee bio. . . . Nkurɔfo ankasa paw nea wosusuw sɛ eye wɔ wɔn ani so de bɔ wɔn bra.” Eyi ma wɔda “wiase honhom” anaa “honhom a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no” adi. (1 Korintofo 2:12; Efesofo 2:2) Nanso, wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa na wofi wɔn pɛ mu brɛ wɔn ho ase hyɛ ne tumidi ase no nna saa subammɔne no adi. (Romafo 12:1, 2) Mmom no, Onyankopɔn asomfo hu dwuma titiriw a nneɛma a ɛyɛ kronkron di wɔ ɔsom a wɔde ma Yehowa no mu. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yebu no kronkron wɔ yɛn asetra mu? Yebesusuw nneɛma anum a Onyankopɔn asomfo nyinaa bu no kronkron ho wɔ adesua yi mu. Adesua a edi hɔ no bɛka sɛnea yɛn Kristofo nhyiam ahorow yɛ kronkron no ho asɛm. Na asɛmfua “kronkron” no kyerɛ dɛn ankasa?

2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no si Yehowa kronkronyɛ so dua? (b) Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yebu Yehowa din sɛ ɛyɛ kronkron?

2 Wɔ Hebri kasa a wɔde kyerɛw Bible mu no, asɛmfua “kronkron” kyerɛ biribi a wɔayi asi nkyɛn. Wɔ ɔsom mu no, “kronkron” kyerɛ biribi a wɔayi asi hɔ de di dwuma titiriw bi. Yehowa yɛ kronkron wɔ ade nyinaa mu. Wɔfrɛ no “Ɔkronkronni” anaa Akronkronfo mu Ɔkronkronni. (Mmebusɛm 9:10; 30:3) Wɔ tete Israel no, na ɔsɔfopɔn no de sika amapa a wɔakyerɛw so sɛ “Kronkron ma [Yehowa, NW]” bɔ n’abotiri anim. (Exodus 28:36, 37) Kyerɛwnsɛm no ka sɛ kerubim ne serafim gyinagyina Yehowa ahengua anim wɔ soro, na wɔreka sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo [Yehowa, NW]!” (Yesaia 6:2, 3; Adiyisɛm 4:6-8) Saa nsɛm yi a wotĩ mu ka no mpɛn pii no si so dua sɛ Yehowa yɛ kronkron, ne ho tew, nkekae biara nni ne ho, na ɔyɛ kronn a obiara ne no nsɛ. Nokwarem no, ɔno ne nneɛma a ɛyɛ kronkron nyinaa Wura.

3 Yehowa din yɛ kronkron. Odwontofo no kae sɛ: “Wobeyi wo din kɛse a ɛho yɛ hu no ayɛ,—ɔne kronkron.” (Dwom 99:3) Yesu kae sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Yesu maame Maria a ɔwoo no baa asase so no kae sɛ: “Me kra kamfo Yehowa, . . . Nea ɔwɔ tumi no ayɛ ade kɛse ama me, na kronkron ne ne din.” (Luka 1:46, 49) Yɛn a yɛyɛ Yehowa asomfo no bu Yehowa din sɛ ɛyɛ kronkron, na yɛnyɛ biribi a ebetumi ama wɔagu edin no ho fĩ. Bio nso, yebu nneɛma a Yehowa bu no kronkron no sɛ ɛyɛ kronkron.—Amos 5:14, 15.

Nea Enti a Yebu Yesu Kɛse

4. Dɛn nti na Bible frɛ Yesu “Ɔkronkronni”?

4 Yehowa, Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no bɔɔ “ne ba a ɔwoo no koro,” Yesu, sɛ obi a ɔyɛ kronkron. (Yohane 1:14; Kolosefo 1:15; Hebrifo 1:1-3) Enti wɔfrɛ Yesu sɛ “Ɔkronkronni a ofi Nyankopɔn hɔ.” (Yohane 6:69) Esiane sɛ honhom kronkron na ɛmaa Maria woo Yesu nti, ɔkɔɔ so kuraa ne kronkronyɛ mu bere a woyii ne nkwa fii soro baa asase so no. Ná ɔbɔfo bi aka akyerɛ Maria sɛ: “Honhom kronkron bɛba wo so, . . . na wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron, Onyankopɔn Ba.” (Luka 1:35) Bere a Kristofo a wɔwɔ Yerusalem rebɔ Yehowa mpae no, wɔfrɛɛ Onyankopɔn Ba no mprenu sɛ “w’akoa kronkron Yesu.”—Asomafo Nnwuma 4:27, 30.

5. Adwuma a ɛyɛ kronkron bɛn na Yesu bɛyɛe wɔ asase so, na dɛn nti na ne mogya no som bo?

5 Bere a na Yesu wɔ asase so no, na ɔwɔ adwuma kronkron bi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Bere a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ afe 29 Y.B. mu no, wɔsraa no yɛɛ no Ɔsɔfopɔn wɔ Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no mu. (Luka 3:21, 22; Hebrifo 7:26; 8:1, 2) Bio nso, na obewu de ne nkwa abɔ afɔre. Na ne mogya a wobehwie agu no bɛyɛ agyede a wɔnam so begye nnipa abɔnefo nkwa. (Mateo 20:28; Hebrifo 9:14) Ɛno nti yebu Yesu mogya no ade kronkron, ade a “ɛsom bo.”—1 Petro 1:19.

6. Yebu Kristo Yesu dɛn, na dɛn nti na yebu no saa?

6 Bere a ɔsomafo Paulo reka obu kɛse a yɛwɔ ma yɛn Hene ne Ɔsɔfopɔn Kristo Yesu ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi nso nti na Nyankopɔn maa [ne Ba] no so kɔɔ gyinabea a ɛkorɔn, na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara, ma enti Yesu din mu na ɛsɛ sɛ nkotodwe nyinaa kotow, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so ne nea ɛwɔ asase ase nyinaa, na ɛsɛ sɛ tɛkrɛma nyinaa pae mu ka sɛ Yesu Kristo ne Awurade de hyɛ Agya Nyankopɔn anuonyam.” (Filipifo 2:9-11) Sɛ yɛde anigye tie yɛn Kannifo ne yɛn Hene Kristo Yesu a ɔredi tumi na ɔsan yɛ Kristofo asafo no ti no a, na yɛreda no adi sɛ yebu nneɛma a Yehowa bu no kronkron no sɛ ɛyɛ kronkron.—Mateo 23:10; Kolosefo 1:18.

7. Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛretie Kristo?

7 Sɛ yɛda obu a ɛfata adi kyerɛ mmarima a Yesu de wɔn reyɛ adwuma a ɔno ankasa de ho akwankyerɛ rema nnɛ no a, ɛno nso kyerɛ sɛ yɛretie Kristo. Ɛsɛ sɛ yebu adwuma a wɔn a wɔde honhom asra wɔn a wɔbom yɛ Sodikuw no ne ahwɛfo a Sodikuw no apaw wɔn sɛ baa dwumadibea so ahwɛfo, amantam so ahwɛfo, amansin so ahwɛfo ne asafo mu ahwɛfo no sɛ wɔn adwuma no yɛ kronkron. Enti ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ saa nhyehyɛe yi ho anisɔ na yetie wɔn.—Hebrifo 13:7, 17.

Ɔman Kronkron

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na na Israelfo no yɛ ɔman kronkron? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa maa Israelfo no huu hia a ehia sɛ wobu nneɛma bi sɛ ɛyɛ kronkron?

8 Yehowa ne Israel yɛɛ apam. Saa apam yi maa ɔman foforo no nyaa gyinabea soronko bi, na Yehowa tew wɔn ho anaasɛ oyii wɔn sii nkyɛn. Yehowa ankasa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ kronkron mma me, efisɛ me [Yehowa, NW] meyɛ kronkron; na mapaw mo afi aman mu sɛ mommɛyɛ me dea.”—Leviticus 19:2; 20:26.

9 Bere a wɔhyehyɛɛ Israel man no pɛɛ na Yehowa maa Israelfo no huu hia a ehia sɛ wobu nneɛma bi sɛ ɛyɛ kronkron. Ná ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka bepɔw a ɛso na wokogyee Mmara Nsɛm Du no, efisɛ wɔyɛ saa a, na owu na wobewu. Enti ɔkwan bi so no, na wobu Bepɔw Sinai sɛ ɛyɛ kronkron saa bere no. (Exodus 19:12, 23) Ná ɛsɛ sɛ wobu asɔfo no, ntamadan, ne emu nneɛma no nso sɛ ɛyɛ kronkron. (Exodus 30:26-30) Na ɛte dɛn wɔ Kristofo asafo no nso mu?

10, 11. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristofo a wɔasra wɔn asafo no yɛ kronkron, na eyi ka “nguan foforo” no dɛn?

10 Kristofo a wɔasra wɔn asafo no yɛ kronkron wɔ Yehowa ani so. (1 Korintofo 1:2) Nokwarem no, ɛwom sɛ ɛnyɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so wɔ bere bi mu no na wɔyɛ Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no de, nanso wɔde wɔn toto asɔrefie a ɛyɛ kronkron ho. Yehowa nam ne honhom kronkron no so na ɔtra saa asɔrefie no mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔno [Kristo Yesu] mu na wɔama ɔdan mũ no asisi so pɛpɛɛpɛ, na ɛrekɔ soro akɔyɛ asɔrefie kronkron ama Yehowa. Ɔno mu na wɔreto mo nso abom ma ayɛ baabi a Onyankopɔn bɛtra wɔ honhom mu.”—Efesofo 2:21, 22; 1 Petro 2:5, 9.

11 Paulo kyerɛw Kristofo a wɔasra wɔn no bio sɛ: “So munnim sɛ moyɛ Nyankopɔn asɔrefie na Onyankopɔn honhom te mo mu? . . . Onyankopɔn asɔrefie ho tew, na ɛne mo ara.” (1 Korintofo 3:16, 17) Yehowa nam ne honhom so ‘te’ wɔn a wɔasra wɔn no mu, na ‘ɔnantew wɔn mu.’ (2 Korintofo 6:16) Ɔkyerɛ ‘n’akoa’ nokwafo no kwan bere nyinaa. (Mateo 24:45-47) “Nguan foforo” no ani gye hokwan a wɔanya sɛ wɔne “asɔrefie” kuw no mufo bɔ abusua no ho.—Yohane 10:16; Mateo 25:37-40.

Nneɛma a Ɛyɛ Kronkron wɔ Kristofo Asetra Mu

12. Nneɛma bɛn na ɛyɛ kronkron wɔ yɛn asetra mu, na dɛn ntia?

12 Ɛyɛ ne kwan so koraa sɛ yebu nneɛma pii a Kristofo asafo no mufo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo no yɛ wɔ wɔn asetra mu no sɛ ɛyɛ kronkron. Yɛne Yehowa ntam abusuabɔ nso yɛ kronkron. (1 Beresosɛm 28:9; Dwom 36:7) Yɛn ani sɔ abusuabɔ yi araa ma yɛmpɛ sɛ biribiara anaa obi bɛsɛe yɛne Yehowa, yɛn Nyankopɔn no ntam. (2 Beresosɛm 15:2; Yakobo 4:7, 8) Mpaebɔ nso yɛ ade titiriw a ɛma yɛne Yehowa ntam abusuabɔ yɛ papa. Ná mpaebɔ ho hia odiyifo Daniel araa ma ɔkɔɔ so bɔɔ Yehowa mpae bere mpo a na saa a ɔbɛyɛ no de ne nkwa bɛto asiane mu no. (Daniel 6:7-11) Wɔde “akronkronfo no mpaebɔ,” anaa Kristofo a wɔasra wɔn no mpaebɔ toto aduhuam a na wɔhyew ma Yehowa wɔ asɔrefie hɔ no ho. (Adiyisɛm 5:8; 8:3, 4; Leviticus 16:12, 13) Saa ntotoho yi si sɛnea mpaebɔ yɛ kronkron no so dua. Hwɛ hokwan kɛse ara a yɛanya sɛ yetumi ne amansan Hene no di nkitaho! Ɛnyɛ nwonwa sɛ yebu mpaebɔ sɛ ade kronkron wɔ yɛn asetra mu!

13. Tumi bɛn na ɛyɛ kronkron, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama ayɛ adwuma wɔ yɛn asetra mu?

13 Tumi bi wɔ Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no asetra mu a wobu no kronkron ɔkwan biara so, na ɛno ne honhom kronkron no. Saa honhom no yɛ Yehowa tumi a ɔde yɛ ade, na esiane sɛ ɛyɛ nea Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no pɛ bere nyinaa nti, ɛfata sɛ wɔfrɛ no “honhom kronkron.” (Yohane 14:26; Romafo 1:4) Yehowa nam ne honhom kronkron no so ma n’asomfo tumi a wɔde ka asɛmpa no. (Asomafo Nnwuma 1:8; 4:31) Yehowa de ne honhom no ma “wɔn a wotie no” sɛ sodifo ne wɔn a ‘wɔkɔ so nantew honhom mu’ na wonni honam akɔnnɔ akyi no. (Asomafo Nnwuma 5:32; Galatifo 5:16, 25; Romafo 8:5-8) Saa tumi a ano yɛ den yi ma Kristofo tumi sow “honhom no aba” a ɛyɛ su pa, na ɛma wɔbɔ mmɔden wɔ “abrabɔ kronkron ne nyamesom pa” mu. (Galatifo 5:22, 23; 2 Petro 3:11) Sɛ yebu honhom kronkron no sɛ biribi a ɛyɛ kronkron a, yɛrenyɛ biribi a ɛbɛma yɛahow saa honhom no werɛ anaa nea ɛremma ɛnyɛ adwuma wɔ yɛn asetra mu.—Efesofo 4:30.

14. Ɔsom hokwan bɛn na wɔn a wɔasra wɔn no bu no kronkron, na ɔkwan bɛn so na nguan foforo no nya saa hokwan yi mu kyɛfa?

14 Yebu hokwan a yɛanya sɛ Yehowa, Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no din da yɛn so ne n’Adansefo a yɛyɛ no nso sɛ ɛyɛ kronkron. (Yesaia 43:10-12, 15) Yehowa Nyankopɔn ama Kristofo a wɔasra wɔn no afata sɛ “apam foforo [no] asomfo.” (2 Korintofo 3:5, 6) Ɛno nti, wɔama wɔn adwuma sɛ wɔnka “ahenni ho asɛmpa yi” na ‘wɔnkɔyɛ aman nyinaa asuafo.’ (Mateo 24:14; 28:19, 20) Wɔde nokwaredi reyɛ adwuma yi, na nnipa ɔpepem pii retie, na wɔde wɔn nneyɛe reka akyerɛ wɔn a wɔasra wɔn no sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sakaria 8:23) Saa ahobrɛasefo yi de anigye resom wɔ honhom fam sɛ “akuafo” ne “turoyɛfo” ama “Nyankopɔn asomfo” a wɔasra wɔn no. Nguan foforo no nam saa kwan no so boa wɔn a wɔasra wɔn no kɛse ma wɔyɛ wɔn som adwuma no wɔ wiase nyinaa.—Yesaia 61:5, 6.

15. Adwuma bɛn na na ɔsomafo Paulo bu no kronkron, na dɛn nti na yɛn nso yebu no kronkron?

15 Sɛ nhwɛso no, na ɔsomafo Paulo bu asɛnka adwuma a ɔyɛ no baguam no ade kronkron. Ɔkae sɛ wɔapaw no sɛ ‘ɔnyɛ Kristo Yesu baguam somfo mma amanaman no, na ɔnyɛ Nyankopɔn asɛmpa no ho adwuma kronkron no.’ (Romafo 15:16) Bere a Paulo rekyerɛw Kristofo a wɔwɔ Korinto no, ɔfrɛɛ ne som adwuma no “ademude.” (2 Korintofo 4:1, 7) Yɛnam yɛn asɛnka adwuma a yɛyɛ no baguam no so ma nkurɔfo te “Nyankopɔn nsɛm kronkron” no. (1 Petro 4:11) Ɛno nti, sɛ́ yɛyɛ wɔn a wɔasra wɔn anaa nguan foforo no mufo no, yebu adansedi adwuma a yɛreyɛ bi no sɛ ɛyɛ ɔsom hokwan a ɛyɛ kronkron.

‘Yɛn Ahotew a Yɛbɛma Adi Mu wɔ Onyankopɔn Suro Mu’

16. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛanyɛ nnipa a ‘wommu akronkronne’?

16 Ɔsomafo Paulo bɔɔ ne mfɛfo Kristofo kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a ‘wommu akronkronne.’ Mmom no, otuu wɔn fo sɛ ‘wɔmma wɔn ho ntew, na wɔnhwɛ yiye na nhin a bɔre wom biara amfifi ammɛyɛ ɔhaw, na angu nnipa bebree ho fĩ.’ (Hebrifo 12:14-16) Asɛm “nhin a bɔre wom” no fa nnipa kakraa bi a wɔwɔ Kristofo asafo no mu a wɔkasa tia sɛnea wɔyɛ nneɛma wɔ asafo no mu no ho. Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ wɔne Yehowa renyɛ adwene wɔ ka a Yehowa ka sɛ aware yɛ kronkron no anaa hia a ɛho hia sɛ Kristofo ma wɔn ho tew wɔ abrabɔ fam no ho. (1 Tesalonikafo 4:3-7; Hebrifo 13:4) Anaasɛ wobetumi akeka awaefo nsɛm, “nsɛnhunu a etia nea ɛyɛ kronkron” a wɔn a ‘wɔaman afi nokware no ho’ keka no bi.—2 Timoteo 2:16-18.

17. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wɔn a wɔasra wɔn no yere wɔn ho bere nyinaa na ama wɔabu nneɛma a Yehowa bu no kronkron no sɛ ɛyɛ kronkron?

17 Paulo kyerɛw kɔmaa ne nuanom a wɔasra wɔn no sɛ: “Adɔfo, esiane sɛ yɛwɔ bɔhyɛ ahorow yi nti, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi honam ne honhom mu fĩ nyinaa ho, na yɛn ahotew adi mũ Onyankopɔn suro mu.” (2 Korintofo 7:1) Saa asɛm yi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a ‘wɔka ɔsoro frɛ ho no’ yere wɔn ho bere nyinaa de da no adi sɛ wobu nneɛma a Yehowa bu no kronkron no sɛ ɛyɛ kronkron wɔ wɔn asetra mu biribiara mu. (Hebrifo 3:1) Saa ara nso na ɔsomafo Petro tuu ne nuanom a wɔde honhom awo wɔn no fo sɛ: “Sɛ mma a wɔyɛ osetie no, munnni akɔnnɔ a na mowɔ bere a na munnim hwee no akyi, na mmom sɛnea Ɔkronkronni a ɔfrɛɛ mo no te no, mo nso monyɛ kronkron mo nneyɛe nyinaa mu.”—1 Petro 1:14, 15.

18, 19. (a) Dɛn na “nnipakuw kɛse” no mufo yɛ de kyerɛ sɛ wobu nneɛma a Yehowa bu no kronkron no sɛ ɛyɛ kronkron? (b) Ade foforo a ɛyɛ kronkron wɔ Kristofo asetra mu bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Na “nnipakuw kɛse” a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” no mu nso ɛ? Ɛsɛ sɛ wɔn nso bu nneɛma a Yehowa bu no kronkron no sɛ ɛyɛ kronkron. Wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ “wɔsom” Yehowa wɔ ne honhom fam asɔrefie a ɛwɔ asase so no abangua so. Wɔanya Kristo agyede afɔre no mu gyidi, na wɔde wɔn nneyɛe da no adi sɛ ‘wɔrehohoro wɔn ntade ma ayɛ fitaa Oguammaa no mogya mu.’ (Adiyisɛm 7:9, 14, 15) Eyi ma Yehowa bu wɔn sɛ wɔn ho tew, na ɛno de asɛyɛde to wɔn so sɛ ɛsɛ sɛ ‘wɔhohoro wɔn ho fi honam ne honhom mu fĩ nyinaa ho, na ama wɔn ahotew no adi mũ Onyankopɔn suro mu.’

19 Ade foforo a ɛho hia wɔ Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo no asetra mu ne sɛ wobehyiam daa asom Yehowa na wɔasua n’Asɛm. Yehowa bu nhyiam ahorow a ne nkurɔfo yɛ no ade kronkron. Yebesusuw nea enti a ɛsɛ sɛ yebu nhyiam ahorow a yɛyɛ no sɛ ɛyɛ kronkron sɛnea Yehowa bu no no, ne nea enti a ɛsɛ sɛ yebu no saa no ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

Ntĩmu

• Su a nkurɔfo da no adi bɛn na Yehowa asomfo nna no adi?

• Dɛn nti na Yehowa yɛ nneɛma a ɛyɛ kronkron nyinaa Wura?

• Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yebu Kristo sɛ ɔyɛ kronkron?

• Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yebu no kronkron wɔ yɛn asetra mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Wɔ tete Israel no, na ɛsɛ sɛ wobu asɔfo, ntamadan, ne emu nneɛma no sɛ ɛyɛ kronkron

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no yɛ asɔrefie kronkron

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Mpaebɔ ne asɛnka adwuma a yɛyɛ no baguam no yɛ ɔsom hokwan a ɛyɛ kronkron